Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔn a Wɔdɔ Yehowa no Som Bo Ma No

Wɔn a Wɔdɔ Yehowa no Som Bo Ma No

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Wɔn a Wɔdɔ Yehowa no Som Bo Ma No

EFI Bible bere so tɔnn na Lebanon asase ne ɛso nnɔbae ama agye din. (Dwom 72:16; Yesaia 60:13) Ade a na ɛwɔ bo titiriw ne ne kyeneduru akɛse a esiane ne fɛ, ne huam, ne kyɛ a ɛkyɛ nti, na obiara ani bere no. Wɔ afeha a edi kan mu no, biribi a ɛsom bo sen ɛno puee wɔ Lebanon. Marko Asɛmpa no bɔ amanneɛ sɛ, “nnipa kuw pii a wɔtee nneɛma a [Yesu yɛe] no” fi Tiro ne Sidon a na ɛwɔ tete Lebanon mantam mu no, “baa ne nkyɛn.”—Marko 3:8.

Saa ara nso na ɛnnɛ, Lebanon kɔ so sow aba a ɛsom bo yiye wɔ Yehowa ani so. Osuahu ahorow a edidi so yi si eyi so dua.

• Wɔka kyerɛɛ Ɔdansefo aberante bi a ne din de Wissam sɛ ɔmma ɔkasa simma 30 nkyerɛ n’adesuakuw mufo wɔ sukuu. Wissam yɛɛ n’adwene sɛ ɔde hokwan fɛfɛ yi bedi adanse. Enti ɔde Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? nhoma no na edii dwuma de siesiee adebɔ ho ɔkasa no. Nanso, bere a Wissam kyerɛkyerɛfo huu nea ɔrebɛka ho asɛm no, ɔkae sɛ esiane sɛ ɛyɛ asɛm a ɛho hia saa nti obetumi atrɛw mu ma adu simma 45.

Bere a Wissam fii ɔkasa no ase no, ne kyerɛkyerɛfo no ma ogyinae, na ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ sukuu sohwɛfo no. Ankyɛ na sukuu sohwɛfo no bedui maa Wissam fii ase bio. Bere a sukuu sohwɛfo no tiee nsɛm a Wissam bisae wɔ ne kasa no mfiase no, n’ani gyei maa ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ne krataa no so yɛ bi ma adesuafo no nyinaa.

Ankyɛ na ɔkyerɛkyerɛfo bi a na ɔretwam huu sɛnea na wɔn ani agye wɔ adesuadan no mu no, ma enti obisaa nea na ɛrekɔ so no. Bere a wɔka kyerɛɛ no no, obisae sɛ ebia Wissam rekyerɛkyerɛ adebɔ mu anaasɛ ɔrekyerɛkyerɛ adannandi mu. Wobuae sɛ, “adebɔ.” Bere a ɔkyerɛkyerɛfo no hui sɛ Wissam yɛ Yehowa Dansefo no, ɔka kyerɛɛ adesuakuw no sɛ: “Ne kasa no bɛma moahu sɛ nyansahu foa adebɔ so, ɛnyɛ adannandi.”

Sɛɛ na ɔkyerɛkyerɛfo no wɔ Creation nhoma no bi a na ɔhwɛ mu de kyerɛ ade wɔ sukuupɔn mu! Ansa na ɔrekɔ no, obisae sɛ ebia ade kye a, obetumi de n’adesuafo no aba ma Wissam akasa akyerɛ wɔn anaa. Ɛno nso maa wodii Yehowa ho adansedi pa.

• Ná nokware no ho sukɔm de Nina a wadi mfe aduonu abien no. Da koro, ne sewaa ba bi maa no Bible, na ɔde no kɔhyɛɛ Honhonsɔre bi mu. Nina de anigye kenkan Bible no na ɛma obehui sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo ka asɛm no, enti ofii ase kaa bi kyerɛɛ n’amannifo. Obiara a ɔkaa asɛm kyerɛɛ no no bisaa no sɛ: “Woyɛ Yehowa Dansefo?” Ɛno yɛɛ no nwonwa.

Mfe asia akyi no, Yehowa Adansefo baa Nina fie bɛkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm kyerɛɛ no. Mfiase no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ obenya wɔn nkyerɛkerɛ no ho mfomso bi. Nanso, obehui sɛ ntease wɔ wɔn mmuae no nyinaa mu na na egyina Bible so.

Nea awiei koraa Nina hui—Onyankopɔn din, Yehowa; Ahenni ho nhyira horow; ne nea ɛkeka ho—no ma obegye dii sɛ wahu nokware no. Ohyiraa ne nkwa so maa Onyankopɔn na ɔbɔɔ asu. Nina de mfe ason a atwam no asom sɛ bere nyinaa somfo. Nokwarem no, Yehowa hyira wɔn a wɔdɔ no ankasa no.—1 Korintofo 2:9.