Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Owusɔre Anidaso No Wɔ Tumi

Owusɔre Anidaso No Wɔ Tumi

Owusɔre Anidaso No Wɔ Tumi

“Mibu nneɛma nyinaa adehwere, . . . na mahu [Yesu Kristo] ne ne sɔre tumi.”—FILIPIFO 3:8-10.

1, 2. (a) Mfe bi a atwam ni no, ɔkwan bɛn so na ɔsɔfo bi kyerɛkyerɛɛ owusɔre mu? (b) Ɔkwan bɛn so na owusɔre no bɛba?

WƆ 1890 mfe no mfiase mu no, America man no atesɛm krataa bɔɔ asɛm soronko bi a ɔsɔfo bi a ɔwɔ Brooklyn, New York, U.S.A. kae ho amanneɛ. Ɔkae sɛ owusɔre no bɛyɛ nnompe ne honam a abom ayɛ nipadua pɛn a wɔboaboa ano ma enya ahoɔden bio, sɛ́ ebia nipadua no nam ogya anaa akwanhyia bi so na ɛsɛee, aboa bi na odii anaasɛ ɛdanee ɔyɛ-asase-yiye no. Ɔsɛnkafo no kae sɛ, wɔ nnɔnhwerew 24 da bi mu no, nnipa ɔpepepem a wɔawuwu no nsa, abasa, nsatea, nnompe, ntini, ne were bedi afra wɔ mframa mu ma wim ayɛ tumm. Nipadua nkwaa yi bɛhwehwɛ afã a na ɛtoatoam wɔ nipadua koro no ara ho no. Afei akra befi soro ne hell abɛhyehyɛ nipadua a wɔanyan wɔn yi mu.

2 Ntease nni owusɔre a wɔnam nipadua mu atɔm a wɔbɛhyehyɛ no foforo so no mu, na nnipa nni ɔkra a enwu da. (Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Hesekiel 18:4) Yehowa, owusɔre Nyankopɔn no nhia sɛ ɔsan boaboa atɔm a ɛwɔ nneɛma a na ɛka bom yɛ nipadua kan no ano bio. Obetumi ayɛ nipadua foforo ama wɔn a wobenyan wɔn no. Yehowa de tumi a ɔde nyan awufo na ama wɔatumi atra ase daa no ama ne Ba, Yesu Kristo. (Yohane 5:26) Enti Yesu kae sɛ: “Mene sɔre ne nkwa; nea ogye me di no, sɛ wawu po a, obenya nkwa.” (Yohane 11:25, 26) Bɔhyɛ a ɛka koma bɛn ara ni! Ɛhyɛ yɛn den ma yegyina ɔtaa ano, na mpo, yegyina owu ano sɛ Yehowa Adansefo anokwafo.

3. Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ Paulo ka owusɔre ho asɛm?

3 Owusɔre ne adwene a ɛne sɛ onipa wɔ ɔkra a enwu da—adwene a na Hela nyansapɛfo Plato kura—no nhyia. Enti, bere a ɔsomafo Paulo dii Helafo atitiriw adanse wɔ Areopago a ɛwɔ Atene no, so ɔkaa Yesu ho asɛm, na ɔkae sɛ Onyankopɔn nyanee no? Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Na wɔtee awufo sɔre no, ebinom dii fɛw.” (Asomafo no Nnwuma 17:29-34) Ná wɔn a wohuu Yesu Kristo a wɔanyan no no mu pii da so te ase, enti ɛmfa ho sɛ wodii ho fɛw no, odii adanse sɛ wɔanyan no afi awufo mu. Nanso atoro akyerɛkyerɛfo a na wɔwɔ asafo a ɛwɔ Korinto no mu no annye owusɔre no antom. Enti Paulo kaa Kristofo nkyerɛkyerɛ yi ho asɛm denneennen wɔ 1 Korintofo ti 15. Ne nsɛm no a yɛbɛhwehwɛ mu yiye no ma nokware a owusɔre anidaso no yɛ ne tumi a ɛwɔ no mu da hɔ pefee.

Yesu Wusɔre no Ho Adanse a Edi Mũ

4. Yesu wusɔre no ho adanse a aniwa tua bɛn na Paulo de mae?

4 Hyɛ sɛnea Paulo fii n’asɛm no ase no nsow. (1 Korintofo 15:1-11) Sɛ Korintofo no anso nkwagye asɛmpa no mu denneennen a, wɔn gyidi bɛyɛ ɔkwa. Yɛn bɔne nti na Kristo wui, wosiee no, na wonyanee no. Nokwarem no, Yesu a wɔanyan no no maa Kefa (Petro) huu no, na afei “dumien no.” (Yohane 20:19-23) Ɛbɛyɛ sɛ bere a ɔde ahyɛde a ɛne sɛ: ‘Monkɔ nkɔyɛ asuafo’ mae no na nnipa bɛyɛ 500 huu no no. (Mateo 28:19, 20) Yakobo huu no, na saa ara na asomafo anokwafo no nyinaa huu no. (Asomafo no Nnwuma 1:6-11) Wɔ baabi a ɛbɛn Damasko no, Yesu maa Saul a ɔte “sɛ nea wapatuw awo no” no huu no—te sɛ nea wɔanyan Saul kɔ honhom mu asetra mu dedaw. (Asomafo no Nnwuma 9:1-9) Asɛm a Paulo ka kyerɛɛ Korintofo no na ɛma wɔbɛyɛɛ gyidifo, na wogyee asɛmpa no dii.

5. Sɛnea wɔakyerɛw wɔ 1 Korintofo 15:12-19 no, dɛn na Paulo gyinaa so kasae?

5 Susuw nea Paulo gyinaa so kasae no ho hwɛ. (1 Korintofo 15:12-19) Sɛ wɔn a wohuu no no ka sɛ wonyanee Kristo a, dɛn nti na yebetumi aka sɛ owusɔre nni hɔ? Sɛ wɔannyan Yesu amfi awufo mu a, yɛn asɛnka ne yɛn gyidi yɛ ɔkwa, na yɛyɛ adansekurumfo a yedi adanse tia Onyankopɔn sɛ onyanee Kristo. Sɛ wɔannyan awufo a, ‘yɛda so ara te yɛn bɔne mu,’ na wɔn a wowui Kristo mu no ayera. Bio nso, “sɛ nkwa yi mu nko na yɛwɔ Kristo mu anidaso a, ɛnde na yɛne nnipa nyinaa mu mmɔborɔfo.”

6. (a) Dɛn na Paulo ka de sii Yesu wusɔre no so dua? (b) Dɛn ne “ɔtamfo a odi akyiri” no, na ɔkwan bɛn so na wobetu no agu?

6 Paulo si Yesu wusɔre no so dua. (1 Korintofo 15:20-28) Sɛ Kristo ne wɔn a wɔadeda wɔ owu mu no “aba a edi kan” a, ɛnde na wobenyan afoforo no nso. Sɛnea owu nam onipa, Adam asoɔden so bae no, sɛ nso owusɔre nam onipa—Yesu—so ba ne no. Ná wobenyan wɔn a wɔyɛ ne de no wɔ ne mmae no mu. Kristo ‘betu ahenni ne ahoɔden ne tumi’ a ɛsɔre tia Onyankopɔn tumidi nyinaa agu, na wadi Hene akosi sɛ Yehowa de atamfo nyinaa begu ne nan ase. Wɔnam Yesu afɔrebɔ no so mfaso so betu “ɔtamfo a odi akyiri”—owu a wonya fii Adam mu—no mpo agu. Afei Kristo de Ahenni no bɛma N’agya Nyankopɔn, na ɔde ne ho ahyɛ “nea ɔde nneɛma nyinaa guu ne nan ase no ase, na Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa mu ade nyinaa.”

Wɔbɔ Wɔn Asu Ma Awufo?

7. Henanom na ‘wɔbɔ wɔn asu ma owu no,’ na dɛn na eyi kyerɛ ma wɔn?

7 Wobisa wɔn a wɔkasa tia owusɔre no sɛ: “Wɔn a wɔma wɔbɔ wɔn asu ma awufo no, wɔyɛ de gye dɛn?” (1 Korintofo 15:29) Ná Paulo nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ ateasefo asu ma awufo, efisɛ ɛsɛ sɛ Yesu asuafo ankasa sua ade, gye di, na wɔbɔ wɔn asu. (Mateo 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 2:41) Wɔbɔ Kristofo a wɔasra wɔn no ‘asu ma owu’ denam asetra kwan a ekowie owu ne owusɔre mu a wɔde wɔn ho hyem no so. Saa asubɔ yi fi ase bere a Onyankopɔn honhom de ɔsoro anidaso no hyɛ wɔn mu no, na ɛba awiei bere a wɔanyan afi owu mu kɔ honhom asetra a owu nnim mu wɔ soro no.—Romafo 6:3-5; 8:16, 17; 1 Korintofo 6:14.

8. Sɛ ɛba mpo sɛ Satan ne n’asomfo kum Kristofo a, dɛn na wobetumi anya mu ahotoso?

8 Sɛnea Paulo nsɛm no kyerɛ no, owusɔre anidaso no ma Kristofo tumi gyina amane mu dɔn biara na ɛma wotumi gyina owu a Ahenni asɛnka adwuma no nti wohyia da biara no ano. (1 Korintofo 15:30, 31) Wonim sɛ sɛ Yehowa ma kwan ma Satan ne n’asomfo kum wɔn a, obetumi anyan wɔn. Onyankopɔn nkutoo na obetumi asɛe wɔn kra, anaa wɔn nkwa wɔ Gehena, a ɛyɛ daa ɔsɛe ho sɛnkyerɛnne no.—Luka 12:5.

Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Wɔma Wɔn Ani Da Hɔ

9. Sɛ owusɔre anidaso no benya yɛn asetra so tumi a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati?

9 Owusɔre anidaso no wowaw Paulo. Bere a na ɔwɔ Efeso no, ɛbɛyɛ sɛ n’atamfo de no gyinaa agoprama so ma ɔne mmoa koe. (1 Korintofo 15:32) Sɛ ɛbaa saa a, ɛnde na wogyee no sɛnea wogyee Daniel fii agyata anom no. (Daniel 6:16-22; Hebrifo 11:32, 33) Esiane sɛ na ɔwɔ owusɔre no mu anidaso nti, na Paulo nkura Yudafo awaefo no su a na wokura wɔ Yesaia bere so no bi. Wɔkae sɛ: “Momma yennidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.” (Yesaia 22:13, Septuagint) Sɛ owusɔre anidaso no benya yɛn asetra so tumi te sɛ nea ɛyɛe wɔ Paulo fam no a, ɛsɛ sɛ yɛkwati sɛ yɛne wɔn a wɔwɔ suban bɔne a ɛte saa no bɛbɔ. Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Mommma wɔnnnaadaa mo! [Fekubɔne, NW] sɛe ɔbra pa.” (1 Korintofo 15:33) Nokwarem no, nnyinasosɛm yi fa yɛn asetram nsɛm pii ho.

10. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahyɛ anidaso a yɛwɔ wɔ owusɔre no mu den?

10 Paulo ka kyerɛɛ wɔn a na wogye owusɔre ho kyim no sɛ: “Montew mo ani yiye, na monnyɛ bɔne, efisɛ ebinom nni Nyankopɔn ho nimdeɛ; meka eyi mehyɛ mo aniwu.” (1 Korintofo 15:34) Wɔ saa “awiei bere” yi mu no, ehia sɛ yɛyɛ ade ma ɛne Onyankopɔn ne Kristo ho nokware nimdeɛ hyia. (Daniel 12:4; Yohane 17:3) Eyi bɛhyɛ anidaso a yɛwɔ wɔ owusɔre no mu den.

Nipadua Bɛn na Wɔde Nyan?

11. Ɔkwan bɛn so na Paulo yɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn no wusɔre ho mfatoho?

11 Afei Paulo di nsɛmmisa bi ho dwuma. (1 Korintofo 15:35-41) Ebia obi a ɔfeefee nsɛm mu a ɔpɛ sɛ ogye owusɔre ho kyim no betumi abisa sɛ: “Wobenyan awufo dɛn? Na nipadua bɛn na wɔde bɛba?” Sɛnea Paulo daa no adi no, aba a wodua wɔ dɔte mu no wu na asakra abɛyɛ dua. Saa ara nso na ɛsɛ sɛ onipa a wɔde honhom awo no no wu. Sɛnea dua foforo fifi fi aba mu no, saa ara nso na nsonsonoe da Kristofo a wɔasra wɔn no nipadua a wɔanyan no no ne ɔhonam nipadua ntam. Ɛwom sɛ onipa no kura su koro a na ɔwɔ ansa na ɔrewu no de, nanso wonyan no sɛ abɔde foforo wɔ honhom nipadua mu ma ɔkɔtra ɔsoro. Sɛnea ɛte no, wɔde honam nipadua na ebenyan wɔn a wobenyan wɔn aba asase so no.

12. Dɛn na nsɛm “ɔsoro nipadua” ne “fam nipadua” no kyerɛ?

12 Sɛnea Paulo kae no, ɛsono nnipa nam na ɛsono mmoa de. Mmoa nam mpo gu ahorow. (Genesis 1:20-25) Ɛsono ahonhom abɔde ‘soro nipadua’ no anuonyam na ɛsono “fam nipadua” no anuonyam. Afei nso, nsonsonoe wɔ owia, ɔsram ne nsoromma anuonyam mu. Nanso wɔn a wɔasra wɔn a wɔanyan wɔn no wɔ anuonyam a ɛkyɛn saa koraa.

13. Sɛnea 1 Korintofo 15:42-44 kyerɛ no, dɛn na wodua, na dɛn na wonyan?

13 Bere a Paulo kaa nsonsonoe ho asɛm wiei no, ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ nso awufo sɔre te ne no.” (1 Korintofo 15:42-44) Ɔkae sɛ: “Wodua no porɔwee mu, ebenyan nea ɛmporɔw mu.” Ɛha no, ebia na Paulo reka wɔn a wɔasra wɔn no ho asɛm sɛ kuw. Wodua wɔn porɔwee mu wɔ owu mu, na wonyan wɔn wɔ nea ɛmporɔw mu, a bɔne nni wɔn ho. Ɛwom sɛ wɔbɔɔ wɔn ahohora wɔ wiase no mu de, nanso wonyan wɔn kɔ ɔsoro asetra mu ma wɔkoyi wɔn ho adi Kristo anim wɔ anuonyam mu. (Asomafo no Nnwuma 5:41; Kolosefo 3:4) Wɔ owu mu no, wodua wɔn wɔ “ɔkra nipadua” mu na wonyan wɔn wɔ “honhom nipadua” mu. Esiane sɛ eyi betumi ayɛ yiye ama Kristofo a wɔde honhom awo wɔn no nti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ wobenyan afoforo aba asase so asetra mu.

14. Ɔkwan bɛn so na Paulo de Kristo totoo Adam ho?

14 Nea edi hɔ no, Paulo de Kristo totoo Adam ho. (1 Korintofo 15:45-49) Adam, onipa a odi kan no, “yɛɛ ɔkra teasefo.” (Genesis 2:7) “Adam a odi akyiri”—Yesu—“yɛɛ honhom a ɔma nkwa.” Ɔde ne nkwa mae sɛ ogye afɔre, maa n’akyidifo a wɔasra wɔn no nea edi kan. (Marko 10:45) Sɛ́ nnipa no, ‘wokura famni no suban,’ nanso sɛ wonyan wɔn a, wɔbɛyɛ te sɛ Adam a odi akyiri no. Ɛwom, adesamma asoɔmmerɛfo nyinaa, a wɔn a wobenyan wɔn aba asase so no ka ho no benya Yesu afɔrebɔ no so mfaso.—1 Yohane 2:1, 2.

15. Dɛn nti na wonnyan Kristofo a wɔasra wɔn no wɔ honam mu, na ɔkwan bɛn so na wonyan wɔn bere a Kristo aba no mu?

15 Sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no wu a, wonnyan wɔn wɔ ɔkra nipadua mu. (1 Korintofo 15:50-53) Ɔhonam ne mogya nipadua a ɛporɔw rentumi nni nea ɛmporɔw so, na ɛrentumi nnya ɔsoro Ahenni. Ɛrenhia sɛ wɔn a wɔasra wɔn no binom da wɔ owu mu kyɛ. Sɛ wowie wɔn asase so asetra nokwaredi mu bere a Yesu aba no mu a, ‘wɔbɛsakra afrɛ so.’ Wobenyan wɔn amonom akɔ honhom mu wɔ anuonyam mu sɛ wɔn a wɔmporɔw. Awiei koraa no, Kristo ɔsoro “ayeforo” no dodow bedu 144,000.—Adiyisɛm 14:1; 19:7-9; 21:9; 1 Tesalonikafo 4:15-17.

Owu So Nkonimdi!

16. Sɛnea Paulo ne adiyifo a wɔtraa ase tete kyerɛ no, dɛn na ɛbɛba owu a yenya fii ɔbɔnefo Adam mu no so?

16 Paulo de anigye paee mu kae sɛ wɔbɛmene owu akosi daa. (1 Korintofo 15:54-57) Sɛ nea ɛporɔw na etumi wu hyɛ nea ɛmporɔw na enwu no a, nsɛm yi bɛbam: “Wɔamene owu nkonim mu.” “Owu, wo nkonim wɔ he? Owu, wo nwowɔe wɔ he?” (Yesaia 25:8; Hosea 13:14) Owu nwowɔe ne bɔne, na bɔne tumi ne Mmara a ebu abɔnefo kumfɔ no. Nanso, esiane Yesu afɔrebɔ ne ne wusɔre no nti, owu a yenya fii Adam mu no renni nkonim bio.—Romafo 5:12; 6:23.

17. Ɔkwan bɛn so na nsɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 15:58 no yɛ adwuma nnɛ?

17 Paulo kae sɛ: “Enti, me nuanom adɔfo, muntintim, munnhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa, efisɛ munim sɛ mo brɛ nyɛ ɔkwa, Awurade mu.” (1 Korintofo 15:58) Nsɛm yi fa nkaefo a wɔasra wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ no ne Yesu “nguan foforo” no ho, ɛmfa ho sɛ wowu wɔ awiei bere yi mu mpo no. (Yohane 10:16) Wɔn adwuma sɛ Ahenni adawurubɔfo no renyɛ ɔkwa, efisɛ owusɔre retwɛn wɔn. Enti, sɛ́ Yehowa asomfo no, momma yɛnyɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu bere a yɛretwɛn bere a yɛde anigye bɛteɛm sɛ: “Owu wo nkonimdi wɔ he?” no.

Owusɔre Anidaso no Abam!

18. Ná Paulo anidaso wɔ owusɔre no mu yɛ den dɛn?

18 Paulo nsɛm a wɔakyerɛw wɔ 1 Korintofo ti 15 no ma ɛda adi sɛ na owusɔre anidaso no wɔ n’asetra so tumi. Ná ogye di koraa sɛ wonyanee Yesu fii awufo mu, ne sɛ, wobeyi afoforo afi adesamma nyinaa damoa mu. So wowɔ ahotoso a ɛte saa? Paulo buu pɛsɛmenkominya mfaso nyinaa “sɛ sumina so ade,” na obuu “nneɛma nyinaa adehwere” sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ‘ahu Kristo ne ne sɔre tumi no.’ Ná ɔsomafo no wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛma wɔakum no te sɛ Kristo, bere a na ɔwɔ anidaso sɛ obenya ‘awufo sɔre a edi kan’ mu kyɛfa no. Yesu akyidifo, 144,000 a wɔasra wɔn no benya nea wɔsan frɛ no “ɔsɔre a edi kan.” Yiw, wonyan wɔn kɔ honhom asetra mu wɔ ɔsoro, na wobenyan “awufo nkae” no aba asase so.—Filipifo 3:8-11; Adiyisɛm 7:4; 20:5, 6.

19, 20. (a) Ankorankoro a Bible ayɛ wɔn ho kyerɛwtohɔ bɛn na wobenyan wɔn aba asase so? (b) Ɛhefo na wohwɛ kwan sɛ wobenyan wɔn?

19 Owusɔre anidaso no abam ankasa ama wɔn a wɔasra wɔn a wodii nokware koduu owu mu no. (Romafo 8:18; 1 Tesalonikafo 4:15-18; Adiyisɛm 2:10) Wɔn a wobetwa “ahohia kɛse” no behu sɛ owusɔre anidaso no bɛbam wɔ asase so bere a ‘ɛpo yi awufo a ɛwom ma, na owu ne asaman yi wɔn awufo ma no.’ (Adiyisɛm 7:9, 13, 14; 20:13) Wɔn a wobenyan wɔn aba asase so no bi ne Hiob a ɔhweree ne mmabarima baason ne mmabea baasa no. Twa anigye a ɔde bɛyɛ wɔn awaawaa-atuu no ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ—na hwɛ sɛnea wɔn ani begye sɛ wonyaa nuabarimanom baason ne nuabeanom ahoɔfɛfo baasa foforo!—Hiob 1:1, 2, 18, 19; 42:12-15.

20 Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ bere a wonyan Abraham ne Sara, Isak ne Rebeka—yiw, ne afoforo pii a “adiyifo no nyinaa”—ka ho ba nkwa mu wɔ asase so no! (Luka 13:28) Saa adiyifo no mu biako ne Daniel, nea wɔde owusɔre wɔ Mesia no nniso ase hyɛɛ no bɔ no. Daniel ada ɔdamoa mu bɛyɛ mfirihyia 2,500 ni, nanso ɛdenam owusɔre tumi so no, ɛrenkyɛ ‘obenya ne kyɛfa’ sɛ “asase nyinaa so ahene” no biako. (Daniel 12:13; Dwom 45:16) Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ ɛnyɛ tete anokwafo no nkutoo na wobɛma wɔn akwaaba, na mmom w’ankasa wo papa, wo maame, wo babarima, wo babea, anaa adɔfo foforo a ɔtamfo owu faa wɔn fii wo nkyɛn no!

21. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛyɛ afoforo papa?

21 Ebetumi aba sɛ yɛn adɔfo ne nnamfonom bi de mfe pii asom Onyankopɔn na wɔn mfe akɔ anim yiye. Mpanyinyɛ betumi ama asetra ayɛ den ama wɔn. Hwɛ ayamye ara a ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara ama wɔn mprempren yi ara! Sɛ ɛba saa a, yɛrenni yaw sɛ yɛadi wɔn huammɔ ɔkwan bi so bere a owu abɛfa wɔn no. (Ɔsɛnkafo 9:11; 12:1-7; 1 Timoteo 5:3, 8) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa werɛ remfi nneɛma pa a yɛyɛ ma afoforo no, ɛmfa ho mfe a wɔadi ne wɔn nsɛm tebea. Paulo kyerɛwee sɛ: “Enti yɛwɔ bere a ɛfata yi, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.”—Galatifo 6:10; Hebrifo 6:10.

22. Enkosi bere a owusɔre anidaso no bɛbam no, dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

22 Yehowa yɛ “mmɔborohunu agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn.” (2 Korintofo 1:3, 4) N’asɛm no kyekye yɛn werɛ, na ɛboa yɛn ma yɛde owusɔre anidaso no kyekye afoforo werɛ. Enkosi bere a yebehu saa anidaso no mmamu denam awufo a wobenyan wɔn aba asase so no, momma yɛnyɛ te sɛ Paulo a na ɔwɔ owusɔre mu gyidi no. Ne titiriw no, ɛmmra sɛ yebesuasua Yesu, a anidaso a na ɔwɔ wɔ tumi a Onyankopɔn wɔ sɛ obenyan no mu no baa mu no. Ɛrenkyɛ, wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte Kristo nne, na wɔafi adi. Ɛmmra sɛ eyi bɛma yɛanya awerɛkyekye ne anigye. Nanso nea ɛsen ne nyinaa no, momma yɛnna Yehowa, a ɛdenam yɛn Awurade Yesu Kristo so no, wama ayɛ yiye sɛ yebedi owu so nkonim no ase!

Wubebua Dɛn?

• Yesu wusɔre no ho adanse a afoforo nyae bɛn na Paulo de mae?

• Dɛn ne “ɔtamfo a odi akyiri” no, na ɔkwan bɛn so na wobetu no agu?

• Wɔ Kristofo a wɔasra wɔn no fam no, dɛn na wodua, na enyan?

• Nnipa a wɔakyerɛw wɔn ho asɛm wɔ Bible mu bɛn na wobɛpɛ sɛ wuhyia wɔn bere a wɔanyan wɔn aba asase so no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Ɔsomafo Paulo kaa owusɔre ho asɛm denneennen

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 20]

Nyan a wobenyan Hiob, n’abusua, ne afoforo pii no de anigye a enni kabea bɛba!