Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Afɔrebɔ Ahorow A Ɛsɔɔ Onyankopɔn Ani

Afɔrebɔ Ahorow A Ɛsɔɔ Onyankopɔn Ani

Afɔrebɔ Ahorow A Ɛsɔɔ Onyankopɔn Ani

“Ɔsɔfo panyin biara wɔhyɛ no sɛ ɔmfa ayɛyɛde ne afɔre mma.”—HEBRIFO 8:3.

1. Dɛn nti na nkurɔfo te nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔdan kɔ Onyankopɔn nkyɛn?

BIBLE ho abakɔsɛm kyerɛwfo Alfred Edersheim kyerɛwee sɛ: “Ɛte sɛ nea nnipa fi ‘awosu’ mu pɛ afɔrebɔ te sɛ nea wɔpɛ mpaebɔ no ara pɛ; afɔre a wɔbɔ kyerɛ sɛnea wɔte nka fa, na mpaebɔ nso kyerɛ sɛnea wɔte nka wɔ Onyankopɔn ho.” Efi bere a bɔne baa wiase no, ɛde afobu, yɛne Onyankopɔn ntam ntetewmu, ne abasamtu ho yaw na aba. Ogye a wobenya afi nneɛma a ɛtete saa mu ho hia. Ɛnyɛ den sɛ yɛbɛte ase sɛ sɛ nkurɔfo kɔ ahoyeraw a ɛte saa mu a, wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔdan kɔ Onyankopɔn nkyɛn kɔhwehwɛ mmoa no.—Romafo 5:12.

2. Afɔre ahorow a wodii kan bɔ maa Onyankopɔn ho kyerɛwtohɔ bɛn na yehu wɔ Bible mu?

2 Afɔre a edi kan a wɔbɔ maa Onyankopɔn, a wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu no fa Kain ne Habel ho. Yɛkenkan sɛ: “Ɛbae sɛ nna bi akyi no, Kain de afum nneɛma bɛyɛɛ [Yehowa, NW] ayɛ. Na Habel nso de ne nguan mu mmakan ne wɔn a wɔadɔ no bi bɛmae. Na [Yehowa, NW] ani sɔɔ Habel ne n’ayɛyɛde no.” (Genesis 4:3, 4) Ɛno akyi no, yehu sɛ biribi kaa Noa a Onyankopɔn koraa ne so wɔ Nsuyiri kɛse a ɛsɛee ne bere so awo ntoatoaso abɔnefo no mu ma ‘ɔbɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka so’ maa Yehowa. (Genesis 8:20) Mpɛn pii na Onyankopɔn bɔhyɛ ne nhyira horow kaa ne somfo nokwafo ne n’adamfo, Abraham, ma ‘osii afɔremuka frɛɛ Yehowa din.’ (Genesis 12:8; 13:3, 4, 18) Akyiri yi, Abraham hyiaa ne gyidi ho sɔhwɛ a ɛsen biara bere a Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa ne babarima Isak, mmɔ ɔhyew afɔre mma no no. (Genesis 22:1-14) Ɛwom sɛ saa nsɛm yi yɛ tiawa de, nanso sɛnea yebehu no, ɛtwe adwene si afɔrebɔ ho ɔsɛmpɔw so kɛse.

3. Dwuma bɛn na afɔre ahorow di wɔ ɔsom mu?

3 Yehu wɔ eyi ne Bible mu nsɛm foforo mu pefee sɛ na afɔrebɔ ka ɔsom ho bere tenteenten ansa na Yehowa hyehyɛɛ ho mmara ankasa. Nea ɛne no hyia no, nhoma bi kyerɛ “afɔrebɔ” ase sɛ “ɔsom mu amanne bi a wɔde biribi ma onyame bi na ama onipa ne nea obu no sɛ ade kronkron no anya abusuabɔ anaa wɔakura mu anaa wɔasiesie wɔn ntam.” Nanso eyi ma nsɛmmisa bi a ehia sɛ yesusuw ho yiye sɔre sɛ: Dɛn nti na ehia sɛ wɔbɔ afɔre wɔ ɔsom mu? Afɔre ahorow bɛn na ɛsɔ Onyankopɔn ani? Ná afɔre a wɔbɔɔ no tete no kyerɛ dɛn ma yɛn nnɛ?

Dɛn Nti na Afɔrebɔ Ho Hia?

4. Bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no, dɛn na efii mu bae?

4 Bere a Adam yɛɛ bɔne no, ɔde anidaho na ɛyɛe. Papa ne bɔne hu dua aba a ɔtew dii no yɛ asoɔden a ɔboapa yɛe. Saa asoɔden no so asotwe ne owu, sɛnea na Onyankopɔn aka no pefee no: “Da a wubedi bi no, owu na wubewu.” (Genesis 2:17) Awiei koraa no, Adam ne Hawa twaa bɔne so aba—wowui.—Genesis 3:19; 5:3-5.

5. Dɛn nti na Yehowa fii ne pɛ mu yɛɛ ade maa Adam asefo, na dɛn na Ɔyɛ maa wɔn?

5 Na Adam asefo nso ɛ? Esiane sɛ wonyaa bɔne ne sintɔ fii Adam mu nti, ɛma wɔn nso tew wɔn ho fi Onyankopɔn ho, na abasamtu ne owu a ɛbaa nnipa baanu a wodi kan no so no bi ba wɔn so bi. (Romafo 5:14) Nanso, Yehowa nyɛ atɛntrenee Nyankopɔn a ɔwɔ tumi nko, na mmom—ne titiriw no—ɔyɛ ɔdɔ nso. (1 Yohane 4:8, 16) Enti ofi ne pɛ mu siesie yɛne ne ntam a atetew no. Bere a Bible no ka sɛ “bɔne so akatua ne owu” no, ɛka toa so sɛ, “na Onyankopɔn dom akyɛde ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.”—Romafo 6:23.

6. Ɛdefa asiane a efii Adam bɔne mu bae ho no, dɛn ne Yehowa apɛde?

6 Awiei koraa no, nea Yehowa Nyankopɔn yɛe na ama saa akyɛde no so aba yɛn mfaso ne sɛ ɔde biribi a ebesi nea Adam asoɔden no ma yɛhweree no ananmu mae. Wɔ Hebri mu no, ebetumi aba sɛ mfiase no na asɛm ka·pharʹ kyerɛ sɛ “wɔkata biribi so,” anaasɛ ebia “wɔpopa,” na wɔsan kyerɛ ase sɛ “mpata.” * Ɔkwan foforo so no, Yehowa de ade a ɛfata mae na akata bɔne a yenya fii Adam mu no so, na apopa asiane a efii mu bae no sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi agye wɔn a saa akyɛde no fata wɔn no afi bɔne ne owu nnome ase.—Romafo 8:21.

7. (a) Anidaso bɛn na yenya fii atɛn a Onyankopɔn buu Satan no mu? (b) Dɛn na na ɛsɛ sɛ wotua na ama wɔagye adesamma afi bɔne ne owu mu?

7 Bere a nnipa baanu a wodi kan no yɛɛ bɔne pɛ na wɔkaa anidaso a ɛne sɛ wobegye yɛn afi bɔne ne owu nkoayɛ mu no ho asɛm. Bere a Yehowa rebu Satan a ɔwɔ no gyinaa hɔ maa no no atɛn no, ɔkae sɛ: “Mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w’asefo ne n’asefo ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti; na wo nso woaka ne nantin.” (Genesis 3:15) Ɛdenam saa nkɔmhyɛ asɛm no so no, na wɔn a wɔbɛkyerɛ saa bɔhyɛ no mu gyidi nyinaa benya anidaso bi. Nanso, na ɛsɛ sɛ wotua biribi ansa na yɛn nsa aka saa ahofadi no. Na Aseni a wɔahyɛ no ho bɔ no remma mmɛsɛe Satan kɛkɛ; ɛsɛ sɛ wɔka Aseni no nantin, kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ owu, nanso na ɛnyɛ nea owu bɛfa no koraa.

8. (a) Ɔkwan bɛn so na Kain ansɔ ani? (b) Dɛn nti na Habel afɔre no sɔɔ Onyankopɔn ani?

8 Akyinnye biara nni ho sɛ na Adam ne Hawa ntumi nhu onii a ɔbɛba abɛyɛ Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no yiye. Bere a Hawa woo n’abakan, Kain no, ɔkae sɛ: “[Yehowa, NW] adaworoma, manya ɔbarima.” (Genesis 4:1) So ɛyɛɛ no sɛ ebia ne babarima no na ɔbɛyɛ Aseni no? Sɛ́ ebia osusuw saa anaasɛ wanyɛ saa no, Kain ne n’afɔrebɔ no nyinaa ansɔ ani. Nanso, ne nua Habel daa Onyankopɔn bɔhyɛ mu gyidi adi, na ɛkaa no ma ɔde ne nguan mu mmakan bi bɔɔ afɔre maa Yehowa. Yɛkenkan sɛ: “Gyidi na Habel de bɔɔ afɔre a ɛso kyɛn Kain de maa Onyankopɔn. Ɛno so na ɔnam nyaa adanse sɛ ɔteɛ.”—Hebrifo 11:4.

9. (a) Dɛn na Habel nyaa mu gyidi, na ɔkwan bɛn so na ɔdaa no adi? (b) Dwuma bɛn na Habel afɔrebɔ no dii?

9 Ná gyidi a Habel wɔ no nyɛ gyidi a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ ara kwa, a na Kain nso wɔ bi no. Ná Habel wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛkyerɛ sɛ Aseni bi bɛma adesamma anokwafo anya ogye no mu gyidi. Wɔanna sɛnea na ɛno bɛbam no adi ankyerɛ no, nanso Onyankopɔn bɔhyɛ no maa Habel hui sɛ ɛsɛ sɛ wɔka obi nantin. Yiw, ɛda adi sɛ ohui sɛ ɛsɛ sɛ mogya gu ansa—ɛno ne adwene a ɛwɔ afɔrebɔ akyi. Habel de akyɛde a nkwa ne mogya wom maa Nkwamafo no, a ɛda adi sɛ ɛkyerɛ akwanhwɛ a emu yɛ den a na ɔwɔ wɔ ba a na Yehowa bɔhyɛ no bɛbam no ho. Gyidi a Habel daa no adi yi na ɛmaa n’afɔre no sɔɔ Yehowa ani, na wɔ ɔkwan ketewa bi so no, ɛkyerɛɛ sɛnea afɔrebɔ te ankasa ase—ɔkwan a adesamma abɔnefo betumi afa so abɛn Onyankopɔn, na wɔanya n’anim dom.—Genesis 4:4; Hebrifo 11:1, 6.

10. Ɔkwan bɛn so na hia a afɔrebɔ hia no mu daa hɔ denam ka a Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔmfa Isak mmɔ afɔre no so?

10 Hia a afɔrebɔ ho hia kɛse no daa adi yiye bere a Yehowa hyɛɛ Abraham sɛ ɔmfa ne ba Isak nkɔbɔ ɔhyew afɔre no. Ɛwom sɛ wannya ammɔ saa afɔre no ankasa de, nanso ɛyɛɛ nea na Yehowa ankasa bɛyɛ akyiri yi no ho mfonini—ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae sɛ afɔre a ɛso kyɛn biara na ama wɔadi N’apɛde ma adesamma no ho dwuma. (Yohane 3:16) Yehowa nam Mose Mmara no mu afɔrebɔ ne ayɛyɛde ahorow no so yɛɛ nkɔmhyɛ kwan so nsusuwso a ɛbɛkyerɛ ne man a na wapaw wɔn no nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ na ama wɔde wɔn bɔne afiri wɔn, na wɔahyɛ wɔn nkwagye anidaso mu den ho nhwɛso. Dɛn na yebetumi asua afi eyinom mu?

Afɔrebɔ Ahorow a Ɛsɔ Yehowa Ani

11. Ayɛyɛde a na ɛwɔ afã abien bɛn na na Israel sɔfo panyin de ma, na atirimpɔw ahorow bɛn ntia?

11 Ɔsomafo Paulo ka sɛ: “Ɔsɔfo panyin biara wɔhyɛ no sɛ ɔmfa ayɛyɛde ne afɔre mma.” (Hebrifo 8:3) Hyɛ no nsow sɛ Paulo kyɛ afɔrebɔde a tete Israel sɔfo panyin de ma no mu ahorow abien, a ɛne “ayɛyɛde” ne “afɔre” anaa ‘bɔne ho afɔre.’ (Hebrifo 5:1) Nnipa taa de akyɛde ma de da ɔdɔ ne anisɔ adi, na afei nso wɔde pɛ nnamfo, ne ɔdom, na nnipa agye wɔn atom. (Genesis 32:20; Mmebusɛm 18:16) Saa ara nso na yebetumi abu afɔre ahorow a Mmara no kyerɛe sɛ wɔmmɔ no sɛ “ayɛyɛde” a wɔde ma Onyankopɔn de pɛ n’anim dom ma ogye yɛn tom. * Mmara so bu hwehwɛ mpata, na nea ɛbɛyɛ na wɔasiesie nneɛma yiye no, wɔbɔ ‘bɔne ho afɔre.’ Pentateuch no, titiriw Exodus, Leviticus, ne Numeri nhoma no de nneɛma pii a ɛfa afɔre ne ayɛyɛde ahorow ho ma. Bere a ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛkyere ɛho nsɛm nyinaa agu yɛn tirim na yɛakae no, ɛsɛ sɛ yesusuw afɔre ahorow no mu nsɛntitiriw bi ho.

12. Bible mu hefa na yebetumi ahu afɔrebɔ anaa ayɛyɛde ahorow a na ɛwɔ Mmara no mu no nyinaa?

12 Yebetumi ahyɛ no nsow sɛ wɔkaa afɔre atitiriw anum—ɔhyew afɔre, aduan afɔre, asomdwoe afɔre, bɔne ho afɔre, ne asodi afɔre—ho asɛm mmiako mmiako wɔ Leviticus ti 1 kosi 7, ɛmfa ho sɛ na wɔbɔ bi bom no. Yehu nso sɛ wɔka saa ayɛyɛde ahorow yi ho asɛm mprenu wɔ ti ahorow yi mu, a ɛsono emu biara atirimpɔw: pɛnkoro wɔ Leviticus 1:2 kosi 6:7, a na wɔkyerɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ wɔde bɔ afɔre wɔ afɔremuka so, ne bere a ɛto so abien no wɔ Leviticus 6:8 kosi 7:36, a ɛkyerɛ afã a na woyi ma ɔsɔfo no ne nea woyi si nkyɛn ma nea ɔrebɔ afɔre no. Afei wɔ Numeri ti 28 ne 29 no, yehu nea yebetumi aka ho asɛm sɛ bere nhyehyɛe, a ɛkyerɛ dekode pɔtee a wɔde ma da biara da, dapɛn biara, ɔsram biara, ne afe afe afahyɛ horow ase.

13. Kyerɛkyerɛ nneɛma a na wofi wɔn pɛ mu de ma Onyankopɔn sɛ ayɛyɛde no mu.

13 Nneɛma a na wofi wɔn pɛ mu de ma sɛ ayɛyɛde anaa nea wɔde kɔ Onyankopɔn anim kɔpɛ n’anim dom no ne ɔhyew afɔre, aduan afɔre, ne asomdwoe afɔre. Nhomanimfo binom kyerɛ sɛ Hebri asɛm a wɔkyerɛ ase “ɔhyew afɔre” no kyerɛ “ayɛyɛde a ɛkɔ soro” anaa “afɔrebɔ a ɛforo soro.” Eyi fata efisɛ wɔ ɔhyew afɔre mu no, wɔhyew aboa a wɔakum no no wɔ afɔremuka no so na ne hua foro kɔ soro sɛ ade a ɛyɛ huam ma Onyankopɔn. Ade a ɛma ɔhyew afɔre no yɛ soronko ne sɛ, sɛ wɔde aboa no mogya pete afɔremuka no ho hyia wie a, wɔde aboa mũ no nyinaa bɔ afɔre ma Onyankopɔn. Asɔfo no hyew ‘ne nyinaa afɔremuka no so, na ayɛ ɔhyew afɔre, ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma Yehowa.’—Leviticus 1:3, 4, 9; Genesis 8:21.

14. Ɔkwan bɛn so na na wɔde aduan afɔre no ma?

14 Wɔka aduan afɔre ho asɛm wɔ Leviticus ti 2. Ná ɛyɛ ayɛyɛde a wofi wɔn pɛ mu de ma a asikresiam a wɔde ngo ne ohuamfufu afra ka ho. “Ɔsɔfo no mfa asikresiam ne ngo no nsa mama, ne ohuamfufu no nyinaa, na ɔnhyew wɔ afɔremuka no so sɛ nkae ade: ɛyɛ ogya afɔre a eyi hua huamhuam ma [Yehowa, NW].” (Leviticus 2:2) Ná ohuamfufu ka aduhuam kronkron a na wɔhyew wɔ aduhuam afɔrepon so wɔ ntamadan no, ne asɔrefie no mu no ho. (Exodus 30:34-36) Ɛda adi sɛ na eyi wɔ Ɔhene Dawid tirim bere a ɔkae sɛ: “Ma me mpaebɔ mmesi w’anim sɛ ohuam, me nsa soma sɛ anwummere ayɛyɛde.”—Dwom 141:2.

15. Ná dɛn ne asomdwoe afɔre no atirimpɔw?

15 Wɔka afɔre foforo a na wofi wɔn pɛ mu bɔ a wɔfrɛ no adidi afɔre wɔ New World Translation Bible no mu ho asɛm wɔ Leviticus ti 3. Wobetumi akyerɛ ase “asomdwoe afɔre” nso sɛnea wɔayɛ wɔ Twi Bible no mu no. Wɔ Hebri mu no, asɛmfua “asomdwoe” kyerɛ pii sen sɛ wobenya ahofadi afi ɔko ne ɔhaw mu. Studies in the Mosaic Institutions nhoma no ka sɛ: “Saa na ɛkyerɛ wɔ Bible mu, na ɛsan nso kyerɛ asomdwoe tebea a obi ne Onyankopɔn nya, yiyedi, ne anigye.” Enti, wɔammɔ asomdwoe afɔre amfa anhwehwɛ wɔne Onyankopɔn ntam asomdwoe, te sɛ nea wɔde repata no, na mmom sɛ wɔn a wɔanya Onyankopɔn anim dom no nam so bɛkyerɛ anisɔ, anaasɛ wɔnam so bedi asomdwoe a aba wɔne no ntam no ho ahurusi. Sɛ wɔde mogya no ne srade no bɔ Yehowa afɔre wie a, ɔsɔfo no ne nea ɔde ayɛyɛde no mae no nyinaa di afɔrebɔde no bi. (Leviticus 3:17; 7:16-21; 19:5-8) Wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye so no, nea ɔrebɔ afɔre no, asɔfo no, ne Yehowa Nyankopɔn didi wɔ sɛnkyerɛnne kwan so a ɛkyerɛ asomdwoe a ɛda wɔn ntam no.

16. (a) Ná dɛn ne bɔne ho afɔre ne asodi afɔre no atirimpɔw? (b) Nsonsonoe bɛn na na ɛda ɛno ne ɔhyew afɔre no ntam?

16 Ná bɔne ho afɔre ne asodi afɔre ka afɔre ahorow a na wɔbɔ de hwehwɛ bɔne fafiri anaa Mmara ho mfomso ho mpata no ho. Ɛwom sɛ na wɔhyew afɔrebɔde no wɔ afɔremuka so de, nanso na nsonsonoe wɔ ɛno ne ɔhyew afɔre no ntam efisɛ na wɔmfa aboa mũ no nyinaa mma Onyankopɔn, srade no ne ne fã bi pɛ na na wɔde ma. Ná wɔto aboa no fã a aka no kyene nsra no akyi anaasɛ ɛtɔ da bi a, asɔfo no di bi. Nsonsonoe yi ho hia. Ná wɔbɔ ɔhyew afɔre no ma Onyankopɔn nkutoo sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma wɔatumi abɛn no, enti na wɔde ne nyinaa ma Onyankopɔn nkutoo. Nea yebetumi ahyɛ no nsow ne sɛ, na wɔtaa bɔ bɔne ho afɔre anaa asodi afɔre ansa na wɔabɔ ɔhyew afɔre, a na ɛkyerɛ sɛ sɛ Onyankopɔn begye ɔbɔnefo no afɔre no a, ehia sɛ ɔde ne bɔne firi no ansa.—Leviticus 8:14, 18; 9:2, 3; 16:3, 5.

17, 18. Dɛn nti na na wɔbɔ bɔne ho afɔre, na asodi afɔre no atirimpɔw ne dɛn?

17 Bɔne a na wɔnhyɛ da na wɔyɛ tia Mmara, esiane ɔhonam mmerɛwyɛ nti nkutoo ho na na wogye bɔne ho afɔre tom. “Sɛ obi yɛ bɔne fom wɔ nneɛma a [Yehowa, NW] ahyɛ sɛ wɔnnyɛ” no ho a, ɛnde ɛsɛ sɛ ɔbɔnefo no kɔbɔ bɔne ho afɔre sɛnea ne dibea te wɔ ne manfo mu. (Leviticus 4:2, 3, 22, 27) Nanso, na wotwa abɔnefo a wɔnkyerɛ ahonu kyene; na afɔre ho nhyehyɛe biara nni hɔ wɔ wɔn fam.—Exodus 21:12-15; Leviticus 17:10; 20:2, 6, 10; Numeri 15:30; Hebrifo 2:2.

18 Wɔakyerɛkyerɛ nea asodi afɔre kyerɛ ne n’atirimpɔw mu pefee wɔ Leviticus ti 5 ne 6. Obi betumi ayɛ bɔne a wanhyɛ da. Nanso, ne mfomso no betumi ama wanya asodi wɔ ne yɔnko anaa Yehowa Nyankopɔn anim, na ɛsɛ sɛ wosiesie saa bɔne no anaa wɔteɛ saa mfomso no. Wɔbobɔ bɔne ahorow pii din. Na ebi yɛ bɔne a wɔyɛ wɔ kokoam (5:2-6), ebi yɛ bɔne a wɔyɛ tia “[Yehowa, NW] akronkronne” (5:14-16), ne ebinom nso a ɛnyɛ sɛ ebia wɔanhyɛ da na wɔyɛe, na efi akɔnnɔ bɔne anaa ɔhonam mmerɛwyɛ (6:1-3). Nea ɛka bɔne a ɛtete saa a ɔbɔnefo no bɛka ho no, na wɔhwehwɛ sɛ ɔde mpata ma sɛnea ɛsɛ, na afei wabɔ ho asodi afɔre ama Yehowa.—Leviticus 6:4-7.

Biribi a Eye Kyɛn So a Ɛbɛba

19. Ɛmfa ho Mmara a na Israelfo wɔ ne afɔre ahorow a na wɔbɔ no, dɛn nti na wɔantumi annya Onyankopɔn anim dom?

19 Wɔde Mose Mmara ne emu afɔre ne ayɛyɛde ahorow no maa Israelfo no na ama wɔatumi akɔ Onyankopɔn anim na wɔakɔ so anya ne dom ne ne nhyira kosi sɛ Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no bɛba. Ɔsomafo Paulo a na ɔyɛ Yudani ankasa no ka no saa kwan yi so sɛ: “Enti mmara ayɛ yɛn yɛnfo a ɛkyerɛ yɛn Kristo so kwan, na wɔafi gyidi mu abu yɛn bem.” (Galatifo 3:24) Awerɛhosɛm ne sɛ, Israel, sɛ́ ɔman no, anni saa kwankyerɛfo no akyi, na mmom wobuu saa hokwan no animtiaa. Ne saa nti, wɔn afɔrebɔ bebrebe no bɛyɛɛ akyide maa Yehowa, na ɔkae sɛ: “Mo afɔre dodow yɛ me dɛn? [Yehowa, NW] na ose. Adwennini hyew afɔre ne nyɛmmoa srade afono me, na anantwi ne nguammaa ne mpapo mogya, ɛnsɔ m’ani.”—Yesaia 1:11.

20. Ɛdefa Mmara no ne n’afɔre ahorow ho no, dɛn na esii wɔ afe 70 Y.B. mu?

20 Wɔ afe 70 Y.B. mu no, Yudafo nneɛma nhyehyɛe no ne n’asɔrefie ne asɔfodi no baa n’awiei. Ɛno akyi no, na wɔrentumi mmɔ afɔre ahorow saa kwan no so sɛnea na Mmara no kyerɛ no bio. So eyi kyerɛ sɛ afɔre ahorow a na ɛyɛ Mmara no fã titiriw no ho nni mfaso biara bio mma Onyankopɔn asomfo nnɛ? Yebesusuw eyi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 6 Insight on the Scriptures, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛnea wɔde di dwuma wɔ Bible mu no, ‘mpata’ kura adwene titiriw a ɛne sɛ ‘wɔkata biribi so’ anaa ‘wɔhyɛ biribi ananmu,’ na ɛsɛ sɛ ade a wɔde ma de si biribi ananmu, anaa wɔde ‘kata so’ no ne no yɛ pɛpɛɛpɛ. . . . Nea ɛbɛyɛ na wɔanya mpatade ama nea Adam hweree no, na ɛsɛ sɛ wɔbɔ bɔne ho afɔre a ɛsom bo pɛpɛɛpɛ te sɛ ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ no ara.”

^ nky. 11 Hebri asɛmfua a wɔtaa kyerɛ ase “ayɛyɛde” ne qor·banʹ. Bere a Marko rekyerɛw sɛnea Yesu kasa tiaa akyerɛwfo ne Farisifo nneyɛe bɔne no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ “Korban” yɛ ‘ayɛyɛde a wɔde ma Onyankopɔn.’—Marko 7:11.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn na ɛkaa tete anokwafo no ma wɔbɔɔ Yehowa afɔre?

• Dɛn nti na na ehia sɛ wɔbɔ afɔre ahorow?

• Afɔre atitiriw bɛn na wɔbɔe wɔ Mmara no ase, na atirimpɔw bɛn ntia?

• Sɛnea Paulo kyerɛ no, atirimpɔw titiriw bɛn na Mmara no ne n’afɔre ahorow no dii ho dwuma?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Habel afɔre no sɔɔ Yehowa ani efisɛ ɛkyerɛe sɛ ɔwɔ Ne bɔhyɛ mu gyidi

[Mfonini wɔ kratafa 15]

So wote mfaso a ɛwɔ nea eyi kyerɛ so no ase?