Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wubetumi Anya Abotɔyam?

So Wubetumi Anya Abotɔyam?

So Wubetumi Anya Abotɔyam?

Wɔ afe 1854 mu tɔnn no, Amerikani nhoma kyerɛwfo Henry Thoreau kyerɛwee sɛ: “Nnipa pii reteetee, nanso wontumi nka.”

Ɛda adi sɛ, na nnipa dodow no ara nni abotɔyam wɔ ne bere so. Nanso, ɛno yɛ bɛyɛ mfe 150 a atwam ni. So nneɛma asesa nnɛ? Anaasɛ Thoreau nsɛm no da so ara yɛ adwuma nnɛ? W’ankasa nso ɛ? So wo ho tɔ wo, na wowɔ asomdwoe? So ehu aka wo, ma wunni daakye mu ahotoso, ma enti sɛ yɛbɛka Thoreau nsɛm no wɔ ɔkwan foforo so a, ‘woreteetee a wuntumi nka?’

AWERƐHOSƐM ne sɛ, nneɛma pii wɔ wiase a ɛmma nkurɔfo nnya abotɔyam. Ma yɛnka emu kakraa bi ho asɛm. Wɔ aman pii so no, adwuma a wonnya nyɛ ne akatua a ɛnso di, ma nkurɔfo di hia buruburoo, na ɛde sikasɛm mu ahokyere ba. Wɔ aman afoforo so no, nnipa pii biri wɔn mogya ani di ahode ne agyapade akyi. Nanso, mpɛn pii no, asetram akansi de dadwen na ɛba, ɛnyɛ asomdwoe. Ɔyare, ɔko, nsɛmmɔnedi, atɛnkyea, ne nhyɛso ma nkurɔfo di awerɛhow.

Wɔhwehwɛ Abotɔyam

Nnipa pii mpɛ sɛ wogye tebea a wiase no wom no tom. Ná Antônio * yɛ adwumayɛfo kuw bi kannifo wɔ adwinnan kɛse bi mu wɔ São Paulo, Brazil. Esiane sɛ na ɔpɛ sɛ ɔma wonya asetra pa nti, ɔde ne ho hyɛɛ kasatia ne ɔyɛkyerɛ ahorow mu, nanso eyi amma wannya asomdwoe.

Ebinom susuw sɛ aware bɛma wɔanya ahotɔ kakra wɔ asetram, nanso ebetumi adi wɔn huammɔ. Ná Marcos yɛ oguadini a odi yiye. Ɔde ne ho hyɛɛ amammuisɛm mu, na ɔbɛyɛɛ kuropɔn bi a wɔyɛ mfiridwuma wom sohwɛfo. Nanso, na ne fie asetra nye koraa. Bere a ne mma fii fie no, ɔne ne yere tetew wɔn aware mu esiane sɛ na wontumi nsiesie wɔn ntam nsɛmnsɛm nti.

Gerson, abofra a na wabɔ ko wɔ Salvador, Brizil no pɛe sɛ odi abaninsɛm. Ɔne afirikafo a wɔka lɔre akɛse dii nkuropɔn mu akɔneaba. Ankyɛ na nnubɔnenom kaa ne hɔ, na owiaa nkurɔfo ade de pɛɛ sika de dii ne brabɔne no ho dwuma. Polisifo kyeree no mpɛn pii. Nanso, Gerson anuɔden ne basabasayɛ yi nyinaa akyi no, na ɔhwehwɛ abotɔyam. So na obetumi anya bi da bi?

Bere a na Vania yɛ abofra no, ne maame wui, na ofie hɔ hwɛ ne ne nuabea a ɔyare no hwɛ bɛdaa Vania so. Ná Vania kɔ asɔre, nanso na ɔte nka sɛ Onyankopɔn apo no. Akyinnye biara nni ho sɛ na onni asomdwoe.

Marcelo ho asɛm nso wɔ hɔ. Nea na Marcelo hwehwɛ ara ne sɛ obegye n’ani. Ná n’ani gye sɛ ɔne mmabun foforo bɛbom agye wɔn ani—asaw, anom nsa, na wɔanom nnubɔne. Bere bi ɔkɔkoo ntɔkwaw piraa aberante bi. Ɛno akyi no, onuu ne ho wɔ nea ɔyɛe no ho, na ɔbɔɔ mpae hwehwɛɛ Onyankopɔn mmoa. Ná ɔno nso pɛ asomdwoe.

Osuahu ahorow yi kyerɛkyerɛ tebea horow a ebetumi asɛe asomdwoe mu. So na ɔkwan bi wɔ hɔ a adwumayɛfo kuw kannifo no, ɔmanyɛfo no, kobɔfo no, abeawa a na ɔyɛ adwuma tra so no, ne nea na ɔpɛ anigyede pii no betumi afa so anya asomdwoe a na wɔhwehwɛ no? So nea ɛtoo wɔn no ma yenya asuade bi? Nsɛmmisa no nyinaa ho mmuae yɛ yiw, sɛnea yebehu wɔ asɛm a edi hɔ mu no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Wɔasesa din ahorow no bi.

[Mfonini wɔ kratafa 3]

So wopɛ sɛ wunya abotɔyam?