Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahantan De Animguase Ba

Ahantan De Animguase Ba

Ahantan De Animguase Ba

“Ahantan ba a, na [animguase, “NW”] ba, na ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.”—MMEBUSƐM 11:2.

1, 2. Dɛn ne ahantan, na akwan bɛn so na akowie asiane mu?

LEWINI oniberefo bi di atuatewfo basabasayɛfo bi anim ko tia mpanyimfo a Yehowa apaw wɔn. Ɔhene ba bi a ɔpɛ anuonyam bɔ pɔw bɔne a ɔde begye n’agya ahenni. Ɔhene bi a ɔpere ne ho bu Onyankopɔn diyifo akwankyerɛ a emu da hɔ fann so. Saa Israelfo baasa yi wɔ su biako: ahantan.

2 Ahantan yɛ su a ɛwɔ komam a ɛyɛ asiane ma obiara. (Dwom 19:13) Ɔhantanfo de akokoduru yɛ nneɛma a onni ho kwan sɛ ɔyɛ. Mpɛn pii no eyi kowie asiane mu. Nokwarem no, ahantan asɛe ahemfo, na ama ahemman pii ahwehwe ase. (Yeremia 50:29, 31, 32; Daniel 5:20) Asum Yehowa asomfo binom afiri ama wɔahwe ase.

3. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahu asiane ahorow a ɛwɔ ahantan mu?

3 Ntease wom sɛ Bible ka sɛ: “Ahantan ba a, na [animguase, NW] ba, na ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.” (Mmebusɛm 11:2) Nhwɛso ahorow bi wɔ Bible mu a esi sɛnea ɛbɛ yi yɛ nokware so dua. Eyinom mu bi a yɛbɛhwehwɛ mu no bɛboa yɛn ma yɛahu asiane a ɛwɔ bu a yebebu nhyehyɛe a wɔayɛ so no mu. Enti, ma yensusuw sɛnea anibere, anuonyampɛ, ne ahopere maa mmarima baasa a yɛkaa wɔn ho asɛm mfiase no yɛɛ wɔn ade ahantan so, na wɔn anim guu ase ho.

KoraOtuatewfo Oniberefo

4. (a) Hena ne Kora, na abakɔsɛm mu asɛm bɛn na ɛda adi sɛ onyaa mu kyɛfa? (b) Adebɔne bɛn na Kora hyɛɛ ho nkuran bere a ne mfe kɔɔ anim no?

4 Ná Kora yɛ Kehat Lewini, Mose ne Aaron papa nua ba. Ɛda adi sɛ na wadi Yehowa nokware mfirihyia pii. Ná Kora ka wɔn a wogyee wɔn anwonwakwan so ma wɔfaa Po Kɔkɔɔ mu no ho, na ɛda adi sɛ na ɔka wɔn a wɔde Yehowa atemmu baa Israelfo a wɔsom nantwi ba wɔ Bepɔw Sinai ase so no ho. (Exodus 32:26) Nanso, awiei koraa no, Kora bɛyɛɛ atuatewfo kannifo kodii Rubenfo, Datan, Abiram, ne On, ne Israel mmapɔmma 250 anim sɔre tiaa Mose ne Aaron. * Wɔka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: “Ayɛ yiye! Asafo mu yi nyinaa yɛ nnipa kronkron, obiara biara, na [Yehowa, NW] wɔ wɔn mu; na ɛdɛn nti na moma mo ho so [Yehowa, NW] bagua so?”—Numeri 16:1-3.

5, 6. (a) Dɛn nti na Kora tew atua tiaa Mose ne Aaron? (b) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ ɛda adi sɛ Kora buu gyinabea a na ɔwɔ wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe mu no ade ketewa?

5 Dɛn nti na bere a na Kora adi nokware mfirihyia pii no ɔtew atua? Akyinnye biara nni ho sɛ na Mose mfa n’akanni no nhyɛ Israelfo no so, efisɛ na “odwo pii sen nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.” (Numeri 12:3) Nanso, ɛte sɛ nea Kora ani beree Mose ne Aaron, na onyaa wɔn dibea no ho menasepɔw, na eyi na ɛmaa no—dii mfomso—kae sɛ wɔn ankasa fi pɛsɛmenkominya mu ama wɔn ho so wɔ asafo no mu no.—Dwom 106:16.

6 Ɛda adi sɛ nea ɛmaa Kora yɛɛ saa no bi ne sɛ na n’ani nsɔ hokwan ahorow a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe mu no. Ɛyɛ nokware sɛ na Kehat Lewifo no nyɛ asɔfo, nanso na wɔkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Mmara. Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ wɔde ntamadan mu nkongua ne nnwinne kɔ baabi a, na wɔn ara na wɔsoa. Na ɛno nyɛ adwuma ketewa, efisɛ nnipa a wɔn ho tew wɔ ɔsom ne abrabɔ mu nkutoo na na wobetumi asoa nnwinne kronkron no. (Yesaia 52:11) Enti, bere a Mose ne Kora kasae no, na ɔrebisa sɛ, So w’adwuma no sua ma wo dodo ma enti worepɛ asɔfodi aka ho? (Numeri 16:9, 10) Kora anhu sɛ anuonyam a ɛsen biara ne sɛ obi bɛsom Yehowa sɛnea ne nhyehyɛe te—na ɛnyɛ gyinabea anaa dibea titiriw bi a obenya.—Dwom 84:10.

7. (a) Ɔkwan bɛn so na Mose ne Kora ne ne mmarima no dii? (b) Ɔkwan bɛn so na Kora atuatew no kowiee bɔne mu?

7 Mose frɛɛ Kora ne ne mmarima sɛ ɛda a edi hɔ anɔpa no, wɔmfa aduhuam nkukuwa ne aduhuam na wonhyia wɔ ahyiae ntamadan no ano. Esiane sɛ na Kora ne ne mmarima no nyɛ asɔfo nti, na wonni ho kwan sɛ wɔhyew aduhuam. Enti sɛ na wɔde aduhuam nkukuwa ne aduhuam ba a, na eyi bɛkyerɛ sɛ saa mmarima no da so ara susuw sɛ wɔfata sɛ wɔsom sɛ asɔfo—bere a na wɔde anadwo mũ nyinaa asusuw ho akyi mpo no. Bere a ade kyee anɔpa na wɔbaa Yehowa anim no, ɔdaa n’abufuw adi ɔkwan a ɛfata so. Rubenfo no de, “asase buee n’anom menee wɔn.” Wɔn a aka no ne Kora de, ogya fii Onyankopɔn nkyɛn bɛhyew wɔn. (Deuteronomium 11:6; Numeri 16:16-35; 26:10) Kora ahantan no kowiee animguase kɛse mu—wɔhweree Onyankopɔn anim dom!

Ko Tia ‘Anibere Honhom’

8. Ɔkwan bɛn so na ‘anibere honhom’ betumi ada ne ho adi wɔ Kristofo mu?

8 Kora asɛm no yɛ kɔkɔbɔ ma yɛn. Esiane sɛ ‘anibere honhom’ wɔ nnipa a yɛnyɛ pɛ mu nti, ebetumi ada ne ho adi wɔ Kristofo asafo no mu mpo. (Yakobo 4:5) Sɛ nhwɛso no, yebetumi ayɛ nnipa a yɛn ani bere dibea. Te sɛ Kora no, yɛn ani betumi abere nnipa a wonya dibea horow a anka yɛpɛ no. Anaasɛ yebetumi abɛyɛ sɛ afeha a edi kan no mu Kristoni bi a na ne din de Diotrefe. Ná ɔkasa tia asomafo no tumidi denneennen, a ɛda adi pefee sɛ na ɔrepɛ panyin adi nti. Nokwarem no, Yohane kyerɛwee sɛ Diotrefe ‘repɛ wɔn mu panyin adi.’—3 Yohane 9.

9. (a) Asafo mu asɛyɛde ahorow ho adwene bɛn na ehia sɛ yɛkwati? (b) Adwene a ɛfata bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ gyinabea a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe mu ho?

9 Nokwarem no, ɛnyɛ bɔne sɛ Kristoni barima bɛhwehwɛ asafo mu asɛyɛde ahorow. Paulo hyɛɛ adeyɛ a ɛte saa ho nkuran mpo. (1 Timoteo 3:1) Nanso, ɛnsɛ sɛ yebu ɔsom adwuma no mu asɛyɛde sɛ abasobɔde a ɛma yɛfata da, te sɛ nea yenya a, na yɛanya nkɔanim bi. Kae sɛ, Yesu kae sɛ: “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo mu kɛse no, ɔnyɛ mo somfo, na obiara a ɔpɛ sɛ odi mo kan no, ɔnyɛ mo akoa.” (Mateo 20:26, 27) Ɛda adi sɛ, ɛbɛyɛ bɔne sɛ yɛn ani bɛbere wɔn a wɔwɔ asɛyɛde ahorow no, te sɛ nea ɛbo a yɛsom wɔ Onyankopɔn anim no gyina “dibea” a yɛwɔ wɔ n’ahyehyɛde no mu so. Yesu kae sɛ: “Mo nyinaa yɛ anuanom.” (Mateo 23:8) Yiw, sɛ́ yɛyɛ ɔdawurubɔfo anaa ɔkwampaefo, obi a wabɔ asu foforo anaa obi a ɔde bere tenten akura ne mudi mu no—wɔn a wofi ɔkra nyinaa mu som Yehowa no wɔ gyinabea a ɛfata wɔ ne nhyehyɛe mu. (Luka 10:27; 12:6, 7; Galatifo 3:28; Hebrifo 6:10) Ɛyɛ anigye ankasa sɛ yɛne nnipa ɔpepem pii a wɔrebɔ mmɔden de Bible afotu yi adi dwuma no bɛbom ayɛ adwuma: “Mumfura ahobrɛase, na monsonsom mo ho mo ho.”—1 Petro 5:5.

AbsalomOnuonyampɛfo Difudepɛfo

10. Hena ne Absalom, na ɔkwan bɛn so na ɔnam twetwee wɔn a na wɔba ɔhene hɔ bɛhwehwɛ atemmu no adwene baa ne so?

10 Ɔhene Dawid babarima a ɔto so abiɛsa, Absalom, asetra kwan ma yenya anuonyampɛ ho asuade. Saa odifudepɛfo yi bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa nnaadaa kwan so atwetwe wɔn a wɔbaa ɔhene no nkyɛn bɛhwehwɛɛ atemmu no adwene aba ne so. Nea edi kan no, ɔnam anifere kwan so kyerɛe sɛ Dawid bu n’ani gu wɔn ahiade so. Afei, ogyaee anifere kwan so adeyɛ no, na ɔdaa nea ɔrepɛ akyerɛ ankasa adi. Absalom kae sɛ: “Hena na ɔde me besi asase yi so temmufo, na me nkyɛn na anka obiara a okura asɛm bi anaa atemmude bi bɛba na mabu no atɛntrenee.” Ná Absalom anifere kwan so nnaadaasɛm no nni ano. Bible ka sɛ: “Sɛ obi twiw bɛn no bɛkotow no a, ɔteɛ ne nsa so no mu na ofew n’ano. Na sɛɛ na Absalom yɛ Israel a wɔba ɔhene nkyɛn asenni nyinaa.” Dɛn na efii mu bae? “Absalom de wiaa Israel mmarima koma.”—2 Samuel 15:1-6.

11. Ɔkwan bɛn so na Absalom bɔɔ mmɔden sɛ obegye Dawid ahenni no?

11 Ná Absalom asi ne bo sɛ obegye ne papa ahenni no afi ne nsam. Mfirihyia anum a na atwam no, Absalom maa wokum Dawid babarima panyin Amnon, a ɛda adi sɛ ɔde dii ne nuabea Tamar a Amnon too no mmonnaa no were. (2 Samuel 13:28, 29) Nanso, saa bere no mpo ɛbɛyɛ sɛ na Absalom ani wɔ ahenni no so, ma enti obuu Amnon a okum no no sɛ adeyɛ a ɔnam so beyi obi a ɔne no bedi ahenni no ho aperepere biara afi kwan mu. * Sɛnea ɛte biara no, bere a bere dui no, Absalom yɛɛ n’ade. Ɔmaa wɔpaee mu kae wɔ ɔman no mu nyinaa sɛ wadi hene.—2 Samuel 15:10.

12. Kyerɛkyerɛ sɛnea ahantan de Absalom kɔɔ animguase mu no mu.

12 Absalom dii nkonim kakra, efisɛ “atirisopam no mu yɛɛ den, na nnipa a wɔwɔ Absalom nkyɛn no kɔɔ so dɔɔso ara.” Bere kɔɔ so no, Ɔhene Dawid guan peree ne ti. (2 Samuel 15:12-17) Nanso, ankyɛ na Absalom dwumadi no baa awiei bere a Yoab kum no de no hyɛɛ amoa bi mu de abo guu ne so no. Susuw ho hwɛ—onuonyampɛfo yi a ɔpɛe sɛ ɔyɛ ɔhene no annya osie pa mpo wɔ ne wu mu! * Nokwarem no, ahantan na ɛmaa Absalom anim guu ase no.—2 Samuel 18:9-17.

Kwati Anuonyampɛ

13. Ɔkwan bɛn so na anuonyampɛ honhom betumi agye ntini wɔ Kristoni bi koma mu?

13 Absalom tumidi ne n’asehwe yɛ asuade ma yɛn. Wɔ ɛnnɛ wiase a wɔmfa mmara nyɛ adwuma mu no, nkurɔfo taa dɛfɛdɛfɛ wɔn mpanyimfo, bɔ mmɔden sɛ wɔnam so benya wɔn anim dom, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ani bɛba wɔn so anaasɛ ebia wobenya hokwan anaa dibea bi. Bere koro no ara no, wobetumi ahyehye wɔn ho akeka nsɛm akyerɛ nnipa a wɔhyɛ wɔn ase, na wɔahwɛ kwan sɛ wobenya wɔn anim dom ne wɔn mmoa. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, anuonyampɛ honhom a ɛte saa betumi agye ntini wɔ yɛn koma mu. Ɛda adi sɛ eyi too afeha a edi kan no mufo bi, na ɛmaa ɛho behiae sɛ asomafo no de kɔkɔbɔ a emu yɛ den ma saafo no.—Galatifo 4:17; 3 Yohane 9, 10.

14. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkwati anuonyampɛ ne ahomaso honhom?

14 Yehowa nhwehwɛ nnipa a wɔma wɔn ho so bɔ mmɔden ‘hwehwɛ wɔn ankasa anuonyam’ wɔ n’ahyehyɛde no mu. (Mmebusɛm 25:27) Nokwarem no, Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Ma [Yehowa, NW] ntwa ano dɛfɛdɛfɛ nyinaa ne tɛkrɛma a ɛka nsɛnkɛse.” (Dwom 12:3) Na Absalom ano yɛ dɛ. Ɔkaa adɛfɛdɛfɛsɛm kyerɛɛ wɔn a na ohia wɔn mmoa—a nea enti a ɔyɛɛ saa nyinaa ne sɛ ne nsa bɛka tumi a ɔhwehwɛ no. Nea ɛne no bɔ abira no, hwɛ nhyira a ɛyɛ sɛ yɛka onuayɛ kuw a wodi Paulo afotu yi akyi no ho: “Munnnwen biribi atutupɛ anaa anuonyamhunupɛ so, na mmom momfa ahobrɛase adwene mmu mo yɔnkonom nkyɛn mo ankasa ho.”—Filipifo 2:3.

SaulƆhene a Ɔpere Ne Ho

15. Ɔkwan bɛn so na Saul daa ne ho adi bere bi sɛ ɔyɛ ɔhobrɛasefo?

15 Bere bi na Saul a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Israel hene no yɛ ɔhobrɛasefo. Sɛ nhwɛso no, susuw asɛm bi a esii wɔ ne mmofraase ho hwɛ. Bere a Onyankopɔn diyifo Samuel kaa Saul ho asɛm papa no, ofii ahobrɛase mu buae sɛ: “Me de, meyɛ Benyaminni, na Israel mmusuakuw mu ketewa no mu na mifi, na m’abusua ne Benyamin abusuakuw mu mmusua nyinaa mu ketewa. Na ɛdɛn nti na woka saa asɛm yi kyerɛ me?”—1 Samuel 9:21.

16. Ɔkwan bɛn so na Saul peree ne ho?

16 Nanso, akyiri yi, Saul ahobrɛase no tu yerae. Bere a na ɔne Filistifo redi ako no, oguan kɔɔ Gilgal, baabi a na ɛsɛ sɛ ɔtwɛn Samuel ma ɔbɛbɔ afɔre de srɛ Onyankopɔn no. Bere a Samuel amma wɔ bere a ɔhyɛe mu no, Saul ankasa de ahantan bɔɔ ɔhyew afɔre no. Bere a owiei ara pɛ na Samuel bae. Samuel bisae sɛ: “Ɛdɛn na woayɛ yi?” Saul buae sɛ: “Mihui sɛ ɔman no refi me ho apete, na wo nso woamma bere a wohyɛe no, . . . enti na mehyɛɛ me ho mebɔɔ ɔhyew afɔre no.”—1 Samuel 13:8-12.

17. (a) Sɛ wohwɛ asɛm no nea edi kan a, dɛn nti na ebetumi ayɛ sɛ nea Saul yɛe no fata? (b) Dɛn nti na Yehowa buu Saul fɔ wɔ n’ahopere no ho?

17 Sɛ wohwɛ asɛm no nea edi kan a, ɛte sɛ nea Saul yɛɛ ade a ɛfata. Sɛnea ɛte no, na ‘nneɛma regye’ Onyankopɔn nkurɔfo no nsam, na na wɔn ‘home retew’ a na wɔn ho repopo esiane sɛnea na wɔn tebea no yɛ aniberesɛm nti. (1 Samuel 13:6, 7) Nokwarem no, ɛnyɛ mfomso sɛ wobɛyɛ biribi bere a tebea no hwehwɛ sɛ woyɛ saa no. * Nanso, kae sɛ, Yehowa tumi hu yɛn koma ne yɛn adwenem tɔnn. (1 Samuel 16:7) Enti, ɛbɛyɛ sɛ ohuu nneɛma bi wɔ Saul ho a wɔanka ho asɛm tẽẽ wɔ Bible mu. Sɛ nhwɛso no, ebia Yehowa hui sɛ ahantan na ɛmaa Saul peree ne ho no. Gyama Saul bo fuwii kɛse wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ ɔno—Israel nyinaa hene no—twɛn obi a obuu no sɛ odiyifo akwakoraa a ɔtwentwɛn nneɛma ase no! Sɛnea ɛte biara no, Saul susuwii sɛ akyi a Samuel kae no ma onyaa hokwan sɛ ɔno ankasa bɛyɛ biribiara, na wabu n’ani agu akwankyerɛ pefee a na wɔde ama no no so. Dɛn na efii mu bae? Samuel anyi Saul ayɛ wɔ nea ɔde ne pɛ yɛe no ho. Mmom no, ɔkaa Saul anim sɛ: “W’ahenni rennyina. . . . efisɛ woanni nea [Yehowa, NW] hyɛɛ wo no so.” (1 Samuel 13:13, 14) Ahantan kowiee animguase mu bio.

Ko Tia Ahopere

18, 19. (a) Ka sɛnea ahopere betumi ama Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ayɛ ade ahantan so ho asɛm. (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae wɔ Kristofo asafo no dwumadi ho?

18 Wɔayɛ Saul ahantansɛm yi ho kyerɛwtohɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm mu na ama ɛso aba yɛn mfaso. (1 Korintofo 10:11) Ɛnyɛ den koraa sɛ yɛn nuanom sintɔ ahorow bɛhyɛ yɛn abufuw. Te sɛ Saul no, ebia yɛbɛpere yɛn ho, asusuw sɛ sɛ nneɛma bɛkɔ so yiye a, gye sɛ yɛn ankasa di ho dwuma. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ, onua bi bɔ mmɔden wɔ sɛnea wɔyɛ nneɛma bi ho nhyehyɛe mu. Odi ne bere so, onim asafo nhyehyɛe ahorow a ɛfata, na ɔbɔ mmɔden wɔ ɔkasa ne ɔkyerɛkyerɛ mu. Bere koro no ara no, ohu sɛ afoforo nyɛ wɔn ade pɛpɛɛpɛ sɛ ɔno, na wɔnyɛ wɔn ade sɛnea n’ani begye ho. So eyi ma ɛfata sɛ ɔbɛma ne bo afuw? So ɛsɛ sɛ ɔkasa tia ne nuanom, de kyerɛ sɛ sɛ ɛnyɛ ɔno a anka wontumi nyɛ hwee, na anka asafo no rennya nkɔso? Eyi bɛyɛ ahantan!

19 Nokwarem no, dɛn na ɛma Kristofo asafo no yɛ biako? So ɛyɛ adwuma sohwɛ a obi nim? nneɛma a wɔyɛ no pɛpɛɛpɛ? nimdeɛ a emu dɔ? Nokwarem no, saa nneɛma yi boa ma wotumi di asafo no mu nneɛma ho dwuma yiye. (1 Korintofo 14:40; Filipifo 3:16; 2 Petro 3:18) Nanso, Yesu kae sɛ ɔdɔ ne ade titiriw a wɔde behu n’akyidifo. (Yohane 13:35) Ɛno nti na sɛ mpanyimfo a wodwen afoforo ho reyɛ wɔn ade wɔano wɔano a, ɛsɛ sɛ wohu nso sɛ asafo no nyɛ adwumakuw bi a ɛsɛ sɛ wɔyɛ katee wɔ ɛsohwɛ ho; mmom no, ɛsɛ sɛ wohu sɛ ɛyɛ nguan a ɛfata sɛ wɔyɛ wɔn brɛbrɛ na wɔwom. (Yesaia 32:1, 2; 40:11) Ahantan mu a wofi bu ani gu nnyinasosɛm a ɛte saa so no taa de akasakasa na ɛba. Nea ɛne no bɔ abira no, Onyankopɔn akwankyerɛ de asomdwoe na ɛba.—1 Korintofo 14:33; Galatifo 6:16.

20. Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

20 Sɛnea wɔaka wɔ Mmebusɛm 11:2 no, Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa Kora, Absalom, ne Saul ho no da no adi pefee sɛ ahantan de animguase ba. Nanso, saa Bible nkyekyem koro no ara de ka ho sɛ: “Ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.” Dɛn ne ahobrɛase? Bible mu nhwɛso ahorow bɛn na ebetumi aboa ma yɛahu saa su yi yiye, na ɔkwan bɛn so na yebetumi ada ahobrɛase adi nnɛ? Yebesusuw saa nsɛmmisa yi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Esiane sɛ na Ruben yɛ Yakob abakan nti, ɛbɛyɛ sɛ na n’asefo a Kora twee wɔn kodii n’akyi no wɔ Mose—Lewi aseni—ho menasepɔw sɛ odi wɔn so tumi.

^ nky. 11 Wɔmmɔ Kileab a ɔyɛ Dawid babarima a ɔto so abien no din bio wɔ n’awo akyi. Ebetumi aba sɛ owui ansa na Absalom refi n’atuatew no ase.

^ nky. 12 Bible mmere mu no na obi amu a wosie yɛ adeyɛ a ɛho hia. Enti na ɛyɛ mmusu sɛ wɔrensie obi, na na ɛtaa kyerɛ Onyankopɔn anim dom a obi ahwere.—Yeremia 25:32, 33.

^ nky. 17 Sɛ nhwɛso no, Pinehas yɛɛ ade ntɛm de siw ɔhaw bi a ekunkum Israelfo ɔpedudu pii ano, na Dawid ne ne mmarima a ɔkɔm de wɔn dii kyerɛ abodoo wɔ “Onyankopɔn fi” hɔ. Onyankopɔn ammu nneyɛe no mu biara sɛ ɔboayɔ.—Mateo 12:2-4; Numeri 25:7-9; 1 Samuel 21:1-6.

So Wokae?

• Dɛn ne ahantan?

• Ɔkwan bɛn so na anibere maa Kora yɛɛ ade ahantan so?

• Dɛn na yesua fi onuonyampɛfo Absalom ho kyerɛwtohɔ no mu?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi akwati ahopere honhom a Saul daa no adi no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Saul peree ne ho yɛɛ ade ahantan so