Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wubetumi Akura Ahotew Mu Wɔ Wiase A Ɔbrasɛe Wom Mu

Wubetumi Akura Ahotew Mu Wɔ Wiase A Ɔbrasɛe Wom Mu

Wubetumi Akura Ahotew Mu Wɔ Wiase A Ɔbrasɛe Wom Mu

NÁ ƆYƐ ɔbarima tuntum a ne ho yɛ fɛ. Ná ɔyɛ ɔbea mmɔdenbɔfo a ne ho yɛ fɛ. Na wɔn nyinaa yɛ adwuma wɔ adwumakuw biako mu. Ɔbea no de ne ho hyehyɛɛ no. Ɔbarima no kamfoo no. Wɔtotɔɔ nneɛma kyekyɛɛ wɔn ho wɔn ho. Ankyɛ na wobenyaa ɔdɔ maa wɔn ho wɔn ho. Ɔbarima no gyaw ne yere hɔ kodii n’akyi. Akyiri yi ɔbea no sii gyinae sɛ ɔne ne kunu bɛtra, ma enti wogyaee mpenatwe. Ɔbarima no de amemenemfe yɛe sɛ ɔbɛsan akɔ ne yere nkyɛn. Nanso, esiane sɛ na onnuu ne ho ankasa nti, anyɛ yiye. Wɔn a asɛm no fa wɔn ho no mu biara kɔɔ so bɔɔ ne bra, nanso wɔamfa wɔn ho anni.

Wommu nna ho ɔbra pa sɛ ade pa bio wɔ saa wiase yi mu. Ɛkame ayɛ sɛ nea ɛrekɔ so nnɛ ne anigyede ne ahosɛpɛw akyidi a anohyeto nnim. The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Ɛte sɛ nea awaresɛe rekɔ so wɔ baabiara, na wɔ tebea horow bi mu no, abu so te sɛ aware.”

Nanso, Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ ‘wodi’ aware “ni” na “wonngu” aware mpa ho “fi.” (Hebrifo 13:4) Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Mommma wɔnnnaadaa mo, nguaman ne abosonsomfo ne awaresɛefo ne ahodomfo ne mmarima a wɔne wɔn ho da . . . rennya Onyankopɔn ahenni no.” (1 Korintofo 6:9, 10) Enti, sɛ yebenya Onyankopɔn anim dom a, ɛsɛ sɛ yekura abrabɔ fam ahotew mu wɔ saa wiase a ɔbrasɛe abu so wɔ mu yi mu.

Yɛbɛyɛ dɛn atumi abɔ yɛn ho ban afi nkɛntɛnso bɔne a atwa yɛn ho ahyia no ho? Ɔhene Salomo a ɔtraa ase tete Israel no ma mmuae wɔ Bible mu nhoma a ɛne Mmebusɛm no ti 5. Ma yɛnhwehwɛ nea ɔka no mu.

Adwempa a Ɛbɛbɔ Wo Ho Ban

Israel hene no fi ase sɛ: “Me ba, tie me nyansa.” Ɔde ka ho sɛ: “Brɛ w’aso ase ma me ntease, na woahwɛ adwempa so, na w’ano akora nimdeɛ.”Mmebusɛm 5:1, 2.

Sɛ yebetumi ako atia ɔbrasɛe ho sɔhwɛ ahorow a, yehia nyansa—ahoɔden a ɛbɛma yɛatumi de Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ ayɛ adwuma—ne nhumu anaa tumi a yɛde beyiyi papa ne bɔne mu na ama yɛafa ɔkwampa so. Wɔahyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmrɛ yɛn aso ase mma nyansa ne nhumu na ama yɛatumi ahwɛ yɛn adwene so. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ saa? Sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm, Bible no a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ɔkwan a Yehowa fa so yɛ n’ade no nsow na yɛyɛ aso ma n’apɛde ne n’atirimpɔw ahorow. Sɛ yɛyɛ eyi a, na yɛde yɛn adwene resi nneɛma pa so. Adwempa a yenya wɔ ɔkwan a ɛte saa so no ne Onyankopɔn nyansa ne nimdeɛ hyia. Sɛ yɛde adwempa yi di dwuma yiye a, ɛbɔ yɛn ho ban na ɔbrasɛe ho akɔnnɔ ansum yɛn afiri.

Hwɛ Yiye Wɔ Ano a Ɛyɛ Toro Ho

Nea enti a adwempa ho hia na ama yɛatumi akura abrabɔ pa mu wɔ wiase a ɛho agu fĩ yi mu ne sɛ nipa a ne bra asɛe akwan yɛ nnaadaa. Salomo bɔ kɔkɔ sɛ: “Ɔbea nanani ano kyĩ ɛwo sosɔ, na n’anom yɛ toro sen ngo; na n’akyi yɛ nwene sɛ awɔnwene, ɛyɛ nnam te sɛ nkrante anofanu.”Mmebusɛm 5:3, 4.

Wɔ bɛ yi mu no, wɔka ɔdebɔneyɛfo no ho asɛm sɛ “ɔbea nanani”—tuutuuni. * Nsɛm a ɔka de daadaa nea odi no amim no yɛ dɛ sɛ ɛwo, na ɛyɛ toro sen ngo. So ɛnyɛ saa kwan yi so na wofi ase twetwe afoforo adwene kɔ nna mu ɔbrasɛe dodow no ara so? Sɛ nhwɛso no, susuw ɔbea hoɔfɛfo kyerɛwfo a wadi mfirihyia 27 a ne din de Amy asɛm no ho hwɛ. Ɔka sɛ: “Saa ɔbarima yi a ɔwɔ m’adwumam no ma n’ani ku me ho yiye, na ɔkamfo me bere biara. Ɛyɛ anigye sɛ afoforo behu nea woyɛ. Nanso, mitumi hu sɛ nna nti na ɔkyerɛ me ho anigye saa. Meremma nea ɔreyɛ no nnaadaa me.” Ɔdaadaafo adɛfɛdɛfɛsɛm taa yɛ anigye, gye sɛ yehu nea ɔrepɛ akyerɛ no. Wɔ eyi ho no ehia sɛ yenya adwempa.

Ɔbrasɛe akyi asɛm yɛ nwene sɛ awɔnwene, na ɛyɛ nnam sɛ nkrante anofanu—ano yɛ yaw na edi awu. Ahonim a ebu fɔ, nyinsɛn a wɔmpɛ, anaa yare a wonya fi nna mu ne nneɛma a enye na ɛtaa fi nneyɛe a ɛtete saa mu ba. Na susuw nkate fam yaw a obi a wanni nokware aware mu ɔhokafo bedi no ho hwɛ. Awaresɛe biako betumi apira obi kɛse a ne werɛ remfi da. Yiw, ɔbrasɛe pira.

Bere a ɔhene nyansafo no reka ɔbea debɔneyɛfo bi asetra kwan ho asɛm no, ɔtoa so sɛ: “N’anan sian kɔ owu mu, asaman na n’anammɔn tutu kɔ. Nkwa kwan de, ɔnkɔ ara da, n’anammɔn kyinkyini kɔ nea onnim hɔ.” (Mmebusɛm 5:5, 6) Ɔbea guamanfo no akwan de no kɔ owu mu—n’anammɔn kɔ Sheol, adesamma nyinaa damoa mu. Bere a nyarewa a wonya fi nna mu, titiriw AIDS, abu so yi, hwɛ sɛnea saa nsɛm yi yɛ nokware! Nea ɛba wɔn a wɔne no fa ne kwammɔne so no so no ara bi na ɛba ne so.

Ɔhene no de koma pa hyɛ nkuran sɛ: “Afei, me mma, muntie me, na munnyi mo ho mmfi m’anom nsɛm ho. Ma wo kwan mfi ne ho nkɔ akyiri, na mmɛn ne fi pon ano.”Mmebusɛm 5:7, 8.

Ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi nkurɔfo a wɔn bra asɛe nkɛntɛnso ho koraa sɛnea yebetumi. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛfa wɔn akwan so denam nnwom a mfaso nni so a yebetie, anigyede a ɛsɛe adwene a yɛbɛhwɛ, anaasɛ aguamansɛm a yɛbɛhwɛ anaa yɛbɛkenkan so? (Mmebusɛm 6:27; 1 Korintofo 15:33; Efesofo 5:3-5) Na hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ yɛbɛtwetwe wɔn adwene aba yɛn so denam bɔ a yɛne wɔn bɛbɔ anaasɛ denam yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie a ɛmfata so!—1 Timoteo 4:8; 1 Petro 3:3, 4.

Akatua no Sõ Dodo

Ade foforo bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ɔdebɔneyɛfo ho koraa? Salomo bua sɛ: “Na woamfa wo nidi amma ebinom, ne wo mfe amma otirimɔdenfo; na ahɔho anni w’ade ammee, na w’adwumade antra obi hunu fi; na wo nna a edi akyiri no, woampenepene, sɛ wo nipadua ne wo honam asã.”Mmebusɛm 5:9-11.

Enti Salomo si akatua a ɛsõ a yenya fi ɔbrasɛe a yɛde yɛn ho bɛhyɛ mu no mu so dua. Awaresɛe de animguase anaa aniwu na ɛba. So ɛnyɛ animguase ankasa sɛ yɛnam saa a yɛbɛyɛ so adwudwo yɛn ankasa akɔnnɔ bɔne anaa obi foforo de ano kɛkɛ? Sɛ yɛne obi a ɔnyɛ yɛn aware mu ɔhokafo nya nna mu kyɛfa a, so ɛnkyerɛ sɛ yemmu yɛn ho?

Nanso, dɛn na ‘yɛn mfe, yɛn ahoɔden, ne yɛn adwumade a yɛde ma ahɔho’ no kyerɛ? Nhoma bi ka sɛ: “Asɛntitiriw a ɛwɔ saa nkyekyem yi mu no mu da hɔ: Awaresɛe so akatua betumi ayɛ nea ɛsõ dodo; nea obi abrɛ anya nyinaa—dibea, tumi, yiyedi—betumi ayera denam adifudepɛ so a ɔbea no bɛfa agye wo ho ade anaa ɛka a abaguafo bɛbɔ wo so.” Ɔbrasɛe betumi de ka kɛse aba ankasa!

Sɛ ɔkwasea no anim gu ase na n’ahonyade sa a, ɔbɛka sɛ: “Ao, sɛ metan nteɛso na me koma kyii animka ni! na mantie m’akyerɛkyerɛfo, na mammrɛ m’asõ ase mamma me nyansakyerɛfo! Ɛkaa kumaa ma esii me bɔne koraa, asafo ne guabɔ mu.”Mmebusɛm 5:12-14.

Bere kɔ so no, ɔdebɔneyɛfo no ka nea nhomanimfo bi frɛ no “‘mihui a anka’ tenteenten: mihui a anka mitiee m’agya; mihui a anka mamfa m’ankasa me kwan so; mihui a anka mitiee afoforo afotu.” Nanso, wobehu eyi no, na aka akyi dodo. Onipa a ne ho ntew no asetra asɛe dedaw, na ne din ho anya agu fĩ. Hwɛ sɛnea ehia sɛ yebesusuw ɔbrasɛe so akatua a ɛsõ no ho ansa na abunkam yɛn so!

“Nom W’abura Mu Nsu”

So Bible nka nna ho asɛm koraa? Dabida. Ɔbarima ne ɔbea ntam dɔ ne anigye no yɛ Onyankopɔn akyɛde. Nanso, ɛsɛ sɛ awarefo nkutoo na wonya saa nkitahodi yi mu kyɛfa. Enti Salomo tu ɔbarima warefo fo sɛ: “Nom w’abura mu nsu ne nsu a ɛsen fi wo nsuti mu: wo nsuaniwa bebu so afi adi ayɛ mmɔnten so asuten; ɛbɛyɛ wo nko dea, na ɛnyɛ wo ne ahɔho bi dea.”Mmebusɛm 5:15-17.

“W’abura” ne “wo nsuti” no yɛ anwensɛm mu nsɛm a egyina hɔ ma ɔyere a wɔdɔ no. Wɔde nna mu kyɛfa a wɔne no nya toto nsu a adwo a obi nom ho. Nea ɛnte sɛ ɔmamfo nsu no, wobu abura anaa nsuti sɛ ankorankoro agyapade. Na wotu ɔbarima fo sɛ ɔne ne yere nwo mma wɔ fie sen sɛ ɔbɛpete n’aba wɔ mmɔnten so, kyerɛ sɛ, ɔne mmea foforo bɛwo. Ɛda adi sɛ, wotu ɔbarima fo sɛ onni ne yere nokware.

Onyansafo no toa so sɛ: “Ma w’abura nyɛ nhyira, na wo ne wo mmerantebere mu yere ani nnye; ɔdɔ satwe ne anuonyam wansan no: ma ne mpokua nsɔ w’ani daa, tɔ ne dɔ mu ntintan daa yi.”Mmebusɛm 5:18, 19.

‘Abura,’ anaa nsuti no fa nna mu anigye ho. Nna mu anigye a obi ne ne hokafo nya yɛ “nhyira”—a Onyankopɔn de ma. Enti, wotu ɔbarima fo sɛ ɔne ne mmerantebere mu yere ani nnye. Wɔ ne fam no, ɛsɛ sɛ ɔbea no yɛ obi a ɔdɔ no na ne ho yɛ no fɛ sɛ ɔwansanbere, na ɔwɔ anuonyam na ne ho yɛ no anika sɛ bepɔw so abirekyi.

Afei Salomo bisa nsɛm abien a ɛma obi susuw ade ho kɔ akyiri: “Me ba, adɛn na wotɔ ɔbea nanani ho ntintan, na wuso ɔbea hɔho kokom?” (Mmebusɛm 5:20) Yiw, dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔwarefo bi ma wɔdaadaa no ma ɔne obi a ɔnyɛ n’aware mu ɔhokafo konya nna mu kyɛfa denam hyia a wohyia wɔ adwumam, sukuu mu, anaa baabi foforo so?

Ɔsomafo Paulo de afotu yi ma Kristofo awarefo sɛ: “Eyi na meka, anuanom, sɛ wɔatwa bere no tiaa, na nea aka no, wɔn a wɔwɔ yerenom ayɛ sɛnea wonni bi.” (1 Korintofo 7:29) Dɛn na eyi kyerɛ? Wiɛ, ɛsɛ sɛ Yesu Kristo akyidifo ‘kɔ so hwehwɛ ahenni no kan.’ (Mateo 6:33) Enti, ɛnsɛ sɛ awarefo de wɔn adwene si wɔn ho so dodo na wopia Ahenni nneɛma to nkyɛn wɔ wɔn asetra mu.

Ɛsɛ sɛ Yenya Ahosodi

Yebetumi adi nna ho akɔnnɔ so. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya Yehowa anim dom no yɛ saa. Ɔsomafo Paulo tuu fo sɛ: “Eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, mo ahotew, sɛ munyi mo ho mfi aguamammɔ mu, sɛ mo mu biara nhu sɛ obenya n’ankasa n’ade [n’ankasa nipadua] ahotew ne nidi mu.”—1 Tesalonikafo 4:3, 4.

Enti, ɛnsɛ sɛ mmabun tu mmirika de wɔn ho kɔhyɛ aware mu bere a wonya nna ho nkate a edi kan no. Aware hwehwɛ ahofama, na egye ahokokwaw na ama wɔatumi adi asɛyɛde a ɛte saa ho dwuma. (Genesis 2:24) Eye sɛ obi twɛn kosi sɛ ne ‘baabun a aso aware no betwam’—bere a obi nna ho nkate mu yɛ den na ebetumi ama wayɛ obi a ɔmfa atɛmpa nni dwuma no. (1 Korintofo 7:36) Na hwɛ sɛnea nyansa nnim na ɛyɛ bɔne sɛ obi a wanyin a ɔpɛ sɛ ɔware de ne ho bɛhyɛ ɔbrasɛe mu esiane sɛ onnya aware mu ɔhokafo nti!

“Ɔbɔnefo Amumɔyɛ So No Mu

Ade titiriw nti a nna mu ɔbrasɛe yɛ bɔne ne sɛ Yehowa—Nkwamafo ne Nea ɔde nna ho nkate hyɛɛ nnipa mu no—ani nnye ho. Enti, Ɔhene Salomo rekyerɛ ade titiriw nti a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ho tew wɔ abrabɔ fam no, ɔka sɛ: “Onipa akwan da [Yehowa, NW] anim, na ɔtaataa n’anammɔn nyinaa.” (Mmebusɛm 5:21) Yiw, biribiara nni hɔ a ɛnna adi Onyankopɔn, “nea yɛne no wɔ asɛm no,” anim. (Hebrifo 4:13) Nna ho afideyɛ biara, ɛmfa ho sɛ wɔyɛ wɔ kokoam anaa ɛmfa ho honam fam ne asetram haw biara a ɛde ba no, sɛe yɛne Yehowa ntam abusuabɔ. Hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ yɛde bere tiaa mu anigye bɔne bɛsesa yɛne Onyankopɔn ntam asomdwoe!

Wɔn a wɔn ani nwu ade a wɔde wɔn ho hyɛ ɔbrasɛe mu no yɛ saa esiane sɛ ɛte sɛ nea hwee nyɛ wɔn no nti—nanso ɛrenkyɛ. Salomo ka sɛ: “Ɔbɔnefo amumɔyɛ so no mu, na ne bɔne nhama kyere no. Ɔkwati nteɛso nti obewu, na n’agyennyentwisɛm dodow nti ɔbɛyera.”Mmebusɛm 5:22, 23.

Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn mu bi yera kwan? Anyɛ yiye koraa no, Mmebusɛm nhoma no adi kan abɔ yɛn wiase akwan ho kɔkɔ dedaw. Na akyerɛ yɛn akatua a wɔtaa nya fi nna mu ɔbrasɛe mu—yɛn akwahosan, yɛn honam fam agyapade, yɛn ahoɔden, ne yɛn anuonyam. Bere a yɛanya nhumu a emu da hɔ saa no, enhia sɛ yɛde yɛn ho kɔhyɛ tebea bi a ɛbɛma yɛaka sɛ “mihui a anka” tenteenten biara mu da. Yiw, sɛ yɛde Yehowa afotu a ɔde ama wɔ N’asɛm a efi honhom mu no di dwuma a, yebetumi akɔ so ama yɛn ho atew wɔ wiase a ɔbrasɛe wom mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 11 Ná wɔde asɛmfua ‘ɔnanani’ frɛ nkurɔfo a wɔnyɛ wɔn ade mma ɛne Mmara no nhyia, na wɔnam so twe wɔn ho fi Yehowa ho no. Enti, wɔfrɛɛ tuutuuni “ɔbea nanani.”

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 30]

The aftereffects of immorality are as bitter as wormwood

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 31]

“Rejoice with the wife of your youth”