Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea W’asetra Betumi Ayɛ Nea Atirimpɔw Kɛse Wom

Sɛnea W’asetra Betumi Ayɛ Nea Atirimpɔw Kɛse Wom

Sɛnea W’asetra Betumi Ayɛ Nea Atirimpɔw Kɛse Wom

TETE bɛ bi ka sɛ: “Mmiri wo mogya ani mpɛ ahonyade, gyae wo nhumu yi akyidi. So wobɛma w’ani adi nea enni hɔ akyi? Na ahonyade fuw ntaban tu sɛ ɔkɔre a otu kɔ ɔsoro.” (Mmebusɛm 23:4, 5) Ɔkwan foforo so no, nyansa nnim sɛ yɛbɛhaw yɛn ho abɔ mmɔden sɛ yebenya yɛn ho, efisɛ ahonyade tumi fuw ntaban tu kɔ.

Sɛnea Bible da no adi no, honam fam ahonyade betumi ayera ntɛm so. Atoyerɛnkyɛm bi a esi, sikasɛm a ɛsɛe, anaa asiane foforo betumi ama ayera da koro pɛ. Afei nso, wɔn a wodi yiye mpo abam taa bu. Susuw John a na n’adwuma ne sɛ ogye amammuifo, agumadi mu atitiriw, ne tumidifo ani asɛm no ho hwɛ.

John ka sɛ: “Mede me ho nyinaa hyɛɛ m’adwuma no mu. Minyaa sika pii, traa ahɔhodan akɛse mu, na ɛtɔ mmere bi a na meforo m’ankasa wimhyɛn na ɛkɔ adwuma. Mfiase no m’ani gyee ho, nanso bere rekɔ so no, ɛbɛfonoo me. Mibehui sɛ nkurɔfo a merebrɛ wɔn ho no nsɛ hwee. Ná atirimpɔw biara nni m’asetra mu.”

Sɛnea John behui no, abotɔyam nni asetra a honhom fam nneɛma biara nnim mu. Wɔ Yesu Kristo Bepɔw so Asɛnka a agye din no mu no, ɔkyerɛɛ sɛnea yebenya anigye a ɛtra hɔ daa. Ɔkae sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔn honhom mu nneɛma ho hia wɔn, efisɛ wɔn na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.” (Mateo 5:3, NW) Enti, ɛda adi pefee sɛ nyansa wom sɛ yɛde honhom fam nneɛma bedi kan wɔ asetra mu. Nanso, nneɛma foforo nso betumi ama yɛanya asetra a atirimpɔw kɛse wom.

W’abusuafo ne Wo Nnamfo Ho Hia Ankasa

Sɛ wo ne w’abusuafo nnya nkitahodi na wunni nnamfo paa a, so w’ani begye wɔ asetra mu? Dabida. Yɛn Bɔfo no de ahiade a ɛne sɛ yɛbɛdɔ afoforo na afoforo nso adɔ yɛn hyɛɛ yɛn mu. Ɛno ne ade biako nti a Yesu sii hia a ɛho hia sɛ ‘yɛdɔ yɛn yɔnko sɛ yɛn ho’ so dua no. (Mateo 22:39) Abusua yɛ Onyankopɔn akyɛde a ɛma yenya hokwan de da ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim adi.—Efesofo 3:14, 15.

Ɔkwan bɛn so na yɛn abusua betumi ama yɛn asetra ayɛ nea atirimpɔw kɛse wom? Yebetumi de abusua a biakoyɛ wom atoto turo fɛfɛ a ɛma yenya ɔhome fi da biara da asetra mu nhyɛso mu ho. Saa ara na wɔ abusua no mu no, yebetumi anya ayɔnkofa a abotɔyam ne ɔdɔ wom a ɛremma yɛnte nka sɛ yɛayɛ ankonam. Nokwarem no, abusua a abotɔyam wom saa no mma ara kwa. Nanso, sɛ yɛhyɛ yɛn abusua nkabom mu den a, ɛma yɛbɛn yɛn ho yɛn ho, na yɛn asetra bɛyɛ nea anigye wom. Sɛ nhwɛso no, bere ne aso a yɛyɛ de da ɔdɔ ne obu adi ma yɛn aware mu ɔhokafo da biara da no yɛ ade a ebetumi asow aba pa.—Efesofo 5:33.

Sɛ yɛwɔ mma a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden ma wonya tebea a ɛfata ma wɔn ntetee. Ɛbere a wubenya ama wɔn, nkɔmmɔ a wo ne wɔn bɛbɔ, ne honhom fam akwankyerɛ a wode bɛma wɔn no betumi ayɛ adwumaden. Nanso, bere ne mmɔdenbɔ a ɛte saa betumi ama yɛanya abotɔyam kɛse. Awofo a wɔatumi atete wɔn mma bu wɔn sɛ nhyira, ne agyapade a efi Onyankopɔn hɔ a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ so yiye.—Dwom 127:3.

Nnamfo pa nso ma yenya asetra a abotɔyam ne atirimpɔw wom. (Mmebusɛm 27:9) Yebetumi anya nnamfo pii denam tema a yɛbɛda no adi so. (1 Petro 3:8) Sɛ yɛhwe ase a, nnamfo pa boa yɛn ma yɛsɔre. (Ɔsɛnkafo 4:9, 10) Na ‘adamfo yɛ onua a wɔwoo no maa hiada.’—Mmebusɛm 17:17.

Hwɛ sɛnea adamfofa pa betumi ama yɛanya abotɔyam! Sɛ yɛne adamfo bi hwɛ owia tɔ, di aduan a ɛyɛ dɛ, na yɛbom tie nnwom a, ɛyɛ anigye kɛse. Nanso, abusua a biakoyɛ wom ne nnamfo pa yɛ nneɛma a ɛma yɛn asetra yɛ nea atirimpɔw wom no mu abien pɛ. Nsiesiei foforo bɛn na Onyankopɔn ayɛ a ebetumi ama yɛn asetra ayɛ nea atirimpɔw kɛse wom?

Yɛn Honhom Fam Ahiade Ho Dwuma a Yebedi

Sɛnea yɛadi kan aka no, Yesu Kristo de anigye bataa yɛn honhom fam ahiade a yebehu ho. Wɔde honhom fam ne abrabɔ fam tumi nyinaa abɔ yɛn. Enti, Bible ka “honhom muni” anaa “komam nipa a wahintaw” ho asɛm.—1 Korintofo 2:15; 1 Petro 3:3, 4.

Sɛnea An Expository Dictionary of New Testament Words, a W. E. Vine kyerɛwee ka no, sɛnkyerɛnne kwan so koma no gyina hɔ ma “onipa adwene ne n’abrabɔ nyinaa, nyansa ne nkate fam nneɛma nyinaa.” Vine rekyerɛkyerɛ mu no, ɔde ka ho sɛ: “Ɔkwan foforo so no, wɔde koma gyina hɔ ma onipa asetra mu nneɛma a ahintaw.” Nhoma koro no ara de ka ho sɛ “‘onipa a wahintaw,’ . . . onipa no ankasa hyɛ koma no mu.”

Ɔkwan bɛn so na yebetumi adi “honhom muni” ne “onipa a wahintaw,” kyerɛ sɛ, “komam nipa a wahintaw” no ahiade ho dwuma? Yetu anammɔn a ɛho hia wɔ eyi yɛ mu, na yedi yɛn honhom fam ahiade ho dwuma bere a yegye asɛm a odwontofo a honhom kaa no kae no tom no: “Munhu sɛ [Yehowa, NW] ne Nyankopɔn, ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na ɔno na yɛwɔ no, yɛyɛ ne man ne n’adidibea nguan.” (Dwom 100:3) Eyi a yebehu no ma yefi ntease mu ka sɛ yɛwɔ asodi wɔ Onyankopɔn anim. Sɛ yɛpɛ sɛ wɔde yɛn ka “ne man ne n’adidibea nguan” ho a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade ma ɛne N’asɛm, Bible, no hyia.

So ɛno yɛ adebɔne? Dabi, efisɛ nim a yenim sɛ yɛn abrabɔ ho hia Onyankopɔn no ma yɛn asetra bɛyɛ nea atirimpɔw wom. Ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ nnipa pa—a ɛda adi sɛ ɛyɛ botae a ɛfata. Dwom 112:1 ka sɛ: “Nhyira ne onipa a osuro [Yehowa, NW], na onya ne mmara ho anika pii.” Onyankopɔn ho osuro pa ne komam a yefi yɛ osetie ma ne mmara nsɛm betumi ama yɛn asetra ayɛ nea atirimpɔw kɛse wom.

Dɛn nti na osetie a yɛyɛ ma Onyankopɔn no ma yenya abotɔyam? Efisɛ yɛwɔ ahonim, akyɛde a Onyankopɔn de ama adesamma nyinaa. Ahonim pɛɛpɛɛ abrabɔ mu, na ɛkyerɛ sɛ biribi a yɛayɛ anaa yɛrebɛyɛ no ye anaa enye. Yɛn nyinaa ahonim abu yɛn fɔ ma yɛn werɛ ahow pɛn. (Romafo 2:15) Nanso yɛn ahonim betumi abɔ yɛn aba so nso. Sɛ yeyi yɛn yam yɛ ade ma Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa a, yenya abotɔyam. Yehu sɛ “ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.” (Asomafo no Nnwuma 20:35) Biribi a ɛho hia wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ eyi.

Yɛn Bɔfo no yɛɛ yɛn wɔ ɔkwan bi so a ɛma yɛn yɔnko nnipa apɛde ne ahiade yɛ yɛn ahiasɛm. Sɛ yɛboa afoforo a, ɛma yɛn koma ani gye. Afei nso, Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ sɛ yɛde biribi ma obi a ahia no a, Onyankopɔn fa no sɛ ɛyɛ ɔno na yɛayɛ no adɔe.—Mmebusɛm 19:17.

Abotɔyam a yɛn honhom fam ahiade ho dwuma a yedi ma yenya akyi no, so etumi boa yɛn wɔ ɔkwan a mfaso wɔ so so? Oguadini bi a ne din de Raymond a ɔwɔ Mediterranea Supɔw no so gye di sɛ ebetumi. Ɔka sɛ: “Na me botae titiriw ankasa ne sɛ menya sika. Nanso, efi bere a migye toom wɔ me komam sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ na Bible ka n’apɛde ho asɛm no, mebɛyɛɛ onipa foforo koraa. M’ano aduan a mɛhwehwɛ nyɛ m’asetram ade titiriw bio. Menam Onyankopɔn ani a mepɛ sɛ mesɔ no so akwati nitan a ɛsɛe ade no koraa. Ɛwom sɛ me papa wui wɔ ɔko mu de, nanso enni me mu sɛ mɛtɔ wɔn a wokum no no so werɛ.”

Sɛnea Raymond hui no, “honhom muni” no ahiade ho dwuma a yebedi no betumi ayi nkate fam yaw a emu yɛ den afi yɛn mu. Nanso, sɛ yɛannyina da biara da nsɛnnennen ano a, yɛn asetra renyɛ nea abotɔyam wom koraa.

Yebetumi Anya “Onyankopɔn Asomdwoe”

Wɔ wiase a adagyew nnim yi mu no, nna kakraa bi pɛ na etwam a ɔhaw titiriw biara nsi. Asiane sisi, nhyehyɛe tu fra, na nkurɔfo di yɛn huammɔ. Saa huammɔdi yi betumi asɛe yɛn anigye. Nanso, wɔ wɔn a wɔresom Yehowa Nyankopɔn no fam de, Bible hyɛ wɔn abotɔyam ho bɔ—“Onyankopɔn asomdwoe.” Yɛyɛ dɛn nya saa asomdwoe yi?

Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.” (Filipifo 4:6, 7) Sɛ anka yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yɛn ankasa bedi yɛn nsɛnnennen ho dwuma no, ɛsɛ sɛ yefi komam bɔ mpae, na yɛdan yɛn da biara da nnesoa gu Onyankopɔn so. (Dwom 55:22) Gyidi a yɛwɔ sɛ ɔnam ne Ba, Yesu Kristo so di yɛn adesrɛ a ɛte saa ho dwuma no, bɛyɛ kɛse bere a yenyin wɔ honhom fam na yehu sɛnea Onyankopɔn boa yɛn no.—Yohane 14:6, 14; 2 Tesalonikafo 1:3.

Bere a yɛanya Yehowa Nyankopɔn, “mpaebɔ tiefo,” no mu ahotoso akyi no, yetumi gyina sɔhwɛ ahorow te sɛ yare a ɛtra hɔ kyɛ, onyin, anaa ɔdɔfo bi wu ano yiye. (Dwom 65:2) Nanso, sɛ yebenya asetra a atirimpɔw wom ankasa a, ɛsɛ sɛ yesusuw daakye ho nso.

Di Anidaso a Ɛda Yɛn Anim no Ho Ahurusi

Bible hyɛ “ɔsoro foforo ne asase foforo” a ɔsoro nniso a trenee te mu na edwen afoforo ho na ebedi adesamma abusua asoɔmmerɛfo so ho bɔ. (2 Petro 3:13) Wɔ saa wiase foforo a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no mu no, asomdwoe ne atɛntrenee besi ɔko ne atɛnkyea ananmu. Eyi nyɛ anidaso hunu bi, na mmom ɛyɛ gyidi a emu betumi ayɛ den da biara. Ɛyɛ asɛmpa ankasa, na ɛyɛ asɛm a ɛsɛ sɛ yedi ho ahurusi.—Romafo 12:12; Tito 1:2.

Mprempren, John a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no te nka sɛ wanya atirimpɔw kɛse wɔ n’asetra mu. Ɔka sɛ: “Ɛwom sɛ na m’ani nnye nyamesom ho ahe biara de, nanso saa bere no nyinaa na migye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Nanso, manyɛ saa gyidi yi ho hwee kosii sɛ Yehowa Adansefo baanu baa me nkyɛn. Mibisabisaa wɔn nsɛm te sɛ, ‘Dɛn na yɛreyɛ wɔ ha? Ɛhe na yɛrekɔ?’ Wɔn mmuae a egyina Kyerɛwnsɛm so na ntease wom no ne nea edi kan a ɛmaa minyaa atirimpɔw bi wɔ m’asetra mu. Na ɛno yɛ mfiase ara kwa. Minyaa nokware no ho anigye, na ɛno na ɛmaa me sakraa nneɛma a na ɛsom bo ma me no nyinaa no. Ɛwom sɛ menyɛ ɔdefo honam fam bio de, nanso mete nka sɛ meda apem so honhom fam.”

Te sɛ John no, ebia wonhwehwɛɛ wo honhom fam ahiade akyi kwan mfirihyia pii ni. Nanso, sɛ wunya “nyansa koma” a, wubetumi ahwehwɛ akyi kwan. (Dwom 90:12) Sɛ wusi wo bo na wobɔ wo ho mmɔden a, wubetumi anya nokware anigye, asomdwoe, ne anidaso. (Romafo 15:13) Yiw, na w’asetra betumi ayɛ nea atirimpɔw kɛse wom.

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Mpaebɔ betumi ama yɛanya “Onyankopɔn asomdwoe”

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

So wunim ade a ebetumi ama abusua asetra ayɛ nea abotɔyam kɛse wom?