Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔkwan Koro Pɛ a Wɔbɛfa so Ayi Ɔtan Afi Hɔ

Ɔkwan Koro Pɛ a Wɔbɛfa so Ayi Ɔtan Afi Hɔ

Ɔkwan Koro Pɛ a Wɔbɛfa so Ayi Ɔtan Afi Hɔ

“Ɔtan biara nni hɔ a osuro nnim. . . . Yɛtan nea yesuro, ma enti nea ɔtan wɔ no, osuro wɔ hɔ.”—CYRIL CONNOLLY, NHOMA NHWEHWƐMUFO NE SAMUFO.

NNIPA ntam abusuabɔ ho animdefo pii gye di sɛ ɔtan agye ntini wɔ onipa mu a onnim. Amammuisɛm ho nimdefo bi kae sɛ, “Ebetumi aba sɛ wɔde ɔfã kɛse no ara bɔɔ no,” wɔde hyɛɛ nipasu mu ankasa.

Ntease wom sɛ nkurɔfo a wosua nnipa su ho ade bɛka nsɛm a ɛtete saa. Nea wosua ho ade ara ne mmarima ne mmea a wɔwoo wɔn “amumɔyɛ” ne “bɔne mu,” sɛnea Bible kyerɛwtohɔ kyerɛ no. (Dwom 51:5) Bere a Ɔbɔadeɛ no ankasa mpo reka nnipa a wɔnyɛ pɛ ho asɛm mfirihyia mpempem pii a atwam no, ‘ohui sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.’—Genesis 6:5.

Adwemmɔne, nyiyim, ne ɔtan a efi mu ba nyinaa fi sintɔ ne pɛsɛmenkominya a onipa nya fii awo mu no. (Deuteronomium 32:5) Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛmfa ho sɛnea nnipa ahyehyɛde anaa nniso biara nhyehyɛe te no, entumi nyɛɛ biribi a ɛbɛsesa nnipa koma wɔ nneɛma a ɛtete saa ho. Amannɔne nsɛm ho amanneɛbɔfo Johanna McGeary kae sɛ: “Wiase polisi biara, a tumi a ɔwɔ mfa ho, ntumi mfa ne ho nnye mu mpopa nitan a ama mogya regu wɔ Bosnia, Somalia, Liberia, Kashmir, Europa ne Asia Aborɔfo mu no.”

Nanso, ansa na yebefi ase ahwehwɛ ano aduru no, ɛsɛ sɛ yedi kan te ade titiriw a ɛde nitan ba no ase.

Ɔtan a Osuro De Ba

Ɔtan gu ahorow pii. Nhoma kyerɛwfo Andrew Sullivan bɔɔ asɛm no mua kama sɛ: “Ɔtan bi wɔ hɔ a esuro ade, na ɔtan bi nso te nka kɛkɛ sɛ wɔabu no animtiaa; ɔtan bi wɔ hɔ a efi tumidi, na ɔtan bi wɔ hɔ a tumi a wonni na ɛde ba; aweredi wɔ hɔ, na ɔtan bi nso wɔ hɔ a anibere na ɛde ba. . . . Nhyɛsofo tan wɔ hɔ, na nea wɔrehyɛ no so no tan wɔ hɔ. Ɔtan bi wɔ hɔ a emu yɛ den nkakrankakra, na ɔtan bi wɔ hɔ a efi hɔ. Na ɔtan bi wɔ hɔ a eturuw, na ɔtan bi wɔ hɔ a ɛnsɔ gya.”

Akyinnye biara nni ho sɛ, nneɛma atitiriw a ɛde ɔko a ɔtan de ba wɔ yɛn bere yi mu no bi ba no yɛ asetram nsɛmnsɛm ne sikasɛm. Adwemmɔne ne ɔtan a emu yɛ den taa da adi wɔ mmeae a nnipakuw a wodi yiye kɛse no nnɔɔso no. Afei nso, ɔtan taa ba wɔ baabi a ahɔho ama ɛhɔfo no bi asetram yiyedi ho aba asɛm no.

Ebia ebinom bɛte nka sɛ ahɔho no ne wɔn rebesi akan wɔ nnwuma hwehwɛ mu, na wɔayɛ nnwuma a n’akatua sua, anaasɛ wɔn agyapade rensom bo papa biara mma wɔn. Sɛ́ ebia osuro a ɛtete saa fata anaa ɛmfata no yɛ asɛm foforo. Sika a wɔbɛhwere ho suro ne suro a wosuro sɛ ɛbɛma wɔn asetra gyinapɛn anaa wɔn asetra kwan ho aba asɛm no yɛ nneɛma titiriw a ɛde adwemmɔne ne ɔtan ba.

Dɛn ne adeyɛ a edi kan a ɛsɛ sɛ wɔde yi ɔtan fi hɔ? Abrabɔ mu nsakrae a wɔbɛyɛ.

Abrabɔ Mu Nsrakrae Ahorow

McGeary kae sɛ: “Adeyɛ koro pɛ a ebetumi ama nsakrae aba ne sɛ nnipa a asɛm no fa wɔn ho no befi wɔn pɛ mu sɛ wɔbɛyɛ saa.” Na ɔkwan bɛn so na nnipa betumi afi wɔn pɛ mu ayɛ nsakrae? Osuahu ama ada adi sɛ ade a tumi wom, ɛhyɛ nkuran, na ɛyɛ den sen biara a wɔde ko tia ɔtan no wɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible, mu. Eyi te saa efisɛ “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na ano yɛ nnam sen nkrante anofanu biara, na ehwirew mu kodu sɛ ɛpaapae ɔkra ne honhom, akwaa ne hon mu, na ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo.”—Hebrifo 4:12.

Nokwarem no, adwemmɔne ne nitan ase tu mma mpofirim, na saa ara na ɛnyɛ da koro adeyɛ. Nanso wobetumi atu ase. Yesu Kristo, nea otumi kanyan koma kɛse na ɔma nkurɔfo nya ahonim pa no, tumi maa nkurɔfo sakrae. Nnipa ɔpepem pii atumi adi Yesu Kristo afotu a nyansa wom yi so: “Monnɔ mo atamfo, (munhyira wɔn a wɔdome mo, monyɛ wɔn a wɔtan mo yiye), na mommɔ mpae mma wɔn a (wɔhaw mo, na) wɔtaa mo.”—Mateo 5:44.

Nea ɛne Yesu nkyerɛkyerɛ no hyia no, ɔde Mateo a na anka ɔyɛ towgyeni, obi a na Yudafo bu no sɛ ɔnka nnipa ho a wɔtan no no, kaa ne nnamfo a ɔde ne ho too wɔn so paa no ho. (Mateo 9:9; 11:19) Afei nso, Yesu de nokware som bi a akyiri yi na ɛbɛma wɔagye Amanaman mufo mpempem pii a bere bi na wɔnka wɔn ho na wɔtan wɔn no sii hɔ. (Galatifo 3:28) Nnipa a wofi wiase mmeae a na ɛwɔ hɔ saa bere no nyinaa bɛyɛɛ Yesu Kristo akyidifo. (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Wobehuu saa nkurɔfo yi sɛ nnipa a wɔwɔ dɔ a ɛso bi nni. (Yohane 13:35) Bere a nnipa a ɔtan ahyɛ wɔn ma siw Yesu suani Stefano abo kum no no, nsɛm a etwa to a ɔkae ne sɛ: “[Yehowa, NW], mfa bɔne yi nto wɔn so!” Na Stefano pɛ wɔn a wɔtaa no no yiye.—Asomafo no Nnwuma 6:8-14; 7:54-60.

Ɛnnɛyi nokware Kristofo atie Yesu afotu a ese wɔnyɛ papa no, ɛnyɛ wɔn nuanom Kristofo nko, na mmom wɔn a wɔtaa wɔn no mpo. (Galatifo 6:10) Wɔayere wɔn ho denneennen sɛ wobeyi nitammɔne afi wɔn asetra mu. Esiane sɛ wonim nneɛma a emu yɛ den a ebetumi de nitan aba wɔn mu nti, wɔyɛ nneɛma pa na wɔde ɔdɔ si nitan ananmu. Yiw, sɛnea tete nyansafo bi kae no, “ɔtan hwanyan atutuw, na ɔdɔ kata mfomso nyinaa so.”—Mmebusɛm 10:12.

Ɔsomafo Yohane kae sɛ: “Obiara a ɔtan ne nua no yɛ owudifo; na munim sɛ daa nkwa rentra owudifo biara mu.” (1 Yohane 3:15) Yehowa Adansefo gye ɛno di. Ne saa nti, mprempren wɔaka abom—wofi mmusua, aman, ɔsom ne amammui akuw nyinaa mu—ayɛ abusua biako a ɔtan nnim, wiase nyinaa nokware nuayɛ kuw.—Hwɛ nnaka a ɛka ho no.

Wobeyi Ɔtan Afi Hɔ!

Ebia wobɛka sɛ: ‘Ɛno ye ma wɔn a wɔreyɛ saa no. Nanso, eyi remma nitan mfi asase so koraa.’ Ampa, sɛ wontan obi wo komam mpo a, obi betumi atan wo. Enti ɛsɛ sɛ Onyankopɔn na yɛhwɛ no kwan sɛ obedi wiase nyinaa haw yi ho dwuma ankasa.

Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ obeyi nitan ho nkekae biara afi asase so nnansa yi ara. Eyi bɛba wɔ ɔsoro nniso a Yesu kyerɛe sɛ yɛmmɔ ho mpae no ase: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.”—Mateo 6:9, 10.

Sɛ wobua saa mpaebɔ no wie a, wobeyi tebea horow a ɛde nitan ba no afi hɔ koraa. Saa bere no, na wɔayi nsɛm tebea a ɛkɔfa ba no afi hɔ koraa. Nhumu, nokware, ne trenee besi nnaadaasɛm, nimdeɛ a nkurɔfo nni, ne adwemmɔne ananmu. Nokwarem no, afei, Onyankopɔn ‘bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.’—Adiyisɛm 21:1-4.

Mprempren, asɛm bi a ɛyɛ dɛ sen saa wɔ hɔ! Adanse a emu yɛ den wɔ hɔ sɛ yɛte “nna a edi akyiri” mu. Enti, yebetumi anya ahotoso sɛ ɛrenkyɛ koraa na yɛahu sɛ wɔayi nitammɔne nyinaa afi asase yi so. (2 Timoteo 3:1-5; Mateo 24:3-14) Wɔ Onyankopɔn wiase foforo a wɔahyɛ ho bɔ mu no, nokware nuadɔ honhom bɛtra hɔ efisɛ na wɔde adesamma kɔ pɛyɛ mu.—Luka 23:43; 2 Petro 3:13.

Nanso enhia sɛ wotwɛn kosi saa bere no ansa na woadɔm nokware nuayɛ kuw no. Nokwarem no, sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ nsɛm a ɛka eyi ho mu no, Kristofo dɔ ahyɛn nnipa ɔpepem pii a anka nitan betumi ahyɛ wɔn koma ma no komam dedaw. Yɛto nsa frɛ wo sɛ wo nso bɛka saa onuayɛ kuw a ɔdɔ wom yi ho!

[Adaka wɔ kratafa 5]

“Dɛn na Anka Yesu Bɛyɛ?”

Wɔ June 1998 mu no, aborɔfo mmarima baasa a wɔwɔ Texas akuraa bi ase wɔ United States tow hyɛɛ James Byrd, Kumaa, a ɔyɛ obibini so. Wɔde no kɔɔ wuram akyirikyiri baabi kɔhwee no, na wɔkyekyeree ne nan bɔɔ mu. Afei wɔde no bɔɔ kar to twee no fam kilomita 5 wɔ kwan so kosii sɛ ɔkɔbɔɔ nsukatwene bi mu. Wɔafrɛ eyi nsɛmmɔnedi a ɔtan de ba a ɛyɛ hu sen biara wɔ mfirihyia du (1990 mfe) mu.

James Byrd nuabeanom baasa yɛ Yehowa Adansefo. Wɔte nka dɛn wɔ wɔn a wodii nsɛmmɔne a ɛyɛ hu yi no ho? Wɔ asɛm bi a wɔde too gua mu no, wɔkae sɛ: “Sɛ wɔyɛ wo dɔfo bi ayayade kum no ɔkwan a ɛmfata saa so a, awerɛhow ne ɛyaw a ɛde ba no nni ano. Dɛn na obi bɛyɛ wɔ atirimɔdensɛm a ɛte saa ho? Aweredi, nitan a yɛde bɛkasa, anaa nsɛm a ɛkanyan nitan ho adwene biara amma yɛn tirim da. Yesusuwii sɛ: ‘Dɛn na anka Yesu bɛyɛ? Anka ɔbɛka dɛn?’ Mmuae no da adi pefee. Asomdwoe ne anidaso ho asɛm na anka ɔbɛka.”

Kyerɛw nsɛm a ɛboaa wɔn a amma wɔannya nitan wɔn koma mu no biako ne Romafo 12:17-19. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka! . . . Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu. Adɔfo, munnnidi mo ho were, na mmom munnyaw mma [Onyankopɔn] abufuw! Na wɔakyerɛw sɛ: Me na aweredi wɔ me, me ara metua ka, [Yehowa, NW] na ɔka saa.”

Wɔtoaa so sɛ: “Yɛkae nokwasɛm bi a ɛwɔ yɛn nhoma ahorow mu a ese amumɔyɛsɛm anaa nsɛmmɔnedi bi yɛ hu araa ma ɛbɛyɛ den sɛ wobɛka sɛ, ‘mede akyɛ wo’ na woagyae ma aka kɛkɛ. Nea fafiri betumi akyerɛ wɔ nsɛm a ɛtete saa mu ara ne sɛ wubeyi menasepɔw afi wo mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛkɔ so abɔ wo bra na menasepɔw a woanya no ammɔ wo yare honam mu anaa adwene mu.” Tumi a Bible wɔ sɛ ɛmma nitan a emu yɛ den nnye ntini wɔ obi mu ho adanse a emu yɛ den bɛn ara ni!

[Adaka wɔ kratafa 6]

Nitan Abɛdan Adamfofa

Mfe kakra a abɛsen mu no, atubrafo mpempem pii na wɔaba Greece a wɔrepɛ adwuma ayɛ. Nanso, sikasɛm a ɛresɛe no ama adwuma ho ayɛ nã, na eyi ama adwuma hwehwɛ ayɛ den. Esiane eyi nti, nitan kɛse abɛda mmusuakuw ahorow ntam. Nhwɛso biako ne akansi a ɛwɔ atubrafo a wofi Albania ne wɔn a wofi Bulgaria ntam no. Wɔ Greece mmeae pii no, akansi a emu yɛ den akɔ so wɔ saa nnipakuw abien yi ntam.

Wɔ kurow Kiato a ɛwɔ Peloponnisos atifi fam apuei mu no, Bulgariafo abusua bi ne ɔbarima bi a ofi Albania fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no, na wobehuu wɔn ho wɔn ho. Bible nnyinasosɛm a wɔde dii dwuma no yii nitan a ɛwɔ saa mmusuakuw abien yi ntam no fii hɔ. Ɛmaa saafo yi adamfofa no bɛyɛɛ sɛ anuanom de nso. Ivan a ɔyɛ Bulgariani no boaa Loulis a ɔyɛ Albaniani no maa onyaa dan wɔ Ivan fie nkyɛn. Mmusua abien yi taa kyɛ wɔn nnuan ne wɔn agyapade kakra a wɔwɔ no. Mprempren, mmarima baanu no nyinaa yɛ Yehowa Adansefo a wɔabɔ wɔn asu na wɔayɛ biako denneennen reka asɛmpa no. Nokwarem no, afipamfo no ahu saa Kristofo adamfofa yi.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Wobeyi nitan ho nkekae biara afi asase so wɔ Onyankopɔn Ahenni mu