Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Magyae Akodeyɛ Regye Nkurɔfo Nkwa

Magyae Akodeyɛ Regye Nkurɔfo Nkwa

Asetram Nsɛm

Magyae Akodeyɛ Regye Nkurɔfo Nkwa

SƐNEA ISIDOROS ISMAILIDIS KA KYERƐE

Ná me nkotodwe gu fam a merete nusu waawaa. Mekae wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Oo, Onyankopɔn, m’ahonim kyerɛ me sɛ merentumi nkɔ so nyɛ akode bio. Mabɔ mmɔden yiye sɛ menya adwuma foforo, nanso minnya. Ɔkyena, mede krataa a mede regyae adwuma no bɛkɔ. Mesrɛ wo, Yehowa, mma yɛn mma baanan no mmmua nnna.” Ɛyɛɛ dɛn na mibeduu ha?

BERE a wɔwoo me wɔ Drama, a ɛwɔ Greece atifi fam wɔ 1932 mu no, na yɛn asetra nkyere so na na yɛn asom dwo yɛn. Ná me papa taa ne me bɔ nea ɔpɛ sɛ meyɛ ho nkɔmmɔ. Ɔhyɛɛ me nkuran sɛ menkɔ United States nkosua nhoma. Bere a wɔfow Greece wɔ Wiase Ko II mu no, asɛm a na Greecefo taa ka ne sɛ: “Mubetumi awia yɛn nneɛma, nanso muntumi nwia nea ɛwɔ yɛn tirim.” Ná masi me bo sɛ mesua nhoma akɔ akyiri na manya biribi a obiara ntumi nwia.

Mede me ho hyehyɛɛ Greece Ortodɔks Asɔre no akuw ahorow mu fi me mmofraase. Wɔka kyerɛɛ yɛn wɔ hɔ sɛ yɛne akuw a wɔn ho yɛ hu biara mmmɔ. Mekae paa sɛ wɔbɔɔ kuw biako—Yehowa Adansefo—din, efisɛ na wɔkyerɛ sɛ wɔn na wogyina hɔ ma antikristo no.

Bere a miwiee mfiridwuma sukuu wɔ Athens wɔ 1953 mu no, mituu kwan kɔɔ Germany kɔhwɛe sɛ ebia menya adwuma na bere koro no ara makɔ sukuu wɔ hɔ anaa. Nanso anyɛ yiye, enti mitutuu akwan kɔɔ aman foforo so. Adapɛn kakraa bi akyi no, me sika nyinaa sae wɔ Belgium po so hyɛn gyinabea bi. Mekae sɛ menantew kɔɔ asɔredan bi mu, traa ase, na misui denneennen araa ma, me nusu sosɔɔ fam wɔ m’anim. Mebɔɔ mpae sɛ sɛ Onyankopɔn boa me ma midu United States a, merenni honam fam nneɛma akyi na mmom mɛkɔ sukuu, na mabɔ mmɔden ayɛ Kristoni ne ɔman ba pa. Awiei koraa no, miduu hɔ wɔ 1957 mu.

Asetra Foforo Wɔ United States

Ná asetra yɛ den wɔ United States ma otubrafo te sɛ me a na mente ɔman no mu kasa na minni sika no. Meyɛɛ nnwuma abien anadwo, na sɛ ade kye a, mabɔ mmɔden akɔ sukuu. Mekɔɔ kɔlege ahorow nyaa ho digrii. Afei mekɔɔ California Sukuupɔn a ɛwɔ Los Angeles no konyaa abasobɔde a edi kan wɔ abɔde a aniwa hu ho nimdeɛ mu. Me papa nsɛm a ɛfa nhomasua ho no na ɛhyɛɛ me nkuran wɔ mmere a na ɛyɛ den yi mu.

Bɛyɛ sɛ saa bere yi ara mu na mihyiaa Greeceni bea hoɔfɛfo bi, Ekaterini, na yɛwaree wɔ 1964 mu. Yɛwoo yɛn babarima a odi kan wɔ mfe abiɛsa akyi, na mfe anan ntam no, yɛwoo mmabarima baanu ne ɔbabea biako. Nokwarem no, na ɛyɛ den sɛ mesua ade wɔ sukuupɔn mu na bere koro no ara masan ahwɛ abusua no.

Na me ne U.S. Wim Asraafo no na ɛyɛ adwuma wɔ adwumakuw bi a wɔyɛ ahunmu akode mu wɔ Sunnyvale, California. Ná meka ahunmu nnwuma a wɔyɛ te sɛ Agena ne Apollo dwumadi ahorow no ho. Na mpo minyaa abasobɔde pii wɔ mmɔden a mebɔe wɔ Apollo 8 ne Apollo 11 dwumadi mu no ho. Ɛno akyi no, metoaa me nhomasua so na ɛma mede me ho hyɛɛ asraafo nnwuma a wɔyɛ no ahunmu pii mu. Saa bere yi na misusuw sɛ mawie—mewɔ yere a ne ho yɛ fɛ, mma baanan a wɔn ho yɛ anika, adwuma a sika wom, ne fie fɛfɛ.

Yɔnko a N’abam Ammu

Bere a na mewɔ adwumam wɔ 1967 mfiase mu no, mihyiaa Jim, ɔbarima a na odwo na ne yam ye. Na ɛte sɛ nea bere nyinaa Jim anim tew no, na wampo sɛ ɔne me bɛnom kɔfe de agye yɛn ahome da. Ná ɔde saa hokwan yi di dwuma ne me susuw Bible mu nsɛm ho. Jim ka kyerɛɛ me sɛ ɔne Yehowa Adansefo resua ade.

Me ho dwiriw me sɛ metee sɛ Jim de ne ho akɔbɔ saa nyamesom kuw yi. Ɛyɛɛ dɛn na antikristo kuw yi nsa kaa onipa pa a ɔte saa? Nanso, mantumi anko antia Jim ayamye ne sɛnea na ɔpɛ m’asɛm no. Ná ɛte sɛ nea da biara da, ɔwɔ biribi soronko a ɔde bɛma me akenkan. Sɛ nhwɛso no, da koro, ɔbaa m’adwuma mu bɛkae sɛ: “Isidoros, asɛm a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no ka abusua asetra a wobɛhyɛ no den ho asɛm. Fa kɔ fie, na wo ne wo yere nkenkan.” Meka kyerɛɛ no sɛ mɛkenkan, nanso akyiri yi mekɔɔ agyananbea kɔtetew nsɛmma nhoma no mu nketenkete tow guu wura adaka mu.

Metetew nhoma ne nsɛmma nhoma biara a Jim de maa me no mu saa ara mfe abiɛsa. Esiane sɛ na minni Yehowa Adansefo ho adwempa, nanso mebɔ mmɔden sɛ mɛfa Jim adamfo nti, misusuwii sɛ ɛyɛ papa sɛ metie nea ɔbɛka akyerɛ me na sɛ ɔdan ne ho a, matow agu ntɛm ara.

Nanso mihu fii saa nkɔmmɔbɔ no mu sɛ, nneɛma a na migye di na meyɛ no pii nnyina Bible so. Mibehui sɛ, Baasakoro, hellgya, ne ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no mfi Kyerɛwnsɛm no mu. (Ɔsɛnkafo 9:10; Hesekiel 18:4; Yohane 20:17) Sɛ́ Greece Ortodɔksni a migye me ho di no, na mempɛ sɛ migye tom pefee sɛ nea Jim ka no yɛ nokware. Nanso esiane sɛ bere nyinaa na ɔde Bible no di dwuma na wamfa n’ankasa adwene ankasa nti, akyiri yi mibehui sɛ ɔbarima yi wɔ Bible mu asɛnhia bi ma me.

Me yere hui sɛ biribi rekɔ so, enti obisaa me sɛ gyama me ne m’adamfo Ɔdanseni no akasa anaa. Bere a mibuae sɛ yiw no, ɔkae sɛ: “Yebetumi akɔ asɔre biara, gye sɛ Yehowa Adansedi.” Nanso ankyɛ, me ne me yere ne yɛn mma no kɔɔ Adansefo no nhyiam daa.

Gyinaesi a Ɛyɛ Den

Bere a na meresua Bible no, mihyiaa odiyifo Yesaia nsɛm yi: “Wɔde wɔn nkrate abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.” (Yesaia 2:4) Mibisaa me ho sɛ, ‘Ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔsom Onyankopɔn a ɔpɛ asomdwoe betumi ayɛ adwuma wɔ faako a wɔyɛ akode a edi awu?’ (Dwom 46:9) Ankyɛ na misii gyinae sɛ ɛsɛ sɛ mesesa m’adwuma.

Sɛnea ntease wom no, na eyi yɛ asɛnnennen ankasa. Na mewɔ adwuma pa. Mede mfe pii brɛ yɛɛ adwumaden, suaa nhoma de nneɛma pii bɔɔ afɔre ansa na merenya dibea yi. Ná manya dibea a ɛkorɔn wɔ adwumam, na hwɛ sɛ afei de ɛsɛ sɛ misi gyinae gyae m’adwuma. Nanso ɔdɔ a emu yɛ den a na mewɔ ma Yehowa ne ɔpɛ a na mewɔ sɛ mɛsɔ n’ani no maa awiei koraa no, mitumi gyinaa ano.—Mateo 7:21.

Misii gyinae sɛ me ne adwumayɛkuw bi bɛyɛ adwuma wɔ Seattle, Washington. Nanso nea ɛne no bɔ abira no, ankyɛ na mibehui sɛ mede me ho ahyɛ adwuma a ɛne Yesaia 2:4 nhyia mu koraa sen kan no. Mmɔden a mebɔe sɛ mɛyɛ nnwuma foforo no anyɛ yiye, na afei m’ahonim haw me. Mibehui pefee sɛ merentumi nyɛ m’adwuma no na bere koro no ara manya ahonim pa.—1 Petro 3:21.

Ɛbɛdaa adi pefee sɛ na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae titiriw bi. Yɛde nea ennu asram asia sakraa yɛn asetra, na yetwaa ɛka a yɛn abusua no bɔ fã gui. Na afei, yɛtɔn yɛn fie kɛse a ɛyɛ fɛ no, kɔtɔɔ ketewa bi wɔ Denver, Colorado. Afei na masiesie me ho ama gyinaesi a etwa to no—m’adwuma no a ɛsɛ sɛ migyae. Mekyerɛw krataa a mede regyae adwuma no kyerɛkyerɛɛ me gyinaesi a egyina ahonim so no mu. Saa anadwo no, bere a mmofra no akɔda no, me ne me yere de yɛn nkotodwe guu fam bɔɔ Yehowa mpae, sɛnea mekae wɔ asɛm yi mfiase no.

Annu ɔsram biako na yetu kɔɔ Denver, na adapɛn abien akyi wɔ July 1975 mu no, wɔbɔɔ me ne me yere asu. Metraa fie asram asia a na minnya adwuma, na na yɛde nkakrankakra redi yɛn sika a yɛde asie. Eduu ɔsram a ɛto so ason no, na sika a aka wɔ sikakorabea no nnu yɛn dan ka a ɛsɛ sɛ yetua no ɔsram biara no. Mifii ase hwehwɛɛ adwuma hunu biara a menya ayɛ, nanso ɛno akyi bere tiaa bi na minyaa afiriyɛfo adwuma yɛe. Na akatua no bɛyɛ nea na migye kan no mu fã; nanso na ɛno mpo sen nea mibisaa Yehowa no. Hwɛ anigye ara a minyae sɛ mede honhom mu nneɛma dii kan!—Mateo 6:33.

Yɛn Mma a Yɛtetee Wɔn Ma Wɔdɔɔ Yehowa

Saa bere yi nyinaa na me ne Ekaterini reyɛ adwumaden a ɛne sɛ yɛde Onyankopɔn mmara bɛtete yɛn mma no a na adagyew nnim koraa. Anigyesɛm ne sɛ, ɛdenam Yehowa mmoa so no, wɔn nyinaa anyin abɛyɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw, na wɔahyira wɔn nkwa so koraa ama Ahenni asɛnka adwuma a ehia paa no. Yɛn mmabarima baasa no nyinaa, Christos, Lakes, ne Gregory, awie Asomfo Ntetee Sukuu, na mprempren wɔreyɛ ɔsom adwuma no afã horow, resrasra asafo horow hyɛ wɔn den. Yɛn babea, Toula atu ne ho ama reyɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti, wɔ New York. Yɛn ani gyei bere a yehui sɛ wɔn nyinaa de nnwuma a anka ɛbɛma wɔanya sika pii bobɔɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ na wɔasom Yehowa no.

Nnipa pii abisa nea ɛma obi tumi tete mmofra yiye saa. Nokwarem no, wɔnhyehyɛɛ ɔkwan pɔtee bi a wɔde tete mmofra biara ntoo hɔ, nanso yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛde Yehowa ne nnipa ho dɔ bedua wɔn komam. (Deuteronomium 6:6, 7; Mateo 22:37-39) Mmofra no hui sɛ yɛrentumi nka nkyerɛ Yehowa sɛ yɛdɔ no, gye sɛ yɛde yɛn nneyɛe kyerɛ.

Da koro wɔ dapɛn no mu a ɛtaa yɛ Memeneda no, yɛbom kɔ asɛnka sɛ abusua. Dwoda anwummere biara a yɛadidi awie no, yɛyɛ abusua Bible adesua, na afei nso na yɛne abofra biara yɛ Bible adesua. Bere a na mmofra no susua no, na yɛne wɔn mu biara sua ade kakra mpɛn pii dapɛn biara, na bere a wɔrenyinyin no, yɛyɛ adesua a ɛkyɛ pɛnkoro dapɛn biara. Sɛ yɛne yɛn mma no reyɛ adesua yi a, wofi wɔn pɛ mu ne yɛn susuw wɔn nsɛnnennen ho a wonsuro.

Afei nso na yɛbom sɛ abusua de yɛn ho hyɛ ahomegye a ɛhyɛ nkuran mu. Ná yɛn ani gye sanku a yɛbom bɔ ho, na na abofra biara ani gye ho sɛ ɔbɛbɔ dwom a ɛyɛ no dɛ. Edu adapɛn bi a, na yɛto nsa frɛ mmusua afoforo ma wɔne yɛn bɛbɔ fekuw. Ná yetu kwan kɔhwehwɛ mmeaemmeae sɛ abusua nso. Wɔ akwantu no biako mu no, yɛde adapɛn abien hwehwɛɛ Colorado mmepɔw so, na yɛne asafo a ɛwɔ hɔnom no yɛɛ asɛnka adwuma. Ɛyɛ a, yɛn mma no taa de anigye kaakae adwuma a na wɔyɛ wɔ ɔmantam nhyiam dwumadibea ahorow ne boa a na wɔboa ma wosi Ahenni Asa wɔ mmeae horow no. Bere a yɛde mmofra no kɔɔ Greece sɛ wonkokyia abusuafo no, wohuu Adansefo anokwafo a wɔn gyidi nti, wɔde wɔn guu afiase no mu pii nso. Eyi nyaa wɔn so nkɛntɛnso kɛse, na ɛboaa wɔn ma wosii gyinae sɛ wɔde akokoduru begyina nokware no afã pintinn.

Ɛwom, ɛtɔ mmere bi a na mmofra no bi yɛ asoɔden, na ɛdefa wɔn fekubɔ ho no nso, na wɔmpaw nnamfo papa. Wɔ mmere foforo mu no, na yɛn na yɛma wɔn ho kyere wɔn denam ka a na yɛka wɔn hyem dodo no so. Nanso ‘Yehowa nyansakyerɛ’ a ɛwɔ Bible mu a yɛde dii dwuma no boaa yɛn nyinaa ma yesiesiee nneɛma.—Efesofo 6:4; 2 Timoteo 3:16, 17.

M’asetram Bere a M’ani Gye Sen Biara

Bere a yɛn mma no de wɔn ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma mu no, me ne Ekaterini fii ase susuw nea ɛbɛma yɛatumi ayɛ pii wɔ nkwagye adwuma no mu ho anibere so. Ne saa nti, wɔ 1994 mu bere a migyaee adwuma ntɛm no, yɛn nyinaa fii ase somee sɛ daa akwampaefo. Nea ɛka yɛn asɛnka adwuma no ho ne sɛ, yɛkɔ Kɔlege ahorow ne sukuupɔn mu, faako a yedi sukuufo no adanse na yɛne wɔn mu binom yɛ Bible adesua no. Esiane sɛ na mete wɔn nsɛnnennen ahorow ase—na mete sɛ wɔn ara mfe kakraa a atwam no—nti, mitumi boaa wɔn ma wosuaa Yehowa ho ade. Hwɛ anigye araa a manya sɛ me ne sukuufo a wofi Bolivia, Brazil, Chile, China, Egypt, Ethiopia, Mexico, Thailand, ne Turkey asua ade! Bio nso, mitumi di afoforo adanse wɔ telefon so, ne titiriw, nkurɔfo a wɔka me kurom kasa.

Ɛwom sɛ mewɔ sintɔ pii esiane Greece kasagyirae a egyigye me kasa mu kɛse, ne nyin a merenyin no nti, nanso mabɔ mmɔden bere nyinaa sɛ mede me ho bɛma te sɛ Yesaia a ɔkae sɛ: “Mini, soma me!” no. (Yesaia 6:8) Yɛn ani agye sɛ yɛatumi aboa nnipa bɛboro baasia ma wɔahyira wɔn nkwa so ama Yehowa. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi ne bere a yɛn ani agye sen bere biara.

Bere bi a atwam no, na mede m’asetra nyinaa yɛ akode akɛse a wɔde kunkum nnipa. Yehowa nam ne dom so abue kwan ama me ne m’abusua ma yɛabɛyɛ n’asomfo a yɛahyira yɛn ho so reka daa nkwa wɔ paradise asase so ho asɛmpa kyerɛ nkurɔfo. Bere a misusuw gyinaesi a ɛyɛ den a na ɛsɛ sɛ misi ho no, Malaki 3:10 asɛm no baa me tirim: “Momfa ntotoso du du no nyinaa mmra adekora dan mu, na aduan ntra me fi. Na momfa eyi nsɔ me nhwɛ ɛ, asafo [Yehowa, NW] na ose, sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere memma mo, na merenhwie nhyira memma mo mma ɛmmoro so anaa?” Nokwasɛm ni, wayɛ saa—ama yɛn koma atɔ yɛn yam!

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 27]

Lakes: Ná me papa mpɛ nyaatwomfo asɛm. Ɔbɔɔ mmɔden biara sɛ ɔrenyɛ nyaatwom, titiriw sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ nhwɛso pa bi ma abusua no a. Ná ɔtaa ka kyerɛ yɛn sɛ: “Sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa a, ɛno kyerɛ biribi. Ɛsɛ sɛ wunya ɔpɛ sɛ wode nneɛma bi bɛbɔ afɔre ama Yehowa. Nea Kristoni a obi bɛyɛ kyerɛ ara ne no.” Nsɛm yi aka me tirim, na ama matumi adi ne nhwɛso akyi wɔ nneɛma a mede bɔ afɔre ma Yehowa no mu.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 27]

Christos: M’ani agye komam nyinaa a m’awofo afi de adi Yehowa nokware, ne wɔn asɛyɛde sɛ awofo a wɔde nsi yɛe no ho. Sɛ́ abusua no, na yɛyɛ nneɛma nyinaa bom—fi asɛnka so kosi ahomegye so. Ɛwom sɛ anka wobetumi de wɔn ho ahyehyɛ nneɛma pii mu de, nanso m’awofo kwatii akɛsesɛm wɔ wɔn asetra mu, de wɔn adwene sii ɔsom adwuma no so. Ɛnnɛ, minim sɛ sɛ mede me ho nyinaa hyɛ Yehowa som mu a, na m’ani gye paa.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 28]

Gregory: Sɛ nkuranhyɛsɛm a m’awofo de maa me sɛ mentrɛw me som adwuma mu no da nkyɛn a, wɔn nhwɛso ne anigye a mihu sɛ wɔda no adi wɔ Yehowa som mu no na ɛkanyanee me kɛse ma misusuw me nsɛm tebea ho, na mipiaa adwenem nnaayɛ biara a na mewɔ wɔ bere nyinaa som adwuma a na mɛyɛ ho no too nkyɛn, na mede me ho hyɛɛ Yehowa adwuma mu kɛse. Meda m’awofo ase sɛ wɔaboa me ma manya anigye afi me ho mmɔden a mebɔ mu.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 28]

Toula: M’awofo si so dua bere nyinaa sɛ yɛne Yehowa ntam abusuabɔ ne ade a ɛsom bo sen biara a yebetumi anya, ne sɛ ɔkwan koro pɛ a yebetumi afa so anya anigye ne sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi nyinaa ama Yehowa. Wɔmaa yehuu Yehowa yiye ankasa. Mpɛn pii na na me papa ka kyerɛ yɛn sɛ sɛ wutumi de ahonim pa kɔda wo mpa so anadwo a, wunya atenka bi a ɛso ni, sɛ woayɛ nea wubetumi nyinaa ama Yehowa ani agye.

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Bere a na meyɛ ɔsraani wɔ Greece, 1951

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Me ne Ekaterini wɔ 1966 mu

[Mfonini wɔ kratafa 26]

M’abusua wɔ 1996 mu: (benkum kɔ nifa, akyiri) Gregory, Christos, Toula; (anim) Lakes, Ekaterini, ne me