Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Obu Ma Tumidi—Dɛn Nti Na Ɛho Ayɛ Nã Saa?

Obu Ma Tumidi—Dɛn Nti Na Ɛho Ayɛ Nã Saa?

Obu Ma Tumidi—Dɛn Nti Na Ɛho Ayɛ Nã Saa?

“Da koro wɔbɛka animtiaa a wobu tumidi, ɔsom ne asetra mu nhyehyɛe, ne afei amammui nhyehyɛe a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa no ho asɛm sɛ mfe du a etwaam no mu adeyɛ a ɛda nsow.”

MFE pii atwam fi bere a abakɔsɛm kyerɛwfo ne nyansapɛfo Hannah Arendt kaa 1960 mfe no ho asɛm no. Ɛnnɛ, animtiaa a wobu tumidi rekɔ so sen bere biara.

Sɛ nhwɛso no, amanneɛbɔ bi a ɛbaa The Times a ɛwɔ London mu nnansa yi no ka sɛ: “Awofo binom nnye ɔkyerɛkyerɛfo tumi a ɔwɔ wɔ wɔn ba so no ntom, na sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no bɔ mmɔden sɛ ɔbɛteɛ wɔn ba so a, wɔkasa tia no.” Mpɛn pii no, sɛ wɔteɛ awofo no mma so wɔ sukuu a, wɔkɔ hɔ, a ɛnyɛ sɛ wɔrekɔkasa akyerɛ akyerɛkyerɛfo ara kwa, na mmom sɛ wɔrekɔtow ahyɛ wɔn so.

Wɔafa Akyerɛkyerɛfo Mpanyimfo Fekuw a ɛwɔ Britain no kasamafo asɛm bi aka sɛ: “Nea ɔmanfo reka ne sɛ, ‘mewɔ hokwan ahorow,’ sen sɛ anka wɔbɛka sɛ ‘mewɔ asɛyɛde ahorow.’” Obu a ɛfata ma tumidi a awofo ntumi mfa nnua wɔn mma mu akyi no, wɔn mu binom nteɛ wɔn mma so—na wɔmma afoforo nso nyɛ saa. Sɛnkyerɛwfo Margarette Driscoll kyerɛwee sɛ, wɔma kwan ma mmofra a wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ “hokwan ahorow” no bu awofo ne akyerɛkyerɛfo nyinaa tumidi animtiaa, na nea afi mu aba no nyɛ nwonwa—“awo ntoatoaso a wɔmfa tumidi nyɛ hwee, na wonni papa ne bɔne ho nimdeɛ ahe biara.”

Time nsɛmma nhoma no faa rap nnwontofo bi asɛm a obisae sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na obi a wɔawo no aba wiase a biribiara nni gyina na akyea yi mu benya ɔmanfo mu ahotoso?” ka de kyerɛɛ sɛnea Russia mmabun pii aba mu abu wɔ asɛm bi a ɛtoo din “Awo Ntoatoaso a Ayera” mu. Nnipa fekubɔ ho nimdefo Mikhail Topalov gyee asɛm yi toom sɛ: “Mmofra no nsɛee. Aban adaadaa wɔn awofo ma wɔahu, na wɔn awofo ahwere wɔn sika ne wɔn nnwuma ma wɔahu. So yebetumi ahwɛ kwan sɛ wɔbɛkyerɛ obu ama tumidi?”

Nanso, ɛbɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛka sɛ mmofra nkutoo na wɔda tumidi ho animtiaabu adi. Ɛnnɛ, nnipa a ɛsono mfe a wɔadi nyinaa nni tumidi mu ahotoso, na wobu wɔn animtiaa mpo. So eyi kyerɛ sɛ yentumi nnya tumidi biara mu ahotoso? Sɛ wɔde tumi di dwuma yiye a, wɔkyerɛ ase sɛ “tumi anaa hokwan a wɔde di biribi so, bu atɛn, anaa wɔde siw afoforo nneyɛe ano,” na ebetumi ayɛ ade a ɛwɔ nkɛntɛnso pa. Ɛso betumi aba ankorankoro ne ɔmanfo nyinaa mfaso. Asɛm a edi hɔ no bɛka nea enti a eyi te saa ho asɛm.