Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Owusɔre Anidaso No Bɛbam Ɔkwan Biara So!

Owusɔre Anidaso No Bɛbam Ɔkwan Biara So!

Owusɔre Anidaso No Bɛbam Ɔkwan Biara So!

“Mewɔ Onyankopɔn ho anidaso . . . sɛ owusɔre . . . bɛba.”—ASOMAFO NO NNWUMA 24:15.

1. Dɛn nti na yebetumi anya owusɔre no mu anidaso?

YEHOWA ama yɛn nneɛma pii a yebetumi agyina so anya owusɔre no mu anidaso. Waka akyerɛ yɛn sɛ awufo benyan, kyerɛ sɛ wɔbɛsɔre aba nkwa mu bio. Na n’atirimpɔw ma wɔn a wɔadeda wɔ owu mu no bɛbam ɔkwan biara so. (Yesaia 55:11; Luka 18:27) Nokwarem no, Onyankopɔn ada tumi a ɔwɔ sɛ obenyan awufo no adi dedaw.

2. Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya owusɔre anidaso no so mfaso?

2 Onyankopɔn nsiesiei a ɔnam ne Ba, Yesu Kristo so ayɛ sɛ obenyan awufo no mu gyidi a yɛbɛkyerɛ no betumi awowaw yɛn bere a yɛahaw no. Nokware a owusɔre anidaso no yɛ no betumi aboa yɛn ma yɛakura yɛn mũdi mu ama yɛn soro Agya no akodu owu mu mpo. Ɛda adi sɛ sɛ yesusuw Bible mu kyerɛwtohɔ a ɛfa wɔn a wɔsan baa nkwa mu ho no ho a, owusɔre mu anidaso a yɛwɔ no mu bɛyɛ den. Amansan Hene Yehowa na ɔmaa wɔyɛɛ anwonwade yi nyinaa.

Wɔn Nsa Kaa Wɔn Awufo a Wɔsɔree

3. Dɛn na wɔmaa Elia tumi ma ɔyɛe bere a Sarefat okunafo no babarima no wui no?

3 Bere a ɔsomafo Paulo retĩ gyidi a ɛyɛ nwonwa a Yehowa adansefo a wɔtraa ase ansa na Kristosom reba no daa no adi mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Mmea nsa kaa wɔn awufo a wɔsɔree.” (Hebrifo 11:35; 12:1) Saa mmea no mu biako ne Foinikeni bea kunafo bi a na ɔte Sarefat kurom no. Esiane ahɔhoyɛ su a oyii adi kyerɛɛ Onyankopɔn diyifo Elia nti, anwonwakwan so no, esiam ne ngo a na ɔwɔ no ansa da wɔ aduankɔm bi a anka ebekum ɔne ne babarima no mu. Bere a akyiri yi abarimaa no wui no, Elia de no too mpa so bɔɔ mpae, na ɔteɛɛ ne mu butuw abofra no so mprɛnsa kae sɛ: “[Yehowa, NW] me Nyankopɔn, ma abofra yi kra nsan mmra no mu.” Onyankopɔn maa abofra no kra anaa ne nkwa san baa ne mu. (1 Ahene 17:8-24) Twa okunafo no anigye a onyae bere a wɔnam owusɔre a edi kan—ɔno ara n’akoma mu ba—a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ so tuaa ne gyidi so ka no ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ!

4. Anwonwade bɛn na Elisa yɛe wɔ Sunem?

4 Ná ɔbea foforo a ne nsa kaa ne wufo a ɔsɔree no te Sunem kurom. Ná ɔyɛ ɔbarima bi a ne mfe akɔ anim yere, na ɔdaa ayamye adi kyerɛɛ odiyifo Elisa ne ne somfo. Onyaa ɔbabarima sɛ akatua. Nanso, mfe pii akyi no, ɔbea no kɔfrɛɛ odiyifo no, nanso ɔbae no na ne babarima no awu wɔ ne fie. Bere a Elisa bɔɔ mpae na ɔyeyɛɛ nneɛma bi no, “abofra no honam yɛɛ hyew.” “Ɛnna abofra no nwansii mpɛn ason, na abofra no buee n’aniwa.” Akyinnye biara nni ho sɛ owusɔre no maa ɛna no ne ne babarima no nyinaa ani gyei kɛse. (2 Ahene 4:8-37; 8:1-6) Nanso hwɛ sɛnea wɔn ani begye kɛse bere a wɔanyan wɔn aba nkwa mu wɔ “owusɔre a eye kyɛn so”—nea wobenya hokwan atra ase daa a wɔrenwu bio mu no! Ade a yebetumi agyina so ada yɛn wusɔre Nyankopɔn, Yehowa, ase bɛn ara ni!—Hebrifo 11:35.

5. Ɔkwan bɛn so na Elisa nyaa anwonwade bi mu kyɛfa wɔ ne wu akyi mpo?

5 Bere a Elisa wui ma wosiee no mpo no, Onyankopɔn nam honhom kronkron so maa ne nnompe nyaa tumi. Yɛkenkan sɛ: “[Bere a Israelfo bi rekosie] onipa bi no, wohuu [Moabfo] asafokuw bi, na wɔtow onipa no kyenee Elisa da mu; na onipa no kɔkaa Elisa nnompe pɛ, na onyaa nkwa, na ɔsɔre gyinaa ne nan so.” (2 Ahene 13:20, 21) Hwɛ sɛnea ɔbarima no ho bedwiriw no na n’ani agye afa! Fa w’adwene bu anigye a ɛbɛba bere a wonyan yɛn adɔfo a wɔawuwu ba nkwa mu sɛnea Yehowa Nyankopɔn atirimpɔw a enni huammɔ kyerɛ no!

Onyankopɔn Ba no Nyanee Awufo

6. Anwonwade bɛn na Yesu yɛe wɔ baabi a ɛbɛn Nain kurom, na ɔkwan bɛn so na saa asɛm yi betumi aka yɛn?

6 Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo ama yɛn nneɛma pii a yebetumi agyina so agye adi sɛ wobetumi anyan awufo ma wɔatra ase daa. Asɛm bi a esii wɔ baabi a ɛbɛn Nain kurow no betumi aboa yɛn ma yɛahu sɛ ɛdenam Onyankopɔn tumi a ɔde bɛma so no, anwonwade a ɛte saa betumi asi. Bere bi, Yesu hyiaa ayifo bi a na wɔso aberante bi amu wɔ kurow pon akyi rekosie no. Ná ɔyɛ okunafo bi ba koro. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Nsu!” Afei ɔde ne nsa kaa funu adaka no kae sɛ: “Aberante, mise wo sɛ: Sɔre!” Ɛhɔ ara, ɔsɔre traa ase kasae. (Luka 7:11-15) Akyinnye biara nni ho sɛ anwonwade yi hyɛ ahotoso a yɛwɔ sɛ owusɔre no bɛbam ɔkwan biara so no mu den.

7. Dɛn na esii wɔ Yairo babea no ho?

7 Afei nso, susuw asɛm bi a esii a ɛfa Yairo, Kapernaum hyiadan mu panyin ho no ho hwɛ. Ɔsrɛɛ Yesu sɛ ɔmmra mmɛboa ne babea a wadi mfirihyia 12 a na ɔreyɛ awu no. Ankyɛ na wɔbɛbɔɔ no amanneɛ sɛ abeawa no awu. Bere a Yesu reka akyerɛ Yairo a na ne werɛ ahow no sɛ onnya gyidi no, ɔne no kɔɔ ne fie, faako a na nnipadɔm retwa adwo no. Bere a Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ “Abofra no nwui, na wada” no, wɔserewee. Ná wawu ampa, nanso na Yesu rebɛkyerɛ sɛ wobetumi anyan nnipa a wɔawu aba nkwa mu sɛnea wobetumi anyan wɔn afi nnahɔɔ mu no ara pɛ. Bere a osoo abeawa no nsa no, ɔkae sɛ: “Ababaa, mise wo sɛ, nyan!” Ntɛm ara na ɔsɔree na “ɛyɛɛ n’awofo ahodwiriw.” (Marko 5:35-43; Luka 8:49-56) Akyinnye biara nni ho sɛ abusuafo ‘ho bedwiriw wɔn’ bere a wonyan wɔn adɔfo a wɔawuwu ba nkwa mu wɔ paradise asase so no.

8. Dɛn na Yesu yɛe wɔ baabi a wosiee Lasaro no?

8 Ná Lasaro awu nnannan bere a Yesu kɔɔ ɔboda a ɔda mu no ho, na ɔma woyii ɔbo a ehini ano no. Bere a Yesu bɔɔ mpae wɔ baguam sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn a wogyina ho no behu sɛ ɔde ne ho too Onyankopɔn tumi so wiei no, ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: “Lasaro, fi bra!” Na ofi bae! Ná ɔda mu ntama da so ara kyekyere ne nan ne ne nsa, na dukuu kyekyere n’anim. Yesu kae sɛ: “Monsan no, na momma ɔnkɔ!” Bere a nnipa pii a wɔkɔe sɛ wɔrekogyam Lasaro nuabeanom, Maria ne Marta, huu anwonwade yi no, wogyee Yesu dii. (Yohane 11:1-45) So kyerɛwtohɔ yi mma wunnya anidaso sɛ wobetumi anyan w’adɔfo a wɔawuwu no aba nkwa mu wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu?

9. Dɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem nnɛ sɛ Yesu benyan awufo?

9 Bere a na Yohane Osuboni no da afiase no, Yesu de nkra a ɛhyɛ nkuran yi kɔmaa no sɛ: “Anifuraefo hu ade, . . . na awufo nyan.” (Mateo 11:4-6) Esiane sɛ Yesu nyanee awufo bere a na ɔwɔ asase so no nti, akyinnye biara nni ho sɛ sɛ́ honhom abɔde a Onyankopɔn ama no tumi kɛse no, obetumi ayɛ saa. Yesu ne “sɔre ne nkwa,” na hwɛ awerɛkyekye ara a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ wɔ daakye a enni akyiri biara no, “wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi”!—Yohane 5:28, 29; 11:25.

Owusɔre Afoforo Hyɛ Yɛn Anidaso Mu Den

10. Wobɛkyerɛkyerɛ owusɔre a edi kan a ɔsomafo bi yɛe no mu dɛn?

10 Bere a Yesu somaa n’asomafo no sɛ Ahenni asɛnkafo no, ɔkae sɛ: “Munnyan awufo.” (Mateo 10:5-8) Nanso, na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho to Onyankopɔn tumi so ansa na wɔatumi ayɛ eyi. Ɔbea bi a na osuro Onyankopɔn, a wɔfrɛ no Dorka (Tabita) wui wɔ Yopa wɔ afe 36 Y.B. mu. Nnwuma pa a na ɔyɛ no bi ne sɛ na ɔyɛ ntama ma akunafo, na ne wu no ma wosui pii. Asuafo no dedaa no sɛ wɔrekosie no, na wɔsoma kɔfrɛɛ ɔsomafo Petro, sɛ ebia ɔbɛkyekye wɔn werɛ. (Asomafo no Nnwuma 9:32-38) Ɔpam obiara fii abansoro dan no mu, na ɔbɔɔ mpae sɛ: “Tabita, sɔre!” Obuee n’ani, maa ne mu so soo Petro nsa, na ɔpagyaa no. Owusɔre a edi kan a ɔsomafo bi yɛe yi maa nnipa pii bɛyɛɛ gyidifo. (Asomafo no Nnwuma 9:39-42) Afei nso, ɛboa yɛn ma anidaso a yɛwɔ wɔ owusɔre no mu no yɛ den.

11. Dɛn ne owusɔre a etwa to a Bible yɛɛ ho kyerɛwtohɔ?

11 Owusɔre a etwa to a Bible yɛɛ ho kyerɛwtohɔ no sii wɔ Troa. Bere a Paulo gyinaa hɔ wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abiɛsa mu no, ɔkasa kyɛe araa kosii ɔdasum. Esiane ɔbrɛ ne gyama ɔhyew a na akanea bebrebe ne nnipa dodow a ahyɛ nhyiambea hɔ ma de aba no nti, aberante bi a wɔfrɛ no Eutiko dae, na ofii mfɛnsere bi a ɛwɔ abansoro dan a ɛtɔ so abiɛsa so bɛhwee fam. Bere a “wɔmaa no so no, na wawu,” a na ɛnyɛ sɛ watɔ mum. Paulo kobutuw Eutiko so, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔahyiam wɔ hɔ no sɛ: “Monnyɛ gyegyeegye; na ne kra wɔ no mu.” Ná Paulo kyerɛ sɛ aberante no asan aba nkwa mu. Wɔn a na wɔwɔ hɔ nyinaa ‘nyaa awerɛkyekye a na enni kabea.’ (Asomafo no Nnwuma 20:7-12) Ɛnnɛ, Onyankopɔn asomfo nya awerɛkyekye kɛse efisɛ wonim sɛ owusɔre anidaso no bɛbam ama wɔn a na kan no wɔne wɔn bɔ wɔ Onyankopɔn som mu no.

Owusɔre—Anidaso a Efi Teteete

12. Asɛm bɛn na Paulo fi ahotoso mu kae bere a na ogyina Roma Amrado, Felike anim no?

12 Bere a na wɔredi Paulo asɛm wɔ Roma Amrado Felike anim no, odii adanse sɛ: “Migye nneɛma a wɔakyerɛw mmara ne adiyifo mu nyinaa midi. Na mewɔ Onyankopɔn ho anidaso . . . sɛ owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.” (Asomafo no Nnwuma 24:14, 15) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm no fa bi te sɛ “Mmara” no, twe adwene si awufo a wobenyan wɔn so?

13. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Onyankopɔn kaa owusɔre ho asɛm bere a ɔhyɛɛ nkɔm a edi kan no?

13 Onyankopɔn ankasa kaa owusɔre ho asɛm bere a ɔhyɛɛ nkɔm a edi kan wɔ Eden no. Bere a ɔrebu “ɔwɔ dedaw,” Satan Ɔbonsam atɛn no, Onyankopɔn kae sɛ: “Mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w’asefo ne n’asefo ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti; na wo nso woaka ne nantin.” (Adiyisɛm 12:9; Genesis 3:14, 15) Ɔbea no aseni nantin a ɔbɛka no kyerɛ Yesu Kristo a wobekum no. Sɛ na Aseni no bɛbɔ ɔwɔ no ti ɛno akyi a, na ɛsɛ sɛ wonyan Kristo fi awufo mu.

14. Dɛn nti na Yehowa nyɛ “awufo Nyankopɔn na mmom ateasefo de”?

14 Yesu kae sɛ: “Mose nso kyerɛe wɔ wura ho asɛm no mu, sɛ ɔfrɛɛ [Yehowa, NW] sɛ: “Abraham Nyankopɔn, ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn. Na ɔnyɛ awufo Nyankopɔn na mmom ateasefo de; efisɛ wɔn nyinaa te ase ma no.” (Luka 20:27, 37, 38; Exodus 3:6) Ná Abraham, Isak ne Yakob awu, nanso na Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ obenyan wɔn no bɛbam ɔkwan biara so ma enti na obu wɔn sɛ ateasefo.

15. Dɛn nti na na Abraham wɔ nea obegyina so anya owusɔre mu gyidi?

15 Ná Abraham wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ onya owusɔre no mu anidaso, efisɛ bere a na ɔne ne yere Sara anyinyin paa, a na ɛyɛ den sɛ wobetumi awo mma no, Onyankopɔn nam anwonwakwan so maa wɔn tumi a wɔde bɛwo bio. Ná eyi te sɛ owusɔre. (Genesis 18:9-11; 21:1-3; Hebrifo 11:11 12) Bere a wɔn babarima, Isak dii bɛyɛ mfirihyia 25 no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔmfa no mmɔ afɔre. Nanso, bere a anka Abraham rebekum Isak ara pɛ na Yehowa bɔfo bi soo ne nsa. Abraham ‘susuwii sɛ Onyankopɔn betumi anyan Isak afi awufo mu po; ɛhɔ nso na onyaa no bio, wɔ mfatoho mu.’—Hebrifo 11: 17-19; Genesis 22:1-18.

16. Mprempren Abraham awu a ɔretwɛn dɛn?

16 Abraham nyaa owusɔre wɔ Mesia, Aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no nniso ase no mu anidaso. Onyankopɔn Ba no fi nea na ɔwɔ ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani no huu Abraham gyidi. Enti, bere a na ɔyɛ onipa Yesu Kristo no, ɔka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: “Mo agya Abraham ho san no sɛ obehu me da.” (Yohane 8:56-58; Mmebusɛm 8:30, 31) Mprempren, Abraham awu retwɛn owusɔre a ɔde bɛba nkwa mu wɔ asase so wɔ Onyankopɔn Mesia Ahenni no ase.—Hebrifo 11:8-10, 13.

Adanse a Ɛwɔ Mmara no ne Nnwom Nhoma no Mu

17. Ɔkwan bɛn so na ‘nneɛma a wɔakyerɛw no Mmara no mu’ no twe adwene si Yesu Kristo wusɔre no so?

17 Ná owusɔre ho anidaso a Paulo wɔ no ne ‘nneɛma a wɔakyerɛw no Mmara no mu’ no hyia. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Momfa mo nnɔbae fĩ a edi kan no mmrɛ ɔsɔfo; na [wɔ Nisan 16 no] onhim efi no [Yehowa, NW] anim, na ɛnsɔ ani mma mo.” (Leviticus 23:9-14) Gyama mmara yi na na ɛwɔ Paulo tirim bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Wɔanyan Kristo afi awufo mu ayɛ wɔn a wɔadeda no mu aba a edi kan” no. Sɛ́ “aba a edi kan” no, wonyanee Yesu wɔ Nisan 16, 33 Y.B. mu. Akyiri yi, wɔ ne mmae mu no, wobenyan ‘aba a edi ɛno akyi’—n’akyidifo a wɔde honhom asra wɔn no.—1 Korintofo 15:20-23; 2 Korintofo 1:21; 1 Yohane 2:20, 27.

18. Ɔkwan bɛn so na Petro kyerɛe sɛ wɔkaa Yesu wusɔre no ho asɛm too hɔ wɔ Nnwom nhoma no mu?

18 Nnwom no nso foa owusɔre no so. Wɔ Pentekoste 33 Y.B. no, ɔsomafo Petro faa Dwom 16:8-11 mu asɛm kae sɛ: “Dawid kaa [Kristo] ho asɛm sɛ: Mihuu [Yehowa, NW] m’anim daa, efisɛ ɔwɔ me nifa na manhim. Eyi nti me koma tɔɔ me yam, na me tɛkrɛma ho san no; na me honam nso bɛda anidaso mu, efisɛ wɔrennyaw me kra asaman, na woremma wo kronkronni no nhu porɔw.” Petro de kaa ho sɛ: “[Dawid huu] eyi siei, na ɔkaa Kristo sɔre ho asɛm sɛ wɔannyaw no asaman, nanso ne honam anhu porɔw. Yesu yi ara na Onyankopɔn anyan no.”—Asomafo no Nnwuma 2:25-32.

19, 20. Bere bɛn na Petro faa Dwom 118:23 hɔ asɛm kae, na ɔkwan bɛn so na eyi ne Yesu wu ne ne wusɔre wɔ abusuabɔ?

19 Nna bi akyi no, Petro gyinaa Sanhedrin no anim, na bio, ɔfaa Nnwom mu asɛm kae. Bere a wobisaa no nea ɛyɛe a ɔsaa obubuafo bi a ɔsrɛsrɛ ade yare no, ɔsomafo no kae sɛ: “Mo nyinaa ne Israel man nyinaa nhu sɛ Nasareni Yesu Kristo a mobɔɔ no asɛndua mu a Onyankopɔn nyan no fii awufo mu no din mu, ɔno mu na oyi gyina mo anim a ne ho asan yi. Oyi [Yesu] ne ɔbo a mo abantofo ammu no na abedi twea ti. Na nkwagye nni obiara mu, na nso din foforo nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa wɔ mu.”—Asomafo no Nnwuma 4:10-12.

20 Ɛha no, Petro faa Dwom 118:22 hɔ asɛm kae de nea ɛka no faa Yesu wu ne ne wusɔre ho. Yudafo a nyamesom akannifo no piapiaa wɔn atikɔ no poo Yesu. (Yohane 19:14-18; Asomafo no Nnwuma 3:14, 15) ‘Po a abantofo no poo ɔbo no’ na ɛmaa Kristo wui, nanso ‘ɔbo a abɛyɛ twea ti’ no yɛ honhom mu anuonyam a na wobenyan no akɔ wɔ ɔsoro no ho sɛnkyerɛnne. Sɛnea odwontofo no ka siei no, ‘eyi fii Yehowa ankasa nkyɛn.’ (Dwom 118:23) “Ɔbo” no a wɔbɛyɛ no twea Ti no ne ma a wɔmaa no so sɛ Ɔhene a Wɔapaw no no.—Efesofo 1:19, 20.

Owusɔre Anidaso no Wowaw No

21, 22. Anidaso bɛn na Hiob daa no adi sɛnea wɔakyerɛw wɔ Hiob 14:13-15 no, na ɔkwan bɛn so na eyi betumi akyekye wɔn a wɔn nkurɔfo awuwu no werɛ nnɛ?

21 Ɛwom sɛ yɛn ankasa yenhuu sɛ wɔanyan obi afi awufo mu de, nanso yɛahu nsɛm bi a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu a ɛma yenya owusɔre no mu awerɛhyem. Enti yebetumi anya anidaso a na ɔtreneeni Hiob kura no bi. Bere a na ɔrehu amane no, ɔteɛɛm sɛ: “Oo, sɛ [Yehowa] wode me sie asaman ɛ, sɛ wode me hintaw . . . sɛ wohyɛ me da na wokae me ɛ! Sɛ onipa wu a, so ɔbɛtra ase bio? . . . Anka wobɛfrɛ, na me nso magye wo so, anka w’ani begyina wo nsa ano adwuma no.” (Hiob 14:13-15) Onyankopɔn ‘ani begyina ne nsa ano adwuma’ na wanya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ obenyan Hiob. Anidaso a ɛma yenya bɛn ara ni?

22 Busuani bi a osuro Onyankopɔn betumi ayare denneennen te sɛ Hiob, na obetumi awu mpo. Ebia wɔn a obewu agya wɔn no besu, sɛnea Yesu sui bere a Lasaro wui no. (Yohane 11:35) Nanso hwɛ awerɛkyekye ara a ɛyɛ sɛ Onyankopɔn bɛfrɛ, na wɔn a wɔwɔ ne nkae mu no nyinaa agye so! Ɛbɛyɛ te sɛ nea wofi akwantu mu aba—a wɔnyare anaa wonnii dɛm, na mmom wɔte apɔw.

23. Ɔkwan bɛn so na ebinom aka ahotoso a wɔwɔ wɔ owusɔre anidaso no mu no ho asɛm?

23 Kristoni nokwafo bi a na ne mfe akɔ anim wu kaa ne mfɛfo gyidifo ma wɔkyerɛw sɛ: “Yɛde awerɛhow ne mo resu mo maame a wafi mu no. Ɛrenkyɛ biara na yɛama no akwaaba bio—a ne ho ayɛ fɛ na ɔte apɔw!” Awofo bi a wɔn babarima wui kae sɛ: “Yɛn ani gyina da a Jason bɛsɔre no paa! Ɔbɛtoto n’ani na wahu Paradise a ɔhwɛɛ kwan kɛse no. . . . Hwɛ sɛnea eyi hyɛ yɛn a yɛyɛ n’adɔfo no nkuran sɛ yɛbɛkɔ hɔ bi.” Yiw, na hwɛ aseda araa a yebetumi de ama sɛ owusɔre anidaso no bɛbam ɔkwan biara so!

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya awufo a wobenyan wɔn ho nsiesiei a Onyankopɔn ayɛ no so mfaso?

• Nsɛm a esisii a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Kyerɛwnsɛm no mu bɛn na ɛma yɛn nea yegyina so nya owusɔre no mu anidaso?

• Dɛn nti na yebetumi aka sɛ owusɔre anidaso no fi teteete?

• Anidaso a ɛhyɛ nkuran bɛn na yebetumi anya wɔ awufo ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Elia nam Yehowa so nyanee okunafo bi babarima

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Bere a Yesu nyanee Yairo babea baa nkwa mu no, n’awofo dii ahurusi

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Wɔ Pentekoste 33 Y.B. no, ɔsomafo Petro fi akokoduru mu dii adanse sɛ wɔanyan Yesu afi awufo mu