Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti na Wonni Mma?

Dɛn Nti na Wonni Mma?

Dɛn Nti na Wonni Mma?

NÁ Dele ne Fola * yɛ awarefo a wɔyɛ adwuma wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea wɔ Nigeria. Bere a wofii ase som wɔ hɔ no, ankyɛ na Fola maame kɔsraa wɔn. Otwaa kwan tenten paa kɔɔ wɔn nkyɛn sɛ ɔne wɔn rekosusuw asɛm bi a ɛho hia no kɛse ho, asɛm a agyaw no kɔdaanna mpɛn pii.

Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moyɛ saa nneɛma pa yi ma me. Mode akyɛde brɛ me, na mobɛsra me. Saa ɔdɔ a muyi no adi yi som bo ma me. Nanso ɛhaw me efisɛ bere nyinaa medwennwen sɛ hena na ɔbɛyɛ saa nneɛma yi bi ama mo bere a moanyin te sɛ me no? Moaware mfe abien ni nanso monwoo mma. Munsusuw sɛ bere adu sɛ mufi Betel na mufi ase wo?”

Ɛna no susuwii sɛ: Dele ne Fola de bere pii asom wɔ Betel. Afei bere adu sɛ wodwen wɔn daakye ho. Nokwarem no, nnipa foforo betumi ayɛ wɔn adwuma no. Ɛho nhia sɛ Dele ne Fola gyae bere nyinaa som adwuma no, na mmom wobetumi ayɛ ɔsom adwuma no fã foforo bi, nea ɛbɛma wɔatumi awo mma na wɔanya abawo mu anigye.

Ɛna no Ahiasɛm

Ntease wɔ ɛna no ahiasɛm yi mu. Ɔpɛ a nnipa wɔ sɛ wɔwo mma no agye ntini na ɛda adi wɔ mmusua nyinaa mu bere nyinaa. Abawo ma obi nya anigye ne anidaso kɛse. Bible ka sɛ: “Yafunu mu aba yɛ akatua.” Yiw, wo a obi tumi wo mma no yɛ akyɛde a ɛsom bo a efi yɛn Bɔfo a ɔwɔ dɔ no hɔ.—Dwom 127:3.

Wɔ mmusua pii mu no, awarefo pii hyia asetram nhyɛso a ɛne sɛ wɔnwo mma. Sɛ́ nhwɛso no, wɔ Nigeria, beae a sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ɔbea biara wo mma baasia no, wɔtaa te wɔ ayeforohyia ase sɛ adɔfo ka kyerɛ awarefo foforo no sɛ: “Yɛhwɛ kwan sɛ asram akron bedu no, yɛbɛte sɛ abofra resu wɔ wo fie.” Wɔde akokoaa mpa kyɛ ayeforo ne ayeforokunu no. Nsenom bu nna no yiye. Sɛ ebedi bɛyɛ afe na ayeforo no nnyinsɛnee a, wɔhwehwɛ mu hwɛ sɛ ɔhaw bi wɔ hɔ a wobetumi aboa ma afi hɔ anaa.

Wɔ ɛnanom pii fam no, nea enti a nnipa baanu ware ne sɛ wɔbɛwo mma na wɔatoa abusua no anato no so. Fola maame ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wunim sɛ worenwo a, dɛn nti na wowaree? Obi na ɔwoo wo; enti ɛsɛ sɛ wo nso wowo w’ankasa wo mma.”

Eyi akyi no, nsɛm foforo a ɛfata wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho. Wɔ Afrika aman pii mu no, aban nhyehyɛe kakraa bi na ɛwɔ hɔ a wɔde hwɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim. Sɛnea wɔn amammerɛ te no, mmofra no na wɔhwɛ wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim no, sɛnea awofo no hwɛɛ wɔn bere a na wɔyɛ mmofra no. Enti Fola maame susuwii sɛ, sɛ ne mma anwo wɔn ankasa mma a, akyiri yi no, wɔbɛyɛ ankonam, wɔbɛpo wɔn, wobedi hia, na sɛ wowu a, wonnya obi nsie wɔn.

Wɔ Afrika aman pii mu no, sɛ obi anwo mma a wobu no sɛ ɛyɛ nnome. Wɔ mmeae bi no, wɔhwɛ kwan mpo sɛ mmea bɛkyerɛ sɛ wotumi wo mma ansa na wɔaware. Mmea pii a wontumi nyinsɛn no de anibere hwehwɛ nnuru ne ayaresa a ebetumi ama wɔawo.

Esiane saa su yi nti, wobu awarefo a wɔhyɛ da sɛ wɔrenwo no sɛ wɔde biribi pa bi rekame wɔn ho. Wobu wɔn sɛ wɔnyɛ wɔn ade sɛnea ɛfata, wɔnhwɛ ade nkɔ akyiri, na wɔyɛ mmɔbɔ.

Anigye ne Asɛyɛde

Yehowa nkurɔfo nim sɛ anigye a ɛwɔ abawo mu akyi no, asɛyɛde nso wom. Bible no ka wɔ 1 Timoteo 5:8 sɛ: “Na sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa ne, ne titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.”

Ɛsɛ sɛ awofo hwɛ wɔn mma wɔ honam fam ne honhom fam nyinaa, na eyi gye bere ne mmɔdenbɔ pii. Wonkura su a ɛne sɛ esiane sɛ Onyankopɔn na ɔde mma ma nti, Ɔno na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ wɔn. Wonim sɛ Bible nnyinasosɛm a wɔde tete abofra no yɛ bere nyinaa asɛyɛde a Onyankopɔn de ama awofo; ɛnyɛ ade a ɛsɛ sɛ wɔde hyɛ afoforo nsa.—Deuteronomium 6:6, 7.

Abofra ntetee yɛ adwuma a ɛyɛ den titiriw wɔ saa “mmere a emu yɛ den” yi “nna a edi akyiri” mu. (2 Timoteo 3:1-5) Sikasɛm tebea a ɛkɔ so yɛ den akyi no, abɔnefosɛm a ɛredɔɔso no ma mmofra ntetee yɛ den nnɛ. Nanso, wiase nyinaa no, Kristofo awarefo pii afa saa nsɛnnennen yi mu na wotumi tete wɔn mma a wɔsom Onyankopɔn “wɔ [Yehowa, NW] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” (Efesofo 6:4) Yehowa dɔ saa awofo yi na ohyira wɔn wɔ wɔn adwumaden no ho.

Nea Enti a Ebinom Paw sɛ Wɔrenwo Mma

Ɔkwan foforo so no, Kristofo awarefo pii nni mma. Ebinom nwo nanso wonnye abayɛn. Awarefo afoforo nso betumi awo mma nanso wɔasi gyinae sɛ wɔrenwo. Ɛnyɛ asɛyɛde a saa awarefo yi guan anaasɛ wosuro sɛ wobegyina abawo ho nsɛnnennen ano nti na wɔpaw sɛ wɔrenwo mma. Mmom no, wɔasi wɔn bo sɛ wɔde wɔn adwene nyinaa besi bere nyinaa som adwuma no afa ahorow a abawo mma wontumi nyɛ no so. Ebinom som sɛ asɛmpatrɛwfo. Afoforo som Yehowa sɛ ahwɛfo akwantufo na ebinom nso som wɔ Betel.

Te sɛ Kristofo nyinaa no, wonim sɛ adwuma bi a egye ntɛmpɛ wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Yesu kae sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” Ɛnnɛ wɔreyɛ saa adwuma yi. Ɛyɛ adwuma a ɛho hia, efisɛ “awiei no” bɛkyerɛ ɔsɛe ama wɔn a wɔantie asɛmpa no.—Mateo 24:14; 2 Tesalonikafo 1:7, 8.

Yɛn bere yi te sɛ bere a Noa ne n’abusua yɛɛ adaka kɛse bi a egyee wɔn nkwa wɔ Nsuyiri kɛse no mu no. (Genesis 6:13-16; Mateo 24:37) Ná Noa mmabarima baasa no nyinaa aware de, nanso wɔn mu biara anwo mma kosii Nsuyiri no akyi. Ade biako ne sɛ, ɛbɛyɛ sɛ na saa awarefo yi pɛ sɛ wɔde wɔn adwene ne wɔn ahoɔden nyinaa yɛ adwuma a egye ntɛmpɛ no. Bio nso, ɛbɛyɛ sɛ na wɔmpɛ sɛ wɔwo mma gu wiase a na adapaade ne basabasayɛ wom a na “nnipa bɔne dɔɔso pii asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa” no mu.—Genesis 6:5.

Bere a eyi nkyerɛ sɛ ɛyɛ bɔne sɛ wɔbɛwo mma nnɛ no, Kristofo awarefo pii po sɛ wɔbɛwo mma sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de wɔn ho nyinaa ahyɛ adwuma a egye ntɛmpɛ a Yehowa de ama ne nkurɔfo sɛ wɔnyɛ no mu. Awarefo binom twɛn kosii bere bi ansa na wɔrewo mma; afoforo nso asi gyinae sɛ wɔrenwo na wɔasusuw ho sɛ wɔbɛwo mma wɔ Yehowa trenee wiase foforo no mu. So eyi kyerɛ sɛ wɔnhwɛ ade nkɔ akyiri? So wɔrehwere biribi pa wɔ asetram? So wɔyɛ mmɔbɔ?

Asetra a Ahotɔ ne Anigye Wom

Ɛnnɛ, Dele ne Fola a yɛbɔɔ wɔn din mfitiase no aware boro mfe du, na wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so atra ase a wonni mma. Dele ka sɛ: “Yɛn abusuafo da so ara hyɛ yɛn sɛ yɛnwo. Nea ehia wɔn paa ne yɛn daakye yiyedi. Yɛkyerɛ susuw a wosusuw yɛn ho no ho anisɔ bere nyinaa, nanso yɛde anifere kyerɛkyerɛ mu sɛ yɛn ani gye nea yɛreyɛ no ho. Ɛdefa yɛn yiyedi ho de, yɛkyerɛ wɔn sɛ yɛde yɛn ho ato Yehowa, nea odwen wɔn a wodi no nokware nyinaa yiyedi ho no so. Yɛkyerɛkyerɛ mu nso sɛ wɔ a awofo wɔ mma no nkyerɛ sɛ mma no bɛhwɛ wɔn bere a wɔanyinyin no. Ebinom hwɛ wɔn awofo kakraa bi, afoforo ntumi mmoa wɔn, na afoforo nso wu mpo ansa na wɔn awofo awu. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Yehowa bɛma asi yɛn yiye daakye.”

Dele ne afoforo a wɔte sɛ ɔno no de wɔn ho to Yehowa bɔhyɛ ma n’asomfo anokwafo yi so: “Merennyaw wo, nanso merempa wo da.” (Hebrifo 13:5) Wɔwɔ gyidi nso sɛ “[Yehowa, NW] nsa nyɛ tiaa a ɛnso ogye, na n’aso nyɛ duru a ɛnte asɛm.”—Yesaia 59:1.

Ade foforo a ɛma wonya ahotoso ne hu a wohu sɛnea Yehowa wowaw ne nokware asomfo no. Ɔhene Dawid kyerɛwee sɛ: “Mayɛ abofra, na afei mabɔ akora, nanso minhuu onipa trenee a wɔapa no.” Dwen eyi ho. So wunim Yehowa somfo nokwafo bi a “wɔapa no”?—Dwom 37:25.

Sɛ́ anka wɔbɛhwɛ wɔn akyi anu wɔn ho no, wɔn a wɔde wɔn asetra nyinaa asom Yehowa ne wɔn nuanom Kristofo no de akomatɔyam da eyi adi. Onua Iro Umah de mfe 45 atra bere nyinaa som adwuma no mu na nnɛ ɔsom sɛ ɔhwɛfo kwantufo wɔ Nigeria. Ɔka sɛ: “Me ne me yere anwo de, nanso yɛma ɛtra yɛn adwene mu sɛ Yehowa ahwɛ yɛn honhom ne honam fam bere nyinaa. Hwee nhiaa yɛn. Sɛ yenyin bɔ akwakoraa ne aberewa mpo a, ɔrennyaw yɛn. Ada adi sɛ saa mfe a yɛde ayɛ bere nyinaa som adwuma ne nea ɛyɛ anigye sen biara wɔ yɛn asetram. Yɛde aseda ma Nyankopɔn sɛ yetumi som yɛn nuanom, na yɛn nuanom ani sɔ ɔsom a yɛde ma wɔn no, na wɔboa yɛn.”

Ɛwom sɛ awarefo pii nwoo honam fam mma de, nanso wɔawo mma soronko bi: Kristofo asuafo a wɔsom Yehowa. Ná ɔsomafo Yohane adi bɛyɛ mfe 100 bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Minni anigye a ɛsen eyi, sɛ mete sɛ me mma nam nokware mu.” (3 Yohane 4) Yohane “mma”—wɔn a ɔde wɔn baa “nokware” no mu—nokwaredi maa onyaa anigye kɛse.

Saa anigye yi ara da adi nnɛ. Bernice a ofi Nigeria aware mfe 19 ni nanso n’ankasa apaw sɛ ɔrenwo. Wasom sɛ ɔkwampaefo mfe 14 ni. Bere a n’asetra rebɛn nea ontumi nwo n’ankasa mma no, onnuu ne ho sɛ ɔde n’asetra reyɛ asuafoyɛ adwuma no. Ɔka sɛ: “Ɛyɛ me anigye sɛ mihu sɛ me honhom mu mma renyin. Sɛ mewɔ m’ankasa mma mpo a, minnye nni sɛ anka wɔbɛbɛn me kɛse asen wɔn a maboa wɔn ma wɔasua nokware no. Wobu me sɛ wɔn nã ankasa, wɔne me susuw wɔn anigye ne wɔn haw ho na wobisa afotu fi me hɔ. Wɔkyerɛw me nkrataa na yɛkɔsra yɛn ho yɛn ho.

“Ebinom bu awo a manwo no sɛ ɛyɛ nnome. Wɔka sɛ wubehu amane wɔ wo mmerewabɔ mu. Nanso minhu no saa. Minim sɛ bere tenten a mifi ɔkra nyinaa mu som Yehowa no, obetua me ka na wahwɛ me. Sɛ mebɔ aberewa a ɔrentow me nkyene da.”

Onyankopɔn Dɔ Wɔn na Wɔsom Bo Ma No

Wɔn a wɔawo na wɔatete mma a ‘wɔkɔ so nantew nokware no mu’ no wɔ anigye pii. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible no ka sɛ: “Ahurusi na ɔtreneeni agya bedi, na nea ɔwoo onyansafo no ani gye ne ho. Ma w’agya ne wo na ani nnye, na nea ɔwoo wo no nni ahurusi”!—Mmebusɛm 23:24, 25.

Wɔahyira saa Kristofo a wɔannya abawo mu anigye wɔ wiase yi mu no wɔ akwan foforo so. Saa awarefo yi mu pii adi dwuma titiriw ama Ahenni nneɛma anya nkɔso kɛse. Wɔde mfe pii anya osuahu, nyansa, ne ahokokwaw a ɛma wotumi yɛ Ahenni adwuma no ma mfaso ba so. Pii di adwuma no anim.

Ɛwom sɛ Ahenni nneɛma nti wɔanwo de, nanso Yehowa de honhon fam abusua a ɔdɔ wom a wɔkyerɛ wɔn afɔrebɔ no ho anisɔ kɛse ahyira wɔn. Ɛte sɛ asɛm a Yesu kae yi: “Obi nni hɔ a wagyaw [nea ɛkyerɛ ankasa ne, “wama afi ne nsa”] ofi, anaa nuabeanom, anaa ɛna, anaa agya, anaa mma, anaa asase, me ne asɛmpa no nti, na ɔrennya afi ne nuabarimanom ne nuabeanom ne ɛnanom ne mma ne nsase mmɔho ɔha . . . ɛne daa nkwa wɔ wiase a ɛreba no mu.”—Marko 10:29, 30.

Hwɛ sɛnea wɔn a wodi nokware nyinaa som bo ma Yehowa! Ɔsomafo Paulo ma saa anokwafo yi nyinaa, wɔn a wɔwɔ mma ne wɔn a wonni mma no awerɛhyem sɛ: “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho, sɛ mosom ahotefo na moda so som wɔn.”—Hebrifo 6:10.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Wɔasesa wɔn din.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]

Wɔde honhom fam abusua a ɔdɔ wom ahyira awarefo a wɔanwo