Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hann Kurafo Ma Amanaman Pii

Hann Kurafo Ma Amanaman Pii

Asetram Nsɛm

Hann Kurafo Ma Amanaman Pii

GEORGE YOUNG HO ASƐM SƐNEA RUTH YOUNG NICHOLSON KA KYERƐE

“Dɛn nti koraa na yɛamua yɛn ano wɔ asɛnka agua so? . . . Bere a yɛahu sɛ nsɛm a merekyerɛw yi yɛ nokware no, sɛ yemua yɛn ano a, na nnipa bɛn koraa na yɛyɛ? Mommma yɛnnnaadaa nkurɔfo a wonnim hwee no, na mmom yɛnka nokware no nkyerɛ wɔn pefee a yɛnto sɛbe anaa yɛmfa biribiara nsie.”

NSƐM yi wɔ Paapa krataa a na ekura nkratafa 33 a ɔkyerɛw kɔmae sɛ wonyi ne din mfi asɔre no nhoma mu no ho. Ná afe no yɛ 1913. Efi saa bere no, ofii asetra a mfaso wɔ so a ɛma ɔkɔsomee sɛ hann kurafo wɔ aman pii so no ase. (Filipifo 2:15) Efi bere a na meyɛ abeawa ketewaa no, meboaboaa Paapa suahu ahorow a abusuafo kae ne nea minya fii abakɔsɛm nhoma mu no ano, na me nnamfo boaa me ma mekekaa n’asetra mu nsɛm no boom. Wɔ akwan pii so no, Paapa asetra ma mekae ɔsomafo Paulo de no. Te sɛ saa “amanaman mu somafo” no, na Paapa ayɛ krado bere nyinaa sɛ obetu kwan de Yehowa asɛm no akɔma nkurɔfo wɔ asase ne supɔw biara so. (Romafo 11:13; Dwom 107:1-3) Momma menka me papa, George Young ho asɛm nkyerɛ mo.

Ne Mmofraase

Ná Paapa na osua koraa wɔ John ne Margaret Young, Scotlandfo a na wɔyɛ Presbyfo no mma mu. Wɔwoo no September 8, 1886 mu bere tiaa bi akyi a abusua no tu fii Edinburgh, Scotland, baa British Columbia wɔ Canada atɔe fam no. Wodii kan woo ne nuanom mpanyimfo baasa—Alexander, John, ne Malcolm—wɔ Scotland. Na Paapa anyin kyɛn Marion, mmarimaa no nuabea kumaa, a na wɔato no din Nellie no, mfe abien.

Ná mmofra no ani gye wɔ Saanich akuraa a ɛbɛn Victoria, British Columbia, a wonyinii wɔ hɔ no ase. Bere koro no ara nso, wosuae sɛ wobedi asɛyɛde ahorow ho dwuma. Enti bere a wɔn awofo befi Victoria aba biara no, na wɔawie fie nnwuma nyinaa aprapra hɔ.

Bere kɔɔ so no, Paapa ne ne nuabarimanom no ani begyee nkorontu ne nnua adwuma ho. Young mmerante yi begyee din wɔ nnua adwuma no mu bɛyɛɛ mu akrakyefo (mmarima a wɔhwɛ asase a ɛsɛ sɛ wobu so nnua so), na na wɔtɔ nnua san tɔn. Paapa na na ɔhwɛ sikasɛm so.

Bere bi akyi no, anigye a na Paapa wɔ wɔ honhom fam nneɛma ho no ma osii gyinae sɛ ɔbɛyɛ Presby sɔfo. Nanso ɛbɛyɛ saa bere no mu no, Charles Taze Russell, Zion’s Watch Tower Tract Society titrani a odi kan no nsɛm a na wotintim wɔ atesɛm krataa mu no nyaa n’asetra so nkɛntɛnso kɛse. Nea Paapa suae no kaa no ma ɔkyerɛw krataa a ɔde regyae asɔre a midii kan kaa ho asɛm no.

Paapa fi ayamye mu tɔɔ ne bo ase de Bible mu nkyekyem ahorow dii dwuma de bɔɔ asɔre no nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ ɔkra nwu da, na Onyankopɔn bɛyɛ nnipa kra ayayade daa wɔ hellgya mu no gui. Afei nso ɔpaa Baasakoro nkyerɛkyerɛ no ho ntama, kyerɛe sɛ emfi Kristosom mu, na Kyerɛwnsɛm no mfoa so koraa. Efi saa bere no, ɔyɛɛ Kristofo som adwuma no de suasuaa Yesu Kristo, na ofi ahobrɛase mu de n’ahoɔden nyinaa hyɛɛ Yehowa anuonyam.

Wɔ 1917 mu no, ɛdenam Ɔwɛn Aban Asafo no akwankyerɛ so no, Paapa fii ase somee sɛ ɔsomfo kwantufo, sɛnea na wɔfrɛ wɔn a wogyina Yehowa Adansefo ananmu tutu akwan no. Ɔmaa ɔkasa ahorow wɔ nkurow nketewa ne akɛse mu wɔ Canada, na oyii sini a na wɔato din “Photo-Drama of Creation” kyerɛe. Sɛ Paapa kɔ kurow bi so a, agohwɛbea ahorow yeyɛ ma. Ɛde besi 1921 mu no, na mmeae a ɔbɛkɔ akɔsom no ba Ɔwɛn-Aban mu.

Winnipeg atesɛm krataa bi bɔɔ amanneɛ sɛ, Ɔsɛmpakafo Young kasa kyerɛɛ nnipa 2,500, ne sɛ nnipa pii annya kwan ankɔ asa no so esiane sɛ na nnipa ahyɛ hɔ ma nti. Wɔ Ottawa no, asɛmti a ɔkaa ho asɛm ne “Hell a Wɔakɔ Asan Aba.” Ɛhɔ na ɔpanyin bi a n’ani afi bɔɔ amanneɛ sɛ: “Bere a George Young maa ɔkasa no wiei no, ɔtoo nsa frɛɛ asɔfo kuw bi sɛ wɔmmra asɛnka agua no so ma wonsusuw asɛmti no ho, nanso wɔn mu biara antu ne nan. Saa bere no na mihui sɛ mahu nokware no.”

Paapa bɔɔ mmɔden biara sɛ obedi honhom fam nneɛma pii ho dwuma wɔ ne nsrahwɛ no mu sɛnea obetumi. Ɛno akyi no, na ɔyɛ ntɛm kɔhwehwɛ keteke de toa n’akwantu no so. Mpɛn pii no, sɛ ɔde kar na ɛretu kwan no a, osi mu ntɛm koraa ansa na anɔpa adidibere adu. Nsi a na Paapa yɛ akyi no, na wonim no yiye sɛ ɔbarima a ɔte nnipa asɛm ase, na na wɔde ne Kristofo nnwuma ne n’ayamye nso nim no.

Nhyiam akɛse a wɔyɛɛ no tete a ɔkɔe no mu nea ɔkae paa ne nea wɔyɛe wɔ Edmonton, Alberta, wɔ 1918 no. Ná n’abusuafo nyinaa wɔ hɔ a wɔrekɔhwɛ Nellie asubɔ no. Afei nso na ɛno ne bere a etwa to a mmarimaa no nyinaa rehyiam. Mfe abien akyi no, mpafe kum Malcolm. Te sɛ ne nuanom mmarima baasa ne ne papa no, na Malcolm wɔ ɔsoro asetra ho anidaso, na wɔn nyinaa dii Onyankopɔn nokware kosii owu mu.—Filipifo 3:14.

Ɔkɔ Amannɔne Nsase So

Bere a Paapa wiee asɛnka ɔsatu a ɔkɔyɛe wɔ Canada wɔ September 1921 mu no, Joseph F. Rutherford a na saa bere no ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani no kyerɛe sɛ ɔntoa so nkɔ Caribbean supɔw ahorow no so. Baabiara a Paapa yii “Photo-Drama of Creation” sini no, nnipa pii bɛhwɛe. Ɔkyerɛw fii Trinidad sɛ: “Nnipa hyɛɛ beae a woyii sini hɔ ma, na pii annya kwan amma mu. Anadwo a edi hɔ no, nnipa bɛhyɛɛ ɔdan no mu ma.”

Afei wɔ 1923 mu no, wɔmaa Paapa dwumadi wɔ Brazil. Wɔ hɔ no, ɔkasa kyerɛɛ nnipadɔm, na ɛtɔ mmere bi a ɔbɔ nkurɔfo paa ma wɔkyerɛ ne kasa ase ma no. Engiresi Ɔwɛn-Aban a ɛbaa December 15, 1923 no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Efi June 1 besi September 30 no, Onua Young ayɛ baguam nhyiam 21, na nnipa a wɔkɔɔ ase dodow si 3,600; asafo nhyiam ahorow 48, nnipa dodow a wɔkɔɔ ase yɛ 1,100; ɔkyekyɛɛ nhoma a wɔatintim no Portuguese kasa mu 5,000 maa nkurɔfo kwa.” Nnipa pii de anigye tiee Paapa, bere a ɔmaa ɔkasa a n’asɛmti ne “Ɔpepem Pii a Wɔte Ase Nnɛ no Renwu Da” no.

Bere a wohyiraa adan foforo so wɔ Brazil wɔ March 8, 1997 mu no, ɛho nhomawa bɔɔ amanneɛ sɛ: “1923: George Young ba Brazil. Ɔhyehyɛ baa dwumadibea wɔ Rio de Janeiro kurow no mu.” Ɛwom sɛ na wɔatintim Bible ho nhoma wɔ Spania kasa mu de, nanso na ehia sɛ wotintim bi wɔ Portuguese mu, kasa a wɔka no titiriw wɔ Brazil. Ne saa nti, wɔ October 1, 1923 mu no, wofii ase tintim Ɔwɛn-Aban no wɔ Portuguese kasa mu.

Paapa ne nnipa pii dii nkitaho wɔ Brazil. Ná wɔn mu biako yɛ Portugalni barima bi a wɔfrɛ no Jacintho Pimentel Cabral a ɔde ne fie mae sɛ wɔnyɛ nhyiam wɔ hɔ no. Ankyɛ na Jacintho begyee Bible mu nokware toom, na akyiri yi ɔbɛyɛɛ adwuma wɔ baa dwumadibea hɔ. Ɔfoforo nso ne Manuel da Silva Jordão, Portugalni aberante bi a na ɔhwɛ turo so. Ɔtiee baguam ɔkasa bi a Paapa mae, na ɛkaa no maa ɔsan kɔɔ Portugal kɔsomee sɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo a wɔyɛ bere nyinaa asomfo saa bere no.

Paapa de keteke tuu kwan kɔɔ mmeae pii wɔ Brazil, na ɔbɔɔ mmɔden nyaa anigyefo. Wɔ n’akwantu no biako mu no, ohyiaa Bony ne Catarina Green, na ɔtraa wɔn nkyɛn bɛyɛ adapɛn abien, kyerɛkyerɛɛ wɔn Kyerɛwnsɛm no mu. Wɔn abusua no mufo bɛyɛ baason de nsu mu asubɔ yɛɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne.

Nipa foforo a ohyiaa no wɔ 1923 mu ne Sarah Bellona Ferguson. Sɛ́ abeawa wɔ 1867 mu no, ɔne ne nuabarima Erasmus Fulton Smith ne abusua no mufo a aka no tu fii United States kɔɔ Brazil. Ná wɔde Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no mena no bere nyinaa fi 1899 mu. Ná Paapa nsrahwɛ no yɛ hokwan a Sarah, ne mma baanan no, ne obi a na Paapa frɛ no Ante Sallie ahwɛ kwan bere tenteenten sɛ wɔde bɛbɔ asu. Ná ɛno yɛ March 11, 1924.

Bere tiaa bi akyi no, Paapa kaa asɛm wɔ Amerika Anafo fam aman afoforo so. Wɔ November 8, 1924 no, ɔkyerɛw fii Peru sɛ: “Mekyekyɛɛ nkratawa 17,000 wɔ Lima ne Callao wiei nkyɛe biara.” Ɛno akyi no, ɔkɔɔ Bolivia kɔkyekyɛɛ nkratawa wɔ hɔ. Ɛdefa saa nsrahwɛ no ho no, ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛn Agya rehyira adwuma no so. Indiani bi boaa me. Ne fie wɔ Amazon asuti no so. Ɔde nkratawa 1,000 ne nhoma bi rekɔ ama me.”

Ɛdenam Paapa mmɔdenbɔ so no, Bible mu nokware aba no petee wɔ Amerika Mfinimfini ne Anafo fam aman pii so. Engiresi Ɔwɛn-Aban a ɛbaa December 1, 1924 no bɔɔ amanneɛ sɛ: “George Young abedi Amerika Anafo fam ha bɛboro mfe abien ni. . . . Saa onua dɔfo yi anya hokwan de nokware no akɔ Punta Arenas, a ɛwɔ Magellan Poka no so.” Afei nso, Paapa dii asɛnka adwuma no anim wɔ aman te sɛ Costa Rica, Panama, ne Venezuela. Wannyae ɛmfa ho sɛ na wanya atiridii ma aka n’akwahosan no.

Afei Ɔkɔ Europa

Wɔ March 1925 mu no, Paapa faa po so hyɛn kɔɔ Europa, baabi a na ɔwɔ anidaso sɛ ɔbɛkyekyɛ Bible nkratawa 300,000 wɔ Spain ne Portugal na wayɛ nhyehyɛe ama Onua Rutherford abɛma baguam ɔkasa horow wɔ hɔ no. Nanso akyiri yi a oduu Spain no, na Paapa mpɛ sɛ Onua Rutherford bɛma ɔkasa horow a ɛte saa esiane ɔsom foforo ho koma a na wonni wɔ hɔ no nti.

Bere a Onua Rutherford reyi n’ano no, ɔfaa Yesaia 51:16 hɔ asɛm kae sɛ: “Na mede me nsɛm mahyɛ w’anom, na mede me nsa ase nwini makata wo so, na matrɛw ɔsoro mu na mahyɛ asase ase, na maka makyerɛ Sion sɛ: Me man ne wo.” Ɔkaa saa no, Paapa kae sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ Awurade pɛ sɛ meyɛ saa, na migyae nea aka no ma no.”

Wɔ May 10, 1925 no, Onua Rutherford nam nsɛm asekyerɛfo so maa ne kasa no wɔ Novedades Agohwɛbea a ɛwɔ Barcelona no. Nnipa bɛboro 2,000 na wɔbae, na na aban panyin bi a ne wɛmfo ka ne ho wɔ adehwɛpon no so nso ka ho. Biribi a ɛte saa ara kɔɔ so wɔ Madrid, ma nnipa 1,200 kɔe. Anigye a wobenyae wɔ ɔkasa yi ho no ma wɔhyehyɛɛ baa dwumadibea wɔ Spain, a sɛnea 1978 Yearbook of Jehovah’s Witnesses ka no, wɔde “hyɛɛ George Young nsa.”

Wɔ May 13, 1925 no, Onua Rutherford kasae wɔ Lisbon, Portugal. Ne nsrahwɛ no sow aba yiye wɔ hɔ ɛmfa ho mmɔden a asɔfo no bɔe sɛ wɔnam dede a wɔyɛe ne nkongua a wobubui so bɛsɛe nhyiam no. Bere a Onua Rutherford maa ɔkasa horow wɔ Spain ne Portugal akyi no, Paapa kɔɔ so yii “Photo-Drama” sini no, na ɔyɛɛ nhyehyɛe a wɔde betintim Bible ho nhoma a wɔbɛkyekyɛ wɔ mmeae a ɛtete saa no. Wɔ 1927 mu no, ɔbɔɔ amanneɛ sɛ “Wɔaka” asɛmpa no “wɔ Spain kurow ne akuraa biara ase.”

Soviet Union Asɛnka

Paapa asɛmpatrɛw dwumadi a edi hɔ ne Soviet Union, faako a oduu hɔ wɔ August 28, 1928 no. Krataa bi a ɔkyerɛwee wɔ October 10, 1928 mu nsɛm fã bi kenkan sɛ:

“Efi bere a mebaa Russia na mitumi fi koma nyinaa mu bɔ mpae sɛ, ‘W’ahenni mmra.’ Meresua kasa no, nanso ɛyɛ nkakrankakra. Nea ɔkyerɛ me nsɛm ase no yɛ ɔbarima soronko koraa, ɔyɛ Yudani, nanso ogye Kristo di, na n’ani gye Bible ho. Manya osuahu ahorow a ɛyɛ anigye, nanso minnim bere dodow a wɔbɛma me kwan de atra ha. Dapɛn a etwaam no, wɔbɔɔ me nkae sɛ memmma nnɔnhwerew 24 nnto me wɔ hɔ, nanso yesiesiee asɛm no, enti meda so ara wɔ ha.”

Mihyiaa Bible Asuafo bi wɔ Kharkov, a mprempren ɛyɛ kurow titiriw wɔ Ukraine, na fekubɔ a yenyae no ho anigye maa nusu taataa wɔn. Anadwo biara na yɛyɛ nhyiam ketewa bi kosi ɔdasum. Bere a Paapa rekyerɛw nhyiam a ɔne anuanom no yɛe yi ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Hwɛ sɛnea anuanom no yɛ mmɔbɔ fa, wɔagyegye wɔn nhoma kakraa a wɔwɔ no, na atumfoɔ no tirim yɛ den, nanso wɔwɔ anigye.”

Wɔkaa Paapa som adwuma a ɔyɛe wɔ Soviet Union no ho asɛm wɔ nhomawa bi a wɔhyɛɛ da yɛ maa wɔn a wɔkɔɔ baa dwumadibea foforo a wohyiraa so wɔ St. Petersburg, Russia, wɔ June 21, 1997 no mu. Nhomawa no ka sɛ, wɔde Paapa kɔɔ Moscow, na ɛbɔ amanneɛ sɛ ɔsrɛɛ kwan “de tintim nhomawa a na wɔato din Freedom for the Peoples ne Where Are the Dead? no 15,000, ma wɔakyekyɛ wɔ Russia.”

Bere a Paapa fii Russia bae no, wɔmaa no kɔsomee wɔ United States sɛ ɔsomfo kwantufo. Wɔ South Dakota no, ɔkɔɔ Nellena ne Verda Pool, honam fam anuanom a akyiri yi wɔbɛyɛɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Peru no nkyɛn. Wofi ɔdɔ mu kyerɛɛ Paapa mmɔden a ɔbɔe wɔ ɔsom adwuma no mu no ho anisɔ kae sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ sɛnea na anuanom a wɔwɔ hɔ saa bere no kɔ amannɔne nsase so bere a na wonni wiase ahode pii na mmom wofi Yehowa ho dɔ a ahyɛ wɔn koma ma mu no, kyerɛ sɛ na wɔwɔ akwampae honhom. Ɛno na ɛkaa wɔn ma wotumi yɛɛ nea wɔyɛe no.”

Aware ne Akwantu a Ɛto so Abien

Saa bere yi nyinaa na Paapa ne Clara Hubbert a ɔwɔ Manitoulin Supɔw so wɔ Ontario no, di nkrataakyerɛw. Ná wɔn nyinaa wɔ nhyiam a wɔyɛɛ no wɔ Columbus, Ohio, wɔ July 26, 1931, faako a Bible Asuafo no faa edin Yehowa Adansefo too wɔn ho so no ase bi. (Yesaia 43:10-12) Dapɛn akyi no, wɔwaree. Ankyɛ koraa na Paapa siim bio kɔɔ n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abien a ɛde no kɔfaa Caribbean nsupɔw no so no. Ɔboae ma wɔhyehyɛɛ nhyiam ahorow na ɔtetee afoforo wɔ afie afie asɛnka adwuma no mu wɔ hɔ.

Maame nsa kaa mfonini, nkyia ho nkrataa, ne nkrataa ahorow fii Suriname, St. Kitts, ne mmeae pii. Nkrataa a wɔkyerɛwee no kaa asɛnka adwuma no nkɔso ne ɛtɔ mmere bi a, nnomaa, mmoa ne nnua a ɛwɔ ɔman pɔtee a ɔwom no ho nsɛm. Wɔ June 1932 mu no, Paapa wiee ne dwumadi wɔ Caribbean na bere a ɔfaa po so hyɛn traa baabi a ahiafo tra sɛnea ɔtaa yɛ no, ɔsan baa Canada. Ɛno akyi no, ɔne Maame nyinaa boom yɛɛ bere nyinaa som adwuma no, na wɔne bere nyinaa asomfo kuw kɛse bi twaa 1932/33 awɔw bere no wɔ Ottawa mpɔtam hɔ.

Abusua Asetra a Ankyɛ

Wɔwoo me nuabarima David wɔ 1934 mu. Bere a na ɔyɛ abofra koraa no, na ogyina adaka bi a Maame de ne kyɛ hyɛ mu no so suasua sɛnea wɔma “ɔkasa.” Te sɛ n’agya no, wada Yehowa ho nsi adi wɔ n’asetra nyinaa mu. Wɔn baasa no de kar a akasam wɔ atifi na na etu kwan kɔ asafo horow mu fi Canada apuei fam mpoano kosi atɔe fam mpoano. Bere a na Paapa resom wɔ British Columbia wɔ 1938 mu no na wɔwoo me. David kae sɛ na Paapa de me to mpa so, na na Paapa, Maame, ne David bu nkotodwe twa me ho hyia bere a Paapa bɔ mpae da ase ma me no.

Wɔ 1939 awɔw bere mu no, yɛtraa Vancouver bere a na Paapa resrasra asafo horow wɔ saa mpɔtam hɔ no. Nkrataa bebrebe a yɛaboaboaa ano no mu biako ne nea ɔkyerɛw no January 14, 1939, bere a na ɔwɔ Vernon, British Columbia no. Paapa kyerɛw kɔmaa Clara, David, ne Ruth sɛ: “Menam krataa yi so refew mo ano, ayɛ mu atuu kakra.” Na nkrasɛm kakra wom ma yɛn nyinaa. Ɔkaa otwa adwuma a ɛso nanso adwumayɛfo no sua no ho asɛm.—Mateo 9:37, 38.

Paapa fii Vancouver bae akyi dapɛn biako no, ade tɔɔ ne so wɔ nhyiam bi ase. Ne mu nhwehwɛmu a wɔyɛe akyiri no ma ɛbɛdaa adi sɛ na mpɔmpɔ bɔne abɔ ne tirim. Wɔ May 1, 1939 no, owiee n’asase so som adwuma. Ná m’adi asram akron, na na David reyɛ adu mfe anum. Yɛn maame a yɛdɔ no a na ɔno nso wɔ ɔsoro anidaso no dii Onyankopɔn nokware kosii bere a owui wɔ June 19, 1963 mu.

Wɔ Paapa krataa a ɔkyerɛw brɛɛ Maame no biako mu no, yehu sɛnea na ɔte nka wɔ asɛmpa a na ɔde kɔ aman pii so no ho. Ɔkaa wɔ ne fa bi sɛ: “Yehowa fi ayamye mu maa me kwan ma mekɔɔ saa nsase yi so sɛ kanea a mɛma Ahenni nkrasɛm no ahyerɛn. Ayeyi nka ne din kronkron no. N’anuonyam nam mmerɛwyɛ ne sintɔ mu hyerɛn.

Mprempren, George ne Clara Young mma, nananom, ne nanakansewanom nso resom yɛn dɔ Nyankopɔn, Yehowa no. Wɔka kyerɛɛ me sɛ na Paapa taa fa Hebrifo 6:10 hɔ asɛm a ɛka sɛ: “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho” no de ka asɛm. Yɛn nso yɛn werɛ mfii Paapa nnwuma.

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Me papa, wɔ nifa so, ne ne nuanom baasa no

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 25]

Paapa (nea ogyina hɔ) ne Anuanom Woodworth, Rutherford, ne Macmillan

Ase hɔ: Paapa (benkum so) ne Onua Russell ne nnipakuw bi

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26]

Paapa ne Maame

Ase hɔ: Wɔn ayeforohyia da

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Me ne David ne Maame Paapa wui mfe bi akyi no