Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahenni ho Nokware No Aba A Yebegu

Ahenni ho Nokware No Aba A Yebegu

Ahenni ho Nokware No Aba A Yebegu

“Gu w’aba anɔpa, na anwummere nso nyi wo nsa mfi ho.”—ƆSƐNKAFO 11:6.

1. Ɔkwan bɛn so na Kristofo regu aba nnɛ?

KUADWUMA yɛɛ adwuma titiriw wɔ tete Hebrifo asetra mu. Ɛno nti na Yesu a ɔde ne nkwa nna, sɛ́ ɔdesani no, nyinaa traa Bɔhyɛ Asase no so no de kuadwuma ho nsɛm baa ne mmɛ a obui mu no. Sɛ nhwɛso no, ɔde Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpaka adwuma no totoo aba a wogu ho. (Mateo 13:1-9, 18-23; Luka 8:5-15) Ɛde besi nnɛ no, sɛ́ yɛte ɔman a wɔyɛ kuadwuma mu anaasɛ yɛte ɔman a wɔnyɛ kuadwuma mu no, honhom fam aba a yegu wɔ saa kwan yi so no ne adwuma a ɛho hia sen biara a Kristofo yɛ.

2. Ɔkwan bɛn so na yɛn asɛnka adwuma no ho hia, na nneɛma a wɔreyɛ ma yɛde ayɛ adwuma no bi ne dɛn?

2 Ɛyɛ hokwan kɛse sɛ yebenya Bible mu nokware aba a wɔregu awiei bere yi mu no mu kyɛfa. Romafo 10:14, 15, kyerɛkyerɛ sɛnea adwuma yi ho hia no mu yiye: “Sɛ ɔsɛnkafo nni hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛte? Nanso sɛ wɔansoma wɔn a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛka asɛm? Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nnepa ho asɛmpakafo no anan yɛ fɛ dɛn ara!” Ɛho mmehiaa kɛse sɛɛ da sɛ yɛde adwempa bɛyere yɛn ho ayɛ Onyankopɔn adwuma a ɔde ama yi. Ne saa nti, Yehowa Adansefo ayere wɔn ho denneennen retintim Bible ne Bible ho nhoma ahorow de remema wɔ kasa horow 340 mu. Adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama bɛboro 18,000 na wɔwɔ wɔn adwumayɛbea ti ne baa dwumadibea horow wɔ aman horow so reyɛ saa nhoma yi ho adwuma. Na Adansefo bɛyɛ ɔpepem asia na wɔde Bible ho nhoma yi remema wɔ wiase nyinaa.

3. Dɛn na yɛnam Ahenni aba a yegu no so reyɛ?

3 Aba bɛn na saa adwumaden yi asow? Te sɛ Kristosom mfiase no, nnipa pii regye nokware no nnɛ. (Asomafo no Nnwuma 2:41, 46, 47) Nanso, nea ɛho hia koraa sen Ahenni adawurubɔfo foforo pii a wɔabɔ asu no ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ saa adansedi kɛse yi boa ma wɔtew Yehowa din ho, na ɛda no adi sɛ ɔno nkutoo ne nokware Nyankopɔn. (Mateo 6:9) Afei nso, Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ reyɛ nnipa pii asetra yiye, na ebetumi de wɔn akɔ nkwagye mu.—Asomafo no Nnwuma 13:47.

4. Na asomafo no susuw nkurɔfo a wɔka asɛm kyerɛ wɔn no ho kodu he?

4 Ná asomafo no nim hia a nkwa a asɛmpa no ma wonya no ho hia no yiye, na wonyaa tema kɛse maa nkurɔfo a na wɔka asɛmpa no kyerɛ wɔn no. Ɔsomafo Paulo nsɛm no ma eyi da adi bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛpɛ mo asɛm yiye sɛɛ nti, ɛnyɛ Onyankopɔn asɛmpa no nko na yɛpɛe sɛ yɛne mo kyɛ, na mmom yɛn ankasa kra nso, efisɛ moayɛ yɛn adɔfo.” (1 Tesalonikafo 2:8) Paulo ne asomafo afoforo no nam nkurɔfo ho a wosusuwii nokwarem saa no so suasuaa Yesu ne soro abɔfo a wɔreyɛ nkwagye adwuma yi bi no kɛse. Momma yensusuw dwuma titiriw a Nyankopɔn asomfo a wɔwɔ soro yi di wɔ Ahenni ho nokware aba a wogu mu no ho, na yɛnhwɛ sɛnea wɔn nhwɛso no hyɛ yɛn nkuran ma yedi yɛn asɛyɛde ho dwuma fa.

Yesu—Nea Ogu Ahenni Ho Nokware Aba No

5. Adwuma bɛn na Yesu de n’ani sii so titiriw bere a na ɔwɔ asase so no?

5 Ná Yesu, onipa a ɔyɛ pɛ no wɔ tumi sɛ ɔbɛma ne bere sofo no honam fam nneɛma pa pii. Sɛ nhwɛso no, na anka obetumi ayi ne bere so nnuruyɛ ho adwene horow a ɛmfata no afi hɔ, anaasɛ anka obetumi ama nnipa anya ntease pii wɔ nyansahu afã foforo mu. Nanso, ɔdaa no adi pefee wɔ ne som adwuma no mfiase sɛ n’adwuma ne sɛ ɔbɛka asɛmpa no. (Luka 4:17-21) Na ɛde rekɔ ne som adwuma awiei no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wi yi ase, sɛ merebedi nokware no ho adanse.” (Yohane 18:37) Enti ɔde n’ani sii Ahenni ho nokware aba no gu so. Ná Onyankopɔn ne N’atirimpɔw ho nsɛm a Yesu bɛkyerɛkyerɛ ne bere sofo no ho hia koraa sen nkyerɛkyerɛ foforo biara a anka obetumi de ama wɔn.—Romafo 11:33-36.

6, 7. (a) Bɔ a ɛyɛ nwonwa bɛn na Yesu hyɛe ansa na ɔreforo akɔ soro, na ɔkwan bɛn so na ɔredi ho dwuma? (b) Ɔkwan bɛn so na su a Yesu kura wɔ asɛnka adwuma no ho nya wo so nkɛntɛnso?

6 Yesu kae sɛ ɔno ankasa ne Ogufo a ogu Ahenni ho nokware aba no. (Yohane 4:35-38) Ɔpetee asɛmpa no aba no bere biara a onyaa hokwan no. Bere mpo a na ɔrewu wɔ dua so no, ɔkaa paradise a na ɛbɛba daakye ho asɛmpa no. (Luka 23:43) Afei nso, hia a na ɛho hia no kɛse sɛ wɔbɛka asɛmpa no amma awiei wɔ n’asɛndua so wu no mu. Ansa na ɔreforo akɔ soro no, ɔhyɛɛ asomafo no sɛ wɔntoa so ngu Ahenni ho nokware aba no na wɔnyɛ asuafo. Afei ɔhyɛɛ bɔ bi a ɛyɛ nwonwa. Ɔkae sɛ: “Hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.”—Mateo 28:19, 20.

7 Yesu nam saa asɛm yi so hyɛɛ bɔ sɛ obegyina asɛmpaka adwuma no akyi, de ho akwankyerɛ ama, na wabɔ ho ban ‘nna nyinaa de akosi wiase awiei.’ Efi saa bere no besi yɛn bere yi so no, Yesu akɔ so akyerɛ asɛmpaka adwuma no ho anigye. Ɔne yɛn Kannifo wɔ Ahenni ho nokware no aba no gu mu. (Mateo 23:10) Sɛ́ Kristofo asafo no Ti no, ɔwɔ adwuma a wɔreyɛ no wiase nyinaa yi ho asɛyɛde wɔ Yehowa anim.—Efesofo 1:22, 23; Kolosefo 1:18.

Abɔfo Ka Asɛmpa No

8, 9. (a) Ɔkwan bɛn so na abɔfo akyerɛ nnipa nsɛm ho anigye ankasa? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi aka sɛ yɛyɛ ahwɛde ma abɔfo no?

8 Bere a Yehowa bɔɔ asase no, abɔfo ‘boom too ahurusi dwom, na wɔbɔɔ ose.’ (Hiob 38:4-7) Efi saa bere no, saa ɔsoro abɔde yi akyerɛ nnipa nsɛm ho anigye ankasa. Yehowa de wɔn adi dwuma ma wɔaka Onyankopɔn asɛm akyerɛ nnipa. (Dwom 103:20) Eyi te saa titiriw wɔ asɛmpa no a wɔretrɛw mu wɔ yɛn bere so no mu. Wɔ adiyisɛm a wɔde maa ɔsomafo Yohane no mu no, ohuu “ɔbɔfo foforo a otu nam ɔsoro mfinimfini a okura daa asɛmpa bi rekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase so, ne aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa, na ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu dɔn adu.”—Adiyisɛm 14:6, 7.

9 Bible ka abɔfo ho asɛm sɛ ‘wɔyɛ ahonhom asomfo a wɔn a wɔbɛyɛ nkwagye no difo no nti wɔsoma wɔn sɛ wɔnkɔsom.’ (Hebrifo 1:14) Bere a abɔfo de anigye yɛ wɔn nnwuma no, wonya hokwan hwɛ yɛn ne adwuma a yɛyɛ no. Yɛyɛ yɛn adwuma no wɔ ɔsoro dɔm anim te sɛ nea yegyina agodibea adehwɛpon so wɔ petee mu no. (1 Korintofo 4:9) Hwɛ sɛnea abotɔyam ne anigye wom sɛ yebehu sɛ ɛnyɛ yɛn nko na yɛregu Ahenni ho nokware aba no!

Yɛde Anigye Di Yɛn Asɛyɛde Ho Dwuma

10. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de afotu a mfaso wɔ so a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 11:6 no adi dwuma wɔ yɛn asɛmpaka adwuma no mu?

10 Dɛn nti na Yesu ne abɔfo no ani gye yɛn adwuma no ho saa? Yesu kyerɛɛ ade biako nti a ɛte saa bere a ɔkae sɛ: “Mise mo sɛ: Anigye ba Onyankopɔn abɔfo anim ɔdebɔneyɛfo biako a ɔsakra n’adwene ho.” (Luka 15:10) Yɛn nso yenya nkurɔfo ho anigye saa ara. Enti, yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de trɛw Ahenni ho nokware no aba a yegu no mu wɔ baabiara. Yebetumi de asɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 11:6 no adi dwuma wɔ yɛn adwuma no ho. Bible de afotu ma yɛn wɔ hɔ sɛ: “Gu w’aba anɔpa, na anwummere nso nyi wo nsa mfi ho, na wunnim nea ɛbɛyɛ yiye, eyi anaa eyi, anaasɛ n’abien nyinaa bɛbom ayɛ yiye.” Ɛwom, ebetumi aba sɛ ansa na onipa biako begye yɛn asɛm no atom no na ɔhaha pii anaa mpempem mpo apo. Te sɛ abɔfo no, sɛ “ɔdebɔneyɛfo biako” mpo gye nkwagye asɛm no tom a, yɛn ani gye.

11. Ɔkwan bɛn so na Bible ho nhoma a yɛde di dwuma no betumi ayɛ nea etu mpɔn?

11 Asɛmpaka adwuma no gye nneɛma pii. Ade biako a ɛboa adwuma yi titiriw ne Bible ho nhoma a Yehowa Adansefo de di dwuma no. Akwan bi so no, saa nhoma ahorow yi nso te sɛ aba a wogu no baabiara no. Yennim baabi a ɛbɛyɛ yiye. Ɛtɔ mmere bi a nhoma bi tumi fi onipa biako hɔ kodi ɔfoforo nsam ansa na obi akenkan. Yesu ne abɔfo no tumi kyerɛ nneɛma kwan wɔ nsɛm bi mu ma eyi si sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa komapafo benya so mfaso. Susuw osuahu ahorow bi a ɛkyerɛ sɛnea Yehowa tumi di nneɛma ho dwuma ma nhoma a wɔde ma nkurɔfo no sow aba a wɔnhwɛ kwan na ɛyɛ nwonwa no ho hwɛ.

Nokware Nyankopɔn no Adwuma

12. Ɔkwan bɛn so na nsɛmma nhoma dedaw bi dii akoten wɔ boa a wɔboaa abusua bi ma wobehuu Yehowa no mu?

12 Wɔ afe 1953 mu no, Robert, Lila, ne wɔn mma tu fii kurow kɛse mu kɔtraa ɔdangow dedaw bi mu wɔ afuw bi mu wɔ akuraa bi ase wɔ Pennsylvania, U.S.A. Wɔkɔtraa hɔ bere tiaa bi akyi no, Robert yɛe sɛ obesi aguaree wɔ atrapoe bi ase. Bere a oyiyii ntaboo pii fii hɔ no, ohui sɛ nkura atwetwe nkrataa a atetew, adwehono, ne nwura foforo akɔhyɛ ɔfasu no akyi. Ná The Golden Age nsɛmma nhoma no biako da nwura no mu. Robert ani gyee asɛm bi a na ɛfa mmofra ntetee ho no ho titiriw. Akwankyerɛ a egyina Bible so a emu da hɔ a na ɛwɔ nsɛmma nhoma no mu no maa ne ho dwiriw no araa ma ɔka kyerɛɛ Lila sɛ wɔbɛkɔ “The Golden Age asɔre” no bi. Adapɛn kakraa bi mu no, Yehowa Adansefo baa wɔn fie, nanso Robert ka kyerɛɛ wɔn sɛ “The Golden Age asɔre” no nkutoo na wɔn abusua no ani gye ho. Adansefo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ afei de wɔato The Golden Age no din foforo, ɛne Nyan! Robert ne Lila fii ase ne Adansefo no suaa Bible no daa, na awiei koraa no, wɔbɔɔ asu. Wɔn nso, guu nokware no aba wɔ wɔn mma mu na wotwaa so aba pii. Ɛnnɛ, saa abusua yi mufo bɛboro 20 a Robert ne Lila mma baason no nyinaa ka ho, yɛ Yehowa Nyankopɔn asomfo a wɔabɔ asu.

13. Dɛn na ɛkaa awarefo bi a wɔwɔ Puerto Rico maa wɔn ani begyee Bible ho?

13 Bɛyɛ mfirihyia 40 a atwam no, na William ne Ada, awarefo bi a wofi Puerto Rico, nni Bible sua ho anigye biara. Bere biara a Yehowa Adansefo bɛbɔ wɔn pon mu no, na awarefo no yɛ te sɛ nea wonni fie no. Da bi, William kɔɔ beae a wɔtɔn nneɛma dedaw sɛ ɔrekɔtɔ bi akosiesie ne fie. Bere a ɔrefi hɔ no, ohuu nhoma fɛfɛ bi a ne kɔla yɛ ahabammono sɛ ɛda adaka kɛse bi a nwura wom mu. Na ɛyɛ Religion, nhoma bi a Yehowa Adansefo tintim no afe 1940 mu tɔnn no. William faa nhoma no kɔɔ fie, na n’ani gyei bere a ɔkenkanee nsonsonoe a ɛda atoro som ne nokware som ntam no. Bere foforo a Yehowa Adansefo kɔɔ William ne Ada nkyɛn no, wɔde anigye tiee wɔn asɛm no, na wofii ase ne wɔn suaa Bible no. Wɔbɔɔ wɔn asu asram bi akyi wɔ Ɔsoro Apɛde Amanaman Ntam Nhyiam ase wɔ afe 1958 mu. Efi saa bere no, wɔaboa nnipa bɛboro 50 ma wɔabɛka yɛn Kristofo onuayɛ kuw no ho.

14. Sɛnea osuahu bi kyerɛ no, dɛn na yɛn Bible ho nhoma no betumi ayɛ?

14 Na Karl adi mfirihyia 11 pɛ, na na odi nsɛmmɔne kakra. Na ɛte sɛ nea bere nyinaa onya amane no. Ná ne papa a ɔyɛ German Metɔdist ɔsɛnkafo no akyerɛkyerɛ no sɛ wɔhyew nnipa abɔnefo wɔ hell bere a wɔawu no. Enti na Karl suro hell yiye. Da koro, wɔ afe 1917 mu no, Karl huu kratasin bi wɔ ɔkwan so na ɔfae. Bere a ɔrekenkan no, n’ani bɔɔ asɛmmisa bi so ntɛm: “Dɛn ne hell?” Na kratasin no yɛ nea wɔde reto nsa afrɛ nkurɔfo akɔ baguam kasa bi a ɛfa hell ho a na Bible Asuafo a wɔfrɛ wɔn Yehowa Adansefo nnɛ no bɛma no ase. Afe biako akyi no, bere a na wɔne Karl asua Bible no mpɛn pii no, wɔbɔɔ no asu, na ɔnam so bɛyɛɛ Bible Asuafo no mu biako. Wɔtoo nsa frɛɛ no ma ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti wɔ afe 1925 mu—baabi a ɔda so ara som wɔ hɔ no. Kratasin bi a ɛda kwan so na ɛmaa no fii Kristofo som adwuma a wayɛ bɛboro mfirihyia aduɔwɔtwe ni no ase.

15. Ɛdefa nneɛma a ɛsɔ Yehowa ani ho no, dɛn na obetumi ayɛ?

15 Nokwarem no, nnipa ntumi nkyerɛ sɛ ebia na abɔfo nsa wɔ osuahu ahorow yi mu tẽẽ, ɛne baabi a ebia wonyaa mu kyɛfa kodui. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛn adwenem yɛ yɛn nãã da wɔ dwuma titiriw a Yesu ne abɔfo di wɔ asɛnka adwuma no mu no ho, ɛne sɛ Yehowa betumi akyerɛ nneɛma kwan sɛnea ɛsɔ n’ani. Eyinom ne osuahu pii a ɛtete saa kyerɛ nneɛma pa a sɛ yɛde yɛn nhoma no ma nkurɔfo a ebetumi ayɛ.

Wɔde Ademude Bi Ahyɛ Yɛn Nsa

16. Dɛn na yebetumi asua afi asɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 4:7 no mu?

16 Ɔsomafo Paulo kaa ‘ademude a ɛwɔ anwenne mu’ ho asɛm. Saa ademude no ne adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn sɛ yɛnka asɛm no, na anwenne no ne nnipa a Yehowa de saa ademude yi ahyɛ wɔn nsa no. Esiane sɛ saa nnipa no nyɛ pɛ na wɔwɔ sintɔ ahorow nti, Paulo kɔ so ka sɛ nea ama wɔde adwuma a ɛte saa ama wɔn ne sɛ ‘tumi a ɛboro so no bɛyɛ Onyankopɔn dea, na amfi wɔn mu.’ (2 Korintofo 4:7) Yiw, yebetumi ahwɛ kwan sɛ Yehowa bɛma yɛn ahoɔden a yehia, na ama yɛatumi ayɛ adwuma no.

17. Bere a yɛregu Ahenni ho nokware aba no, dɛn na yebehyia, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so kura adwempa mu?

17 Mpɛn pii no, ɛsɛ sɛ yɛde nneɛma bɔ afɔre. Nsasesin bi mu adwumayɛ betumi ayɛ ateetee anaa nea anigye nnim. Mmeae bi wɔ hɔ a ɛte sɛ nea nnipa dodow no ara yɛ anibiannaso koraa, na afoforo tan yɛn mpo. Yebetumi abɔ mmɔden pii wɔ mmeae a ɛtete saa bere a ɛnsow aba biara. Sɛ woredi biribi a ɛho hia paa ho dwuma a, mmɔden biara a wobɛbɔ no fata. Kae sɛ, aba a wugu no betumi ama nkurɔfo anya anigye mprempren ne daa nkwa daakye. Asɛm a ɛwɔ Dwom 126:6 no ayɛ nokware mpɛn pii: “Ɔde nusu nennam kura aba a wogu, ɔde ahurusi kura n’afiafi bɛba.”

18. Ɔkwan bɛn so na yebetumi asusuw yɛn som adwuma ho bere nyinaa, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa?

18 Momma yɛmfa hokwan a ɛfata a yebenya biara ngu Ahenni ho nokware aba no ayamye mu. Mommma yɛn werɛ mmfi da sɛ, ɛwom sɛ yɛn na yedua aba no gugu so nsu de, nanso Yehowa na ɔma enyin. (1 Korintofo 3:6, 7) Nanso, sɛnea Yesu ne abɔfo no yɛ wɔn fam de no, saa ara na Yehowa hwɛ kwan sɛ yebewie yɛn som adwuma no koraa. (2 Timoteo 4:5) Momma yensusuw yɛn nkyerɛkyerɛ, yɛn su, ne anigye a yɛde yɛ yɛn som adwuma no ho bere nyinaa. Dɛn ntia? Paulo bua sɛ: “Woyɛ saa a, wubegye wo ho ne w’atiefo nkwa.”—1 Timoteo 4:16.

Dɛn na Yesuae?

• Akwan bɛn so na aba a yɛregu no resow aba pa pii?

• Ɔkwan bɛn so na Yesu Kristo ne abɔfo no reyɛ asɛmpaka adwuma no bi nnɛ?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnipa a yefi ayamye mu gu Ahenni ho nokware aba no?

• Sɛ yehyia anibiannaso anaa nitan wɔ yɛn som adwuma mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛkɔ so yɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Te sɛ tete Israel akuafo no, Kristofo fi ayamye mu gu Ahenni ho nokware aba pii nnɛ

[Mfonini wɔ kratafa 16, 17]

Yehowa Adansefo yɛ Bible ho nhoma horow wɔ kasa 340 mu de mema