Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asɛmpa a Wɔka Wɔ Ɛmofuw Mu Wɔ Taiwan

Asɛmpa a Wɔka Wɔ Ɛmofuw Mu Wɔ Taiwan

Yɛyɛ Wɔn A Wɔwɔ Gyidi

Asɛmpa a Wɔka Wɔ Ɛmofuw Mu Wɔ Taiwan

OSU taa tɔ wɔ Taiwan, na ɛma wotumi twa ɛmo mprenu afe biara. Nanso, ɛtɔ mmere bi a osu ntɔ wɔ ne bere mu, ma afifide no wu. Sɛ ɛba saa a, so okuafo no pa abaw? Dabi. Onim sɛ ehia sɛ omia n’ani. Ogu afifide foforo na ɔsan dua ɛmo no bio. Afei, sɛ tebea no yɛ yiye a, okuafo no twa nnɔbae pii. Ɛtɔ mmere bi a honhom fam ogu ne otwa te saa ara.

Animia a Wɔde Yɛ Honhom Fam Twa Adwuma No

Mfe pii a abɛsen kɔ no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Taiwan no ayɛ adwumaden de agu Kyerɛwnsɛm mu nokware aba no atwa wɔ mmeae bi a na ɛte sɛ nea ɛrensow aba no. Nhwɛso biako ne Miao-li Mantam no. Mmɔden a wɔbɔ bere ne bere sɛ wobedi adanse wɔ saa beae hɔ no nsow aba ahe biara. Enti wɔ afe 1973 mu no, wɔde akwampaefo titiriw awarefo bi kɔɔ hɔ sɛ wɔnkɔyɛ adwuma wɔ hɔ sɛ bere nyinaa Ahenni ho asɛmpakafo. Mfiase no, ebinom kyerɛɛ asɛmpa no ho anigye. Nanso, ankyɛ na wɔn anigye tew kɔe. Enti wɔde akwampaefo titiriw no kɔɔ baabi foforo.

Wɔ afe 1991 mu no, wɔde akwampaefo titiriw baanu foforo kɔɔ hɔ. Nanso bio, nsɛm tebea daa no adi sɛ na ɛhɔ tebea no mfata mmaa honhom fam nkɔso. Mfe kakra akyi no, wɔsan de akwampaefo titiriw no kɔɔ baabi a na wɔhwɛ kwan sɛ ɛbɛsow aba kɛse. Enti, wogyaw asase no too hɔ kakra.

Mmɔden a Wɔsan Bɔe Sow Aba

Wɔ September 1998 mu no, wosii gyinae sɛ wɔbɛbɔ mmɔden ahwehwɛ Taiwan asasesin kɛse a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa no mu mmeae a ɛsow aba paa. Ɔkwan bɛn so na na wɔbɛfa ayɛ eyi? Denam bere tiaa mu akwampaefo atitiriw bɛyɛ 40 a wɔbɛma wɔakɔyɛ adwuma wɔ nsasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa a nnipa wom kɛse no mu no so.

Nkuropɔn abien a ɛbɛn ho a ɛwɔ Miao-li Mantam no mu no ka nsasesin a wɔpawee sɛ wɔbɛyɛ ɔsatu wom no ho. Anuanom mmea ahokwafo baanan na na wɔbɛyɛ adwuma wɔ hɔ asram abiɛsa de asɔ asasesin no ahwɛ. Woduu hɔ no ankyɛ na wɔkyerɛw anigyefo pii a na wɔrenya wɔ hɔ no ho amanneɛbɔ a ɛyɛ anigye. Eduu bere a wowiee wɔn asram abiɛsa akwampae adwuma wɔ mpɔtam hɔ no, na wɔreyɛ ofie Bible adesua pii. Wɔnam ɔpanyin bi a ofi asafo a ɛbɛn hɔ mu mmoa so hyehyɛɛ nhoma adesua kuw nso.

Saa anuanom mmea no mu baasa kaa no pefee sɛ wɔn ani begye ho sɛ wɔbɛtoa so ahwɛ “afifide” a ɛyɛ mmerɛw a na ɛrenyin yiye no. Ɛno nti, wɔpaw wɔn mu baanu sɛ akwampaefo titiriw, na nea ɔto so abiɛsa no kɔɔ so yɛɛ adwuma wɔ hɔ sɛ daa kwampaefo. Ɔpanyin bi a ɔwɔ asafo a ɛbɛn hɔ mu no kɔtraa mpɔtam hɔ boaa wɔn. Nnipa bɛboro 60 na wobetiee baguam kasa a edi kan a wɔmae wɔ saa bae no. Mprempren asafo a ɛbɛn hɔ no reboa kuw foforo yi ma wɔyɛ asafo nhyiam Kwasida biara de ka nhoma adesua pii a wɔyɛ no ho. Ɛrenkyɛ na wɔahyehyɛ asafo foforo wɔ mpɔtam hɔ.

Animia De Nhyira Ba Taiwan Afã Foforo

Nkurɔfo tiee asɛmpa no wɔ mmeae foforo saa ara. Wɔ I-Ian Mantam a ɛwɔ supɔw no atifi fam apuei no, wɔhyehyɛɛ Asafo Nhoma Adesua foforo wɔ beae a bere tiaa mu akwampaefo titiriw kɔyɛɛ adwuma no.

Bere a bere tiaa mu akwampaefo titiriw no mu bi reyɛ afie afie adwuma anwummere bi no, ohyiaa aberante bi na ɔde nsaano krataa a wɔahyehyɛ asafo nhyiam ahorow wɔ so kyerɛɛ no. Obisae ntɛm ara sɛ: “Metumi aba nhyiam no bi ɔkyena anwummere? Sɛ saa a, atade bɛn na menhyɛ?” Saa ɔkwampaefo yi ne anigyefo baawɔtwe yɛɛ Bible adesua dapɛn biara. Ankyɛ biara na Bible asuafo no yɛɛ nhyehyɛe bɛyɛɛ asɛmpa no ho adawurubɔfo, a na wɔn botae ne sɛ wɔbɛbɔ asu.

Onipa foforo wɔ kurow koro yi ara mu a na wayɛ asɔrekɔni mfirihyia pii nanso onnya obi nkyerɛkyerɛ no Bible no. Bere a ɔtee Bible adesua ho nhyehyɛe no, ɔde hokwan no dii dwuma. Wɔhyɛɛ no nkuran sɛ onni kan nsiesie ne ho mma adesua no. Bere a bere tiaa mu kwampaefo titiriw no kɔe sɛ ɔne no rekɔyɛ adesua no, ohui sɛ na ɔbea no “asiesie ne ho” atɔ nhoma a ɔbɛyɛ mu kyerɛwtohɔ ma wakyerɛw ade a na wɔrebesua no ho nsɛmmisa wɔ mu. Afei na wasan akyerɛw nsɛmmisa no mu biara ho mmuae. Na wasan akyerɛw kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asisi so wɔ ade a wɔrebesua no mu nyinaa wɔ ne nhoma no mu. Bere a onuawa no bae sɛ ɔrebɛyɛ adesua a edi kan no, na ɔbea no asua ti abiɛsa a edi kan no dedaw!

Wohuu nkɔso a ɛte saa ara wɔ Dongshih kurow a ɛwɔ Taiwan mfinimfini fam no mu. Bere tiaa mu akwampaefo atitiriw no maa nhomawa bɛboro 2,000 wɔ asram abiɛsa a wɔde yɛɛ adwuma wɔ hɔ no mu. Eduu ɔsram a ɛto so abiɛsa no na wɔreyɛ ofie Bible adesua 16. Asasewosow a esii Taiwan mfinimfini fam wɔ September 21, 1999 no, sɛee kurow no kɛse, nanso anigyefo no bi kɔɔ so nyaa honhom fam nkɔso, ɛmfa ho mpo sɛ na ɛsɛ sɛ wotwa kwan bɛyɛ dɔnhwerew biako kɔ asafo nhyiam ahorow wɔ Ahenni Asa a ɛbɛn wɔn paa so no. Yiw, ɛsɛ sɛ yemia yɛn ani na ama yɛatwa aba pa, sɛ́ ɛyɛ honam fam nnɔbae anaa honhom fam de.

[Asase mfonini wɔ kratafa 8]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

CHINA

Taiwan Poka

TAIWAN

[Asɛm Fibea]

Mountain High Maps® Copyright © 1997 Digital Wisdom, Inc.