Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛrenkyɛ—Wiase a Abasamtu Nnim Bɛba

Ɛrenkyɛ—Wiase a Abasamtu Nnim Bɛba

Ɛrenkyɛ—Wiase a Abasamtu Nnim Bɛba

ASETRA reyɛ den kɛse, na nneɛma a ɛde abasamtu ba dɔɔso. Sɛ yɛhaw a, ebetumi ayɛ den sɛ yebedi yɛn nkate horow so. Hwɛ, nnipa a wɔpɛ nkwa mpo werɛ betumi ahow kɛse! Susuw nhwɛso ahorow kakra bi ho hwɛ.

Tete mmere mu no, odiyifo Mose abam bui araa ma ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Sɛ m’anim aba onyam w’anim a, okum mmom na kum me, na manhu m’amane no.” (Numeri 11:15) Bere a odiyifo Elia reguan afi n’atamfo anim no, ɔteɛɛm sɛ: “Ɛdɔɔso, afei, [Yehowa, NW], fa me kra [nkwa].” (1 Ahene 19:4) Na odiyifo Yona kae sɛ: “[Yehowa, NW], gye me kra fi me so ɛ, na owu ye ma me sen nkwa.” (Yona 4:3) Nanso, Mose, Elia, anaa Yona mu biara ankum ne ho. Na wɔn nyinaa nim Onyankopɔn mmara a ɛne sɛ: “Nni awu” no. (Exodus 20:13) Esiane sɛ na wɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi a ɛyɛ den nti, na wonim sɛ anidaso wɔ hɔ ma tebea biara, ɛne sɛ nkwa yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ.

Na ɔhaw ahorow a yehyia nnɛ no nso ɛ? Nea ɛka nkate fam ahohia anaa honam fam ɔhaw ahorow ho no, ɛtɔ mmere bi a ɛsɛ sɛ yegyina nneɛma bɔne a abusuafo, afipamfo, anaa yɛn nnamfo de ba yɛn so no ano. Bible ka nnipa a wɔyɛ nea “ɛnteɛ nyinaa, amumɔyɛ, anibere, nnebɔne ayɛ wɔn ma; nitan, awudi, akasakasa, nsisi, ɔbra bɔne ahyɛ wɔn ma; wɔyɛ asututufo, ntwirifo, Onyame atamfo, anuɔdenfo, ahantanfo, ahohoahoafo, nnebɔne farebaefo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, wonni ti, apamsɛefo, wonni dɔ, wonni mmɔborohunu” ho asɛm. (Romafo 1:28-31) Nnipa a wɔte saa a yɛne wɔn te da biara da no betumi ama asetra ayɛ te sɛ adesoa bi ama yɛn. Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa wɔn a wohia awerɛkyekye ne abotɔyam no?

Ɔpɛ a Yebenya De Atie

Asiane ne amanehunu betumi ama obi adwene atu afra. Onyansafo no kae sɛ: “Amimyɛ bɔ onyansafo dam.” (Ɔsɛnkafo 7:7) Enti sɛ obi ka sɛ obekum ne ho a, ɛsɛ sɛ yɛfa no aniberesɛm. Sɛ́ ebia ne haw no yɛ nkate fam, honam fam, adwenem, anaa honhom fam de no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho biribi ntɛm ara. Nokwarem no, ɛho aduruyɛ ne ayaresa gu ahorow, na ɛdefa ɛho ayaresa ho de, ɛsɛ sɛ onipa no ankasa na osi ho gyinae.—Galatifo 6:5.

Ɛmfa ho nea enti a obi pɛ sɛ okum ne ho no, sɛ onya obi a ɔwɔ nhumu, tema, ne abotare ka n’asɛm kyerɛ no a, ɛbɛboa. Abusuafo ne nnamfo a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobetie betumi aboa. Tema ne ayamye a wɔbɛda no adi akyi no, Onyankopɔn Asɛm mu nsɛm a ɛhyɛ den betumi aboa wɔn a wɔn anidaso asa no kɛse.

Honhom Fam Mmoa Ma Wɔn a Wɔwɔ Ahohia Mu

Ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛnea Bible akenkan tumi hyɛ nkuran fa. Ɛwom sɛ Bible nyɛ adwenemhaw ho nhoma de, nanso ebetumi aboa yɛn ma yɛahu sɛnea nkwa som bo fa. Ɔhene Salomo kae sɛ: “Mahu sɛ adepa nni hɔ mma nnipa, gye sɛ wɔma wɔn ani gye na wɔyɛ yiye wɔn nkwa mu; nanso sɛ onipa biara didi nom hu adepa ne brɛ nyinaa mu a, Onyankopɔn akyɛde ne no.” (Ɔsɛnkafo 3:12, 13) Adwuma a abotɔyam wom akyi no, nneɛma nketenkete—te sɛ mframa pa, owia hann, nhwiren, nnua, ne nnomaa—yɛ Onyankopɔn akyɛde ahorow a yebetumi anya ho anigye.

Nea ɛhyɛ den kɛse mpo ne awerɛhyem a Bible de ma sɛ Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba, Yesu Kristo, dwen yɛn ho no. (Yohane 3:16; 1 Petro 5:6, 7) Odwontofo no ka ma ɛfatae sɛ: “Nhyira ne [Yehowa, NW ] a ɔsoa yɛn adesoa ma yɛn daa daa, ɔno Nyankopɔn no ne yɛn nkwagye.” (Dwom 68:19) Ɛwom sɛ ebia yɛte nka sɛ yɛn ho nhia na yɛnsɛ hwee de, nanso Onyankopɔn to nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmɔ no mpae. Nya awerɛhyem sɛ obiara nni hɔ a ofi ahobrɛase ne nokwaredi mu hwehwɛ ne mmoa a, obu no animtiaa.

Obiara nni hɔ a obetumi ahwɛ asetra a ɔhaw biara nnim kwan ma afata nnɛ. (Hiob 14:1) Nanso, Onyankopɔn Asɛm mu nokware no ama nnipa pii ahu sɛ kum a nkurɔfo bekum wɔn ho no nyɛ wɔn haw ahorow ano aduru a ɛfata. Wo de susuw sɛnea ɔsomafo Paulo boaa ofiasehwɛfo bi a na ne ho yeraw no bere a ofi “nna mu nyanee na ohui sɛ afiase apon no abuebue no, ɔtwee ne nkrante sɛ anka ɔrebedi ne ho dɔm, efisɛ osusuwii sɛ nneduafo no aguan” no ho hwɛ. Amonom hɔ ara, ofiasehwɛfo no yɛɛ n’adwene sɛ kum a obekum ne ho ye sen sɛ n’anim begu ase na ebia wɔakum no wɔ ne huammɔdi no ho. Ɔsomafo no teɛɛm sɛ: “Nyɛ wo ho bɔne bi, na yɛn nyinaa wɔ ha.” Paulo amma asɛm no anso hɔ ara. Nokwarem no, ɔne Silas kyekyee ofiasehwɛfo no werɛ na woyii n’asɛmmisa yi ano: “Anuanom, menyɛ dɛn na wɔagye me nkwa?” Wobuae sɛ: “Gye Awurade Yesu di, na wobegye wo ne wo fifo nkwa.” Afei wɔkaa Yehowa asɛm kyerɛɛ ɔne ne fiefo, na nea efii mu bae ne sɛ “wɔbɔɔ ɔne ne fifo nyinaa asu amonom hɔ ara.” Saa ofiasehwɛfo no ne ne fiefo nyinaa ani gyee kɛse, na wonyaa atirimpɔw foforo wɔ asetra mu.—Asomafo no Nnwuma 16:27-35.

Ɛnnɛ, hwɛ abotɔyam ara a ɛyɛ sɛ yenim sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na wama amumɔyɛ aba! N’asɛm kyerɛ sɛ honhommɔne a “wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan” no na ‘ɔredaadaa amanaman nyinaa.’ Nanso, ne bere resa. (Adiyisɛm 12:9, 12) Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn de ne ho begye nsɛm mu ma wɔayi ahohia a Satan ne n’adaemone de aba asase sofo so no nyinaa afi hɔ. Afei Onyankopɔn trenee wiase foforo no de nneɛma a ɛde abasamtu ba na ɛma nkurɔfo kunkum wɔn ho no bɛba awiei koraa.—2 Petro 3:13.

Awerɛkyekye Ma Wɔn a Wɔrehwehwɛ Mmoa

Ɛnnɛ mpo, wɔn a wɔn abam abu betumi anya awerɛkyekye afi Kyerɛwnsɛm no mu. (Romafo 15:4) Odwontofo Dawid too dwom sɛ: “Onyankopɔn, koma a abubu na apɛtɛw na worempo.” (Dwom 51:17) Nokwarem no, yentumi nkwati sɔhwɛ ahorow bi a yebehyia ne nneɛma a sintɔ de ba a ɛbɛka yɛn no. Nanso, sɛ yenya yɛn soro Agya a ɔwɔ ayamye, ɔdɔ, ne ntease no ho nokware nimdeɛ a, ɛbɛma yɛanya awerɛhyem sɛ yɛsom bo wɔ n’ani so. Onyankopɔn betumi abɛyɛ yɛn Adamfo ne Ɔkyerɛkyerɛfo a ɔsen biara. Sɛ yɛne Yehowa Nyankopɔn nya abusuabɔ a emu yɛ den a, ɔrenni yɛn huammɔ da. Yɛn Bɔfo no ka sɛ: “Me [Yehowa, NW], wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so.”—Yesaia 48:17.

Nnipa pii de wɔn ho ato Onyankopɔn so ma aboa wɔn. Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a: Bere a Mara hweree ne babarima koro pɛ wɔ kar akwanhyia bi mu no, na adwenemhaw a wanya no bere tenteenten no ama wayɛ mmerɛw dedaw. * Ehu kaa no, na ɔpɛe sɛ okum ne ho. Nanso, mprempren ɔsɔre anɔpa biara yɛ ne fie adwuma. Otie nnwom de gye n’ani, na ɔboa afoforo. Anidaso a ɛne sɛ “owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba” no ama wanya abotɔyam kakra wɔ ne dɔba no wu a ɛyɛ awerɛhow no ho, na ahyɛ ne gyidi den wɔ Onyankopɔn mu. (Asomafo no Nnwuma 24:15) Esiane sɛ Mara nnyaa ɔpɛ da sɛ ɔbɛyɛ sɛ ɔbɔfo wɔ soro nti, nsɛm a ɛwɔ Dwom 37:11 no aka ne koma: “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”

Brazilni bea foforo, Sandra, yeree ne ho sɛ ɔbɛyɛ ɛna pa ama ne mma baasa no. Ɔka sɛ: “Na minni adagyew koraa bere a me papa wui mpofirim na bere koro no ara mihui sɛ me kunu di ɔbea foforo akyi no, mankae mpo sɛ mɛbɔ Onyankopɔn mpae ahwehwɛ mmoa.” Abasamtu mu no, Sandra pɛe sɛ okum ne ho. Dɛn na aboa no ma wagyina ano? Anisɔ a onya maa honhom fam nneɛma. “Mekenkan Bible anadwo biara ansa na mada, na mebɔ mmɔden de me ho toto nnipa a merekenkan wɔn ho asɛm no ho. Mekenkan Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no nso, na m’ani gye asetram nsɛm ho titiriw efisɛ ɛboa me ma minya abotɔyam wɔ m’asetra mu.” Bere a ohui sɛ Yehowa ne n’adamfo pa no, wahu sɛnea ɛsɛ sɛ ɔka nneɛma pɔtee ho asɛm wɔ ne mpaebɔ mu.

Daakye a Abasamtu Nnim

Hwɛ awerɛkyekye a ɛyɛ sɛ wubehu sɛ nnipa amanehunu yɛ bere tiaa mu ade! Wɔ Onyankopɔn Ahenni mu no, mmofra ne mpanyin a wɔadi wɔn nsɛmmɔne, asisi wɔn, anaa wɔanya wɔn ho adwemmɔne no ani begye. Sɛnea wɔka siei wɔ dwom mu nkɔmhyɛ bi mu no, Yehowa Hene a wapaw no, Yesu Kristo, ‘begye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo.’ Afei nso, “ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa.” Nokwarem no, “obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu, na wɔn mogya bo ayɛ den n’anim.”—Dwom 72:12-14.

Saa nkɔmhyɛ nsɛm no mmamu abɛn. So w’ani gye adwene a ɛne sɛ wubenya daa nkwa wɔ asase so wɔ tebea a ɛte saa mu no ho? Sɛ saa a, ɛsɛ sɛ woma w’ani gye na woma w’ani sɔ nkwa sɛ Onyankopɔn akyɛde. Sɛ woka Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a ɛma awerɛkyekye yi kyerɛ afoforo a, wobɛma wɔn a wɔrehwehwɛ mmoa wɔ wiase a enni tema na ɔdɔ nnim yi mu no anya anigye kɛse wɔ wɔn asetra mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 15 Wɔasesa edin ahorow no bi.

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Nneɛma a ɛma anigye pii wɔ hɔ nnɛ

[Mfonini wɔ kratafa 7]

So worehwɛ wiase a abasamtu nnim kwan?