Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nokware Aba a Wogugu So Nsu Wɔ Chile

Nokware Aba a Wogugu So Nsu Wɔ Chile

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Nokware Aba a Wogugu So Nsu Wɔ Chile

WƆ CHILE atifi fam anhweatam no so no, ɛbɛyɛ sɛ edi mfe pii ansa na osu atɔ. Nanso sɛ osu no tɔ a, nhwiren a ɛyɛ fɛ a egu ahorow ma asase a ɛso akyen na abotan wɔ so yi dan yɛ sɛ kuntu a wɔde sɛw dan mu. Saa ade a ɛyɛ nwonwa yi twetwe nsrahwɛfo fi ɔman no fa baabiara ba hɔ.

Nanso biribi a ɛyɛ anigye kɛse rekɔ so wɔ nnipa a wɔwɔ Chile no mu. Bible mu nokware nsu resen kɔ asase no baabiara, na nnipa komapafo pii “redan” Yesu Kristo asuafo. Ɔkwan biako a wɔnam so ma saa nokware nsu yi trɛw ne telefon. Osuahu a edidi so yi kyerɛ nneɛma pa a afi saa kwan yi a wɔnam so di adanse mu aba no.

• Wɔka kyerɛɛ Karina a ɔyɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo no sɛ ɔnyɛ ɔyɛkyerɛ a ɛfa sɛnea wɔnam telefon so di adanse ho wɔ ɔmansin nhyiam bi ase. Nanso ná Karina mfaa saa kwan no so nnii adanse da. Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔpanyin bi ne ne yere bɛhyɛ Karina nkuran ma ɔde ne ho ahyɛ nhyiam no dwumadi mu no, wɔne no susuw sɛnea ɔde telefon bedi adanse ho nsɛm bi ho. Wɔhyɛɛ no nkuran nso sɛ ɔmmɔ Yehowa mpae mfa mmisa akwankyerɛ wɔ asɛm no ho. Ɔyɛɛ saa, na awiei koraa no osii gyinae sɛ obedi adanse wɔ telefon so.

Karina paw akuraa bi a ɛbɛn hɔ telefon nɔma bi. Nea ɔyɛ telefon no ho adwuma no gyee so, na Karina kyerɛɛ no nea enti a ɔfrɛɛ no. Nea ɔyɛ telefon no ho adwuma no kyerɛɛ anigye, na ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔne no bɛkasa bio wɔ nnansa akyi. Telefon so sankɔhwɛ no kowiee Bible adesua mu, na wɔde Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no dii dwuma. Efi saa bere no, wɔayɛ adesua a ɛyɛ anigye, na Karina de nhoma a ebua ɔbea no nsɛmmisa akɔma no.

• Bernarda de hokwan a onyae dii ɔbarima bi a ɔfom frɛɛ ɔno Bernarda telefon nɔma adanse. Sɛ anka Bernarda bo befuw no, ɔdaa ne ho adi sɛ ɔyɛ Yehowa Adansefo mu biako na ɔkae sɛ ɔbɛboa no. Wɔbɔɔ nkɔmmɔ, na ɔbarima no tiei bere a ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni beyi amumɔyɛsɛm afi hɔ no. Ɔbarima no de ne telefon nɔma maa Bernarda, na ɔyɛɛ sankɔhwɛ wɔ telefon so. Wɔ wɔn nkɔmmɔbɔ no biako mu no, ɔkenkanee Nimdeɛ A Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no fã bi kyerɛɛ no. Obisae sɛ ɔbɛyɛ dɛn atumi anya bi, na Bernarda de biako ne Bible kɔmaa no. Wɔyɛɛ nhyehyɛe maa onua bi a ɔwɔ mpɔtam hɔ kɔsraa no, na mprempren ɔkɔ so de “nsu” gugu saa “afifide” a ɛrenyin no so.

Yiw, wɔ wiase yi honhom mu asase kesee mu no, aba a ahintaw pii retwɛn sɛ sɛ enya nokware nkwa nsu a, ebefifi. Wɔn a sukɔm de wɔn mpempem pii kɔ so ‘fefɛw’ na “wɔrenyin” aba abɛyɛ Yehowa Nyankopɔn nkoa anokwafo.—Yesaia 44:3, 4.