Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Akasatiafo Anya Wo So Nkɛntɛnso?

So Akasatiafo Anya Wo So Nkɛntɛnso?

So Akasatiafo Anya Wo So Nkɛntɛnso?

“ƆKASATIAFO yɛ obi a onhu papa a onipa bi yɛ, na otumi hu ne ho mfomso nyinaa. Ɔyɛ onipa patu, ohu sum mu ade, na ɛnyɛ hann mu de, ɔtweetwee kyekyere mmoawammoawa, na onhu mmoa akɛse.” Wɔkyerɛ sɛ afeha a ɛto so19 Amerikani sɔfo Henry Ward Beecher na ɔkaa saa asɛm yi. Nnipa pii susuw sɛ ɛfata nnɛyi akasatiafo pɛpɛɛpɛ. Nanso, asɛmfua “ɔkasatiafo” no nyaa ne mfiase wɔ tete Hela, baabi a na ɛnkyerɛ obi a ɔda su a ɛte saa adi kɛkɛ nko. Mfehaha pii no, na ɛfa nyansapɛfo kuw bi ho.

Ɛyɛɛ dɛn na Akasatiafo nyansapɛ no fii ase? Dɛn na wɔkyerɛkyerɛe? So ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ Kristoni benya Ɔkasatia su ahorow no bi?

Tete Akasatiafo—Wɔn Mfiase ne Wɔn Gyidi Ahorow

Ná tete Hela yɛ baabi a wosusuw nsɛm ho na wogye akyinnye yiye. Mfehaha pii ansa na Yɛn Bere Yi reba no, mmarima te sɛ Socrates, Plato, ne Aristotle de nyansapɛ ahorow bi bae a ɛmaa wogyee din. Wɔn nkyerɛkyerɛ no nyaa nkurɔfo so nkɛntɛnso kɛse, na nsusuwii a ɛtete saa da so ara wɔ Atɔe famfo amammerɛ mu.

Socrates (470-399 A.Y.B.) kyerɛe sɛ ɛnyɛ honam fam nneɛma anaa akɔnnɔ akyidi na ɛde anigye a ɛtra hɔ daa ba. Ɔkyerɛe sɛ ɔbra pa akyidi na ɛma wonya nokware anigye wɔ asetra mu. Socrates buu ɔbra pa sɛ ade a eye sen biara. Nea ɛbɛyɛ na wadu saa botae yi ho no, ɔpoo honam fam akɔnnɔde ne nnwuma a ɛho nhia akyidi efisɛ ɔtee nka sɛ eyinom bɛtwetwe n’adwene. Ogyee ade a wɔnyɛ ntra so toom, na ɔkamee ne ho nneɛma, maa ɔyɛɛ ne ho awiɛmfoɔ.

Socrates de nkyerɛkyerɛ bi bae a na wɔfrɛ no Socrates kwan. Bere a na nyansapɛfo dodow no ara de nsusuwii bi to gua na wɔkyerɛ wɔn adwene wɔ ho no, Socrates yɛɛ nea ɛne no bɔ abira. Otiee nyansapɛfo foforo nkyerɛkyerɛ, na ɔhwehwɛe sɛ ɔbɛda mfomso ahorow a ɛwɔ wɔn nkyerɛkyerɛ mu no adi. Saa kwan yi hyɛɛ ɔkasatia ne afoforo a wobu wɔn animtiaa ho nkuran.

Socrates akyidifo no mu biako ne obi a na ne din de Antisthenes (bɛyɛ 445-365 A.Y.B.). Ɔne afoforo bi de Socrates nkyerɛkyerɛ titiriw no kɔɔ akyiri kae sɛ ɔbra pa nkutoo ne adepa. Wɔn fam no, ɛnyɛ adwene nko na anigyede akyidi twetwe, na mmom ɛyɛ bɔne nso. Wɔbɛyɛɛ nkurɔfo a wɔmpɛ nnipa koraa, na wobuu wɔn mfɛfo nnipa animtiaa kɛse. Wɔbɛfrɛɛ wɔn Akasatiafo. Ebetumi aba sɛ wonyaa edin Ɔkasatia no fii Hela asɛmfua (ky·ni·kosʹ) a na ɛkyerɛ wɔn amunamuna ne wɔn ahantan su no. Ɛkyerɛ “kraman su.” *

Nkɛntɛnso a Enyae Wɔ Wɔn Asetra So

Bere a na Akasatiafo nyansapɛ no mu nneɛma bi te sɛ wɔn ani a na ennye ade dodowpɛ ne anigye ntraso ho no betumi ayɛ nea ɛfata no, Akasatiafo no yɛɛ ade traa so. Eyi daa adi wɔ Ɔkasatiafo a wonim no yiye—nyansapɛfo Diogenes—asetra mu.

Wɔwoo Diogenes wɔ afe 412 A.Y.B. mu wɔ Sinope, kurow bi a ɛda Po Tuntum ho mu. Ɔne ne papa tu kɔtraa Atene, baabi a obehuu Akasatiafo nkyerɛkyerɛ no. Diogenes na ɔkyerɛkyerɛɛ Antisthenes, na Akasatiafo nyansapɛ no begyee n’adwene yiye. Socrates yɛɛ ne ho awiɛmfoɔ, na Antisthenes tuaa ne ho anigyede ne nneɛma pii. Nanso, Diogenes yɛɛ ɔhotuafo. Nea ɛbɛyɛ na Diogenes asi so dua sɛ n’ani nnye honam fam anigyede ho no, wɔkyerɛ sɛ, ɔtraa ankora bi mu bere tiaa bi!

Bere a na Diogenes rehwehwɛ adepa a ɛsen biara no, wɔkyerɛ sɛ okyinkyin Atene awia ketee a na okura kanea a wɔasɔ sɛ ɔrehwehwɛ onipa a ɔbɔ bra pa! Nneyɛe a ɛte saa no twetwee nkurɔfo adwene, na ɛyɛɛ ɔkwan a Diogenes ne Akasatiafo foforo nam so kyerɛkyerɛe. Wɔkyerɛ sɛ bere bi Alexander Ɔkɛseɛ no bisaa Diogenes nea ɔpɛ paa. Wɔbɔ amanneɛ sɛ Diogenes kae sɛ nea ɔpɛ ankasa ne sɛ Alexander bɛtwe ne ho afi n’anim na ama wanya owia hann!

Diogenes ne Akasatiafo afoforo traa ase sɛ adesrɛfo. Ná wonni bere a wɔne nnipa de bedi nkitaho, na wɔpoo ɔman adwuma biara. Ebia Socrates kwan a ɔfaa so susuw nsɛm ho a wosuasuae nti, wɔbɛyɛɛ nkurɔfo a na wommu afoforo koraa. Wobehuu Diogenes yiye sɛ obi a ɔpɛ kasatwiw. Akasatiafo no begyee din sɛ nkurɔfo a wɔwɔ “ɔkraman su,” nanso wɔbɔɔ Diogenes ankasa mmran sɛ Ɔkraman. Owui bɛyɛ 320 A.Y.B., bere a na wadi bɛyɛ mfirihyia 90. Wɔyɛɛ ɔbo nkaedum a ɛte sɛ ɔkraman sii ne da so.

Adwenkyerɛ akuw foforo faa Akasatiafo nyansapɛ no bi. Nanso, bere kɔɔ so no, Diogenes ne akyiri yi n’akyidifo no nsɛm a emu yɛ den a na nyansa nnim no maa asɛm baa Akasatiafo sukuu no ho. Awiei koraa no, egui.

Ɛnnɛyi Akasatiafo—So Ɛsɛ sɛ Woda Wɔn Su Ahorow no Bi Adi?

The Oxford English Dictionary ka nnɛyi kasatiafo ho asɛm sɛ “onipa a ɔpɛ animka anaasɛ ɔhwehwɛ afoforo ho mfomso. . . . Onipa a ne su ne sɛ onnye nnipa nsusuwii ne wɔn nneyɛe a ɛyɛ nokware anaa papa nni, na ɔnam fɛwdi ne kasatwiw so yɛ eyi; obi a ɔhwehwɛ afoforo ho mfomso.” Wɔda saa su ahorow yi adi wɔ wiase a yɛte mu yi mu nyinaa, nanso ɛne Kristofo suban nhyia. Susuw Bible nkyerɛkyerɛ ne nnyinasosɛm a edidi so yi ho hwɛ.

“Mmɔborohunufo ne ɔdomfo ne [Yehowa, “NW”], ne bo kyɛ fuw, na n’adɔe dɔɔso. Ɔrenham nkosi daapem, na ɔrennya yɛn menasepɔw nkosi daa.” (Dwom 103:8, 9) Wɔaka akyerɛ Kristofo sɛ ‘wonsua Onyankopɔn.’ (Efesofo 5:1) Sɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn paw sɛ ɔbɛda mmɔborohunu ne adɔe pii adi sen sɛ ‘ɔbɛka anim anaa wahwehwɛ mfomso’ a, ɛnde na ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ mmɔden yɛ saa ara.

Yesu Kristo a ɔyɛ Yehowa su sɛso no ‘gyaw yɛn nhwɛso, sɛ yenni n’anammɔn akyi.’ (1 Petro 2:21; Hebrifo 1:3) Ɛtɔ mmere bi a na Yesu pa nyamesom mu atosɛm ne wiase no nnwuma bɔne ho ntama. (Yohane 7:7) Nanso, ɔkaa nsɛm a ɛfata faa nnipa anokwafo ho. Sɛ nhwɛso no, ɔkaa Natanael ho asɛm sɛ: “Hwɛ, nokware Israelni a nnaadaa nni ne mu ni!” (Yohane 1:47) Sɛ Yesu yɛ anwonwade a, na otumi twe adwene si nea ɔyɛɛ anwonwade maa no no gyidi so. (Mateo 9:22) Na bere a ebinom susuwii sɛ ɔbea bi akyɛde a ɔde kyerɛɛ anisɔ no yɛ adesɛe no, Yesu ankasa antia adwene a ɔde yɛɛ saa no, na mmom ɔkae sɛ: “Wiase baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi no, wɔbɛka nea ɔbea yi yɛe nso de ayɛ no nkae.” (Mateo 26:6-13) Ná Yesu yɛ adamfo a wotumi de ho to no so, na na ɔyɛ ɔyɔnko a ɔdɔ n’akyidifo no, na “ɔdɔɔ wɔn kosii ase.”—Yohane 13:1.

Esiane sɛ na Yesu yɛ pɛ nti, na anka obetumi anya nnipa a wɔnyɛ pɛ no ho mfomso a ɔmmrɛ ho. Nanso, sɛ́ anka ɔbɛyɛ obi a onnye nnipa nni na ɔhwehwɛ wɔn ho mfomso no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wɔanya abotɔyam mmom.—Mateo 11:29, 30.

‘Ɔdɔ gye ade nyinaa di.’ (1 Korintofo 13:7) Saa asɛm yi ne ɔkasatiafo a obisabisa afoforo nsusuwii ne wɔn nneyɛe ho nsɛm no su bɔ abira koraa. Nokwarem no, nnipa a ɛsono wɔn adwene ayɛ wiase ma; enti ahwɛyiye ho hia. (Mmebusɛm 14:15) Nanso, ɔdɔ ayɛ krado sɛ ebegye adi efisɛ etumi de ne ho to biribi so, na ennya nneɛma ho adwene a ɛmfata sɛnea ɛnsɛ.

Onyankopɔn dɔ n’asomfo na ogye wɔn tom. Onim wɔn sintɔ ahorow sen wɔn ankasa. Nanso, Yehowa nsusuw biribi bɔne mma ne nkurɔfo da, na ɔnhwehwɛ nneɛma a ɛboro wɔn ahoɔden so mfi wɔn hɔ. (Dwom 103:13, 14) Afei nso, nnipa ho nneɛma pa na Onyankopɔn hwɛ, na ɛmfa ho sɛ n’asomfo anokwafo nyɛ pɛ no, ofi ahotoso mu de asɛyɛde ne tumi hyehyɛ wɔn nsa.—1 Ahene 14:13; Dwom 82:6.

“Me, [Yehowa, “NW”], na mehwehwɛ koma mu, mesɔ asaabo mehwɛ na mɛma obiara sɛ n’akwan te, sɛ ne nsɛnnii aba no te.” (Yeremia 17:10) Yehowa betumi ahu nea ɛwɔ obi komam pɛpɛɛpɛ. Yentumi nhu. Enti, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ adwene bi a yebenya wɔ afoforo ho no ho.

Kasatia honhom a yɛbɛma atra yɛn mu na awiei koraa no, agye yɛn adwene no betumi de mpaapaemu aba yɛne mfɛfo gyidifo ntam. Ebetumi asɛe Kristofo asafo no asomdwoe. Enti, momma yenni Yesu a na ɔka nokwasɛm nanso na ɔka nsɛm a ɛhyɛ nkuran wɔ ɔne n’asuafo nsɛnnii mu no nhwɛso akyi. Ɔbɛyɛɛ wɔn adamfo a wɔwɔ ne mu ahotoso.—Yohane 15:11-15.

“Sɛnea mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara!” (Luka 6:31) Akwan pii wɔ hɔ a yebetumi afa so de Yesu Kristo afotu yi adi dwuma. Sɛ nhwɛso no, yɛn nyinaa ani gye ho sɛ wobefi ayamye ne obu mu akasa akyerɛ yɛn. Ɛnde, akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yɛn nso yefi ayamye ne obu mu kasa kyerɛ afoforo. Bere a Yesu paa nyamesom akannifo atoro nkyerɛkyerɛ ho ntama denneennen mpo no, wanyɛ eyi wɔ kasatia mu.—Mateo 23:13-36.

Akwan a Yɛbɛfa so Ako Atia Ɔkasatia

Sɛ nneɛma adi yɛn huammɔ wɔ asetram a, ebetumi aba sɛ ɛrenyɛ den sɛ yebenya ɔkasatia honhom. Yebetumi ako atia saa honhom yi denam hu a yebehu sɛ Yehowa ne nnipa a wɔnyɛ pɛ di no ahotoso mu. Eyi betumi aboa yɛn ma yɛagye Onyankopɔn asomfo foforo atom sɛnea wɔte no—nnipa a wɔnyɛ pɛ a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ no.

Nsɛm a ɛyɛ yaw a ebinom ahyia betumi ama wɔayɛ nkurɔfo a wonni afoforo mu ahotoso. Nokwarem no, nyansa nnim sɛ yɛde yɛn werɛ nyinaa bɛhyɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ mu. (Dwom 146:3, 4) Nanso, wɔ Kristofo asafo no mu no, nnipa pii fi komam pɛ sɛ wɔhyɛ nkuran. Wo de susuw mpempem pii a wɔyɛ sɛ agyanom, nuabeanom, nuabarimanom, ne mma ma wɔn a wɔahwere wɔn ankasa mmusua no ho hwɛ. (Marko 10:30) Susuw nnipa dodow a wɔda wɔn ho adi sɛ nokware nnamfo wɔ ahohia bere mu no ho hwɛ. *Mmebusɛm 18:24.

Ɛnyɛ ɔkasatia na wɔde hu Yesu akyidifo na mmom onuadɔ, efisɛ ɔkae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Enti, momma yɛnna ɔdɔ adi, na yɛmfa yɛn adwene nsi su pa a mfɛfo Kristofo wɔ so. Saa a yɛbɛyɛ no bɛboa yɛn ma yɛakwati Akasatiafo su ahorow.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 8 Ebetumi aba nso sɛ wonyaa edin Ɔkasatia no fii Ky·noʹsar·ges, agumadidan bi a ɛwɔ Atene a na Antisthenes kyerɛkyerɛ wɔ mu no mu.

^ nky. 27 Hwɛ May 15, 1999, Ɔwɛn-Aban, mu asɛm a n’asɛmti ne “Kristofo Asafo No—Baabi a Yenya Denhyɛ” no.

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Ɔkasatiafo a wonim no yiye, Diogenes

[Asɛm Fibea]

From the book Great Men and Famous Women