Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔtaa De Nkɔso Ba Antiokia

Ɔtaa De Nkɔso Ba Antiokia

Ɔtaa De Nkɔso Ba Antiokia

BERE a ɔtaa mu yɛɛ den wɔ Stefano mogya dansefo wu akyi no, Yesu asuafo no pii guan fii Yerusalem. Mmeae a wɔkɔhwehwɛɛ guankɔbea no biako ne Antiokia a ɛwɔ Siria, a ɛwɔ atifi fam bɛyɛ kilomita 550 no. (Asomafo no Nnwuma 11:19) Ná nsɛm a esisii wɔ hɔ no bɛsesa Kristofo abakɔsɛm nyinaa. Nea ɛbɛyɛ na yɛate nea esii no ase no, ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so sɛ yebehu Antiokia ho asɛm kakra.

Sɛ yɛreka Roma Ahemman no mu nkuropɔn no kɛse, yiyedi, ne hia a ɛho hia ho asɛm a, Roma ne Aleksandria nkutoo na na ɛsen Antiokia. Saa Siria kuropɔn yi gyee din wɔ Mediterranea atifi fam apuei asase no so. Antiokia (ɛnnɛyi Antakya, Turkey) da Orontes Asubɔnten a po so hyɛn tumi fa mu a wɔnam mu tumi kɔ po so hyɛn gyinabea, Seleukia Pieria, a ɛwɔ akyiri kilomita 32 no ho. Enyaa nkɛntɛnso wɔ aguadi kwan a ɛho hia sen biara no mu biako a ɛda Roma ne Tigris ne Eufrate Bon mu no so. Sɛ́ aguadi asoɛe no, ɛne ahemman no nyinaa dii gua, na nnipa ahorow nyinaa dii hɔ akɔneaba, na wɔde Roma ahemman no mu nyamesom akuw nyinaa ho nsɛm baa hɔ.

Ná Helafo nyamesom ne nyansapɛ anya nkɔso wɔ Antiokia. Nanso, sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo Glanville Downey ka no: “Wɔ Kristo bere so no, na tete som ne nyansapɛ reyɛ abɛyɛ ankorankoro gyidi ho asɛm, bere a na ankorankoro biara pɛ sɛ wodi wɔn ankasa nyamesom ho haw ne botae ho dwuma no.” (A History of Antioch in Syria) Nnipa pii ani gyee onyame biako som, amanne som, ne Yudasom ho nimdeɛ ho.

Ná Yudafo pii atra Antiokia fi bere a wɔkyekyee kurow no wɔ afe 300 A.Y.B. mu no. Wobu akontaa sɛ na wɔn dodow bɛyɛ 20,000 kosi 60,000, na na wɔboro kurow no mu nnipa ɔha biara mu nkyekyem 10. Abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus ka sɛ Seleukia ahene abusua no hyɛɛ Yudafo nkuran sɛ wɔntra kurow no mu, na wɔmaa wɔbɛyɛɛ ɔman no mma wɔ mmara kwan so. Saa bere no, na wɔanya Hebri Kyerɛwnsɛm no wɔ Hela kasa mu. Eyi kanyan wɔn a na wɔne Yudafo no yɛ adwene wɔ Mesia ho akwanhwɛ ho no. Enti, na nnipa pii a wɔasakra wɔn som wɔ Helafo no mu. Eyinom nyinaa maa Antiokia bɛyɛɛ beae a ɛfata ma Kristofo asuafoyɛ adwuma no.

Adanse a Wodi Amanaman Mufo No

Yudafo nkutoo na Yesu akyidifo a wɔtaa wɔn a woguan fii Yerusalem no mu dodow kaa wɔn gyidi ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Nanso, wɔ Antiokia no, asuafo a na wofi Kipro, ne Kirene kasa kyerɛɛ “Helafo no.” (Asomafo no Nnwuma 11:20) Bere a na wɔaka asɛm no akyerɛ Yudafo a wɔka Hela kasa ne wɔn a wɔasakra wɔn som fi Pentekoste afe 33 Y.B. mu reba no, na ɛte sɛ nea asɛnka no yɛ biribi foforo wɔ Antiokia. Ɛnyɛ Yudafo nkutoo na wɔka kyerɛɛ wɔn. Ampa, na Amanaman muni Kornelio ne n’abusua abɛyɛ asuafo dedaw. Nanso egyee anisoadehu a efi Yehowa hɔ ansa na ɔsomafo Petro regye adi sɛ ɛfata sɛ ɔka asɛm no kyerɛ Amanaman mufo no.—Asomafo no Nnwuma 10:1-48.

Wodii wɔn a wɔnyɛ Yudafo no adanse wɔ kurow a na tete Yudafo pii te mu a na ntɔkwaw kɛse biara nni Yudafo ne Amanaman mufo ntam no mu, na wotiee asɛmpa no. Ɛda adi sɛ na Antiokia yɛ beae a ɛfata ma saa dwumadi no, na ‘nnipa pii bɛyɛɛ gyidifo.’ (Asomafo no Nnwuma 11:21) Na bere a wɔn a na anka wɔsom abosom sakra bɛyɛɛ Kristofo no, wosiesiee wɔn wɔ ɔkwan soronko so ma wodii Amanaman mufo a na wɔda so som abosom no adanse.

Bere a asafo a ɛwɔ Yerusalem no tee nea asi wɔ Antiokia no, wɔsomaa Barnaba kɔɔ hɔ sɛ ɔnkɔyɛ nhwehwɛmu. Na nyansa ne ɔdɔ wɔ paw a wɔpaw no no mu. Na ɔyɛ Kiproni te sɛ wɔn a na wɔafi ase reka asɛm kyerɛ nkurɔfo a wɔnyɛ Yudafo no. Ná Barnaba benya abotɔyam wɔ Amanaman mufo a ɔne wɔn bɛbɔ wɔ Antiokia no mu. Na wobebu no sɛ wɔn kuromanni a wonim no. * Na obetumi ne wɔn ayɛ adwene wɔ adwuma a wɔreyɛ no ho. Enti “ɔbae na obehuu Onyankopɔn dom no, n’ani gyei, na otuu wɔn nyinaa fo sɛ wɔmfa abodam mmata Awurade ho,” na “wɔde nkurɔfo bebree bɛkaa Awurade ho.”—Asomafo no Nnwuma 11:22-24.

Abakɔsɛm kyerɛwfo Downey kyerɛ sɛ: “Ebetumi aba sɛ ade titiriw a ɛmaa ɔsom adwuma a wodii kan yɛe wɔ Antiokia no kɔɔ yiye ne sɛ na enhia sɛ asɛmpatrɛwfo no suro sɛ wobehyia Yudafo a wɔyɛ katee wɔ kurow yi mu te sɛ nea wohyiae wɔ Yerusalem no; afei nso na ɔsahene bi na odi saa kurow a na ɛyɛ Siria ahenkurow no so, ma enti, na asomdwoe wɔ kurow no mu kɛse, na na nkurɔfo ntumi nnya kwan nyɛ basabasa te sɛ nea na akɔ so Yerusalem, baabi a ɛte sɛ nea Yudafo sodifo no antumi ansiw Yudafo anuɔdenfo no ano no (anyɛ yiye koraa no, saa bere yi).”

Wɔ asomdwoe bere a ɛte saa a na wɔwɔ adwuma pii a ɛsɛ sɛ wɔyɛ mu no, ebia Barnaba hui sɛ ohia mmoa, na osusuw n’adamfo Saulo ho. Dɛn nti na Saulo anaa Paulo mmom na osusuw ne ho? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɛwom sɛ Paulo nka asomafo 12 no ho de, nanso na wɔayɛ no amanaman no somafo. (Asomafo no Nnwuma 9:15, 27; Romafo 1:5; Adiyisɛm 21:14) Enti, na Paulo fata sɛ obi a ɔbɛka ne ho na ɔne no aka asɛmpa no wɔ Amanaman mufo kurow Antiokia mu. (Galatifo 1:16) Enti Barnaba kɔɔ Tarso kohuu Saulo, na ɔde no baa Antiokia.—Asomafo no Nnwuma 11:25, 26; hwɛ adaka a ɛwɔ nkratafa 26-7 no mu.

Wɔnam Onyankopɔn Akwankyerɛ so Frɛɛ Wɔn Kristofo

Barnaba ne Saulo de afe mu ‘kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo bebree; na Antiokia na wodii kan nam Onyankopɔn akwankyerɛ so too asuafo no din Kristofo.’ Ɛda adi sɛ ɛnyɛ Yudafo no na wodii kan frɛɛ Yesu akyidifo no Kristofo wɔ (Hela) mu anaa Mesiafo (Hebri) mu, efisɛ wɔpoo Yesu sɛ Mesia anaa Kristo, enti na wɔrennye no ntom wɔ saa kwan no so mfrɛ n’akyidifo Kristofo. Ebinom susuw sɛ ebia abosonsomfo na wɔtoo wɔn din Kristofo de dii wɔn ho fɛw anaa wɔde buu wɔn animtiaa. Nanso, Bible no kyerɛ sɛ Onyankopɔn na ɔde edin Kristofo no too wɔn.—Asomafo no Nnwuma 11:26.

Wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu no, na wɔtaa kyerɛ adeyɛ asɛm a wɔde dii dwuma wɔ din foforo no ho no ase sɛ “wɔfrɛɛ wɔn,” a na wɔde di dwuma de bata biribi a ɛfa anwonwade, nkɔmhyɛ, anaa Onyankopɔn ho. Enti nhomanimfo ka no sɛ “sɛ́ wobɛhyɛ nkɔm,” “Onyankopɔn asɛm,” anaa “sɛ́ wode Onyankopɔn ahyɛde anaa afotu bɛma, anaa sɛ́ wobefi soro akyerɛkyerɛ.” Esiane sɛ “wɔnam Onyankopɔn akwankyerɛ so” na ɛfrɛɛ Yesu akyidifo Kristofo nti, ebetumi aba sɛ Yehowa na ɔmaa Saulo ne Barnaba too wɔn din no.

Edin foforo no kaa hɔ. Ná wontumi nni mfomso mfrɛ Yesu asuafo no sɛ nyamesom kuw a aman afi Yudasom a na ɛyɛ soronko koraa no ho bio. Eduu bɛyɛ afe 58 Y.B. mu no, na Romafo mpanyimfo no nim nkurɔfo kõ a Kristofo yɛ. (Asomafo no Nnwuma 26:28) Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo Tacitus kyerɛ no, eduu afe 64 Y.B. no, na nnipa a wɔwɔ Roma no nim din no.

Yehowa De N’anokwafo Di Dwuma

Asɛmpa no nyaa nkɔso kɛse wɔ Antiokia. Ɛdenam Yehowa nhyira ne si a na Yesu akyidifo asi wɔn bo sɛ wɔbɛka asɛm no so no, Antiokia bɛyɛɛ kurow titiriw maa Kristosom wɔ afeha a edi kan no mu. Onyankopɔn de asafo a ɛwɔ hɔ no yɛɛ beae a wofi trɛw asɛmpa no mu kɔɔ akyirikyiri nsase so. Sɛ nhwɛso no, Antiokia ne beae a ɔsomafo Paulo fii n’asɛmpatrɛw akwantu no mu biara ase.

Ɛnnɛ mmere mu nso, nsiyɛ ne akokoduru a wɔada no adi wɔ ɔsɔretia mu ama nokware Kristosom atrɛw saa ara, na ama nnipa pii atumi ate asɛmpa no akyerɛ ho anisɔ. * Enti sɛ esiane nokware som akyi a wugyina nti wuhyia ɔsɔretia a, kae sɛ, Yehowa wɔ nea enti a wama ho kwan no. Sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan no mu no, ɛsɛ sɛ wɔma nkurɔfo nya hokwan te Onyankopɔn Ahenni ho asɛm no na wogyina n’afa. Wo bo a woasi sɛ wobɛsom Yehowa nokwarem no ara betumi ayɛ nea wuhia na ama woaboa obi ma wanya nokware no ho nimdeɛ a edi mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 9 Ɛda a ewim tew no, wotumi gyina Bepɔw Casius a ɛwɔ Antiokia anafo fam atɔe no so hu Kipro.

^ nky. 18 Hwɛ August 1, 1999, Ɔwɛn-Aban, kratafa 9; May 8, 1999, Nyan!, nkratafa 16-18; 1999 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, nkratafa 250-2.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 26, 27]

Saulo “Mfe a Wɔante Ne Nka”

BERE a etwa to a wɔbɔɔ Saulo din wɔ Asomafo no Nnwuma no mu ansa na ɔrekɔ Antiokia bɛyɛ afe 45 Y.B. mu no ne bere a wɔbɔɔ ne ho pɔw sɛ wobekum no wɔ Yerusalem a anyɛ yiye a ne mfɛfo gyidifo de no kɔɔ Tarso no. (Asomafo no Nnwuma 9:28-30; 11:25) Nanso, na ɛno yɛ mfirihyia akron a atwam no, bɛyɛ afe 36 Y.B. mu. Dɛn na ɔyɛe saa bere no mu—bere a wɔfrɛ no Saulo mfe a wɔante ne nka no?

Saulo fii Yerusalem no, ɔkɔɔ Siria ne Kilikia amantam no mu, na asafo ahorow a ɛwɔ Yudea no tee sɛ: “Nea anka kan ɔtaa yɛn no, afei de, ɔka gyidi a kan ɔsɛee no no ho asɛmpa.” (Galatifo 1:21-23) Ebetumi aba sɛ na amanneɛbɔ no fa dwuma a ɔne Barnaba dii wɔ Antiokia no ho, nanso akyinnye biara nni ho sɛ ansa na ɛno reba no, na Saulo nte hɔ kwa. Eduu afe 49 Y.B. mu no, na wɔahyehyɛ asafo dodow bi wɔ Siria ne Kilikia. Na biako wɔ Antiokia, na ebinom susuw sɛ ebetumi aba sɛ adwuma a Saulo yɛe wɔ mfe a wɔkyerɛ sɛ wɔante ne nka no mu so na wɔnam hyehyɛɛ nea aka no.—Asomafo no Nnwuma 11:26; 15:23, 41.

Nhomanimfo binom gye di sɛ ɛsɛ sɛ wɔde nsɛntitiriw bi a esisii wɔ Saulo asetram hyehyɛ saa bere a wɔkyerɛ sɛ na wɔnte ne nka no. Ɛyɛ den sɛ yebetumi akyerɛ bere a ohyiaa amanehunu pii sɛ ‘Kristo somfo’ no wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu no mu. (2 Korintofo 11:23-27) Bere bɛn na Saulo dii mmaa 39 mpɛn anum Yudafo nsam no? Ɛhe na wɔkaa no mpire mprɛnsa no? Ɛhe na ɔdaa afiase a ‘ɛboro so’ no? Akyiri yi na wɔde no too afiase wɔ Roma no. Kyerɛwtohɔ biako na yɛwɔ sɛ wɔhwee no de no too afiase—wɔ Filipi. Na afoforo a aka no ɛ? (Asomafo no Nnwuma 16:22, 23) Nhoma kyerɛwfo bi kyerɛ n’adwene sɛ saa bere yi mu no na Saulo “redi Kristo ho adanse wɔ Yudafo a wɔahwete no hyiadan ahorow mu wɔ ɔkwan bi so a na ɛbɛma nyamesomfo ne wiase sodifo no de ɔtaa aba wɔn so.”

Saulo guu asu mpɛn anan, nanso biako pɛ na Kyerɛwnsɛm no ka ho asɛm, nea esii wɔ bere a ɔkaa n’amanehunu ho asɛm kyerɛɛ Korintofo no bere a na ɔrekyerɛw wɔn no akyi no. (Asomafo no Nnwuma 27:27-44) Enti ɛda adi sɛ abiɛsa a aka no too no wɔ akwantu ahorow a yennim ho hwee no mu. Ebetumi aba sɛ eyi mu bi anaa ne nyinaa sisii wɔ “mfe a wɔante ne nka” no mu.

Asɛm foforo a ɛte sɛ nea esii saa bere yi ne nea wɔaka ho asɛm wɔ 2 Korintofo 12:2-5 no. Saulo kae sɛ: ‘Minim onipa bi Kristo mu mfe dunnan ni, wohwim no kɔɔ ɔsoro a ɛtɔ so abiɛsa, paradise mu, na ɔtee nsɛm a wɔnka a onipa nni ho kwan sɛ ɔka.’ Ɛda adi sɛ, na Saulo reka ɔno ankasa ho asɛm. Esiane sɛ ɔkyerɛw eyi bɛyɛ afe 55 Y.B. mu nti, mfirihyia 14 a na atwam no de yɛn bɛkɔ afe 41 Y.B. mu, “mfe a wɔante ne nka” no mfinimfini.

Akyinnye biara nni ho sɛ saa anisoadehu no maa Saulo nyaa nhumu soronko. So na ɛresiesie no sɛ “amanaman mu somafo”? (Romafo 11:13) So enyaa sɛnea osusuw nsɛm ho, kyerɛwee, na ɔkasae so nkɛntɛnso akyiri yi? So mfe a ɛda Saulo adwensakra ne frɛ a wɔfrɛɛ no kɔɔ Antiokia ntam no maa no nyaa ntetee a ɛbɛma ne ho akokwaw ama asɛyɛde ahorow a na obenya akyiri yi no? Mmuae biara a yebenya ama nsɛmmisa a ɛte saa akyi no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ bere a Barnaba too nsa frɛɛ no sɛ ɔmmɛboa no mma wɔntrɛw asɛnka adwuma no mu wɔ Antiokia no, na Saulo a ɔyɛ nsi no afata koraa sɛ obedi asɛyɛde no ho dwuma.—Asomafo no Nnwuma 11:19-26.

[Asase mfonini wɔ kratafa 25]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

SIRIA

Orontes

Antiokia

Seleukia

KIPRO

MEDITERRANEA PO

Yerusalem

[Asɛm Fibea]

Mountain High Maps® Copyright © 1997 Digital Wisdom, Inc.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 24]

Atifi: Ɛnnɛyi Antiokia

Mfinimfini: Seleukia anafo fam

Ase hɔ: Seleukia po so hyɛn gyinabea fasu