Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔkwan Bɛn So na Musiesie Mo Ntam Nsɛm?

Ɔkwan Bɛn So na Musiesie Mo Ntam Nsɛm?

Ɔkwan Bɛn So na Musiesie Mo Ntam Nsɛm?

YƐNE nnipa ahorow di nkitaho da biara da. Eyi taa ma yenya anigye ne nneɛma ho adwene foforo. Ɛtɔ mmere bi a, ɛma nsɛmnsɛm nso sɔre; ebi yɛ aniberesɛm na afoforo nso yɛ da biara da asetram nneɛma nketenkete a adwene nhyia wɔ ho kɛkɛ. Sɛnea ɛte biara no, ɔkwan a yɛfa so siesie yɛne afoforo ntam nsɛmnsɛm no nya yɛn so nkɛntɛnso wɔ adwene, nkate, ne honhom fam.

Nea yebetumi nyinaa a yɛbɛyɛ de asiesie yɛne afoforo ntam nsɛmnsɛm ɔkwampa so no bɛma yɛanya akwahosan pa na yɛne wɔn anya abusuabɔ a asomdwoe pii wom. Wobu tete bɛ bi sɛ: “Komam dwo yɛ ɔhonam nkwa.”—Mmebusɛm 14:30.

Nea ɛne eyi bɔ abira ankasa ne nokwasɛm yi: “Ɔbarima a ontumi nsianka ne honhom te sɛ kurow a abubu a afasu nni ho.” (Mmebusɛm 25:28) Yɛn mu baahe na yɛbɛpɛ sɛ yegyae yɛn ho mu ma nsusuwii bɔne a ebetumi ama yɛayɛ yɛn ade wɔ akwan a ɛmfata so—akwan a ebetumi apira yɛne afoforo—ahyɛn yɛn mu? Abufuw a yɛde yi nsɛm ano betumi ayɛ saa. Wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka no mu no, ɔhyɛɛ nkuran sɛ yɛnhwehwɛ yɛn suban a ebetumi anya sɛnea yɛne afoforo siesie yɛn ntam nsɛmnsɛm no so nkɛntɛnso no mu. (Mateo 7:3-5) Sɛ́ anka yɛbɛkasa atia afoforo denneennen no, ɛsɛ sɛ yesusuw ɔkwan a yɛbɛfa so ne wɔn a ɛsono wɔn adwene ne osuahu ahorow no afa nnamfo na yɛakura mu ho.

Yɛn Suban

Ɔkwan a edi kan a yɛbɛfa so adi nsɛmnsɛm a yesusuw sɛ yɛne afoforo wɔ anaa nea yɛne afoforo wɔ ankasa ho dwuma ne sɛ yebegye atom sɛ yebetumi anya adwene a ɛnteɛ ayɛ nneɛma bɔne. Kyerɛwnsɛm no kae yɛn sɛ yɛn nyinaa ayɛ bɔne ‘na Onyankopɔn anuonyam abɔ yɛn.’ (Romafo 3:23) Afei nso, nhumu betumi ama ada adi sɛ yɛn haw no mfi ɔfoforo no. Wɔ eyi mu no, momma yensusuw Yona asɛm no ho nhwɛ.

Yehowa maa Yona kɔɔ Niniwe kurow no mu kɔkaa Onyankopɔn atemmu a ɛreba kurow no mufo so no ho asɛm. Anigyesɛm a efii mu bae ne sɛ Niniwe kurow no mufo nyinaa sakrae gyee nokware Nyankopɔn no dii. (Yona 3:5-10) Yehowa hui sɛ wɔn adwensakra no fata bɔne fafiri, enti wansɛe wɔn. “Ɛyɛɛ Yona ani so asɛmmɔne sɛ, na ne bo fuwii.” (Yona 4:1) Nea Yona yɛe wɔ Yehowa fafiri ho no yɛɛ nwonwa. Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ Yona bo fuw Yehowa? Ɛda adi sɛ na Yona dwen sɛnea ɛbɛka no no ho, na na ɔte nka sɛ n’anim agu ase wɔ ɔman no mu. Wankyerɛ Yehowa mmɔborohunu ho anisɔ. Yehowa fii ayamye mu de biribi kyerɛɛ Yona ade ma ɛboaa no ma ɔsesaa ne suban ma ohuu mfaso a ɛwɔ Onyankopɔn mmɔborohunu so. (Yona 4:7-11) Ɛda adi sɛ Yona na na ɛsɛ sɛ ɔsesa ne suban, ɛnyɛ Yehowa.

So ɛtɔ mmere bi a ebetumi aba sɛ ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛsesa yɛn suban wɔ asɛm bi ho? Ɔsomafo Paulo tu yɛn fo sɛ: “Munni kan nnidi mo ho ni.” (Romafo 12:10) Na ɔkyerɛ dɛn? Ɔkwan bi so no, ɔrehyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ nnipa a yɛwɔ ntease na yemmu Kristofo foforo yiye nni wɔn ni. Nea eyi kyerɛ ne sɛ ɛsɛ sɛ yehu sɛ ankorankoro biara wɔ hokwan sɛ ɔpaw nea ɔpɛ. Paulo kae yɛn nso sɛ: “Obiara bɛsoa n’ankasa n’adesoa.” (Galatifo 6:5) Enti, ansa na nsɛmnsɛm bi bɛma yɛne obi ntam atõtõ no, hwɛ sɛnea nyansa wom sɛ yebesusuw ho sɛ ebia ɛsɛ sɛ yɛn ankasa sesa yɛn suban anaa! Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho da Yehowa adwene adi na yɛkora yɛne afoforo a wɔdɔ Onyankopɔn ankasa ntam asomdwoe so.—Yesaia 55:8, 9.

Ɔkwan a Yɛbɛfa so Ayɛ

Hwɛ sɛ mmofra nkumaa baanu repere agode biako ho, na wɔn mu biara retwe no denneennen sɛnea ɛbɛyɛ a ne nsa bɛka. Ebia wɔde abufuw bedidi wɔn ho atɛm bere a wɔrepere ade no ho no, kosi sɛ awiei koraa no, wɔn mu biako begyae mu anaasɛ obi bɛpata wɔn.

Genesis kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ Abraham tee sɛ akasakasa bi akɔ so wɔ ne mmoahwɛfo ne ne wɔfase Lot mmoahwɛfo ntam. Abraham dii kan kɔɔ Lot nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, mma akasakasa mmma me ne wo ntam, ne me mmoahwɛfo ne wo mmoahwɛfo ntam, na yɛyɛ anuanom.” Na Abraham asi ne bo sɛ ɔremma ntɔkwaw biara nsɛe wɔn abusuabɔ no. Dɛn na na ɔde bɛbɔ afɔre? Na wayɛ krado sɛ ɔde hokwan a ɔwɔ sɛ odi kan paw biribi sɛ ɔpanyin no bɛbɔ afɔre; na wasiesie ne ho sɛ obegyae biribi mu. Abraham maa kwan maa Lot paw baabi a ɔpɛ sɛ ɔne n’abusua ne ne mmoa kɔtra. Bere bi akyi no, Lot ankasa paw Sodom ne Gomora asase a ɛso yɛ frɔmfrɔm no. Na Abraham ne Lot paapaee mu asomdwoe mu.—Genesis 13:5-12.

So yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ yɛn ade sɛnea Abraham yɛe no, na ama asomdwoe atra yɛne afoforo ntam? Bible mu asɛm yi ma yenya nhwɛso a ɛfata a yebedi akyi bere a yɛresiesie yɛne afoforo ntam nsɛmnsɛm no. Abraham srɛe sɛ: “Mma akasakasa mmma me ne wo ntam.” Nea na Abraham pɛ ankasa ne sɛ wobesiesie no asomdwoe mu. Nokwarem no, sɛ yɛfa ɔkwan a ɛte saa so pɛ sɛ yɛma asomdwoe tra yɛne afoforo ntam a, ebeyi akasakasa biara afi hɔ. Afei Abraham de asɛm no baa awiei sɛ “yɛyɛ anuanom.” Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔde nneɛma a wɔn ankasa ani gye ho anaa kɛseyɛ sesa abusuabɔ a ɛsom bo saa no? Abraham de n’adwene sii ade a ɛho hia ankasa so. Ofii obu ne nidi a ɔwɔ ma ne ho mu na ɛyɛɛ saa, na bere koro no ara no odii ne wɔfase no ni.

Bere a tebea horow bi tumi sɔre ma ɛho behia sɛ afoforo de wɔn ho gye nsɛm mu ansa na wɔatumi asiesie no, hwɛ sɛnea anka ɛbɛyɛ papa sɛ yesiesie asɛm no wɔ kokoam! Yesu hyɛ yɛn nkuran sɛ yenni kan nyɛ biribi mma asomdwoe ntra yɛne yɛn nua ntam, sɛ ɛho hia a, yɛmpa kyɛw. * (Mateo 5:23, 24) Ebegye ahobrɛase anaa ahobrɛase adwene, nanso Petro kyerɛwee sɛ: “Mumfura ahobrɛase, na monsonsom mo ho mo ho, efisɛ Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.” (1 Petro 5:5) Sɛnea yɛne yɛn mfɛfo asomfo di nsɛm no ka yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ tẽẽ.—1 Yohane 4:20.

Wɔ Kristofo asafo no mu no, wobetumi ama yɛagyae hokwan bi a yɛwɔ mu sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe bɛtra hɔ. Wɔn a wɔne Yehowa Adansefo bɔ mprempren no mu pii na wɔbaa Onyankopɔn nokware asomfo abusua yi mu mfirihyia anum a etwaam no mu. Hwɛ sɛnea eyi ma yɛn koma ani gye! Akyinnye biara nni ho sɛ sɛnea yɛyɛ yɛn ade no nya eyinom ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu so nkɛntɛnso. Eyi yɛ biribi titiriw a enti ɛsɛ sɛ yɛde ahwɛyiye paw yɛn anigyede, nnwuma a yɛyɛ de gyigye yɛn ani, yɛn asetram nneyɛe anaa adwuma a yɛyɛ, na yesusuw sɛnea afoforo bebu yɛn no ho. So yɛn nneyɛe anaa nsɛm bi a yɛka betumi ayɛ nea ebinom nte ase, na ebia ato afoforo hintidua?

Ɔsomafo Paulo kae yɛn sɛ: “Ade nyinaa ho kwan da hɔ, na ɛnyɛ ne nyinaa na eye; ade nyinaa ho kwan da hɔ, na ɛnyɛ ne nyinaa na ɛma nkɔso. Obiara nnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, na mmom ɔnhwehwɛ nea ɛyɛ ne yɔnko de.” (1 Korintofo 10:23, 24) Sɛ́ Kristofo no, ɛho hia yɛn yiye sɛ yɛbɛma Kristofo nuayɛ kuw no ayɛ nea ɔdɔ ne biakoyɛ wom.—Dwom 133:1; Yohane 13:34, 35.

Nsɛm a Ɛsa Yare

Tumi wɔ nsɛm a yɛka mu, na ebetumi anya nkɛntɛnso pa. “Nsɛm a ɛyɛ dɛ yɛ ɛwokyɛm, ɔkra adɔkɔdɔkɔde ne nnompe akwahosan.” (Mmebusɛm 16:24) Nsɛm a Gideon kae a amma wɔne Efraimfo anko no kyerɛ sɛnea ɛbɛ yi yɛ nokware fa no mu.

Bere a na Gideon ne Midianfo reko denneennen no, ɔfrɛɛ Efraim abusua no sɛ wɔmmɛboa no. Nanso, bere a wɔko wiei no, Efraimfo no dan kɔɔ Gideon so nwiinwii denneennen sɛ wamfrɛ wɔn wɔ ɔko no mfiase. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ “wɔne no hamee dennen pa.” Gideon buae sɛ: “Dɛn na mayɛ afei a ɛte sɛ mo de? So Efraim mpɛpɛwadi nye nsen Abieser bobetew nyinaa? Mo nsam na Onyankopɔn de Midian asafohene Oreb ne Seeb ahyɛ, na dɛn na matumi mayɛ sɛ mo?” (Atemmufo 8:1-3) Gideon nam nsɛm a ɛma abotɔyam a ɔpaw no yiye so kwatii nea anka ebetumi ayɛ abusua ntam akodi a ɛyɛ hu. Ebetumi aba sɛ na Efraim abusua no bu wɔn ho, na na wɔyɛ ahantan. Nanso, ɛno ansiw Gideon kwan sɛ ɔbɛbɔ mmɔden ma asɛm no aba awiei asomdwoe mu. So yebetumi ayɛ biribi a ɛte saa?

Biribi betumi ahyɛ afoforo abufuw ma wɔde wɔn anibere aba yɛn so. Ɛsɛ sɛ yegye wɔn tebea no tom, na yɛbɔ mmɔden te wɔn nsusuwii ase. So ebetumi aba sɛ ebia yɛka ho bi na ama wɔn bo afuw saa no? Sɛ ɛte saa a, dɛn nti na yennye nea yɛyɛe a ama tebea no aba saa no ntom na yenni awerɛhow sɛ yɛama wɔn haw ayɛ kɛse. Nsɛm kakra a yɛasusuw ho yiye a yɛbɛka no betumi asiesie abusuabɔ a asɛe no. (Yakobo 3:4) Ebia nea wɔn a wɔahaw no behia ara ne ayamye mu a yebefi ama wɔanya awerɛhyem. Bible ka sɛ “nnyina sã a, ogya dum.” (Mmebusɛm 26:20) Yiw, nsɛm a wɔapaw no yiye a wɔka no wɔ ɔkwan a ɛfata so betumi ‘asianka anibere’ na asa yare.—Mmebusɛm 15:1.

Ɔsomafo Paulo hyɛ nkuran sɛ: “Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.” (Romafo 12:18) Ɛyɛ nokware sɛ yɛrentumi nni afoforo nkate so, nanso yebetumi ayɛ yɛn fam de ama asomdwoe aba. Sɛ́ anka yɛbɛma yɛn ankasa anaa afoforo nsɛm a ɛtɔ sin adi yɛn so no, yebetumi de Bible nnyinasosɛm ahorow a edi mũ no adi dwuma mprempren. Sɛ yesiesie yɛne afoforo ntam nsɛmnsɛm sɛnea Yehowa akyerɛ no a, ɛbɛma yɛanya asomdwoe ne anigye a ɛtra hɔ daa.—Yesaia 48:17.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 13 Hwɛ October 15, 1999, Ɔwɛn-Aban mu nsɛm “Fi Komam Fa Firi” ne “Wubetumi Anya Wo Nua.”

[Mfonini wɔ kratafa 24]

So yɛpɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade sɛnea yɛpɛ?

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Abraham yɛɛ sɛnea yegyae nsɛm mu na ama yɛasiesie yɛne afoforo ntam nsɛmnsɛm no ho nhwɛso pa