Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Afe Afe Nhyiam October 7, 2000

Afe Afe Nhyiam October 7, 2000

Afe Afe Nhyiam October 7, 2000

WƆBƐYƐ Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania no mufo afe afe nhyiam no October 7, 2000, wɔ Yehowa Adansefo Nhyiam Asa a ɛwɔ 2932 Kennedy Boulevard, Jersey City, New Jersey no so. Emufo nkutoo bedi kan ayɛ nhyiam anɔpa 9:15, na ɛno akyi na wɔbɛyɛ afe afe nhyiam a afoforo tumi ba bi no anɔpa 10:00.

Ɛsɛ sɛ adwumakuw no mufo ma Ɔkyerɛwfo no Dwumadibea aso te address mu nsakrae biara a wɔyɛe wɔ afe a etwaam no mu saa bere yi, na ama wɔn nsa atumi aka amanneɛbɔ ne ananmusifo nkrataa a wɔde brɛ wɔn daa no wɔ July mu.

Ɛsɛ sɛ adwumakuw no mufo san de ananmusifo nkrataa a wɔde bɛka afe afe nhyiam no ho amanneɛbɔ ho abrɛ wɔn no mena ma ebedu Asafo ti no Kyerɛwfo Dwumadibea ansa na August 1 atwam. Ɛsɛ sɛ emuni biara hyehyɛ n’ananmusifo krataa no wie na ɔsan de mena ntɛm ara, na ɔkyerɛ sɛ n’ankasa bɛba nhyiam no anaa ɔremma. Ɛsɛ sɛ nsɛm a wɔkyerɛw wɔ ananmusifo krataa biara so no ka biribi pɔtee wɔ eyi ho, efisɛ ɛno so na wobegyina ahu wɔn a wɔbɛba no.

Wɔhwɛ kwan sɛ wobewie nhyiam dwumadi no nyinaa a adwuma ho nhyiam ne amanneɛbɔ ahorow ka ho no awia 1:00 anaa ɛno akyi pɛɛ. Wɔrenyɛ nhyiam no bi awia. Esiane sɛ nhyiambea hɔ sua nti, wɔn a wokura tekiti nkutoo na wobetumi aba bi. Wɔrenyɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔafa telefon so atie afe afe nhyiam no wɔ asa afoforo so.