Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So W’asetra Betumi Ayɛ Nea Atirimpɔw Kɛse Wom?

So W’asetra Betumi Ayɛ Nea Atirimpɔw Kɛse Wom?

So W’asetra Betumi Ayɛ Nea Atirimpɔw Kɛse Wom?

SƐNEA biribi som bo no nte saa bere nyinaa. Sika kɛse a United States sikakorabea atwa yɛ $10,000. Nanso, krataa a wɔde twae no bo yɛ sɛnt kakraa bi pɛ.

So woasusuw ho pɛn sɛ nkratasin a ɛnsom bo ahe biara no betumi ama w’asetra ayɛ nea atirimpɔw wom ankasa? Nnipa pii susuw sɛ ebetumi ayɛ saa. Nnipa ɔpepem pii yɛ adwuma awia ne anadwo sɛnea ɛbɛma wɔatumi anya sika pii. Ɛtɔ mmere bi a sika akyi a wodi no hwehwɛ sɛ wobu wɔn ani gu wɔn akwahosan, wɔn nnamfo, ne wɔn abusua mpo so. Dɛn na efi mu ba? So sika—anaa nea yebetumi de atɔ—betumi ama yɛanya abotɔyam a ɛtra hɔ daa ankasa?

Sɛnea nhwehwɛmufo kyerɛ no, dodow a yɛnam honam fam nneɛma so hwehwɛ abotɔyam no, dodow no ara na yɛn nsa nka. Ɔsɛnkyerɛwfo Alfie Kohn ka sɛ “wɔntɔn abotɔyam. . . . Nkurɔfo a ahonyade yɛ wɔn asetram ahiade titiriw no taa nya dadwen ne adwenemhaw, na ɛma wɔn asetram yiyedi kɔ fam koraa.”—International Herald Tribune.

Ɛwom sɛ nhwehwɛmufo betumi ahu sɛ nyɛ sika na ɛma wonya asetra a atirimpɔw wom de, nanso nnipa pii nsusuw saa. Eyi nyɛ nwonwa koraa, efisɛ wobetumi de aguade ho nsɛm bɛyɛ 3,000 aguan wɔn a wɔte Atɔe fam nsase so no asom da koro. Sɛ́ eyinom yɛ kar anaa tɔfe ho dawurubɔ no, nea ɛwɔ akyi ara ne sɛ: ‘Tɔ aguade yi, na wubenya anigye kɛse.’

Dɛn na afi honam fam nneɛma a wɔhyɛ ho nkuran daa yi mu aba? Ɛma wɔtaa bu ani gu honhom fam nneɛma so! Sɛnea Newsweek nsɛmma nhoma mu amanneɛbɔ bi kyerɛ no, ɔsɔfopɔn a ɔwɔ Cologne, Germany, kae nnansa yi sɛ “yɛnka Onyankopɔn ho asɛm bio wɔ yɛn man yi mu.”

Ebetumi aba sɛ wode w’ahoɔden nyinaa repɛ w’ano aduan. Ebia wote nka sɛ wunnya kwan pii mfa nyɛ biribi foforo biara. Nanso, ɛtɔ mmere bi a wubetumi ahu sɛ nyɛ nea ɛwɔ asetram ara ne ɔbrɛ adwuma a wobɛyɛ no daa akosi sɛ w’akwahosan anaa onyin bɛma woagyae.

So w’adwene a wode besi honhom fam nneɛma so kɛse no betumi ama woanya abotɔyam pii? Dɛn na ɛbɛma w’asetra ayɛ nea atirimpɔw kɛse wom?