Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔhobrɛasefo Yosia Nyaa Yehowa Anim dom

Ɔhobrɛasefo Yosia Nyaa Yehowa Anim dom

Ɔhobrɛasefo Yosia Nyaa Yehowa Anim dom

EHU aka Yuda hene ba Yosia a wadi mfe anum no. Ne nã Yedida retwa agyaadwo. Ná Yedida nim nea enti a ɔresu efisɛ, ná Yosia nana, Ɔhene Manase, awu.—2 Ahene 21:18.

Afei de Yosia papa Amon na ɔbɛyɛ Yuda hene. (2 Beresosɛm 33:20) Nanso mfe abien akyi (659 A.Y.B.) no, Amon nkoa kum no. Ɔmanfo no kunkum atirisopamfo no na wɔde abarimaa Yosia di hene. (2 Ahene 21:24; 2 Beresosɛm 33:25) Wɔ Amon nniso ase no, na Yosia te nnuhuam pampan wɔ Yerusalem mframa mu esiane afɔremuka pii a nkurɔfo asisi wɔ adan atifi a wɔkotow atoro anyame no nti. Na wotumi hu sɛ abosonsomfo asɔfo redi akɔneaba, na wɔn asomfo—ebinom a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Yehowa mpo—de onyame Malkam keka ntam.—Sefania 1: 1, 5.

Ná Yosia nim sɛ Amon yɛɛ atirimɔdenne denam atoro anyame a ɔsom wɔn no so. Yuda hene abarimaa no tee nsɛm a Onyankopɔn diyifo Sefania bɔɔ no dawuru no ase yiye. Bere a Yosia dii mfe 15 (652 A.Y.B.) no, na ɔwɔ n’ahenni afe a ɛto so awotwe mu na na wasi ne bo sɛ obedi Sefania nsɛm no so. Yosia fii ase hwehwɛɛ Yehowa bere a ɔda so ara yɛ abarimaa no.—2 Beresosɛm 33:21, 22; 34:3.

Yosia Fi N’adwuma Ase!

Mfe anan twaam na Yosia fii se guu atoro som wɔ Yuda ne Yerusalem (648 A.Y.B.). Ɔsɛee ahoni, asera nnua ne nnuhuam afɔremuka a wɔde di dwuma wɔ Baalsom mu no. Ɔyam atoro anyame ahoni muhumuhu na ɔde petee wɔn a wɔbɔɔ afɔre maa anyame no adamoa so. Oguu afɔremuka a wɔde dii dwuma wɔ atoro som mu no ho fĩ na ɔsɛee no.—2 Ahene 23:8-14.

Ná Yosia gu n’ahotew adwuma no so denneennen bere a Yeremia a ɔyɛ Lewini sɔfo bi ba baa Yerusalem (647 A.Y.B.) no. Ná Yehowa Nyankopɔn apaw aberantewaa Yeremia sɛ ne diyifo, na hwɛ sɛnea ɔde nsiyɛ kaa Yehowa asɛm tiaa atoro som! Ná Yosia ne Yeremia bɔ tipɛn. Ɛmfa ho akokoduru a Yosia de sɛee atoro som ne nea Yeremia de kaa asɛm no, nkurɔfo no san kodii atoro som akyi ntɛm ara.—Yeremia 1:1-10.

Wohuu Biribi a Ɛsom Bo!

Bɛyɛ mfe anum atwam. Ná Yosia a wadi mfe aduonu anum no adi ade bɛyɛ mfe 18. Ɔkɔfrɛɛ ɔkyerɛwfo Safan; kurow no so safohene Maaseia; ne ɔkyerɛwfo Yoah. Ɔhene hyɛ Safan sɛ: ‘Ma Hilkia, ɔsɔfo panyin no mfa sika a asɔrefi apon ano ahwɛfo agyigye afi nkurɔfo no hɔ no mma adwumayɛfo no na wɔmfa nkosiesie Yehowa fi no.’—2 Ahene 22:3-6; 2 Beresosɛm 34:8.

Wɔn a na wɔresiesie asɔrefi no de nsi yɛɛ adwuma fi anɔpatutuutu. Akyinnye biara nni ho sɛ Yosia daa Yehowa ase sɛ adwumayɛfo no resiesie nneɛma a ne nananom abɔnefo binom sɛee no wɔ Onyankopɔn fi ho no. Bere a adwuma no rekɔ so no, Safan de amanneɛbɔ bi bae. Nanso na dɛn na okura wɔ ne nsam yi? Hwɛ, okura nhoma mmobɔwee! Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ Ɔsɔfo Panyin Hilkia akohu “[Yehowa, NW] mmara nhoma a ɔnam Mose so de mae no.” (2 Beresosɛm 34:12-18) Hwɛ ade a wɔahu—akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ Mmara a wodii kan kyerɛwee no!

Afei na Yosia ho pere no sɛ ɔbɛte asɛm biara a ɛwɔ nhoma no mu. Bere a Safan kenkanee no, ɔhene no bɔɔ mmɔden sɛ obehu sɛnea emu ahyɛde biara fa ɔne ne nkurɔfo ho. Nea n’ani gyee ho titiriw ne sɛnea nhoma no si nokware som so dua na ɛka ɔhaw ne nnommum mu a nkurɔfo no bɛkɔ ho asɛm sie, sɛ wɔde wɔn ho hyɛ atoro som mu a. Afei esiane sɛ Yosia hui sɛ wonnii Onyankopɔn ahyɛde nyinaa so nti, osunsuanee ne ntade mu, na ɔde ahyɛde ma Hilkia, Safan, ne afoforo sɛ: ‘Monkɔ nkobisa Yehowa nhoma yi mu nsɛm, efisɛ Yehowa abufuhyew adɔ ahyɛ yɛn efisɛ yɛn agyanom antie nhoma yi mu nsɛm.’—2 Ahene 22:11-13; 2 Beresosɛm 34:19-21.

Wɔbɔ Yehowa Asɛm Dawuru

Yosia asomafo no kɔ odiyifo bea Hulda nkyɛn wɔ Yerusalem na wɔsan de amanneɛbɔ ba. Hulda bɔ Yehowa asɛm dawuru, na ɔkyerɛ sɛ amanehunu a wɔakyerɛw wɔ nhoma a wɔahu no foforo no mu no bɛto ɔman awaefo no. Nanso esiane sɛ Yosia abrɛ ne ho ase wɔ Yehowa Nyankopɔn anim nti, ɔrenhu amanehunu no. Wɔde no bɛka n’agyanom ho na wɔasie no ɔdamoa mu wɔ asomdwoe mu.—2 Ahene 22:14-20; 2 Beresosɛm 34:22-28.

So Hulda nkɔmhyɛ no baa mu pɛpɛɛpɛ esiane sɛ Yosia wui wɔ ɔko mu no nti? (2 Ahene 23:28-30) Yiw, na “asomdwoe” mu a wosiee no wɔ ne damoa mu ne “adebɔne” a na ɛbɛba Yuda so no bɔ abira. (2 Ahene 22:20; 2 Beresosɛm 34:28) Yosia wui ansa na amanehunu a ɛbae wɔ 609-607 A.Y.B. mu bere a Babilonfo betwaa Yerusalem ho hyiae na wɔsɛee no reba. Na sɛ ‘wɔbɛboa obi akɔka n’agyanom ho’ no nkyerɛ ankasa sɛ ɔbɛkwati atɔfowu. Wɔde nsɛm a ɛte saa ka atɔfowu ne nea ɛnyɛ atɔfowu ho asɛm.—Deuteronomium 31:16; 1 Ahene 2: 10; 22:34, 40.

Nokware Som Nya Nkɔso

Yosia boaboaa nnipa no ano wɔ Yerusalem asɔrefi hɔ na ɔkenkanee ‘apam nhoma no mu nsɛm nyinaa’ a wohui wɔ Yehowa fi no kyerɛɛ wɔn. Afei ɔyɛɛ apam sɛ “wɔde wɔn koma nyinaa ne ɔkra nyinaa bedi [Yehowa, NW] akyi, na wɔadi ne mmara nsɛm ne n’adanse ne n’ahyɛde so, sɛ ɔbɛma apam yi mu nsɛm a wɔakyerɛw nhoma yi mu no atim.” Na ɔman no nyinaa penee apam no so.—2 Ahene 23:1-3.

Afei Ɔhene Yosia fii ɔsatu foforo a etia abosonsom ase a na ɛda adi sɛ emu yɛ den yiye. Woguu ananafo anyame asɔfo a wɔwɔ Yuda no adwuma. Lewi asɔfo a na wɔde wɔn ho hyɛ ɔsom a ɛho ntew mu no hweree hokwan a na ɛma wɔsom wɔ Yehowa afɔremuka ho no, na wɔsɛee sorɔnsorɔmmea a wosii wɔ Ɔhene Salomo nniso ase no na amma wɔansom wɔ hɔ. Wɔyɛɛ eyi nso wɔ kan Israel mmusuakuw du ahemman a na Asiriafo atu agu dedaw (740 A.Y.B.) no mu.

Nea na ɛbɛma nsɛm a “nokware Nyankopɔn nipa” bi a wɔammɔ ne din kae wɔ mfe 300 a atwam mu no abam no, Yosia hyew Baal asɔfo nnompe wɔ afɔremuka a Ɔhene Yerobeam I sii wɔ Betel no so. Woyiyii sorɔnsorɔmmea fii hɔ ne nkurow afoforo mu, na wɔde abosonsomfo asɔfo no bɔɔ afɔre wɔ afɔremuka a wɔsom wɔ ho no so.—1 Ahene 13:14; 2 Ahene 23:4-20.

Wodi Twam Kɛse Bi

Onyankopɔn penee nea Yosia yɛ de maa nokware som nyaa nkɔso no so. Ɔhene no daa Onyankopɔn ase sɛ ne nna nyinaa mu no, nkurɔfo no ‘amfi Yehowa wɔn agyanom Nyankopɔn akyidi ho.’ (2 Beresosɛm 34:33) Ná ɛbɛyɛ dɛn na Yosia werɛ atumi afi anwonwade bi a ɛkɔɔ so wɔ n’ahenni afe a ɛto so 18 mu no?

Ɔhene hyɛɛ ɔman no sɛ: “Munni Twam mma [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn, sɛnea wɔakyerɛw apam nhoma [a wɔahu no foforo] yi mu no.” (2 Ahene 23:21) Yosia ani gyei bere a ohuu ade pa a wɔyɛe wɔ ho no. Wɔ afahyɛ yi mu no, ɔno ankasa de Twam mmoa 30,000 ne anantwi 3,000 mae. Twam kɛse bɛn ara ni! Wɔ Twam yi afɔrebɔ, ɛho nhyehyɛe pa, ne asomfo dodow mu no, na ɛsen biara a wɔadi fi odiyifo Samuel bere so.—2 Ahene 23:22, 23; 2 Beresosɛm 35: 1-19.

Wotwa Kwadwom Kɛse Wɔ Ne Wu Ho

Wɔ Yosia mfe 31 (659-629 A.Y.B.) nniso mu mfe a na aka mu no, odii ade sɛ ɔhene pa. Ɛrekɔ n’ahenni awiei no, ɔtee sɛ Farao Neko rebetwam afa Yuda akosiw Babilon asraafo kwan na ama wɔaboa Asiria hene wɔ Karkemis wɔ Eufrate Asubɔnten no ano. Esiane asɛm bi a wɔanna no adi nti, Yosia kɔe sɛ ɔne Misrifo rekɔko. Neko somaa abɔfo bɛka kyerɛɛ no sɛ: ‘Onyankopɔn a ɔka me ho no nti, gyae na asi wo yiye na wansɛe wo.’ Nanso Yosia sakraa ne ho, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Misrifo no asan wɔn akyi wɔ Megido.—2 Beresosɛm 35:20-22.

Asɛm too Yuda hene no! Atamfo no tow bɛmma wɔɔ no, na ɔka kyerɛ ne nkoa sɛ: “Momfa me mfi ha nkɔ, na mapira sɛ.” Woyii Yosia fii ne teaseɛnam mu de no too teaseɛnam foforo mu, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Yerusalem. Bere a wɔde Yosia rekɔ kurow no mu no, owui. Na sɛnea kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no ka no: “Owui, na wosiee no n’agyanom asiei. Na Yuda ne Yerusalem nyinaa gyam Yosia.” Na Yeremia twaa ne ho kwadwom, na ɛno akyi no, ɔhene no ho asɛm bɛyɛɛ ade titiriw a wɔka wɔ afahyɛ bere mu.—2 Beresosɛm 35:23-25.

Yiw, Ɔhene Yosia dii mfomso kɛse bere a ɔne Misrifo no koe no. (Dwom 130:3) Nanso onyaa Onyankopɔn anim dom wɔ n’ahobrɛase ne gyina a ogyinaa pintinn maa nokware som no ho. Hwɛ sɛnea Yosia asetra no si so dua sɛ Yehowa dom n’asomfo a wɔbrɛ wɔn ho ase komam no!—Mmebusɛm 3: 34; Yakobo 4:6.

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Abofra Ɔhene Yosia fi koma nyinaa mu hwehwɛɛ Yehowa

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Yosia sɛee sorɔnsorɔmmea na ɔhyɛɛ nokware som ho nkuran