Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛn Agyapade A Ɛsom Bo no—Dɛn Na Ɛkyerɛ Ma Wo?

Yɛn Agyapade A Ɛsom Bo no—Dɛn Na Ɛkyerɛ Ma Wo?

Yɛn Agyapade A Ɛsom Bo no—Dɛn Na Ɛkyerɛ Ma Wo?

“Mo a m’agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase asefi mu no nni!”—MATEO 25:34.

1. Nneɛma bɛn na nnipa anya sɛ agyapade?

NNIPA nyinaa wɔ nneɛma a wonya fii awo mu. Wɔ ebinom fam no, agyapade no betumi ayɛ asetra pa. Afoforo de yɛ ohia. Ebinom nso, esiane nea wɔahu anaa nea wɔate afa wɔn nananom ho nti, ade a wɔde gyaw wɔn asefo ne ɔtan a wɔtan abusuakuw foforo. Nanso, yɛn nyinaa wɔ ade biako. Yɛn nyinaa anya agyapade a ɛne bɔne, afi onipa a odi kan, Adam, hɔ. Awiei koraa no, saa agyapade no de yɛn kɔ owu mu.—Ɔsɛnkafo 9:2, 10; Romafo 5:12.

2, 3. Mfiase no, agyapade bɛn na Yehowa de maa Adam ne Hawa asefo, na dɛn nti na wɔn nsa anka?

2 Mfiase no, Yehowa, sɛ́ ɔsoro Agya a ɔwɔ dɔ no, maa adesamma agyapade a ɛyɛ soronko koraa—daa nkwa wɔ pɛyɛ mu wɔ Paradise. Wɔmaa yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa, mfiase a ɛyɛ pɛ na bɔne nnim. Yehowa Nyankopɔn de okyinnsoromma a ɛne Asase maa adesamma sɛ akyɛde. (Dwom 115:16) Ɔyɛɛ Eden turo sɛ nea asase nyinaa betumi abɛyɛ ho nhwɛso, na ɔmaa yɛn awofo a wodi kan no adwuma a ɛyɛ anigye, na ɛyɛ anika. Na ɛsɛ sɛ wɔwo, hwɛ asase ne ɛso afifide ne mmoa ahorow nyinaa so, na wɔtrɛw Paradise no mu ma edu okyinnsoromma no nyinaa so. (Genesis 1:28; 2:8, 9, 15) Ná wɔn asefo benya eyi yɛ mu kyɛfa. Agyapade a ɛyɛ nwonwa a na wobetumi de ama wɔn asefo bɛn ara ni!

3 Nanso, sɛ na Adam ne Hawa ne wɔn asefo benya eyi nyinaa a, na ɛsɛ sɛ wɔne Onyankopɔn nya abusuabɔ pa. Na ɛsɛ sɛ wɔdɔ Yehowa na wɔyɛ osetie ma no, nanso Adam ne Hawa ankyerɛ nea na Onyankopɔn de ama wɔn no ho anisɔ, na wɔanni n’ahyɛde so. Wɔhweree wɔn Paradise fie ne wɔn anidaso a ɛyɛ anigye a na Onyankopɔn de asi wɔn anim no. Enti, wɔantumi amfa eyinom amma wɔn mma.—Genesis 2:16, 17; 3:1-24.

4. Ɔkwan bɛn so na yɛn nsa betumi aka agyapade a Adam hweree no?

4 Yehowa fii mmɔborohunu mu yɛɛ nsiesiei sɛnea ɛbɛyɛ a Adam ne Hawa asefo nsa betumi aka agyapade a Adam hweree no. Ɔkwan bɛn so? Wɔ Onyankopɔn bere a wahyɛ mu no, n’ankasa Ba, Yesu Kristo, de ne nkwa a ɛyɛ pɛ too hɔ maa Adam asefo. Kristo nam saa kwan yi so tɔɔ wɔn nyinaa. Nanso, wɔn nsa nka agyapade no kwa. Ɛsɛ sɛ wonya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim, na wobetumi anya denam Yesu bɔne ho mpata afɔre a ɛsom bo no mu gyidi a wɔbɛkyerɛ na wɔnam osetie so ada saa gyidi no adi so. (Yohane 3:16, 36; 1 Timoteo 2:5, 6; Hebrifo 2:9; 5:9) So wonam w’asetra so kyerɛ sɛ w’ani sɔ saa nsiesiei no?

Agyapade a Wɔnam Abraham so De Mae

5. Ɔkwan bɛn so na Abraham kyerɛɛ ɔne Yehowa ntam abusuabɔ ho anisɔ?

5 Bere a Yehowa redi n’atirimpɔw ma asase ho dwuma no, ɔne Abraham dii wɔ ɔkwan soronko so. Onyankopɔn ka kyerɛɛ saa ɔbarima nokwafo no sɛ omfi ne man mu nkɔtra asase a Ɔno ankasa bɛkyerɛ no no so. Abraham fii ne pɛ mu yɛɛ osetie. Na Abraham duu hɔ no, Yehowa kae sɛ Abraham asefo, ɛnyɛ Abraham ankasa, na wobenya asase no sɛ agyapade. (Genesis 12:1, 2, 7) Abraham yɛɛ n’ade dɛn? Na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛsom Yehowa wɔ baabiara wɔ ɔkwan biara a Onyankopɔn bɛkyerɛ no so na ama n’asefo nsa aka wɔn agyapade no. Abraham som Yehowa wɔ asase a ɛnyɛ ne de so mfirihyia 100, kosii sɛ owui. (Genesis 12:4; 25:8-10) Sɛ wo a, anka wobɛyɛ saa? Yehowa kae sɛ Abraham yɛ ‘n’adamfo.’—Yesaia 41:8.

6. (a) Dɛn na ɔpɛ mu a Abraham fi yɛe sɛ ɔde ne ba bɛbɔ afɔre no daa no adi? (b) Agyapade a ɛsom bo bɛn na na Abraham betumi de ama n’asefo?

6 Ná Abraham de mfe pii atwɛn a na ɔrepɛ ɔbabarima, Isak, a na ɔdɔ no yiye no. Bere a abarimaa no nyin bɛyɛɛ aberante no, Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔmfa no nkɔbɔ afɔre. Ná Abraham nnim sɛ ɔrebɛyɛ biribi a na Onyankopɔn ankasa bɛyɛ de ne Ba ama sɛ agyede no ho ɔyɛkyerɛ; nanso, otiei, na bere a anka ɔde Isak rebɔ afɔre no, Yehowa bɔfo bi siw no kwan. (Genesis 22:9-14) Ná Yehowa adi kan aka sɛ ne bɔhyɛ ahorow ma Abraham no nam Isak so na ɛbɛbam. Enti, ɛda adi pefee sɛ na Abraham wɔ gyidi sɛ, sɛ ɛho hia a, Onyankopɔn betumi anyan Isak afi awufo mu, ɛwom sɛ na wɔnyɛɛ biribi a ɛte saa pɛn de. (Genesis 17:15-18; Hebrifo 11:17-19) Esiane sɛ Abraham amfa ne ba ankame Yehowa nti, Yehowa kae sɛ: “W’asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa, efisɛ woatie me nne.” (Genesis 22:15-18) Eyi kyerɛ sɛ Aseni a wɔkaa ne ho asɛm wɔ Genesis 3:15 no, Mesia ogyefo no, befi Abraham asefo mu na aba. Agyapade a ɛsom bo a wɔde ma bɛn ara ni!

7. Ɔkwan bɛn so na Abraham, Isak, ne Yakob kyerɛɛ wɔn agyapade ho anisɔ?

7 Nea na Yehowa reyɛ saa bere no, na Abraham nnim nea ɛkyerɛ; saa ara na na ne ba Isak anaa ne banana Yakob a ɔbɛyɛɛ “bɔhyɛ koro no ara difo” no nso nnim. Nanso, wɔn nyinaa nyaa Yehowa mu ahotoso. Wɔantra nkurow a na ɛyɛ ahemman a na ɛwowɔ asase no so no mu efisɛ na wɔrehwehwɛ biribi a eye—“kurow a ɛwɔ nhyɛase a ne kyekyefo ne yɛfo ne Nyankopɔn.” (Hebrifo 11:8-10, 13-16) Nanso, ɛnyɛ Abraham asefo nyinaa na wɔkyerɛɛ sɛnea agyapade a wɔnam Abraham so de mae no som bo no ho anisɔ.

Ebinom a Wobuu Agyapade no Animtiaa

8. Ɔkwan bɛn so na Esau daa no adi sɛ ɔnkyerɛ sɛnea n’agyapade som bo no ho anisɔ?

8 Esau, Isak ba panyin no, ammu hokwan a onyae sɛ ɔba panyin no. Wankyerɛ akronkronne ho anisɔ. Enti da bi a na ɔkɔm de Esau no, ɔtɔn hokwan a ɔwɔ sɛ abakan no maa ne nua, Yakob. Ɔde gyee dɛn? Ɔde gyee aduan koro a ɛyɛ abodoo ne asɛdua abom! (Genesis 25:29-34; Hebrifo 12:14-17) Ná ɔman a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham ho bɔ no befi Yakob, a Onyankopɔn bɔfo sesaa ne din frɛɛ no Israel no, mu na aba. Hokwan ahorow bɛn na saa agyapade no bue maa wɔn?

9. Esiane Yakob anaa Israel asefo honhom fam agyapade nti, ogye bɛn na wonyae?

9 Ɔkɔm bere bi mu no, Yakob ne n’abusua tu kɔtraa Misraim. Ɛhɔ no, wɔdɔre bɛyɛɛ pii, nanso wɔbɛyɛɛ nkoa. Nanso, Yehowa werɛ amfi apam a ɔne Abraham yɛe no. Wɔ Onyankopɔn bere a wahyɛ mu no, ogyee Israelfo fii nkoasom mu, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ɔde wɔn rekɔ “asase a nufusu ne wo sen wɔ so,” asase a na ɔde ahyɛ Abraham bɔ no so.—Exodus 3:7, 8; Genesis 15:18-21.

10. Nsɛm foforo a ɛfa Israelfo agyapade ho a ɛda nsow koraa bɛn na ɛkɔɔ so wɔ Bepɔw Sinai ho?

10 Bere a na Israelfo nam kwan so rekɔ Bɔhyɛ Asase no so no, Yehowa ma wohyiaam wɔ Bepɔw Sinai ho. Ɔka kyerɛɛ wɔn wɔ hɔ sɛ: “Sɛ mubetie me nne na moadi m’apam so a, ɛnde mobɛyɛ me ahode afi aman nyinaa mu, na me na asase nyinaa wɔ me. Na mo de, mobɛyɛ me asɔfo ahemman ne ɔman kronkron.” (Exodus 19:5, 6) Bere a nkurɔfo no nyinaa fii wɔn pɛ mu penee eyi so no, Yehowa de ne Mmara maa wɔn—biribi a na ɔmfa mmaa ɔman foforo biara.—Dwom 147:19, 20.

11. Israelfo honhom fam agyapade no mu nneɛma a ɛsom bo no bi ne dɛn?

11 Honhom fam agyapade bɛn ara na ɔman foforo no nyaa sɛɛ yi! Wɔsom nokware Nyankopɔn koro no. Na wagye wɔn afi Misraim, na na wɔahu anwonwasɛm a esisii bere a wɔde Mmara no mae wɔ Bepɔw Sinai ho no. Wɔn agyapade no yɛɛ kɛse bio bere a wɔnam adiyifo so ‘de Nyankopɔn nsɛm hyɛɛ wɔn nsa no.’ (Romafo 3:1, 2) Yehowa paw wɔn sɛ n’adansefo. (Yesaia 43:10-12) Na Mesia, Aseni no befi wɔn man mu na aba. Mmara no kyerɛɛ kwan kɔɔ ne so, na ɛbɛma wɔahu no, na na ɛsɛ sɛ ɛboa wɔn ma wohu nea enti a wohia no. (Galatifo 3:19, 24) Afei nso, na wobenya hokwan ne Mesia, Aseni no asom sɛ ahenni no mu asɔfo ne ɔman kronkron.—Romafo 9:4, 5.

12. Ɛwom sɛ Israelfo no duu Bɔhyɛ Asase no so de, nanso dɛn na wɔannya? Dɛn ntia?

12 Yehowa dii ne bɔhyɛ so dii Israelfo no anim kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so. Nanso, sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu akyiri yi no, esiane gyidi a wonni nti, saa asase no ammɛyɛ ‘homebea’ ankasa. Sɛ́ ɔman no, wɔanhyɛn ‘Onyankopɔn home mu’ efisɛ wɔantumi ante Onyankopɔn ankasa homeda a efii ase wɔ Adam ne Hawa bɔ akyi no ase, na wɔanyɛ wɔn ade amma ɛne n’atirimpɔw anhyia.—Hebrifo 4:3-10.

13. Esiane sɛ Israelfo ankyerɛ wɔn honhom fam agyapade ho anisɔ nti, dɛn na wɔhweree sɛ ɔman?

13 Na anka honam fam Israel betumi anya nnipa dodow a wɔne Mesia no bedi ade wɔ ɔsoro Ahenni mu sɛ asɔfo ahemman ne ɔman kronkron no nyinaa. Nanso, wɔankyerɛ wɔn agyapade a ɛsom bo no ho anisɔ. Bere a Mesia no bae no, honam fam Israelfo nkaefo kakraa bi pɛ na wogyee no toom. Ne saa nti, nnipa kakraa bi na wɔde wɔn kaa asɔfo ahemman a na wɔahyɛ ho nkɔm no ho. Wogyee Ahenni no fii honam fam Israelfo nsam ‘de kɔmaa ɔman a wɔde mu aduaba bɛba.’ (Mateo 21:43) Ɛyɛ ɔman bɛn?

Ɔsoro Agyapade

14, 15. (a) Yesu wu akyi no, ɔkwan bɛn so na amanaman no fii ase nam Abraham “aseni” no so hyiraa wɔn ho? (b) Dɛn na “Nyankopɔn Israel” no mufo nya sɛ agyapade?

14 Ɔman a wɔde Ahenni no maa wɔn no ne “Nyankopɔn Israel,” honhom fam Israel, a Yesu Kristo akyidifo a wɔde honhom awo wɔn 144,000 na wɔwom no. (Galatifo 6:16; Adiyisɛm 5:9, 10; 14:1-3) Na saa 144,000 no mufo bi yɛ honam fam Yudafo, nanso na wɔn mu dodow no ara fi Amanaman mu. Saa kwan no so no, ɛbɔ a Yehowa hyɛɛ Abraham sɛ ɛnam ‘n’aseni’ so na wobehyira amanaman nyinaa no fii ase nyaa mmamu. (Asomafo no Nnwuma 3:25, 26; Galatifo 3:8, 9) Wɔ ne mmamu a edi kan no mu no, Yehowa Nyankopɔn de honhom kronkron sraa amanaman mufo no sɛ honhom mu mma, Yesu Kristo nuanom. Enti, wɔn nso bɛyɛɛ “aseni” no fã a wɔto so abien.—Galatifo 3:28, 29.

15 Ansa na Yesu rewu no, ɔkaa apam foforo a na ɔde n’ankasa mogya bɛhyɛ mu den no ho asɛm kyerɛɛ Yudafo a na wɔbɛyɛ ɔman foforo no mufo no. Ɛdenam gyidi a wɔn a wɔde wɔn aba saa apam no mu anya wɔ afɔrebɔ a wɔahyɛ mu den mu so no, wɔbɛyɛ wɔn ‘pɛ akosi daa.’ (Hebrifo 10:14-18) Ná wobetumi ‘abu wɔn bem’ na wɔde wɔn bɔne afiri wɔn. (1 Korintofo 6:11) Enti, saa kwan no so no, wɔte sɛ bere a na Adam nnya nyɛɛ bɔne no. Nanso, saafo yi rentra asase so paradise mu. Yesu kae sɛ ɔrekosiesie baabi ama wɔn wɔ soro. (Yohane 14:2, 3) Wogyae wɔn asase so anidaso no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya ‘apɛgyade a wɔde asie ɔsoro’ no. (1 Petro 1:4) Dɛn na wɔrekɔyɛ wɔ hɔ? Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: ‘Me ne mo bɛyɛ ahenni apam.’—Luka 22:29.

16. Adwuma a ɛyɛ anigye bɛn na ɛda Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no anim?

16 Afei nso, wɔn a wobefi soro ne Kristo adi ade no bɛboa ma wɔayi atua a wɔtew tiaa Yehowa tumidi no ho nkekae biara afi asase so. (Adiyisɛm 2:26, 27) Sɛ́ Abraham honhom fam aseni no fã a wɔto so abien no, wɔbɛboa ma amanaman nyinaa anya asetra a ɛyɛ pɛ. (Romafo 8:17-21) Agyapade a ɛsom bo bɛn ara na wɔanya yi!—Efesofo 1:16-18.

17. Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no agyapade no fã bɛn na wonya, bere a wɔda so wɔ asase so no?

17 Nanso, Yesu akyidifo a wɔde honhom asra wɔn no agyapade no nyinaa nyɛ nea ɛbɛba daakye. Yesu boaa wɔn ma wohuu Yehowa, nokware Nyankopɔn koro no wɔ ɔkwan bi so a onipa foforo biara ntumi nyɛ. (Mateo 11:27; Yohane 17:3, 26) Ɔnam nsɛm a ɔkae ne nhwɛso so kyerɛkyerɛɛ wɔn nea ‘wɔn ho a wɔde bɛto Yehowa so’ ne nea osetie a wɔbɛyɛ ama Yehowa no kyerɛ. (Hebrifo 2:13; 5:7-9) Yesu de Onyankopɔn atirimpɔw ho nokware nimdeɛ no hyɛɛ wɔn nsa, na ɔmaa wɔn awerɛhyem sɛ honhom kronkron bɛboa wɔn ma wɔate ne nyinaa ase. (Yohane 14:24-26) Ɔde sɛnea Onyankopɔn Ahenni ho hia no hyɛɛ wɔn adwene ne wɔn koma mu. (Mateo 6:10, 33) Yesu san de dwumadi hyɛɛ wɔn nsa sɛ wonni adanse na wɔnyɛ nnipa a wɔwɔ Yerusalem, Yudea, Samaria, ne asase ano nohoa no nyinaa asuafo.—Mateo 24:14; 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 1:8.

Nnipakuw Kɛse no Agyapade a Ɛsom Bo

18. Ɔkwan bɛn so na ɛbɔ a Yehowa hyɛɛ Abraham sɛ ‘n’aseni’ so na wɔnam behyira amanaman nyinaa no renya mmamu nnɛ?

18 Ɛda adi sɛ, wɔapaw honhom fam Israel, “kuw ketewa” a wɔyɛ Ahenni no adedifo no mufo awie. (Luka 12:32) Mfe pii ni na Yehowa atwe adwene asi nnipakuw kɛse a wofi amanaman nyinaa mu no anoboaboa so. Enti, ɛbɔ a Yehowa hyɛɛ Abraham sɛ ɛnam ‘n’aseni’ so na wobehyira amanaman nyinaa no renya mmamu kɛse. Nea ɛyɛ anigye no, saafo a wɔahyira wɔn yi nso de ɔsom kronn rema Yehowa na wogye tom sɛ wɔn nkwagye gyina gyidi a wobenya wɔ Onyankopɔn guammaa, Yesu Kristo, mu no so. (Adiyisɛm 7:9, 10) So woagye nsa a Yehowa fi ɔdom mu ato afrɛ wo sɛ bɛka kuw a wɔwɔ anigye yi ho no so?

19. Agyapade bɛn na amanaman a wɔrehyira wɔn nnɛ no nyinaa hwɛ kwan?

19 Agyapade a ɛsom bo bɛn na Yehowa de ma wɔn a wɔnyɛ kuw ketewa no mufo no? Dabi, ɛnyɛ agyapade a ɛwɔ soro. Ɛno ne agyapade a anka Adam betumi de ama n’asefo—anidaso a ɛne sɛ wobenya daakye nkwa wɔ paradise a ɛde nkakrankakra bɛtrɛw akɔ asase so nyinaa no. Ɛbɛyɛ wiase a “owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.” (Adiyisɛm 21:4) Ɛnde, ɛyɛ wo na Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no ka kyerɛ wo sɛ: “Bata [Yehowa, NW] ho, na yɛ papa, tra asase so, na di nokware, na ma w’ani nka [Yehowa, NW] ho, na wama wo nea wo koma pɛ. Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ . . . Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu. Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:3, 4, 10, 11, 29.

20. Ɔkwan bɛn so na “nguan foforo” no nya Kristofo a wɔasra wɔn no honhom fam agyapade dodow no ara mu kyɛfa?

20 Yesu “nguan foforo” no wɔ agyapade wɔ ɔsoro Ahenni no atrae a ɛwɔ asase so no mu. (Yohane 10:16a) Ɛwom sɛ wɔrenkɔ soro de, nanso wɔn nsa bɛka honhom fam agyapade a wɔn a wɔasra wɔn no wɔ no mu fã kɛse no ara. Ɛnam wɔn a wɔasra wɔn sɛ kuw, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so na nguan foforo no anya bɔhyɛ ahorow a ɛsom bo a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no mu ntease. (Mateo 24:45-47; 25:34) Wɔn a wɔasra wɔn ne nguan foforo no nyinaa nim nokware Nyankopɔn koro, Yehowa, no na wɔsom no. (Yohane 17:20, 21) Wɔn nyinaa da Onyankopɔn ase wɔ bɔne ho mpata afɔre a ɛsom bo a Yesu bɔe no ho. Wɔn nyinaa bom som sɛ kuw biako wɔ Oguanhwɛfo biako, Yesu Kristo, ase. (Yohane 10:16b) Wɔn nyinaa yɛ wiase nyinaa onuayɛ kuw biako a ɔdɔ wom no mufo. Wɔbom nya hokwan a ɛne sɛ wɔyɛ Yehowa ne N’ahenni ho Adansefo no mu kyɛfa. Yiw, sɛ woyɛ Yehowa somfo a woahyira wo ho so agye asubɔ a, eyi nyinaa ka wo honhom fam agyapade no ho.

21, 22. Ɔkwan bɛn so na yɛn nyinaa betumi akyerɛ sɛ yɛn honhom fam agyapade no som bo ma yɛn?

21 Ɔkwan bɛn so na saa honhom fam agyapade yi som bo ma wo? So wubu no kɛse a ɛbɛma wode Onyankopɔn apɛdeyɛ ayɛ w’asetram ade titiriw? Nea ɛbɛkyerɛ sɛ wobɛyɛ saa no, so woretie N’asɛm ne n’ahyehyɛde no afotu a ese yenhyia daa wɔ Kristofo asafo nhyiam horow ase no? (Hebrifo 10:24, 25) So agyapade no som bo ma wo saa, a ɛmfa ho ahokyere no, wokɔ so som Onyankopɔn? So anisɔ a wowɔ ma agyapade no mu yɛ den kɛse a ebetumi ahyɛ wo den ma woako atia sɔhwɛ biara a ɛbɛma woafa ɔkwan bi a ebetumi ama woahwere no so?

22 Momma yɛn nyinaa nkyerɛ honhom fam agyapade a Onyankopɔn de ama yɛn no ho anisɔ. Bere a yɛde yɛn ani asi Paradise a ɛda yɛn anim no so denneennen no, momma yɛmfa yɛn ho nyinaa nhyɛ honhom fam hokwan ahorow a Yehowa de rema yɛn nnɛ no mu. Sɛ yɛde yɛn asetra gyina yɛne Yehowa ntam abusuabɔ so ankasa a, ɛnde na yɛde sɛnea Onyankopɔn agyapade a ɔde ama yɛn no som bo ankasa ma yɛn no ho adanse a edi mũ rema. Ɛmmra sɛ yɛbɛka wɔn a wɔka eyi no ho: “Mema wo so, me Nyankopɔn, ɔhene, na mehyira wo din daa daa.”—Dwom 145:1.

Wobɛkyerɛkyerɛ Mu Dɛn?

• Sɛ Adam dii Onyankopɔn nokware a, anka agyapade bɛn na ɔde bɛma yɛn?

• Ɔkwan bɛn so na Abraham asefo buu agyapade a wɔde maa wɔn no?

• Dɛn na ɛka Kristo akyidifo a wɔasra wɔn no agyapade no ho?

• Dɛn ne nnipakuw kɛse no agyapade, na ɔkwan bɛn so na wobetumi ada no adi sɛ wɔn ani sɔ ankasa?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 20]

Abraham asefo nsa kaa agyapade a ɛsom bo ho bɔhyɛ no

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]

So w’ani sɔ wo honhom fam agyapade no?