Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nhwɛso Pa Ahorow—So Worenya so Mfaso?

Nhwɛso Pa Ahorow—So Worenya so Mfaso?

Nhwɛso Pa Ahorow—So Worenya so Mfaso?

“NA AMA moayɛ sɛnnahɔ ama wɔn a wogye di wɔ Makedonia ne Akaia nyinaa.” Ɔsomafo Paulo kyerɛw saa nsɛm yi de kɔmaa Kristofo anokwafo a na wɔte Tesalonika. Nhwɛso a wɔyɛ maa wɔn nuanom agyidifo no fata nkamfo ampa. Ná Tesalonikafo no de Paulo ne ne mfɛfo no nhwɛso no redi dwuma. Paulo kae sɛ: “Yɛn asɛmpa no amma mo nkyɛn asɛm mu nko, na mmom ɛbae ahoɔden ne Honhom Kronkron ne ɛso duasi bebree mu nso, sɛnea munim sɛ mo nti yɛbɔɔ yɛn bra fae wɔ mo mu no. Na mo nso moayɛ yɛn ne Awurade suafo.”—1 Tesalonikafo 1:5-7.

Yiw, Paulo anka asɛm kɛkɛ. N’asetra nyaa afoforo so nkɛntɛnso—ne gyidi, ne boasetɔ, ne ne ho a ɔde bɔɔ afɔre ho nhwɛso no. Esiane eyi nti, Paulo ne ne mfɛfo benyaa Tesalonikafo no asetra so tumi kɛse, na ɛkaa wɔn ma wogyee nokware no “wɔ ahohia pii mu.” Nanso, ɛnyɛ Paulo ne ne yɔnko adwumayɛfo no nkutoo na wonyaa saa agyidifo no so nkɛntɛnso pa. Afoforo a wɔtɔɔ wɔn bo ase ahohia mu no nso yɛɛ nkuranhyɛ maa wɔn. Paulo kyerɛw kɔmaa Tesalonikafo no sɛ: “Na mo, anuanom, moayɛ Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Yudea no suafo Kristo Yesu mu, efisɛ mo nso muhuu mo ankasa manfo nsam amane saa ara, sɛnea wɔn nso wohui Yudafo mu no.”—1 Tesalonikafo 2:14.

Kristo Yesu—Nhwɛsofo a Ɔsen Biara

Ɛwom sɛ Paulo ankasa yɛɛ nhwɛso a ɛfata sɛ yesuasua de, nanso ɔkyerɛe sɛ Yesu Kristo ne nea ɔyɛ nhwɛso titiriw ma Kristofo sɛ wonni akyi. (1 Tesalonikafo 1:6) Kristo ne yɛn Nhwɛsofo a ɔsen biara. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Na eyi na wɔbɔɔ din frɛɛ mo, efisɛ Kristo nso huu amane maa mo gyaw mo nhwɛso, sɛ munni n’anammɔn akyi.”—1 Petro 2:21.

Nanso sɛ́ onipa no, Yesu wui bɛyɛ sɛ mfe 2,000 a atwam ni. Ɛnnɛ ‘ɔte hann a obi nnya hokwan mu,’ sɛ honhom abɔde a onwu da. Eyi nti, ‘nnipa mu biara nhuu no da, na obiara ntumi nhu no.’ (1 Timoteo 6:16) Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua no? Ɔkwan biako ne sɛ yebesua Bible mu kyerɛwtohɔ anan a ɛfa Yesu asetra ho no. Nsɛmpa no ma yehu ne nipasu, n’asetra, ne ‘n’adwene.’ (Filipifo 2:5-8) Yebetumi ahu nsɛm foforo nso denam Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma a ɛka nsɛm a esisii wɔ Yesu asetram kɔ akyiri a wɔakyerɛw no nnidiso nnidiso a yebesua no yiye so. *

Yesu ho a ɔde bɔɔ afɔre ho nhwɛso no nyaa ɔsomafo Paulo so tumi kɛse. Ɔka kyerɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Korinto no sɛ: “Na me de, mede fɛw pii mɛhwere m’ade ne me ho mama mo kra.” (2 Korintofo 12:15) Kristo su bɛn ara ni! Bere a yesusuw Kristo nhwɛso a ɛyɛ pɛ ho no, ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn nso ma yesuasua no wɔ yɛn ankasa asetram.

Sɛ nhwɛso no, Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn ho nto Onyankopɔn bɔ a wahyɛ sɛ ɔbɛma yɛn honam fam ahiade no so. Nanso ɔyɛɛ nea ɛsen saa. Ɔdaa saa gyidi ne ahotoso a na ɔwɔ wɔ Yehowa mu no adi da biara. Ɔkae sɛ: “Sakraman wɔ atu, na wim nnomaa wɔ mmerebuw, na onipa ba no de, onni nea ɔde ne ti to.” (Mateo 6:25; 8:20) So honam fam nneɛma ho adwennwen nya wo nsusuwii ne wo nneyɛe so nkɛntɛnso? Anaa so w’asetra kyerɛ sɛ worehwehwɛ Ahenni no kan? Na woyɛ w’ade dɛn wɔ Yehowa som ho? So ɛte sɛ yɛn Nhwɛsofo Yesu de no? Bible no kyerɛ sɛ Yesu anka mmɔdenbɔ ho asɛm kɛkɛ na mmom ɔdaa mmɔdenbɔ kɛse adi wɔ mmere pii mu. (Yohane 2:14-17) Bio nso, hwɛ ɔdɔ ho nhwɛso pa a Yesu yɛe! Ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre maa n’asuafo! (Yohane 15:13) So woresuasua Yesu denam ɔdɔ a wuyi adi kyerɛ wo nuanom Kristofo so? Anaa so woma ebinom sintɔ ahorow siw wo kwan sɛ wobɛdɔ wɔn?

Yɛbɛtɔ sin mpɛn pii wɔ mmɔden a yɛrebɔ sɛ yebedi Kristo nhwɛso akyi no mu. Nanso Yehowa ani sɔ mmɔden a yɛbɔ sɛ ‘yɛbɛhyɛ Awurade Yesu Kristo’ no.—Romafo 13:14.

“Monyɛ Nhwɛso Mma Nguankuw No”

So ankorankoro bi wɔ asafo no mu a wobetumi ayɛ nhwɛso ama yɛn nnɛ? Nokwarem no, ebi wɔ hɔ! Ɛsɛ sɛ anuanom a wɔapaw wɔn a wɔde asɛyɛde ahyɛ wɔn nsa no titiriw yɛ nhwɛso. Paulo ka kyerɛɛ Tito a ɔsom asafo ahorow a na ɛwɔ Kreta no mu sɛ ɛsɛ sɛ ɔpanyin biara a wɔapaw no yɛ “nea ne ho nni asɛm.” (Tito 1:5, 6) Saa ara nso na ɔsomafo Petro tuu “mpanyimfo” fo sɛ ‘wɔnyɛ nhwɛso mma nguankuw no.’ (1 Petro 5:1-3) Na wɔn a wɔsom sɛ asafo mu asomfo nso ɛ? Ɛsɛ sɛ wɔn nso yɛ “mmarima a wɔsom yiye.”—1 Timoteo 3:13, NW.

Nokwarem no, ntease nnim sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo biara ho bɛkokwaw yiye wɔ Kristofo som adwuma no afa biara mu. Paulo ka kyerɛɛ Kristofo a wɔwɔ Roma no sɛ: “Na yɛwowɔ ɔdom akyɛde a ɛsonsonoe, sɛnea ɔdom a wɔde adom yɛn no te.” (Romafo 12:6) Anuanom mmarima no biara wɔ nea ɔbɔ mu mmɔden yiye. Ntease nnim sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ mpanyimfo bɛyɛ ade na wɔaka biribiara wɔ ɔkwan a ɛyɛ pɛ so. Bible ka wɔ Yakobo 3:2 sɛ: “Yɛn nyinaa fom nneɛma pii mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a owie pɛyɛ a obetumi ato nipadua nyinaa nnareka adi so.” Nanso te sɛ Timoteo no, ɛmfa ho sɛ mpanyimfo nyɛ pɛ no, wobetumi ‘ayɛ gyidifo nhwɛso ɔkasa mu, abrabɔ mu, ɔdɔ mu, gyidi mu, ahotew mu.’ (1 Timoteo 4:12) Sɛ mpanyimfo yɛ saa a, nguankuw no de afotu a ɛwɔ Hebrifo 13:7 a ese: “Monkae mo mpanyimfo, . . . monhwɛ wɔn abrabɔ awiei nsua wɔn gyidi” no bedi dwuma.

Nhwɛso Afoforo a Ɛwɔ Hɔ Nnɛ

Mfe pii a atwam no, afoforo pii ada wɔn ho adi sɛ wɔyɛ nhwɛso pa. Na asɛmpatrɛwfo mpempem pii a wɔde wɔn ho abɔ afɔre a ‘wogyaw afi ne nuabarimanom ne nuabeanom ne agya ne ɛna ne mma ne nsase’ kodi Kristofo ahyɛde so wɔ amannɔne nsase so no nso ɛ? (Mateo 19:29) Bio nso, susuw ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom, mmarima ne mmea a wɔde wɔn ho ama a wɔsom wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no dwumadibea, ne akwampaefo a wɔsom asafo ahorow no ho. So saa nhwɛso ahorow yi tumi kanyan afoforo? Kristoni ɔsɛmpakafo bi a ɔwɔ Asia kae ɔsɛmpatrɛwfo bi a ɔkɔɔ Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu adesua a ɛto so awotwe no. Ɔkae sɛ na onua nokwafo yi wɔ “ɔpɛ sɛ obegyina ntontom dɔm ne ɔhyew kɛse ano. . . . Ɛwom sɛ na ofi England de, nanso nea na ɛyɛ anigye kɛse ne sɛnea na otumi ka asɛmpa no wɔ China ne Malaysia kasa mu no.” Nhwɛso pa yi kaa no dɛn? Onua no kae sɛ: “Odwo ne ahotoso a na ɔwɔ no kaa me ma mepɛe sɛ meyɛ ɔsɛmpatrɛwfo bere a minyinii no.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ saa onua yi bɛyɛɛ ɔsɛmpatrɛwfo.

Wɔahyehyɛ asetram nsɛm pii a aba wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no mu wɔ Watch Tower Publications Index no mu. Saa asetram nsɛm yi ka ankorankoro a wɔapo wiase nnwuma ne botae ahorow, adi wɔn mmerɛwyɛ so, ayɛ nipasu mu nsakrae atitiriw, akura su pa mu wɔ amanehunu mu, na wɔada nsiyɛ, boasetɔ, nokwaredi, ahobrɛase, ne ahofama honhom adi ho asɛm. Ɔkenkanfo bi kyerɛw nea edi so yi sɛ: “Sɛ mekenkan tebea a wɔfaa mu no a, ɛma meyɛ Kristoni a mebrɛ me ho ase na mewɔ ayɛ, na aboa me ma mimmu me ho dodo anaasɛ menyɛ pɛsɛmenkominya.”

Bio nso, mma wo werɛ mmfi nhwɛso pa a ɛwɔ w’asafo mu no: mmusua ti a wodi wɔn mmusua honhom fam ne honam fam ahiade ahorow ho dwuma; anuanom mmea—a ɛnanom ahokwafo wɔ mu—a wogyina abayɛn mu nhyɛso ano na wɔde wɔn ho hyɛ ɔsom adwuma no mu denneennen; wɔn a wɔn mfe akɔ anim ne wɔn a wonni ahoɔden a wɔkɔ so di nokware ɛmfa ho sɛ wɔkɔ so yɛ mmerɛw na wɔn apɔwmuden sɛe no. So saa nhwɛso yi nkanyan wo?

Nokwarem no, nhwɛso bɔne ahorow ahyɛ wiase no mu ma. (2 Timoteo 3:13) Nanso, susuw afotu a Paulo de maa Kristofo a na wɔte Yudea no ho. Bere a ɔsomafo Paulo kaa tete mmarima ne mmea agyidifo pii nhwɛso pa ho asɛm wiei no, otuu wɔn fo sɛ: “Ne saa nti yɛn nso, sɛ yɛwɔ adansefo mununkum a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma . . . yɛmfa boasetɔ ntu aperepere a ɛda yɛn anim no mu mmirika, nhwɛ gyidi mu dikanfo ne ne wiefo Yesu.” (Hebrifo 12:1, 2) Nhwɛso pa ‘mununkum kɛse’—tete ne nnɛyi de atwa Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso ho ahyia. So worenya mfaso afi mu ampa? Sɛ wusi wo bo sɛ ‘wonhwɛ bɔne nsua, na mmom wobɛhwɛ papa asua’ a, wubetumi anya so mfaso.—3 Yohane 11.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na etintimii.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 20]

Ntease nnim sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo biara ho bɛkokwaw yiye wɔ Kristofo som adwuma no afa biara mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 21]

Ɛsɛ sɛ mpanyimfo ‘yɛ nhwɛso ma nguankuw no’