Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ka Asɛmpa no Anigye So

Ka Asɛmpa no Anigye So

Ka Asɛmpa no Anigye So

“Monyɛ honhom mu hyew, na monsom [Yehowa, “NW”]!”—ROMAFO 12:11.

1, 2. Su bɛn na Kristofo bɔ mmɔden sɛ wobekura mu sɛ asɛmpakafo?

ABERANTE bi ani agye adwuma foforo bi ho. Da a edi kan a ɔkɔ adwuma no, ɔde ahopere twɛn n’adwumawura no akwankyerɛ. Ɔhwɛ n’adwuma a edi kan kwan, na ɔfa no aniberesɛm. Ne ho pere no sɛ ɔbɛyɛ nea obetumi nyinaa.

2 Saa ara na yɛn a yɛyɛ Kristofo no nso betumi abu yɛn ho sɛ adwumayɛfo a wɔafa yɛn foforo. Esiane sɛ yɛn anidaso ne sɛ yɛbɛtra ase daa nti, yebetumi aka sɛ afei na yɛafi ase reyɛ adwuma ama Yehowa. Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn Bɔfo no wɔ nnwuma pii ma yɛn a yɛbɛyɛ akosi daa. Nanso, adwuma a edi kan a ɔde ama yɛn ne N’ahenni ho asɛmpa no a yɛbɛka no. (1 Tesalonikafo 2:4) Yɛte nka dɛn wɔ adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn yi ho? Te sɛ aberante no, yɛpɛ sɛ yɛde yɛn ahoɔden nyinaa yɛ nea yebetumi, wɔ nsiyɛ ne anigye mu—yiw, yeyi yɛn yam nyinaa!

3. Egye dɛn na ama obi atumi ayɛ asɛmpa no ho somfo?

3 Nokwarem no, su pa a ɛte saa a yebekura mu no betumi ayɛ den. Afei nso yɛwɔ asɛyɛde foforo pii ka yɛn som adwuma no ho a emu bi betumi ama yɛabrɛ wɔ honam fam ne nkate fam. Mpɛn pii no, yetumi di saa nneɛma yi ho dwuma san yɛ yɛn som adwuma no yiye. Nanso, ebetumi ayɛ nea egye mmɔdenbɔ bere nyinaa. (Marko 8:34) Yesu sii so dua sɛ sɛ ebesi yɛn yiye sɛ Kristofo a, gye sɛ yɛpere denneennen.—Luka 13:24.

4. Ɔkwan bɛn so na da biara da asetram dadwen betumi anya yɛn honhom fam tebea so nkɛntɛnso?

4 Bere a yɛwɔ nneɛma pii yɛ no, ɛnyɛ den koraa sɛ ɛtɔ mmere bi a nneɛma bebunkam yɛn so anaasɛ ɛbɛhyɛ yɛn so. ‘Asetram dadwen’ betumi aka nsiyɛ ne anisɔ a yɛwɔ ma teokrase nnwuma no ahyɛ. (Luka 21:34, 35; Marko 4:18, 19) Esiane sɛ yɛyɛ nnipa a yɛnyɛ pɛ nti, yebetumi ‘agyaw yɛn kan dɔ no.’ (Adiyisɛm 2:1-4) Ɔsom a yɛde ma Yehowa no fã bi betumi abɛyɛ sɛ biribi a yɛyɛ no daa kɛkɛ. Ɔkwan bɛn so na Bible ma yenya nkuranhyɛ nsɛm a ɛma yɛkɔ so kura yɛn nsiyɛ mu wɔ ɔsom adwuma no mu?

Te sɛ “Ogya a Ɛredɛw” Wɔ Yɛn Koma Mu

5, 6. Ɔsomafo Paulo buu hokwan a onya de kaa asɛmpa no dɛn?

5 Ɔsom adwuma a Yehowa de ahyɛ yɛn nsa no som bo dodo sɛ yɛbɛma abɛyɛ adehunu bi. Ɔsomafo Paulo buu asɛmpaka adwuma no sɛ ɛyɛ hokwan kɛse, na obuu ne ho sɛ ɔmfata sɛ wɔde ma no. Ɔkae sɛ: “Me a mene ahotefo nyinaa mu akumaa na wɔde ɔdom yi adom me, sɛ menka Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no ho asɛmpa menkyerɛ amanaman, na memma nnipa nyinaa hann mma wonhu ahintasɛm a efi tete mmere no hintawee Onyankopɔn a ɔbɔɔ ade nyinaa no mu no ho afisiesiedwuma no.”—Efesofo 3:8, 9.

6 Adwempa a na Paulo wɔ wɔ ne som adwuma ho no yɛ nhwɛso a ɛkyɛn so ma yɛn. Ɔkae wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Romafo no mu sɛ: “Mifi m’ahoɔden nyinaa mu masiesie me ho sɛ mɛka asɛmpa no.” Na n’ani nwu asɛmpa no ho. (Romafo 1:15, 16) Na ɔwɔ su pa, na na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ ne som adwuma no.

7. Dɛn ho kɔkɔbɔ na Paulo de mae wɔ ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Romafo no mu?

7 Ɔsomafo Paulo huu hia a ehia sɛ yɛkɔ so yɛ nsi no, ma enti otuu Kristofo a wɔwɔ Roma no fo sɛ: “Monnyɛ mmɔdenbɔ mu nyaa, monyɛ honhom mu hyew, na monsom [Yehowa, NW]!” (Romafo 12:11) Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “nyaa” no kyerɛ ‘anihaw, anaa akwadworɔ.’ Bere a ebia yɛrenyɛ nyaa ankasa wɔ yɛn som adwuma no mu no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ma yɛn ani da hɔ na ama yɛahu honhom fam akwadworɔ ho nsɛnkyerɛnne biara ntɛm, na sɛ yehu nsɛnkyerɛnne a ɛte saa wɔ yɛn ankasa ho a, yɛayɛ nsakrae a ɛfata.—Mmebusɛm 22:3.

8. (a) Dɛn na ɛbɛyɛɛ sɛ “ogya a ɛredɛw” wɔ Yeremia komam no, na dɛn ntia? (b) Dɛn na yebetumi asua afi Yeremia asɛm no mu?

8 Sɛ yɛn abam bu nso a, Onyankopɔn honhom no betumi aboa yɛn. Sɛ nhwɛso no, bere bi odiyifo Yeremia abam bui, na ɔpɛe sɛ ogyae n’adwuma sɛ odiyifo no. Ɔkaa Yehowa ho asɛm mpo sɛ: “Merenkae no na meremmɔ ne din menkasa bio.” So na eyi kyerɛ sɛ Yeremia ayɛ mmerɛw paa wɔ honhom fam? Dabi. Nokwarem no, Yeremia honhom fam gyinabea a na ɛyɛ den, ɔdɔ a na ɔwɔ ma Yehowa, ne nsi a na ɔyɛ wɔ nokware no ho no, hyɛɛ no den ma ɔkɔɔ so hyɛɛ nkɔm. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “[Yehowa asɛm yɛ] me koma mu sɛ ogya a ɛredɛw a wɔato mu me nnompe mu; miso mu a mebrɛ ho, na mintumi.” (Yeremia 20:9) Ɛnyɛ nwonwa sɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo abam bu bere ne bere mu. Nanso, sɛ wɔbɔ Yehowa mpae hwehwɛ mmoa a, ɔbɛhwɛ wɔn komam, na sɛ n’asɛm wɔ wɔn komam te sɛ Yeremia a, obefi ne pɛ mu de ne honhom kronkron ama wɔn.—Luka 11:9-13; Asomafo no Nnwuma 15:8.

“Munnnum Honhom no”

9. Dɛn na ebetumi asiw honhom kronkron no dwumadi kwan wɔ yɛn fam?

9 Ɔsomafo Paulo tuu Tesalonikafo fo sɛ: “Munnnum honhom no.” (1 Tesalonikafo 5:19) Yiw, nneyɛe ne suban a ɛne Onyankopɔn mmara horow nhyia no betumi asiw honhom kronkron no dwumadi kwan wɔ yɛn fam. (Efesofo 4:30) Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ wɔ asɛyɛde sɛ wɔka asɛmpa no. Yebu saa hokwan yi kɛse. Ɛnyɛ yɛn nwonwa sɛ wɔn a wonnim Nyankopɔn no bu yɛn asɛnka adwuma no animtiaa. Nanso, sɛ Kristoni hyɛ da bu n’ani gu ne som adwuma so a, ebetumi adum Onyankopɔn honhom a ɛkanyan no no.

10. (a) Ɔkwan bɛn so na nsusuwii a yɛn yɔnko nipa kura betumi anya yɛn so nkɛntɛnso? (b) Yɛn som adwuma ho adwene a ɛkorɔn bɛn na wɔda no adi wɔ 2 Korintofo 2:17?

10 Nnipa a wonni Kristofo asafo no mu binom betumi abu yɛn som adwuma no sɛ yɛde nhoma mema ara kwa. Afoforo betumi adi mfomso aka sɛ yɛkɔ afie afie kogyigye ntoboa ara kwa. Sɛ yɛma kwan ma adwemmɔne a ɛtete saa nya yɛn nneyɛe so nkɛntɛnso a, eyi bɛma mmɔden a yɛbɔ wɔ ɔsom adwuma no mu no abrɛ ase. Sɛ́ anka yɛbɛma nsusuwii a ɛtete saa anya yɛn so nkɛntɛnso no, momma yenkura adwene a Yehowa ne Yesu wɔ wɔ yɛn som adwuma no ho no mu. Ɔsomafo Paulo daa adwene a ɛte saa a ɛkorɔn adi bere a ɔkae sɛ: “Yɛnte sɛ pii no a wɔde Onyankopɔn asɛm yɛ aguade, na mmom sɛ wɔn a woyi wɔn yam [kasa], Onyankopɔn mu; na yɛkasa Kristo mu Onyankopɔn anim.”—2 Korintofo 2:17.

11. Dɛn na ɛmaa Kristofo a wodi kan no kuraa wɔn nsiyɛ mu wɔ ɔtaa mpo mu, na ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wɔn nhwɛso no ka yɛn?

11 Yesu wu akyi bere tiaa bi no, n’asuafo a wɔwɔ Yerusalem no hyiaa ɔtaa. Wohunahunaa wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wonnyae asɛnka. Nanso, Bible ka sɛ “Honhom Kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔde nnam kaa Onyankopɔn asɛm.” (Asomafo no Nnwuma 4:17, 21, 31) Nsɛm a Paulo ka kyerɛɛ Timoteo mfe bi akyi no da adwempa a ɛsɛ sɛ Kristofo kura mu no adi. Paulo kae sɛ: “Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom, na mmom ahoɔden ne ɔdɔ ne adwenemtew de. Enti mma w’ani nnwu yɛn Awurade adansedi ne me a meyɛ ne deduani no ho, na mmom hu asɛmpa no ho amane bi, sɛnea Onyankopɔn ahoɔden te no.”—2 Timoteo 1:7, 8.

Ɛka Bɛn na Yɛde Yɛn Fipamfo?

12. Dɛn ne ade titiriw a enti yɛka asɛmpa no?

12 Nea ɛbɛyɛ na yɛanya yɛn som adwuma ho su pa no, ɛsɛ sɛ yenya adwempa. Dɛn nti na yɛka asɛm no? Yehu ade titiriw a enti yɛka asɛm no wɔ odwontofo no nsɛm no mu: “W’ahotefo hyira wo [Yehowa]. Wɔka w’ahenni anuonyam, na wɔbɔ wo mmaninyɛ din, sɛ wɔbɛma nnipa mma ahu ne mmaninne ne n’ahenni anuonyam a ɛharan no.” (Dwom 145:10-12) Yiw, yɛka asɛm no sɛnea ɛbɛyɛ a yebeyi Yehowa ayɛ wɔ baguam, na yɛatew ne din ho ma adesamma nyinaa ahu. Sɛ nnipa kakraa bi mpo na wotie yɛn a, nokwaredi a yɛde bɛka nkwagye asɛm no de anuonyamhyɛ brɛ Yehowa.

13. Dɛn na ɛkanyan yɛn ma yɛka nkwagye anidaso ho asɛm kyerɛ afoforo?

13 Ɔdɔ a yɛwɔ ma nkurɔfo ne nea ɛbɛyɛ a yɛrenni mogya ho fɔ nso nti na yɛka asɛm no. (Hesekiel 33:8; Marko 6:34) Nea ɛne eyi wɔ abusuabɔ ne Paulo asɛm a ɔka faa wɔn a wonni Kristofo asafo no mu ho no: “Mede Helafo ne Potɔfo, anyansafo ne wɔn a wonnim nyansa no ka.” (Romafo 1:14) Paulo tee nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo, efisɛ Onyankopɔn pɛ ne sɛ ‘wogye nnipa ahorow nyinaa nkwa.’ (1 Timoteo 2:4) Ɛnnɛ, yenya ɔdɔ ne asɛyɛde a ɛte saa ara ho adwene ma yɛn fipamfo. Ɔdɔ a Yehowa wɔ ma adesamma na ɛkaa no ma ɔsomaa ne Ba no baa asase so bewu maa wɔn. (Yohane 3:16) Na ɛno yɛ afɔrebɔ kɛse. Sɛ yɛde yɛn bere ne yɛn ahoɔden reka nkwagye asɛmpa a egyina Yesu afɔrebɔ so no ho asɛm akyerɛ afoforo a, na yɛresuasua Yehowa dɔ no.

14. Ɔkwan bɛn so na Bible no ka wiase a ɛwɔ Kristofo asafo no akyi ho asɛm?

14 Yehowa Adansefo bu wɔn mfɛfo nnipa sɛ nkurɔfo a wobetumi abɛka wɔn Kristofo nuayɛkuw no ho. Ɛsɛ sɛ yɛde akokoduru ka asɛm no, nanso yɛn akokoduru no nkyerɛ anuɔdensɛm. Ɛyɛ nokware sɛ, sɛ Bible reka wiase ankasa ho asɛm a, ɛde nsɛm a ɛyɛ yaw na edi dwuma. Paulo de asɛmfua “wiase” no dii dwuma ɔkwan a ɛnyɛ papa so, bere a ɔkaa “wi yi ase nyansa” ne “wiase akɔnnɔ” ho asɛm no. (1 Korintofo 3:19; Tito 2:12) Paulo kaee Efesofo Kristofo nso sɛ bere a ‘wɔnantewee sɛnea wi yi ase abrabɔ te’ no, ‘wowui’ wɔ honhom fam. (Efesofo 2:1-3) Saa nsɛm yi ne afoforo a ɛtete saa ne ɔsomafo Yohane asɛm no hyia: “Wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.”—1 Yohane 5:19.

15. Ɛdefa ankorankoro a wonni Kristofo asafo no mu ho no, dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ, na dɛn ntia?

15 Nanso, kae sɛ, wɔde nsɛm a ɛtete saa no di dwuma ma wiase ankasa a atwe ne ho afi Onyankopɔn ho no, na nyɛ ankorankoro. Kristofo nni kan mmu sɛnea ankorankoro bi bɛyɛ wɔn ade wɔ asɛmpaka adwuma no ho no ho atɛn. Wonni biribiara a wobegyina so aka ankorankoro bi ho asɛm sɛ wɔyɛ mpapo. Ɛnyɛ yɛn asɛm ne sɛ yɛbɛkyerɛ nea ɛbɛba, bere a Yesu ba bɛpaapae “nguanten” ne “mpapo” mu no. (Mateo 25:31-46) Yesu ne ɔtemmufo a wɔapaw no no; ɛnyɛ yɛn. Afei nso, osuahu ada no adi sɛ ebinom a na wɔyɛ nneɛma bɔne koraa agye Bible mu asɛm no atom, asakra, na wɔabɛyɛ Kristofo a wobu bra pa. Enti, bere a ebia yɛne nnipa bi a wɔte saa remmɔ fekuw no, sɛ yenya hokwan no a, yɛntwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛka Ahenni anidaso no ho asɛm akyerɛ wɔn. Kyerɛwnsɛm no ka nnipa bi a bere a wonnya mmɛyɛɛ gyidifo mpo no ‘na wɔpɛ daa nkwa’ ho asɛm. Awiei koraa no, wɔbɛyɛɛ gyidifo. (Asomafo no Nnwuma 13:48) Yɛrentumi nhu nea ɔfata kosi sɛ yebedi no adanse—ebia mpɛn pii. Bere a eyi wɔ yɛn adwenem no, yɛne wɔn a wonnya nnyee nkwagye asɛm no ntoom no di no “odwo” ne ‘obu’ mu, bere a yɛwɔ anidaso sɛ wɔn mu bi begye nkwagye ho asɛm no atom no.—2 Timoteo 2:25; 1 Petro 3:15.

16. Dɛn ne ade biako a enti, yɛpɛ sɛ ‘yɛn nkyerɛkyerɛ tu mpɔn’?

16 Yɛn ho a yɛbɛma akokwaw sɛ akyerɛkyerɛfo no bɛma anigye a yɛwɔ sɛ yɛbɛka asɛmpa no mu ayɛ den. Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a: Agoru anaa agumadi a ɛyɛ anigye no betumi ayɛ obi a onnim sɛnea wodi saa agoru no anihaw. Nanso, ɛyɛ nea onim sɛnea wodi no no anigye. Saa ara na Kristofo a wɔma wɔn ‘nkyerɛkyerɛ’ tu mpɔn no nya anigye kɛse wɔ ɔsom adwuma no mu. (2 Timoteo 4:2; Tito 1:9) Paulo tuu Timoteo fo sɛ: “Bɔ mmɔden fa wo ho gyina Onyankopɔn anim sɛ nea ɔfata, sɛ odwumayɛni a enhia sɛ ɔfɛre, na okura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.” (2 Timoteo 2:15) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ama yɛn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn?

17. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ‘ahwehwɛ’ Bible mu nimdeɛ, na ɔkwan bɛn so na nimdeɛ a ɛte saa no so bɛba mfaso wɔ yɛn som adwuma no mu?

17 Ɔkwan biako ne sɛ yebenya nokware nimdeɛ pii. Ɔsomafo Petro hyɛ yɛn nkuran sɛ: ‘Yɛnhwehwɛ asɛm no nufusu kronkron, sɛ nkokoaa a wɔawo yɛn mprempren, na yɛanyin wɔ mu akɔ nkwagye mu.’ (1 Petro 2:2) Akokoaa a ɔte apɔw fi awosu mu hwehwɛ nufusu. Nanso, ɛho behia sɛ Kristoni ‘hwehwɛ’ Bible mu nimdeɛ. Ɔnam adesua ne akenkan ho su pa a obenya so na ebetumi ayɛ eyi. (Mmebusɛm 2:1-6) Sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn Asɛm ho akyerɛkyerɛfo a yetu mpɔn a, ebegye mmɔdenbɔ ne ahohyɛso, nanso akatua wɔ mmɔdenbɔ a ɛte saa mu. Anigye a yenya fi Onyankopɔn Asɛm mu a yɛhwehwɛ no ma yɛyɛ hyew Onyankopɔn honhom mu, na ɛma yenya anigye sɛ yɛbɛka nneɛma a yesua no ho asɛm akyerɛ afoforo.

18. Ɔkwan bɛn so na Kristofo nhyiam ahorow betumi asiesie yɛn ma yɛakura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ?

18 Kristofo nhyiam horow nso di dwuma titiriw wɔ Onyankopɔn Asɛm a yɛde bedi dwuma yiye no mu. Sɛ wɔrekenkan Bible mu nsɛm wɔ baguam kasa ne Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔbɔ foforo mu a, ɛyɛ papa sɛ yedi akyiri wɔ yɛn ankasa Bible mu. Nyansa wom sɛ yetie nhyiam afã horow, a nea ɛfa yɛn asɛnka adwuma no ho tẽẽ nso ka ho. Mommma yemmmu mfaso a ɛwɔ ɔyɛkyerɛ ahorow so no adewa da, denam ebia nneɛma afoforo a yɛbɛma atwetwe yɛn adwene so. Afei, ahohyɛso ne yɛn adwene a yɛde besi nea yɛresua so no ho hia. (1 Timoteo 4:16) Kristofo nhyiam ahorow hyɛ yɛn gyidi den, ɛboa yɛn ma yɛn ani gye Onyankopɔn Asɛm ho, na ɛtete yɛn ma yɛyɛ asɛmpa no ho adawurubɔfo a yɛwɔ anigye.

Yebetumi De Yɛn Ho Ato Yehowa Mmoa So

19. Dɛn nti na asɛmpaka adwuma no mu kyɛfa a yebenya daa no ho hia?

19 Kristofo a wɔyɛ ‘hyew wɔ honhom mu’ na wɔde anigye ka asɛmpa no bɔ mmɔden sɛ wobenya ɔsom adwuma no mu kyɛfa daa. (Efesofo 5:15, 16) Ɛwom sɛ nsɛm tebea gu ahorow, na bere a yɛn nyinaa de yɛ nkwagye adwuma yi nyɛ pɛ. (Galatifo 6:4, 5) Nanso, ebia nea ɛho hia koraa sen bere dodow a yɛde yɛ asɛnka adwuma no ne mpɛn dodow a yɛde ka yɛn anidaso ho asɛm kyerɛ afoforo no. (2 Timoteo 4:1, 2) Dodow a yɛka asɛm no, dodow no ara na yebenya sɛnea adwuma yi som bo no ho anisɔ. (Romafo 10:14, 15) Sɛ yɛtaa ne nnipa komapafo a wɔresi apini redi awerɛhow na wonni anidaso biara no di nkitaho a, yebenya ayamhyehye ne tema kɛse.—Hesekiel 9:4; Romafo 8:22.

20, 21. (a) Adwuma bɛn na ɛda so da yɛn anim? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa reboa yɛn wɔ yɛn adwumayɛ mu?

20 Yehowa de asɛmpaka adwuma no ahyɛ yɛn nsa. Eyi ne adwuma a edi kan a yɛanya afi ne nkyɛn sɛ ‘n’adwumayɛboafo.’ (1 Korintofo 3:6-9) Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yebefi ɔkra nyinaa mu ayɛ adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa yi sɛnea yebetumi. (Marko 12:30; Romafo 12:1) Nnipa pii a wɔpɛ nkwa, na nokware no ho kɔm de wɔn da so wɔ wiase no mu. Adwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na yebetumi de yɛn ho ato Yehowa mmoa so bere a yewie yɛn som adwuma no koraa no.—2 Timoteo 4:5.

21 Yehowa de ne honhom ma yɛn, na ɔde “honhom nkrante,” Onyankopɔn Asɛm, siesie yɛn. Ɛdenam ne mmoa so no, yebetumi abue yɛn ano ‘anya asɛm aka de nnamyɛ ayi asɛmpa no ahintasɛm akyerɛ.’ (Efesofo 6:17-20) Ɛmmra sɛ wɔbɛka nea ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Tesalonika Kristofo no afa yɛn ho: “Yɛn asɛmpa no amma mo nkyɛn asɛm mu nko, na mmom ɛbae ahoɔden ne Honhom Kronkron ne ɛso duasi bebree mu nso.” (1 Tesalonikafo 1:5) Yiw, momma yɛnka asɛmpa no anigye so!

Ntĩmu Tiawa

• Esiane asetram dadwen nti, dɛn na ebetumi aba sɛnea yɛyɛ nsi wɔ ɔsom adwuma no mu no so?

• Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛka asɛmpa no yɛ sɛ “ogya a ɛredɛw” yɛn komam?

• Ɔsom adwuma no ho adwene a ɛmfata bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati?

• Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yebu wɔn a yɛne wɔn nkura gyidi biako no?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa boa yɛn ma yekura yɛn nsiyɛ mu wɔ asɛnka adwuma no mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 9]

Kristofo suasua Paulo ne Yeremia nsiyɛ no

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa ma yɛde anigye yɛ ɔsom adwuma no