Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ ‘ɔsoro foforo ne asase foforo’ ho nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 65:17-19 no mmamu no kyerɛ pii sen Yudafo a wofii nnommumfa mu bae no?

Efisɛ bere a asomafo Petro ne Yohane rekyerɛw wɔn nsɛm wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, wɔtwee adwene sii ne mmamu a ɛbɛba daakye a ɛfa nhyira ahorow a ennyaa ne mmamu ho no so. (2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:1-4)—4/15, nkratafa 10-12.

Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na na ɛyɛ tete Helafo anansesɛm a ɛfa nnipa fã ne anyame fã a wɔyɛ basabasa ho no nnyinaso?

Ebetumi aba sɛ eyi yɛ nokwasɛm a wɔakyinkyim no agugu mu a ɛfa abɔfo bi a wɔdan wɔn ho nnipa, yɛɛ basabasa, de wɔn ho hyɛɛ ɔbrasɛe mu wɔ asase so ansa na Nsuyiri no reba no ho. (Genesis 6:1, 2)—4/15, nkratafa 26, 27.

Dɛn ne asiane ahorow bi a ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw ma wɔn ani da hɔ wɔ ho wɔ ayeforohyia ase?

Ɛho hia sɛ wɔkwati hooyɛ a sɛ wɔma mmosa dɔɔso wɔ ase na wɔbɔ nnwom gyegyeegye saw denneennen a ebetumi aba no. Sɛ wɔanka sɛ obiara tumi ba apontow bi ase a, ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔanto nsa amfrɛ wɔn no kɔ bi. Ɛsɛ sɛ ayeforokunu no hwɛ hu sɛ wɔbɛma Kristofo a wotumi di asɛyɛde ho dwuma tra apontow no ase kosi sɛ ɛbɛba awiei wɔ bere a ɛfata mu.—5/1, nkratafa 19-22.

Dɛn na ka a wɔka wɔ Dwom 128:3 sɛ mma te sɛ “ngodua a wɔatɛw” atwa ɔbarima pon ho ahyia no kyerɛ?

Nnuforo taa fifi ngodua dutan ase. Sɛ dutan dedaw bi ankasa ntumi nsow aba pii bio a, nnutan foforo tumi fefɛw twa ho hyia. Saa ara na awofo ani betumi agye sɛ wɔwɔ mma a wɔsow aba a wɔne wɔn resom Yehowa.—5/15, kratafa 27.

Mfaso ahorow a mmofra nya fi abusua asetra a ɛyɛ papa mu no bi ne dɛn?

Ɛma wonya obu a ɛfata ma tumidi, wonya anisɔ a ɛfata ma gyinapɛn ahorow, na ɛma wɔne afoforo nya abusuabɔ a anigye wom. Tebea a ɛte saa nso betumi aboa wɔn ma wɔne Onyankopɔn anya adamfofa.—6/1, kratafa 18.

Dɛn na wɔyɛ de hyɛɛ adwene a ɛne sɛ Kristofo nyinaa yɛ anuanom no ho nkuran wɔ Mediterranea Supɔw no Apuei fam Nohoa asase bi so?

Wɔhyɛɛ asafo ahorow no nyinaa nkuran sɛ wɔmmfa nsɛm a nidi bata ho mmfrɛ ebinom. Mmom no, ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa frɛ wɔn ho wɔn ho anuanom.—6/15, nkratafa 21, 22.

So Yehowa Adansefo gye nnuru bi a wonya fi mogya mu?

Yegye Bible mu ahyɛde a ese ‘yenyi yɛn ho mfi mogya ho’ no di sɛ ɛbara mogya a emu nneɛma nyinaa wom anaa emu nneɛma atitiriw (mogya mu nsu, mogya mu nkwammoaa kɔkɔɔ, mogya mu nkwammoaa fitaa, mogya mu nkwammoaa ntrantraa) wom a wɔde bɛma no. (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Ɛdefa emu nneɛma atitiriw mu nneɛma nketenkete biara ho de, ɛsɛ sɛ Kristoni biara ankasa si ho gyinae ma ne ho, na ɔkae nea Bible no ka ne ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no.—6/15, nkratafa 29-31.

So yebetumi anya abotɔyam ankasa nnɛ?

Yiw. Ɛdenam Bible so no, Yesu Kristo rekyerɛ nkurɔfo kwan akɔ ɔsom kronn ne asomdwoe a wɔaka ho asɛm wɔ Yesaia 32:18 no mu. Afei nso, wɔn a wɔrenya asomdwoe a ɛte saa no wɔ anidaso sɛ wobenya asomdwoe daa wɔ asase so na ama Dwom 37:11, 29 aba mu.—7/1, kratafa 7.

Dwuma bɛn na George Young dii wɔ nnɛyi teokrase abakɔsɛm mu?

Efi afe 1917 mu no, ɔdaa ne ho adi sɛ Ahenni ho asɛmpa no ho hann kurafo wɔ aman pii so. Ne som adwuma no de no kɔɔ Canada, Caribbean nsupɔw so, Brazil, Amerika Anafo, Amerika Mfinimfini fam, Spain, Portugal, ne kan Soviet Union ne United States.—7/1, nkratafa 22-7.

Dɛn na 1 Korintofo 15:29 kyerɛ bere a ɛka ebinom a “wɔbɔ wɔn asu ma awufo no” ho asɛm no?

Asɛm no ne sɛ sɛ wɔde honhom kronkron sra Kristofo a, wɔde wɔn ho hyɛ asetra kwan bi a ɛkowie owu mu, na awiei koraa no, wɔanyan wɔn akɔ ɔsoro asetra mu.—7/15, kratafa 17.

Dɛn na na ɔsomafo Paulo reyɛ wɔ nea wɔafrɛ no mfe a wɔante ne nka no mu?

Ebetumi aba sɛ ɔboae ma wɔhyehyɛɛ asafo ahorow wɔ Siria ne Kilikia anaasɛ wɔhyɛɛ wɔn den. Ɛbɛyɛ sɛ amanehunu pii a ohyiae a ɔkaa ho asɛm wɔ 2 Korintofo 11:23-27 no sisii wɔ saa bere yi mu, na ɛda adi sɛ na ogu so reyɛ ɔsom adwuma no denneennen.—7/15, nkratafa 26, 27.

Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛanya adwempa wɔ nneɛma a yɛhwɛ kwan ho?

Kae sɛ Yehowa wɔ ntease. Mpae a yɛbɛbɔ no no betumi aboa yɛn ma yɛakari pɛ wɔ yɛn nsusuwii mu, na ɛkyerɛ ahobrɛase. Mmoa foforo ne sɛ yebenya adwene foforo denam adamfo bi a ne ho akokwaw a yɛne no bɛkasa so.—8/1, nkratafa 29, 30.