Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yenya Adwempa Wɔ Nneɛma a Yɛhwɛ Kwan Ho?

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yenya Adwempa Wɔ Nneɛma a Yɛhwɛ Kwan Ho?

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yenya Adwempa Wɔ Nneɛma a Yɛhwɛ Kwan Ho?

ANIDASO a ɛba mu ne botae bi a yetumi du ho no ma yɛn abotɔyam. Nokwasɛm ne sɛ, yɛn anidaso no mu pii ntaa mma mu sɛnea yɛpɛ no. Abasamtu a yɛtaa hyia wɔ asetram no betumi ama yɛn bo afuw yɛn ho ne afoforo mpo. Ɔbarima nyansafo bi kae ma ɛfatae sɛ: “Anidaso a ɛkyɛ muba ma koma yare.”—Mmebusɛm 13:12.

Dɛn ne nneɛma a ebetumi ama yɛn aba mu abu no bi? Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya adwempa wɔ yɛn akwanhwɛ ho? Bio nso, dɛn nti na mfaso wɔ so ma yɛn sɛ yɛyɛ saa?

Akwanhwɛ ne Abasamtu

Wɔ nnɛ asetra a ɛyɛ tiaa yi mu no, dodow a yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya nkɔso no, dodow no ara na yɛka akyi. Yɛn ahoɔden ne yɛn bere so tumi tew, na bere a yɛantumi anyɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ no, ɛma yɛte nka sɛ yɛmfata. Ebia ebetumi ama yɛafi ase ate nka mpo sɛ yɛredi nkurɔfo huammɔ. Cynthia a ɔyɛ ɔwarefo a ɔwɔ mma na onim nhyɛso a ɛwɔ abayɛn mu no ka sɛ: “Me mma a mintumi nteɛ wɔn so bere nyinaa ne te a mete nka sɛ memfaa ntetee a edi mũ mmaa wɔn no haw me.” Stephanie a ɔrebɛn ne mfe aduonu no ka fa ne nhomasua ho sɛ: “Minni bere pii a mede yɛ biribiara a mepɛ sɛ meyɛ na ɛno ma me ho yeraw me.”

Adwempa a yennya wɔ nneɛma a yɛhwɛ kwan ho no betumi adan ama yɛahwehwɛ pɛyɛ ntraso, na eyi betumi ahaw adwene yiye. Aberante bi a ɔwaree nkyɛe a wɔfrɛ no Ben, ka sɛ: “Sɛ mehwehwɛ me nneyɛe, nsusuwii, anaa nkate mu a, bere nyinaa mihu sɛ ɛsɛ sɛ anka etu mpɔn sen saa. Daa merehwɛ pɛyɛ kwan, nanso eyi kowie abasamtu ne huammɔdi mu.” Gail a ɔyɛ Kristoni baa warefo no ka sɛ: “Pɛyɛ ntraso ho nsusuwii mma wonhwɛ nkogudi kwan. Yɛpɛ sɛ yɛyɛ ɛnãnom ne ɔyerenom a yɛkyɛn so. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden na ama yɛn ani agye, enti sɛ yɛbrɛ gu a, ɛhaw yɛn.”

Nanso ade foforo nso a etumi de abasamtu ba ne akwahosan a ɛsɛe ne onyin. Nantew a yentumi nnantew ne ahoɔden a ɛso tew da yɛn sintɔ adi na ɛma yɛn abam bu. Elizabeth gye tom sɛ: “Midii yaw wɔ me mu sɛ mantumi anyɛ nneɛma bi a na ne yɛ yɛ mmerɛw koraa ansa na mereyare.”

Nea yɛaka ho asɛm no yɛ nhwɛso a ɛkyerɛ sɛnea yɛn abam betumi abu no bi. Sɛ yɛanni saa nkate no ho dwuma a, ebetumi ama yɛagye adi mpo sɛ afoforo nkyerɛ yɛn ho anisɔ. Ɛnde, dɛn ne akwan a ɛfata a yebetumi afa so adi abasamtu so na yɛanya adwempa wɔ yɛn akwanhwɛ ho?

Akwan a Yebetumi Afa So Anya Adwempa Wɔ Nneɛma a Yɛhwɛ Kwan Ho

Nea edi kan no, kae sɛ Yehowa nyɛ katee na ɔte yɛn ase. Dwom 103:14 kae yɛn sɛ: “Onim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.” Bere a onim nea yetumi yɛ ne yɛn sintɔ ahorow no, nea yebetumi ayɛ ara na Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ. Na ade biako a ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ ne ‘ahobrɛase a yɛde ne Onyankopɔn bɛnantew.’—Mika 6:8.

Yehowa hyɛ yɛn sɛ yɛnnan mmra ne nkyɛn wɔ mpaebɔ mu. (Romafo 12:12; 1 Tesalonikafo 5: 17) Nanso ɔkwan bɛn so na ɛno boa yɛn? Mpaebɔ ma yesi pi na ɛma yɛkari pɛ wɔ yɛn nsusuwii mu. Mpae a efi komam da no adi sɛ yehia mmoa—ɛyɛ ahobrɛase ne odwo ho agyiraehyɛde. Yehowa ani gye sɛ obetie yɛn mpaebɔ denam ne honhom kronkron a ɔde ma yɛn, a n’aba no bi ne ɔdɔ, ayamye, ne ahosodi no so. (Luka 11:13; Galatifo 5:22, 23) Bio nso mpaebɔ tumi yi dadwen ne abasamtu fi yɛn so. Elizabeth ka sɛ: “Denam mpaebɔ so no wutumi nya awerɛkyekye fi baabi a wonhwɛ kwan.” Kevin gye tom sɛ: “Mebɔɔ mpae sɛ menya koma a edwo ne adwene mu ntease sɛnea ɛbɛyɛ a metumi adi me haw ho dwuma. Yehowa nnii me huammɔ da.” Ná ɔsomafo Paulo nim sɛnea mpae som bo fa no. Ɛno nti na ɔkamfo kyerɛe sɛ: “Momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.” (Filipifo 4:6, 7) Yiw, nkitaho a yɛne Yehowa di no boa yɛn ma yenya adwene a ɛfata wɔ yɛn ankasa ho ne afoforo ho.

Nanso wɔ bere ne bere mu no, yehia awerɛhyem nsɛm. Na asɛm a wɔka no ne bere mu no ye dɛn ara. Kokoam nsɛm a yɛbɛka akyerɛ adamfo a ne ho akokwaw a yɛwɔ ne mu ahotoso no betumi aboa yɛn ma yɛanya adwene foforo wɔ nneɛma a ɛma yɛn abam bu anaa yɛn ho yeraw yɛn no ho. (Mmebusɛm 15:23; 17:17; 27:9) Mmabun a wɔne abasamtu di aperepere no hu sɛ sɛ wɔhwehwɛ awofo nyansahyɛ a, ɛboa wɔn ma wɔkari pɛ. Kandi fi anisɔ mu ka sɛ: “Akwankyerɛ a efi ɔdɔ mu a minya fi m’awofo hɔ no aboa me ma manya adwempa ne ntease, na ama afoforo ani gye sɛ wɔne me bɛbɔ.” Yiw, nkaesɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 1:8, 9 no yɛ ne bere mu de ankasa: “Me ba, tie w’agya nteɛso, na mpo wo na mmara; na ɛyɛ wo ti anuonyam abotiri ne wo kɔn mu ntweaban.”

Wobetumi abɔ nea efi pɛyɛ ntraso nsusuwii mu ba no mua wɔ saa akasabebu yi mu sɛ: “Sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ asetra bɛyɛ sɛnea yɛpɛ no de abasamtu na ɛba.” Sɛ yɛbɛkwati eyi a, ehia sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ yɛn nsusuwii mu. Akyinnye biara nni ho sɛ ahobrɛase—adwempa a yebenya wɔ yɛn sintɔ ahorow ho titiriw no—bɛtete yɛn ama yɛanya su a ɛbɛma yɛakari pɛ wɔ nneɛma a yɛhwɛ kwan no ho. Sɛnea ɛfata no, wɔbɔ yɛn kɔkɔ wɔ Romafo 12:3 sɛ ‘yennnwen nntra nea ɛsɛ sɛ yedwen.’ Bio nso, Filipifo 2:3 hyɛ yɛn nkuran sɛ yennya ahobrɛase adwene na yemmu yɛn yɔnkonom nkyɛn yɛn ankasa ho.

Elizabeth a yɛadi kan aka ne ho asɛm no antɔ ne bo ase esiane ne yare nti. Wɔ ne fam no, na ɛsɛ sɛ onya bere de dwen nsɛm ho na wahu sɛ Yehowa werɛ mfi ɔsom a yɛde ma no no da. Esiane yare nti, Colin ntumi nkɔ baabiara. Mfiase no, ɔtee nka sɛ sɛ ɔde ne som adwuma no toto nea na otumi yɛ bere a na ɔwɔ ahoɔden no ho a, ɛte sɛ nea ɛho nni mfaso no. Ɛdenam kyerɛwsɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 8:12 a osusuw ho so no, otumi dii saa nkate no so. Saa nkyekyem no ka sɛ: “Na sɛ koma a ɛpɛ wɔ hɔ a, ɛsɔ ani, sɛnea onii no wɔ ade, na ɛnyɛ sɛnea onni.” Colin ka sɛ: “Ɛwom sɛ kakraa bi na mitumi yɛ de, nanso meda so ara yɛ, na ɛno sɔ Yehowa ani.” Wɔkae yɛn wɔ Hebrifo 6:10 sɛ: “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho” no.

Nanso yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ yekura adwempa wɔ nneɛma a yɛhwɛ kwan ho? Bisa wo ho sɛ, ‘So nea mehwɛ kwan no ne Onyankopɔn de hyia?’ Galatifo 6:4 ka sɛ: “Na ma obiara nsɔ n’ankasa n’adwuma nhwɛ, ɛno na obenya n’ankasa ne ho biribi ahoahoa ne ho, na ɛnyɛ obi ho.” Kae sɛ Yesu kae sɛ: “Me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.” Yiw, sɛ́ Kristofo no, yɛwɔ adesoa a ɛsɛ sɛ yɛsoa, nanso ɛyɛ “mmerɛw” na ɛyɛ “hare,” na Yesu hyɛ yɛn bɔ sɛ sɛ yesua sɛ yɛbɛsoa no yiye a, yebenya ɔhome.—Mateo 11:28-30.

Adwempa a Yɛde Hwɛ Nneɛma Kwan De Akatua Ba

Yenya akatua fi Onyankopɔn Asɛm a yetie na yɛde di dwuma no mu nnɛ ne daakye bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya adwempa wɔ nneɛma a yɛhwɛ kwan ho no. Ade biako ne sɛ, eyi nya yɛn nipadua no so nkɛntɛnso pa. Jennifer a wanya Yehowa nkaesɛm so mfaso no gye tom sɛ: “Manya ahoɔden ne asetram anigye pii.” Mmebusɛm 4:21, 22 hyɛ yɛn nkuran ma ɛfata sɛ yɛmfa yɛn ani ne yɛn koma nni Yehowa kasakyerɛ akyi, ‘efisɛ ɛyɛ nkwa ma wɔn a wohu, ne akwahosan ma wɔn honam nyinaa.’

Akatua foforo a ɛwɔ so nso ne adwene ne nkate fam yiyedi. Theresa ka sɛ: “Sɛ mede m’adwene ne me koma nyinaa kɔ Onyankopɔn Asɛm so a, mihu sɛ bere nyinaa mewɔ anigye.” Nokwarem no, yɛbɛkɔ so ara ahyia abasamtu wɔ asetra mu. Nanso yebetumi adi ho dwuma ntɛm so. Wɔhyɛ yɛn nkuran wɔ Yakobo 4: 8 sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.” Yehowa nso hyɛ bɔ sɛ ɔbɛhyɛ yɛn den ama yɛagyina asetra mu nsɛnnennen ano na ɔbɛma yɛanya asomdwoe.—Dwom 29:11.

Adwempa a yebenya wɔ nneɛma a yɛhwɛ kwan ho no boa yɛn ma yɛyɛ pintinn wɔ honhom mu. Eyi nso yɛ nhyira. Yebetumi de yɛn ani asi nneɛma a eye koraa no so wɔ asetra mu. (Filipifo 1:10) Ɛma yɛn botae horow no bɛyɛ nea ɛfata na yetumi du ho, na ɛno de anigye ne abotɔyam kɛse brɛ yɛn. Yebefi yɛn pɛ mu de yɛn ho ato Yehowa so kɛse, a yenim sɛ ɔbɛma biribiara ayɛ yiye. Petro ka sɛ: “Enti mommrɛ mo ho ase Onyankopɔn tumi nsa no ase, na wama mo so, bere a ɛsɛ mu.” (1 Petro 5:6) So akatua pa bi wɔ hɔ a ɛsen anuonyam a Yehowa bɛhyɛ yɛn?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 31]

Adwempa a yebenya wɔ nneɛma a yɛhwɛ kwan ho no betumi aboa yɛn ama yɛadi abasamtu so