Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kristofo Ahwɛfo, ‘Mummue Mo Komam Kɛse’!

Kristofo Ahwɛfo, ‘Mummue Mo Komam Kɛse’!

Kristofo Ahwɛfo, ‘Mummue Mo Komam Kɛse’!

‘YEHOWA ne me hwɛfo. Hwee renhia me.’ Dawid de saa nsɛm no daa ahotoso a edi mũ a na ɔwɔ wɔ Onyankopɔn mu no adi. Sɛ yɛbɛka a, Yehowa de no kɔɔ honhom mu “wura frɔmfrɔm adidibea” ne “nsu a ɛho dwo ho,” na ɔde no “fa akwantrenee so.” Sɛ atamfo twa ne ho hyia a, na Dawid nya mmoa ne awerɛkyekye, ma ɛno nti otumi ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Minsuro bɔne bi, efisɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ.” Esiane sɛ na Dawid wɔ Oguanhwɛfo Kɛse yi nti, osii ne bo sɛ ‘ɔbɛtra Yehowa fie daa.’—Dwom 23:1-6.

Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no nso nyaa sɛnea Yehowa dɔ te no so mfaso, na ɔyɛɛ eyi ho nhwɛso pɛpɛɛpɛ wɔ sɛnea ɔne n’asuafo no dii bere a na ɔwɔ asase so no mu. Enti Kyerɛwnsɛm no ka ne ho asɛm sɛ “guanhwɛfo pa,” “nguan no hwɛfo kɛse” ne “oguanhwɛfo panyin.”—Yohane 10:11; Hebrifo 13:20; 1 Petro 5:2-4.

Yehowa ne Yesu Kristo kɔ so hwɛ wɔn a wɔdɔ wɔn no. Yehu sɛnea wɔhwɛ wɔn nguan so no denam ɔdɔ mu a wofi de nguanhwɛfo nkumaa ma wɔ asafo no mu so. Paulo kasa kyerɛɛ ahwɛfo nkumaa yi sɛ: “Enti monhwɛ mo ho ne nguankuw nyinaa a Honhom Kronkron de mo asisi wɔn so ahwɛfo sɛ monyɛn Onyankopɔn asafo a ɔde n’ankasa mogya anya wɔn no yiye.”—Asomafo no Nnwuma 20:28.

Yehowa ne Yesu nhwɛso akyi a wobedi ahwɛ nguankuw no so no nna fam, nanso ɛho hia nnɛ sen bere biara. Susuw Adansefo bɛboro ɔpepem biako a wɔabɔ wɔn asu wɔ mfe abiɛsa a atwam ni no ho hwɛ! Wɔn a wɔaba foforo yi nni honhom fam suahu a yɛde mfe pii anya no bi. Bio nso, susuw Adansefo a wɔda so ara yɛ mmofra anaa wɔrebɛn mpanyin afe so no ho hwɛ. Ɛnyɛ wɔn awofo nkutoo na wohia sɛ wɔma wɔn ani ku wɔn ho, na mmom asafo no mu ahwɛfo nkumaa nso.

Nokwarem no, nhyɛso a efi abɔnten ba no ka Kristoni biara, a atipɛnfo nhyɛso nso ka ho. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bɔ mmɔden sɛ yɛbɛko atia nneɛma a ɛtwetwe yɛn di wiase akɔnnɔ ntraso akyi no. Wɔ aman bi so no, Ahenni adawurubɔfo abam betumi abu esiane sɛ wonnya nnipa mma wontie asɛm no nti. Adawurubɔfo pii wɔ nyarewa a ɛhaw adwene yiye. Sikasɛm mu ahokyere betumi atwetwe ebinom asan wɔ Ahenni no a wobedi kan ahwehwɛ no mu. Nokwarem no, yɛn nyinaa—a wɔn a wɔakyɛ wɔ nokware no mu ka ho—hia ahwɛfo a wɔwɔ ɔdɔ mmoa.

Nneɛma Pa a Ɛkanyan Yɛn

Wɔka kyerɛɛ afeha a edi kan Kristofo no sɛ: ‘Mummue mo komam kɛse’! (2 Korintofo 6:11-13) Ɛsɛ sɛ Kristofo mpanyimfo di saa afotu yi akyi wɔ wɔn nguanhwɛ dwumadi no mu. Ɔkwan bɛn so na wobetumi ayɛ saa? Na asafo mu asomfo a wɔn mu pii repere adu ahwɛfo adwuma ho no nso ɛ?

Sɛ Kristofo mpanyimfo bɛyɛ nhyira ama nguankuw no a, ɛnsɛ sɛ wɔfa no sɛ adwuma kɛkɛ. Wotu wɔn fo sɛ: ‘Monyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔwɔ mo mu no. Monhwɛ wɔn so, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom ɔdɔ so, sɛnea Onyankopɔn pɛ; ɛnyɛ adifudepɛ nti, na mmom koma a ɛpɛ nti.’ (1 Petro 5:2) Enti nguanhwɛ nso hwehwɛ sɛ obi benya ɔpɛ ne ɔdɔ sɛ ɔbɛsom afoforo. (Yohane 21:15-17) Ɛkyerɛ sɛ wubehu nea nguan no hia na woadi ho dwuma ntɛm so. Ɛkyerɛ sɛ wobɛda Kristofo su horow a ɛne Onyankopɔn honhom aba no adi bere a wo ne afoforo redi no.—Galatifo 5:22, 23.

Ɛtɔ mmere bi a nguanhwɛ adwuma no hwehwɛ sɛ wokɔsra anuanom wɔ wɔn afie mu. * Nanso ahwɛfo a ‘wobue wɔn komam’ no de wɔn ho ma. Ɛno kyerɛ sɛ wɔyɛ nea ɛsen ahwɛfo nsrahwɛ a wɔbɛyɛ no bere ne bere mu. Wɔde hokwan biara a wonya di dwuma de hwɛ afoforo a wɔwɔ nguankuw no mu no.

Afoforo a Wɔtete Wɔn Ma Wɔbɛyɛ Ahwɛfo

Ɛmfa ho mfe biara a onuabarima bi adi no, ‘sɛ ɔpɛ hwɛfodwuma a, wapɛ adwuma pa.’ (1 Timoteo 3:1) Asafo mu asomfo pii da ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛpere adu hokwan ahorow ho no adi. Ne saa nti mpanyimfo de anigye boa anuanom mmarima a wɔwɔ ɔpɛ yi ma wotu saa anammɔn a ɛho hia yi de “pɛ hwɛfodwuma.” Eyi hwehwɛ sɛ wɔtete wɔn ma wɔbɛyɛ ahwɛfo a wotu mpɔn.

Esiane sɛ Yehowa Kristofo asafo no mufo bata Onyankopɔn gyinapɛn a ɛkorɔn ho nti, ahwɛfo atorofo a wɔte sɛ wɔn a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ Hesekiel 34:2-6 no mmaa wɔnyɛɛ mmerɛw. Na eyinom yɛ adehunu wɔ Yehowa ani so, na ɛte saa nso. Sɛ́ anka wɔbɛma nguankuw no aduan no, na wɔyɛn wɔn ankasa ho mmom. Wɔantumi anhyɛ wɔn a wɔyare no den, ansa ayarefo no yare, ankyekye wɔn a wɔabubu no, anaasɛ wɔde wɔn a wɔafom kwan anaa wɔayera no bɛsan aba. Bere a wɔyɛ wɔn ade te sɛ mpataku a wɔnyɛ nguanhwɛfo no, wɔhyɛ nguan no so. Nguan a wonni ahwɛfo no bɔ petee, a na wɔnenam a obiara nhwɛ wɔn so.—Yeremia 23:1, 2; Nahum 3:18; Mateo 9:36.

Nea ɛnte sɛ saa nguanhwɛfo a wɔanni nokware no, Kristofo ahwɛfo di Yehowa nhwɛso akyi. Wɔboa ma wɔde nguan no kɔ honhom fam “wura frɔmfrɔm adidibea” ne “nsu a ɛho dwo ho.” Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn kwan akɔ “akwantrenee so” denam Yehowa Asɛm a wɔboa wɔn ma wɔte ase yiye na wɔn ankasa de di dwuma no so. Wobetumi ayɛ eyi yiye efisɛ ‘wonim nkyerɛkyerɛ.’—1 Timoteo 3:2.

Mpanyimfo nkyerɛkyerɛ fã kɛse no ara fi asɛnka agua so wɔ asafo nhyiam ahorow ase. Mpanyimfo ankasa nso tumi kyerɛkyerɛ. Nokwarem no, ebinom bɔ mmɔden bere a wɔne obi nkutoo rekasa no, na afoforo nso wɔ ɔdom akyɛde a ɛma wotumi ma ɔkasa yiye. Nanso tɔ a obi tɔ sin kakra wɔ nkyerɛkyerɛ ho no nkyerɛ sɛ ɔmfata sɛ ɔkyerɛkyerɛfo. Mpanyimfo de hokwan a wonya nyinaa kyerɛkyerɛ, a ahwɛfo nsrahwɛ nso ka ho. Wɔyɛ ahwɛfo nsrahwɛ no bi tẽẽ, sɛ nhwɛso no, nsrahwɛ a wɔahyɛ da ayɛ ho nhyehyɛe. Nanso wobetumi ayɛ nsrahwɛ no bi a wɔnhyɛɛ da nyɛɛ ho nhyehyɛe, a mfaso kɛse wɔ ɛno so nso.

Ahwɛfo ne Akyerɛkyerɛfo Bere Nyinaa

Oduruyɛfo hia nimdeɛ ne osuahu na ama watumi ayɛ n’adwuma no. Nanso sɛ ɔda ayamye, timmɔbɔ, ne atenka adi na ɔkyerɛ afoforo ho anigye a, n’ayarefo no ani sɔ eyi. Ɛsɛ sɛ wohu su horow yi wɔ ne ho. Saa ara nso na ɛsɛ sɛ wohu su a ɛte saa wɔ ɔkyerɛkyerɛfo ne ɔhwɛfo pa ho, na ɛyɛ n’asetra fã. Obi a ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo ankasa no bɛyɛ krado sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn a wɔbɛn no bere biara a ɛbɛyɛ yiye. Mmebusɛm 15:23 ka sɛ: “Asɛm a wɔka ne bere mu, eye dɛn ara!” Ebia asɛm a ɛyɛ ne “bere mu” no bi betumi ayɛ bere a ɔrekasa wɔ asɛnka agua so, bere a ɔredi adanse wɔ afie afie anaa bere a ɔrebɔ nkɔmmɔ wɔ Ahenni Asa so anaasɛ wɔ telefon so. Saa ara nso na ɔhwɛfo pa bɔ mmɔden sɛ ɔbɛda su pa adi de akyerɛ sɛ odwen afoforo ho bere nyinaa, na ɛnyɛ bere a ɔreyɛ nsrahwɛ mu nko. Bere a ‘wabue ne komam nyinaa no,’ ɔde hokwan a obenya biara bɛhwɛ nguan no, na ɔde mmoa a wohia ama wɔn bere a ɛfata mu. Eyi na ɛma nguan no nya ne ho dɔ no.—Marko 10:43.

Wolfgang, a mprempren ɔyɛ ɔpanyin no kae sɛnea asafo mu somfo bi ne ne yere bɛsraa wɔn abusua no. Ɔka sɛ: “Yɛn mma no ani gyee sɛnea wosusuw wɔn ho no ne anigye a yɛn nyinaa nyae no ho. Wɔda so ara ka ho asɛm.” Yiw saa asafo mu somfo yi kyerɛe sɛ na odwen afoforo ho; ‘obuee ne komam.’

Hokwan foforo a wubetumi anya de ‘abue wo komam’ ne sɛ wobɛkɔ akɔsra ayarefo, wobɛkyerɛw krataa ketewaa bi de akɔhyɛ wɔn den, anaa wobɛfrɛ wɔn wɔ telefon so—biribiara a ɛbɛma wɔahu sɛ wodwen wɔn ho! Fa mmoa ma wɔ bere a ɛho hia mu. Sɛ wɔpɛ sɛ wɔkasa a, yɛ aso tie wɔn yiye. Ka teokrase dwumadi ahorow bi a ɛyɛ anigye, na ɛhyɛ nkuran wɔ asafo no mu ne mmeae foforo ho asɛm kyerɛ wɔn. Boa wɔn ma wɔmfa wɔn adwene nsi daakye a ɛyɛ anigye a ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔdɔ Yehowa no so.—2 Korintofo 4:16-18.

Nea Ɛka Ahwɛfo Nsrahwɛ Ho

Sɛ yɛma atirimpɔw a ɛwɔ ahwɛfo nsrahwɛ mu no tra yɛn adwene mu a, ɛmfa ho sɛ ɛho hia no, ɛda adi sɛ anuanom afie a yɛbɛkɔ no yɛ nea ɛho hia a wɔhwehwɛ no fã. Ɔhwɛfo a ɔwɔ ɔdɔ ‘bue ne komam kɛse’ denam afoforo a wotumi bɛn no wɔ tebea ne bere biara mu no so. Abusuabɔ a emu yɛ den a ɔda no adi kyerɛ ne nuanom no ma wonya awerɛhyem sɛ, sɛ nneɛma mu yɛ den mpo a, ɛho nhia sɛ wosuro bɔne bi, bere a wonim sɛ wɔn nua dɔfo no, Kristoni hwɛfo no dwen wɔn ho.—Dwom 23:4.

Yiw, Kristofo ahwɛfo nyinaa, ‘mummue mo komam.’ Mumfi komam nna ɔdɔ adi nkyerɛ mo nuanom—monhyɛ wɔn nkuran, momma wɔn bo ntɔ wɔn yam, momfa ɔkwan biara so nhyɛ wɔn den honhom mu sɛnea mubetumi. Mommoa wɔn mma wonnyina pintinn wɔ gyidi no mu. (Kolosefo 1:23) Esiane sɛ nguan no anya Kristofo ahwɛfo a ‘wɔabue wɔn komam nyinaa’ nti, hwee renhia wɔn. Te sɛ Dawid no, wobesi wɔn bo sɛ wɔbɛtra Yehowa fi daa. (Dwom 23:1, 6) Dɛn bio na ɔhwɛfo a ɔwɔ ɔdɔ bɛpɛ sɛ onya?

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 10 Wubetumi ahu ahwɛfo nsrahwɛ ho nyansahyɛ ahorow wɔ Ɔwɛn-Aban a ɛbae wɔ September 15, 1993, nkratafa 20-3, ne March 15, 1996, nkratafa 24-7.

[Adaka wɔ kratafa 30]

Kristofo Ahwɛfo

• Fi wɔn pɛ mu de anigye som

• Ma nguankuw no aduan hwɛ wɔn so

• Boa afoforo ma wɔpere du hwɛfo dwuma ho

• Srasra ayarefo na wɔhwɛ wɔn

• Ayɛ krado sɛ wɔde mmoa bɛma wɔn nuanom bere biara

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 31]

Sɛ́ ɛyɛ asɛnka mu, nhyiam ahorow ase, anaa aguabɔ ase no, mpanyimfo yɛ ahwɛfo bere nyinaa