Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Ahobrɛasefo Na Nyansa Ne Wɔn Te”

“Ahobrɛasefo Na Nyansa Ne Wɔn Te”

“Ahobrɛasefo Na Nyansa Ne Wɔn Te”

“Nea [Yehowa, “NW”] hwehwɛ wo hɔ . . . ne ahobrɛase a wode ne wo Nyankopɔn nantew.”—MIKA 6:8.

1, 2. Dɛn ne ahobrɛase, na nsonsonoe bɛn na ɛwɔ ɛno ne ahantan mu?

ƆSOMAFO titiriw bi ntwe adwene mma ne ho so. Israel temmufo kokodurufo bi frɛ ne ho nea ɔyɛ akumaa wɔ n’agya fie. Onipa a ɔsen biara a watra ase pɛn no gye tom sɛ onni nneɛma nyinaa so tumi. Saa mmarima yi mu biara da ahobrɛase adi.

2 Ahobrɛase yɛ ahantan abirabɔ. Ɔhobrɛasefo mfa nneɛma a otumi yɛ ne n’ahonyade nhoahoa ne ho, na ɔmma ne ho so. Sɛ́ anka ɔhobrɛasefo bɛyɛ ahantan, ahoahoa ne ho, anaa wahwehwɛ anuonyam no, ohu ne sintɔ ahorow bere nyinaa. Enti, obu afoforo na osusuw wɔn nkate ne wɔn adwenkyerɛ ho.

3. Ɔkwan bɛn so na nyansa ‘ne ahobrɛasefo te’?

3 Ntease wom sɛ Bible ka sɛ: “Ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.” (Mmebusɛm 11:2) Ɔhobrɛasefo nim nyansa efisɛ ɔfa kwan a Onyankopɔn ani gye ho so, na ɔkwati ahantan a ɛde animguase ba no. (Mmebusɛm 8:13; 1 Petro 5:5) Onyankopɔn asomfo bebree asetra kwan si nyansa a ɛwom sɛ yɛbɛda ahobrɛase adi no so dua. Momma yensusuw nnipa baasa a yɛkaa wɔn ho asɛm wɔ nkyekyem a edi kan no mu nhwɛso ho nhwɛ.

Paulo—‘Ɔsomfo’ ne ‘Ɔhwɛfo’

4. Hokwan soronko bɛn na Paulo nyae?

4 Ɛyɛ nokware sɛ na Paulo yɛ onipa titiriw wɔ tete Kristofo no mu. Wɔ ne som adwuma no mu no, otutuu akwan kilomita mpempem pii wɔ po ne asase so, na ɔhyehyɛɛ asafo ahorow pii. Afei nso, Yehowa maa Paulo nyaa anisoadehu pii ne kasa foforo akyɛde. (1 Korintofo 14:18; 2 Korintofo 12:1-5) Ɔsan de honhom kaa Paulo ma ɔkyerɛw nkrataa 14 a mprempren ɛyɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no fã. Yebetumi aka no pefee sɛ Paulo yɛɛ adwuma sen asomafo a aka no nyinaa.—1 Korintofo 15:10.

5. Ɔkwan bɛn so na Paulo daa no adi sɛ ɔwɔ ahobrɛase?

5 Esiane sɛ na Paulo di Kristofo adwuma no anim nti, na ebinom betumi ahwɛ kwan sɛ ɔbɛtwe adwene aba ne ho so, ada ne tumi adi wɔ baguam mpo. Nanso, Paulo anyɛ saa, na ɔyɛ ɔhobrɛasefo. Ɔfrɛɛ ne ho “asomafo no mu akumaa,” na ɔde kaa ho sɛ: “Mensɛ sɛ wɔfrɛ me ɔsomafo, efisɛ metaa Onyankopɔn asafo no.” (1 Korintofo 15:9) Sɛ́ obi a kan no na ɔtaa Kristofo no, Paulo werɛ amfi da sɛ ɛnam ɔdom nkutoo so na ɛmaa otumi ne Onyankopɔn nyaa abusuabɔ, na onyaa ɔsom adwuma mu hokwan atitiriw. (Yohane 6:44; Efesofo 2:8) Enti, Paulo ante nka sɛ nneɛma akɛse a ɔyɛe wɔ ɔsom adwuma no mu no maa no korɔn sen afoforo.—1 Korintofo 9:16.

6. Ɔkwan bɛn so na Paulo daa ahobrɛase adi wɔ sɛnea ɔne Korintofo dii no mu?

6 Paulo ahobrɛase daa adi titiriw wɔ sɛnea ɔne Korintofo dii no mu. Ɛda adi sɛ, wɔn mu bi nyaa wɔn a na wosusuw sɛ wɔyɛ ahwɛfo atitiriw a na Apolo, Kefa, ne Paulo ankasa ka ho, no ho anigye traa so. (1 Korintofo 1:11-15) Nanso, Paulo anhwehwɛ Korintofo no ayeyi, na saa ara na wanhwehwɛ wɔn nkamfo. Bere a ɔkɔsraa wɔn no, wamfa “asɛm anaa nyansa a ɛtra so” na ɛne wɔn kasae. Mmom no, Paulo kaa ɔno ne n’ahokafo ho asɛm sɛ: “Momma obiara mmu yɛn sɛ Kristo asomfo ne Nyankopɔn ahintasɛm so ahwɛfo.” *1 Korintofo 2:1-5; 4:1.

7. Ɔkwan bɛn so na Paulo daa ahobrɛase adi bere a na ɔde afotu rema mpo no?

7 Bere a na ɛsɛ sɛ Paulo de afotu ne akwankyerɛ a emu yɛ den ma mpo no, ɔdaa ahobrɛase adi. Ɔkasa kyerɛɛ ne mfɛfo Kristofo sɛ ‘ogyina Onyankopɔn mmɔborohunu so’ ne ‘ɔdɔ so’ mmom sen sɛ anka obegyina tumi a ɔwɔ sɛ ɔsomafo no so akasa. (Romafo 12:1, 2; Filemon 8, 9) Dɛn nti na Paulo yɛɛ eyi? Efisɛ obuu ne ho ankasa sɛ ɔyɛ ne nuanom ‘yɔnko dwumayɛni,’ na ɛnyɛ sɛ ‘ɔhyɛ wɔn gyidi so.’ (2 Korintofo 1:24) Akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ Paulo ahobrɛase na ɛboae maa afeha a edi kan no mu Kristofo asafo ahorow no ani gyee ne ho titiriw.—Asomafo no Nnwuma 20:36-38.

Ahobrɛase Adwene a Yebenya Wɔ Hokwan a Yɛwɔ Ho

8, 9. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya ahobrɛase adwene? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔwɔ asɛyɛde bi betumi ada ahobrɛase adi?

8 Paulo yɛɛ nhwɛso pa maa Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ. Ɛmfa ho asɛyɛde ahorow a wɔde ahyɛ yɛn nsa no, ɛnsɛ sɛ yɛn mu biara te nka sɛ ɔkorɔn sen afoforo. Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ biribi, na ɔnyɛ hwee a, ɔdaadaa ne ho.” (Galatifo 6:3) Dɛn ntia? Efisɛ ‘yɛn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ yɛn.’ (Romafo 3:23; 5:12) Yiw, ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi da sɛ yɛn nyinaa anya bɔne ne owu afi Adam mu. Hokwan atitiriw nyi yɛn mfi tebea bɔne a ɛba fam a yɛwom no mu. (Ɔsɛnkafo 9:2) Sɛnea na ɛte wɔ Paulo fam no, ɛnam ɔdom nkutoo so na ɛbɛma nnipa atumi ne Onyankopɔn anya abusuabɔ, na ama wɔatumi anya hokwan bi wɔ ne som mu.—Romafo 3:12, 24.

9 Sɛ ɔhobrɛasefo hu eyi a, ɔrenni hokwan ahorow a wanya ho ahurusi, na saa ara nso na ɔremfa nneɛma a watumi ayɛ nhoahoa ne ho. (1 Korintofo 4:7) Sɛ ɔde afotu anaa akwankyerɛ rema a, ɔyɛ no sɛnea ɔde rema ne yɔnko dwumayɛni—na ɔnyɛ ne ho sɛ adwumawura. Nokwarem no, ɛbɛyɛ mfomso sɛ obi a ɔbɔ mmɔden wɔ nnwuma bi yɛ mu bɛhwehwɛ ayeyi anaa nkamfo afi mfɛfo gyidifo hɔ. (Mmebusɛm 25:27; Mateo 6:2-4) Ayeyi a mfaso wɔ so ne nea afoforo ankasa de ma—na ɛnsɛ sɛ yɛhwehwɛ ansa na aba. Sɛ wɔkamfo yɛn a, ɛnsɛ sɛ ɛma yedwen tra nea ɛsɛ sɛ yedwen.—Mmebusɛm 27:2; Romafo 12:3.

10. Kyerɛkyerɛ sɛnea ebia ebinom a ɛte sɛ nea wɔyɛ abrɛfo betumi ayɛ “gyidi mu ahonyafo” ankasa no mu.

10 Sɛ wɔde asɛyɛde bi hyɛ yɛn nsa a, ahobrɛase bɛboa yɛn ma yɛakwati sɛ yɛbɛtwe adwene aba yɛn ho so de akyerɛ sɛ yɛn mmɔdenbɔ ne nneɛma a yetumi yɛ nti na asafo no renya nkɔso. Sɛ nhwɛso no, ebia na yɛbɔ mmɔden kɛse wɔ ɔkyerɛkyerɛ mu. (Efesofo 4:11, 12) Nanso, sɛ yɛwɔ ahobrɛase a, yebetumi ahu sɛ asuade atitiriw a yenya wɔ asafo nhyiam horow ase no bi mfi asɛnka agua so. Sɛ nhwɛso no, sɛ wuhu ɔwofo a onni ɔhokafo a ɔtwe ne mma di n’akyi ba Ahenni Asa so daa a, so ɛnhyɛ wo nkuran? Anaa obi a wahaw a ɔba asafo nhyiam horow daa ɛmfa ho sɛ ɔkɔ so bu ne ho sɛ ɔnsɛ hwee no? Anaa ɔbabun a ɔkɔ so nya honhom fam nkɔso ɛmfa ho nkɛntɛnso bɔne a ohyia wɔ sukuu ne mmeae foforo no? (Dwom 84:10) Ebia nnipa pii nnim saa nkurɔfo yi. Afoforo nhu wɔn mudi mu kura ho sɔhwɛ ahorow a wohyia dodow no ara. Nanso, ebia wɔyɛ “gyidi mu ahonyafo” te sɛ wɔn a wɔwɔ din no ara pɛ. (Yakobo 2:5) Nea ɛte biara no, awiei koraa no, ɛyɛ nokwaredi na ɛbɛsɔ Yehowa ani.—Mateo 10:22; 1 Korintofo 4:2.

Gideon—“Akumaa” a Ɔwɔ N’agya Fie

11. Ɔkwan bɛn so na Gideon fii ahobrɛase mu ne Onyankopɔn bɔfo kasae?

11 Gideon, aberante hoɔdenfo a ofi Manase abusua mu, traa ase wɔ Israel abakɔsɛm mu bere bi a na emu yɛ den mu. Ná Onyankopɔn nkurɔfo ahu amane wɔ Midianfo nhyɛso ase mfirihyia ason. Nanso, afei de na bere adu sɛ Yehowa gye ne nkurɔfo. Enti, ɔbɔfo bi yii ne ho adi kyerɛɛ Gideon kae sɛ: “[Yehowa, NW] di w’akyi, wo dɔmmarima.” Na Gideon yɛ ɔhobrɛasefo, enti wanni ahurusi wɔ nkamfo a ɛbaa mpofirim yi ho. Mmom no, ɔde obu ka kyerɛɛ ɔbɔfo no sɛ: “Wo kyɛw ni, me wura, sɛ [Yehowa, NW] di yɛn akyi a, anka ɛdɛn na eyi nyinaa ato yɛn yi?” Ɔbɔfo no kyerɛkyerɛɛ nsɛm mu, na ɔka kyerɛɛ Gideon sɛ: ‘Wubegye Israel Midian nsam.’ Gideon yɛɛ n’ade dɛn? Sɛ́ anka Gideon de ahopere begye asɛyɛde no sɛ ɛyɛ hokwan a ɛbɛma wayɛ ɔman no dɔmmarima no, obuae sɛ: “Wo kyɛw ni, [Yehowa, NW], dɛn na mede megye Israel? Hwɛ m’asafo agurow Manase mu, na me nso, mene akumaa m’agya fi.” Ahobrɛase bɛn ara ni!—Atemmufo 6:11-15.

12. Ɔkwan bɛn so na Gideon de anifere yɛɛ n’adwuma no?

12 Ansa na Yehowa rema Gideon akɔ ɔsa no, ɔsɔɔ no hwɛe. Ɔkwan bɛn so? Ɔka kyerɛɛ Gideon sɛ ommubu n’agya Baal afɔremuka ne asera nnua a esisi ho no. Ná adwuma yi begye akokoduru, nanso Gideon daa ahobrɛase ne anifere adi wɔ ɔkwan a ɔfaa so dii ho dwuma so. Sɛ́ anka Gideon bɛma nnipa nyinaa ahu no no, odii dwuma no anadwo bere a ɛda adi sɛ na nnipa dodow no ara renhu no. Afei nso, Gideon de ahwɛyiye na ɛyɛɛ n’adwuma no. Ɔfaa mmarima du kaa ne ho—ebia sɛnea ɛbɛyɛ a ebinom bɛwɛn na wɔn a aka no aboa no ma wabubu afɔremuka no ne asera nnua no. * Sɛnea ɛte no, esiane sɛ na Yehowa nhyira wɔ Gideon so nti, ɔyɛɛ n’adwuma no, na bere bi akyi no, Onyankopɔn de no dii dwuma ma ogyee Israel fii Midianfo nsam.—Atemmufo 6:25-27.

Ahobrɛase ne Anifere a Wɔda no Adi

13, 14. (a) Sɛ wɔde ɔsom adwuma mu hokwan bi ma yɛn a, ɔkwan bɛn so na yebetumi ada ahobrɛase adi? (b) Ɔkwan bɛn so na Onua A. H. Macmillan yɛɛ ahobrɛase a wɔda no adi ho nhwɛso pa?

13 Yebetumi asua nneɛma pii afi Gideon ahobrɛase no mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔde ɔsom dwumadi hokwan bi ma yɛn a, yɛyɛ yɛn ade dɛn? So yedi kan susuw edin anaa anuonyam a ɛbɛma yɛanya no ho? Anaasɛ yefi ahobrɛase ne mpaebɔ mu susuw sɛnea ebia yebetumi ayɛ dwumadi a wɔde ahyɛ yɛn nsa no ho? Onua A. H. Macmillan, a owiee n’asase so adwuma wɔ afe 1966 mu no yɛɛ nhwɛso pa wɔ eyi mu. Bere bi, C. T. Russell, Ɔwɛn-Aban Asafo no titrani a odi kan no, bisaa Onua Macmillan adwene wɔ nea sɛ onni hɔ a obedi adwuma no anim ho asɛm. Nkɔmmɔbɔ a ɛkɔɔ so no nyinaa mu no, Onua Macmillan ankamfo ne ho ankyerɛ da, ɛwom sɛ na anka obetumi ayɛ saa ma afata de. Awiei koraa no, Onua Russell kae sɛ Onua Macmillan nsusuw ho na onnye adwuma no ntom. Onua Macmillan kyerɛwee mfe bi akyi sɛ: “Na migyina hɔ a, m’adwene atu afra. Misusuw ho anibere so bɔɔ ho mpae bere bi ansa na awiei koraa no, meka kyerɛɛ no sɛ m’ani begye ho sɛ mɛyɛ nea metumi nyinaa de aboa no.”

14 Ɛno akyi bere tiaa bi na Onua Russell wui a na Ɔwɛn-Aban Asafo no nni otitrani. Esiane sɛ na Onua Macmillan na ɔhwɛ akyi bere a na Onua Russell retu kwan a etwa to akɔyɛ asɛnka adwuma no nti, onua bi ka kyerɛɛ no sɛ: “Mac, wowɔ hokwan kɛse sɛ wofa. Wo na na woyɛ Onua Russell nanmusifo titiriw bere a na otutu akwan no, na ɔka kyerɛɛ yɛn nyinaa sɛ nea wobɛka biara, yɛnyɛ. Wiɛ, otuu kwan, na wamma bio. Ɛte sɛ nea wo na ɛsɛ sɛ wusi n’ananmu.” Onua Macmillan buae sɛ: “Onua, ɛnyɛ saa na ɛsɛ sɛ wususuw asɛm yi ho. Eyi yɛ Awurade adwuma, na dibea a Awurade hu sɛ ɛfata wo na wɔde ma wo wɔ Awurade ahyehyɛde no mu; na migye di sɛ ɛnyɛ me na adwuma no fata me.” Afei Onua Macmillan kamfoo obi foforo maa saa dibea no. Te sɛ Gideon no, na ɔwɔ ahobrɛase adwene—adwene a eye sɛ yɛn nyinaa nya bi.

15. Akwampa a yebetumi afa so ada nhumu adi bere a yɛreka asɛm no akyerɛ afoforo no bi ne dɛn?

15 Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛda ahobrɛase adi wɔ ɔkwan a yɛfa so yɛ yɛn adwuma no mu. Gideon yɛɛ anifere, na wammɔ mmɔden sɛ ɔbɛhyɛ wɔn a wɔsɔre tia no no abufuw sɛnea ɛnsɛ. Saa ara na wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu no, ɛsɛ sɛ yɛda ahobrɛase adi na yɛyɛ anifere wɔ sɛnea yɛkasa kyerɛ afoforo no ho. Ɛyɛ nokware sɛ yɛreko wɔ honhom fam de abubu “aban akɛse” ne “adwene.” (2 Korintofo 10:4, 5) Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛkasa bu nkurɔfo abomfiaa anaasɛ yɛyɛ biribi a ɛbɛma wɔn bo afuw wɔ asɛm a yɛka no ho. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ obu ma wɔn nsusuwii, na yesi nea yɛne wɔn yɛ adwene wom no so dua, na afei yɛtwe adwene si yɛn asɛm no mu nsɛm a ɛkanyan anigye no so.—Asomafo no Nnwuma 22:1-3; 1 Korintofo 9:22; Adiyisɛm 21:4.

Yesu—Ahobrɛase Ho Nhwɛsofo a Ɔsen Biara

16. Ɔkwan bɛn so na Yesu daa no adi sɛ ɔwɔ ahobrɛase adwene?

16 Ahobrɛase ho nhwɛso pa a ɛsen biara ne Yesu Kristo de no. * Ɛmfa ho abusuabɔ a ɛyɛ den a Yesu ne N’agya nyae no, wantwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛka sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a ɛboro ne tumi so. (Yohane 1:14) Sɛ nhwɛso no, bere a Yakobo ne Yohane maame bisaa hokwan sɛ Yesu mma ne mmabarima baanu no ntra ne nkyɛn wɔ n’ahenni mu no, Yesu kae sɛ: “Me nifa ne me benkum tra de, ɛnyɛ me dea sɛ mede mɛma.” (Mateo 20:20-23) Bere foforo no, Yesu gye toom koraa sɛ: “Me de, mintumi menhyɛ me ho menyɛ hwee; . . . menhwehwɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde.”—Yohane 5:30; 14:28; Filipifo 2:5, 6.

17. Ɔkwan bɛn so na Yesu daa ahobrɛase adi wɔ ɔne afoforo nsɛnnii mu?

17 Ná Yesu korɔn sen nnipa a wɔnyɛ pɛ wɔ ɔkwan biara so, na na N’agya, Yehowa, ama no tumi a ɛsen biara. Nanso, na Yesu brɛ ne ho ase wɔ sɛnea na ɔne n’akyidifo di mu. Wanka nsɛm a asete yɛ den angu wɔn so. Onyaa tema ne mmɔborohunu maa wɔn, na osusuw wɔn honam fam ahiade ho. (Mateo 15:32; 26:40, 41; Marko 6:31) Enti, ɛwom sɛ na Yesu yɛ pɛ de, nanso na ɔnyɛ obi a ɔhwehwɛ pɛyɛ ntraso. Wanhwehwɛ sɛ n’asuafo no bɛyɛ nneɛma a ɛboro wɔn ahoɔden so da, na wamfa nnesoa a wontumi ansoa wɔn da. (Yohane 16:12) Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔmaa nnipa pii nyaa abotɔyam!—Mateo 11:29.

Suasua Yesu Ahobrɛase Nhwɛso No

18, 19. Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua Yesu ahobrɛase wɔ (a) sɛnea yebu yɛn ho, ne (b) sɛnea yɛne afoforo di mu?

18 Sɛ onipa a ɔsen biara a watra ase pɛn no daa ahobrɛase adi a, ɛnde hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛyɛ saa. Nnipa a wɔnyɛ pɛ taa twentwɛn wɔn nan ase sɛ wobegye atom sɛ wɔn tumi wɔ anohyeto. Nanso, Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛda ahobrɛase adi de asuasua Yesu. Wɔnyɛ ahomaso dodo sɛ wɔde asɛyɛde bɛhyɛ wɔn a wɔfata no nsa; na saa ara na wɔnyɛ ahantan nsen wɔn kɔn sɛ wobegye akwankyerɛ afi wɔn a wɔama wɔn tumi sɛ wɔmfa mma no hɔ. Wɔda biakoyɛ adi ma asafo no mu nneɛma nyinaa kɔ so “wɔ ano wɔ ano.”—1 Korintofo 14:40.

19 Ahobrɛase bɛka yɛn nso ma yɛada ntease adi wɔ nneɛma a yɛhwehwɛ fi afoforo hɔ no mu, na ɛbɛma yɛasusuw wɔn ahiade ho. (Filipifo 4:5) Ebia yɛwɔ ɔdom akyɛde ne ahoɔden bi a afoforo nni bi. Nanso, sɛ yɛwɔ ahobrɛase a, yɛrenhwɛ kwan sɛ afoforo bɛyɛ wɔn ade sɛnea yɛpɛ sɛ wɔyɛ no no bere nyinaa. Bere a yenim sɛ onipa biara wɔ nneɛma a ɔtɔ mu sin no, yebefi ahobrɛase nyinaa mu anya afoforo sintɔ ahorow ho koma. Petro kyerɛwee sɛ: “Ne titiriw no, momfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ mo ho, efisɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.”—1 Petro 4:8.

20. Dɛn na yebetumi ayɛ de adi ahomaso su biara a yɛwɔ no so?

20 Sɛnea yɛasua no, nyansa ne ahobrɛasefo na ɛte ampa. Nanso, sɛ wuhu sɛ wowɔ su a ɛma woyɛ ahomaso anaa ahantan nso ɛ? Mma w’abam mmmu. Mmom no, di Dawid a ɔbɔɔ saa mpae yi no nhwɛso no akyi: “Bɔ w’akoa ho ban ɔboayɔ bɔne ho, na anhyɛ me so.” (Dwom 19:13) Sɛ yesuasua gyidifo te sɛ Paulo, Gideon, ne—nea ɔsen biara no—Yesu Kristo a, yɛn ankasa yebehu nokwasɛm a nsɛm yi yɛ: “Ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.”—Mmebusɛm 11:2.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 6 Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “asomfo” no betumi akyerɛ akoa a ɔde tabon hare po so hyɛn. Nea ɛne no bɔ abira no, wobetumi de asɛyɛde pii ahyɛ “ahwɛfo” nsa ma ebia wɔahwɛ ofie bi so. Nanso, wɔ awuranom pii ani so no, wobu ɔhwɛfo adwuma sɛ ɛne akoa a ɔde tabon hare po so hyɛn no de yɛ pɛ.

^ nky. 12 Ɛnsɛ sɛ yedi mfomso ka sɛ anifere ne ahwɛyiye a Gideon de yɛɛ n’adwuma no kyerɛ sɛ na ɔyɛ ohufo. Nea ɛne no bɔ abira no, Hebrifo 11:32-38 a ɛbɔ Gideon din ka wɔn a ‘wonyaa ahoɔden’ ne wɔn a ‘wɔyɛɛ ɔko mu ahoɔdenfo’ ho no si n’akokoduru so dua.

^ nky. 16 Esiane sɛ ahobrɛase san kyerɛ nim a obi nim sɛ ɛnyɛ biribiara na obetumi ayɛ nti, yentumi nka mma ɛmfata sɛ Yehowa wɔ ahobrɛase. Nanso, odwo.—Dwom 18:35.

So Wokae?

• Dɛn ne ahobrɛase?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua Paulo ahobrɛase no?

• Ahobrɛase ho ade bɛn na yebetumi asua wɔ Gideon nhwɛso no mu?

• Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ ahobrɛase ho nhwɛso a ɛsen biara?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Paulo ahobrɛase na ɛmaa ne mfɛfo Kristofo ani gyee ne ho kɛse

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Gideon de anifere yɛɛ Onyankopɔn apɛde

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Yesu, Onyankopɔn Ba no, da ahobrɛase adi wɔ ne nneyɛe nyinaa mu