Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bɔ Wo Din Ho ban

Bɔ Wo Din Ho ban

Bɔ Wo Din Ho ban

ƆBARIMA a ɔhyehyɛ adan a ɛyɛ fɛ nya din sɛ ɔdansifo nimdefo. Ababaa a ɔbɔ mmɔden wɔ nhomasua mu nya din sɛ sukuuni a waben. Obi a ɔnyɛ hwee mpo betumi agye din sɛ ɔkwadwofo. Bere a Bible resi mfaso a ɛwɔ din pa so so dua no, ɛka sɛ: “Din pa ye koraa sen ahonyade pii, na anuonyam ye sen dwetɛ ne sika.”—Mmebusɛm 22:1, An American Translation.

Wɔnam nneɛma nketenkete a wɔyɛ no bere tenten so na enya din pa. Nanso, ade biako pɛ a nyansa nnim a wobɛyɛ no, betumi asɛe no. Sɛ nhwɛso no, nna mu ɔbrasɛe biako betumi asɛe din pa a obi wɔ no. Wɔ Bible mu nhoma a ɛne Mmebusɛm ti 6 no, tete Israel hene Salomo de abrabɔ ne nneyɛe a ebetumi asɛe yɛn din ne yɛne Yehowa Nyankopɔn ntam abusuabɔ ho kɔkɔbɔ ma. Eyinom mu bi ne bɔhyɛ hunu, akwadworɔ, nnaadaa, ne nna mu ɔbrasɛe—titiriw nneɛma a Yehowa tan. Sɛ yetie saa afotu yi a ɛbɛboa yɛn na abɔ yɛn din pa ho ban.

Yi Wo Ho Fi Bɔhyɛ Ahorow a Nyansa Nnim Ho

Nsɛm yi na wɔde fi Mmebusɛm ti 6 ase: “Me ba, sɛ wugyina wo yɔnko akyi, sɛ wudi ɔhɔho agyinam, sɛ wɔnam w’anom asɛm so akyere wo a, yɛ eyi mmom, me ba, na yi wo ho, efisɛ woatɔ wo yɔnko nsam; kɔ kɔkotow, na srɛ wo yɔnko no.”Mmebusɛm 6:1-3.

Saa bɛ yi de adwuma a obi ne afoforo bɛhyehyɛ, titiriw ahɔho, ho afotu ma. Yiw, na ɛsɛ sɛ Israelfo no ‘hwɛ wɔn nua a ahia no na onni sika no.’ (Leviticus 25:35-38) Nanso Israelfo bi a wɔpere wɔn ho de wɔn ho hyehyɛɛ nnwuma bi a ɛte sɛ nea na mfaso wom mu, na wotumi maa afoforo ‘dii wɔn agyinam,’ ma ɛka bɛdaa wɔn so. Tebea a ɛte saa ara betumi aba nnɛ. Sɛ nhwɛso no, nnwumakuw a wɔyɛ sika ho adwuma bɛhwehwɛ sɛ obi foforo de ne nsa hyɛ bosea bi a wosusuw sɛ ɛyɛ hu ase ansa na wɔde ama. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ wode ahopere bedi afoforo agyinam a ɛte saa! Hwɛ, ebetumi asum yɛn afiri wɔ sika fam, na ɛbɛma yɛanya dimmɔne wɔ sikakorabea ne afoforo a wɔbɔ bosea no anim!

Na sɛ yɛn ankasa hu sɛ yɛwɔ tebea a emu yɛ den mu sɛ yɛde yɛn ho akɔhyɛ biribi a mfiase no na ɛte sɛ nea nyansa wom mu nanso akyiri yi a yɛhwɛɛ mu yiye no ɛte sɛ nea nyansa nnim nso ɛ? Afotu a ɛwɔ ho ne sɛ yɛde ahantan bɛto nkyɛn na ‘yɛakotow yɛn yɔnko no’—na yɛakɔ so asrɛ no. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de toto nneɛma yiye. Nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ: “Yɛ nea wubetumi biara kosi sɛ wo ne nea wo ne no anya asɛm no adwene behyia na moasiesie asɛm no, sɛnea ɛbɛyɛ na ɛka no mmɛda wo so.” Na ɛsɛ sɛ woyɛ eyi a wontwentwɛn wo nan ase koraa, efisɛ ɔhene no de ka ho sɛ: “Mma nna nnkɔ w’aniwa mu, na mma w’anisuatɛtɛw nntɔ nnko; yi wo ho sɛ adowa fi ne nsam, sɛ anomaa fi ofirisumfo nsam.” (Mmebusɛm 6:4, 5) Eye sɛ wobɛtwe wo ho afi nhyehyɛe bi a nyansa nnim mu bere a ɛbɛyɛ yiye no sen sɛ wobɛma akyekyere wo.

Yɛ Nsi Te sɛ Ɔtɛtea

Salomo tu fo sɛ: “Ɔkwaadwofo, kɔ ntɛtea nkyɛn, hwɛ n’akwan, na hu nyansa.” Nyansa bɛn na yebetumi asua afi ɔtɛtea ketewaa no akwan mu? Ɔhene no bua sɛ: “Ɔno na onni otitiriw, ɔpanyin ne sodifo, nanso osiesie n’aduan ahohurubere, na ɔboaboa n’adidide ano twabere mu.”Mmebusɛm 6:6-8.

Ntɛtea nhyehyɛe yɛ nwonwa na biakoyɛ wɔ wɔn mu ankasa. Wofi nkate mu boaboa aduan ano ma daakye. Wonni “otitiriw, ɔpanyin ne sodifo.” Ɛwom sɛ, ntɛtea hemmaa no wɔ hɔ de, nanso nkesua a ɔtow nti na ɔyɛ ɔhemmaa, na ɔne ntɛtea abusua no na. Ɔnhyɛ mmara biara. Ɛmfa ho mpo sɛ ntɛtea nni adwuma so panyin bi a ɔhwɛ wɔn so no, wɔkɔ so yɛ wɔn adwuma denneennen.

Te sɛ ntɛtea no, so ɛnsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ nsi? Eye ma yɛn sɛ yɛbɛyɛ adwumaden na yɛabɔ mmɔden sɛ yɛbɛma yɛn adwuma atu mpɔn, sɛ́ obi rehwɛ yɛn anaasɛ obi nhwɛ yɛn. Yiw, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa wɔ sukuu, yɛn adwumam, ne bere a yɛreyɛ honhom fam nnwuma no. Sɛnea ntɛtea nya ne nsiyɛ so mfaso no, saa ara na Onyankopɔn pɛ sɛ ‘yehu adepa yɛn brɛ adwuma nyinaa mu.’ (Ɔsɛnkafo 3:13, 22; 5:18) Adwumaden so akatua ne ahonim pa ne abotɔyam.—Ɔsɛnkafo 5:12.

Salomo bɔ mmɔden de nsɛmmisa a ɛma afoforo susuw nsɛm ho kanyan ɔkwadwofo no fi n’akwadworɔ mu: “Wobɛda akosi da bɛn, ɔkwaadwofo? Bere bɛn na wobɛsɔre afi wo nna mu?” Bere a ɔhene no nam nsɛm a ɔka so resuasua ɔkwadwofo no, ɔde ka ho sɛ: “Nna kakra, nkotɔ kakra, nsa a mɛpono mada kakra. Ɛnna wo hia bɛto wo sɛ ɔkwanmukafo, ne w’ahokyere sɛ ɔkyɛmkurafo.” (Mmebusɛm 6:9-11) Sɛ ɔkwadwofo te faako a, ohia ka no mpofirim te sɛ nea ɔfowfo ba no so, na ohia ka no sɛnea ɔkwanmukafo atow ahyɛ no so. Ɔkwadwofo afuw fuw wura ne sasono ntɛm ara. (Mmebusɛm 24:30, 31) Ɛnkyɛ na wabɔ ka wɔ n’adwumam. Adwumawura benya ɔkwadwofo ho koma akosi da bɛn? Na so sukuuni a ɔmpɛ adesua koraa bɛhwɛ kwan sɛ ɔbɛbɔ mmɔden wɔ sukuu mu?

Di Nokware

Bere a Salomo reka su foforo a ɛsɛe obi din wɔ ne kurom ne ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho asɛm no, ɔtoa so sɛ: “Onipa huhuw ne ɔbarima busuyɛfo: ɔde ano kɔntɔnkye nennamee, obubu n’aniwa, ɔde ne nan kasa, ɔde ne nsateaa kyerɛkyerɛ ade, akɔntɔnkyesɛm wɔ ne komam, ɔpam ne tirim apammɔne daa, takrawogyam na ɔhyɛ.”Mmebusɛm 6:12-14.

Saa asɛm yi fa ɔdaadaafo ho. Ɔtorofo taa kata n’atosɛm so. Ɔkwan bɛn so? Ɛnyɛ “ano kɔntɔnkye” nko, na mmom ɔde ne nipadua nso kasa. Nhomanimfo bi ka sɛ: “Nipadua a wɔde si asɛm so dua, ɛnne nsakrae, ne anim yɛbea mpo yɛ ɔkwan a wɔfa so ka nnaadaasɛm; obi tew n’anim de kata adwemmɔne ne atutupɛ su a ɔwɔ so.” Onipa huhuw a ɔte saa no bɔ pɔw bɔne na ɔde ntawntawdi ba bere nyinaa. Ebewie no dɛn?

Israel hene no bua sɛ: “Enti mpofirim na ne sɛe bɛba, wobebubu no afrɛ so a wontumi nsa.” (Mmebusɛm 6:15) Sɛ ɔtorofo no ho da hɔ a, ne din sɛe ntɛm ara. Hena na obegye no adi bio? Nokwarem no, n’awiei yɛ hu, efisɛ “atorofo nyinaa” ka wɔn a wobenya daa ɔsɛe no ho. (Adiyisɛm 21:8) Sɛnea ɛte biara no, momma ‘yenni nokware wɔ ade nyinaa mu.’—Hebrifo 13:18.

Tan Nea Yehowa Tan

Tan a yɛbɛtan amumɔyɛ—ade a ɛmma yɛnyɛ nneɛma a ɛbɛsɛe yɛn din bɛn ara ni! Ɛnde, so ɛnsɛ sɛ yekyi bɔne? Nanso, dɛn ankasa na ɛsɛ sɛ yɛtan? Salomo ka sɛ: “Ade asia yi na [Yehowa, “NW”] tan, na ade ason na ɛyɛ ne kra akyide: ani a ɛtra ntɔn, atoro tɛkrɛma, ne nsa a ehwie mogya a edi bem gu; koma a edwen mmusu adwene, nan a ɛyɛ hare tu mmirika kɔ bɔne mu; ɔdansekurumfo a ohuw atosɛm, ne nea ɔhyɛ anuanom ntam takrawogyam.”Mmebusɛm 6:16-19.

Nneɛma ason a ɛbɛ no ka ho asɛm no yɛ nneɛma atitiriw, na ɛkame ayɛ sɛ ɛfa nneɛma bɔne nyinaa ho. “Ani a ɛtra ntɔn” ne “koma a edwen mmusu adwene” nyinaa yɛ bɔne a efi adwene mu. “Atoro tɛkrɛma” ne “ɔdansekurumfo a ohuw atosɛm” yɛ abɔnefosɛm. “Nsa a ehwie mogya a edi bem gu,” ne “nan a ɛyɛ hare tu mmirika kɔ bɔne mu” yɛ amumɔyɛ. Na ade a Yehowa tan koraa ne obi a ɔhyɛ nnipa a anka wɔte hɔ asomdwoe mu ntam takrawogyam. Nneɛma asia a ɔde bi kaa ho ma ɛyɛɛ ason no kyerɛ sɛ ɛnyɛ ade a ɔbɛka nneɛma a ɔtan no nyinaa ho asɛm awie esiane sɛ nnipa kɔ so ma wɔn abɔnefosɛm dɔɔso nti.

Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yenya su a ɛbɛma yɛatan ade a Onyankopɔn tan. Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ yɛkwati “ani a ɛtra ntɔn,” anaa ahantansɛm foforo biara. Na ɛsɛ sɛ yɛkwati nseku bɔne ɔkwan biara so, efisɛ ɛnyɛ den koraa sɛ ‘ɛbɛhyɛ anuanom ntam takrawogyam.’ Sɛ yɛtrɛw atesɛm mu atirimɔden so, kasa tia afoforo sɛnea ɛnsɛ, anaasɛ yedi atoro a, ebia yɛrenhwie ‘mogya a edi bem ngu’ ankasa de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi asɛe afoforo din.

“Mma W’ani Mmmere N’ahoɔfɛ”

Salomo fi n’afotu no fã a edi hɔ no ase sɛ: “Me ba, bu w’agya mmara nsɛm, na ntow wo na kyerɛ nkyene. Fa kyekyere wo koma ho daa yi, na fa bobare wo kɔn ho hyia.” Dɛn ntia? ‘Wonam a, ɛbɛkɔ akogya wo, woda a, ɛbɛhwɛ wo so, na wunyan a, ɛbɛyɛ wo sɛmɔdɛbɔ.’Mmebusɛm 6:20-22.

So Kyerɛwnsɛm a wɔde bɛtete yɛn no betumi abɔ yɛn ho ban ankasa afi nna mu ɔbrasɛe ho? Yiw, ebetumi. Wɔama yɛn awerɛhyem sɛ: “Mmara nsɛm no yɛ ɔkanea, na kyerɛ no yɛ hann, na nteɛso nkaanim yɛ nkwa kwan: na ahwɛ wo so afi ɔbea bɔne ho, afi ɔbea hɔho tɛkrɛma dɔkɔdɔkɔ ho.” (Mmebusɛm 6:23, 24) Onyankopɔn Asɛm mu afotu a yɛbɛkae na yɛde adi dwuma sɛ ‘yɛn nan ase kanea, ne yɛn kwan so hann’ no bɛboa yɛn ma yɛako atia ɔbea anaa ɔbarima a ne bra asɛe nnaadaasɛm no.—Dwom 119:105.

Ɔhene nyansafo no tu fo sɛ: “Mma w’ani mmmere n’ahoɔfɛ wo komam, na mma ɔmmfa n’anisuatɛtɛw nnkyere wo.” Dɛn ntia? “Ɔbea aguaman ma obi di abodoosin, na obi yere buw nkwa a ne bo yɛ den.”Mmebusɛm 6:25, 26.

So Salomo frɛ ɔbea ɔwaresɛefo tuutuuni? Gyama. Anaasɛ ebetumi aba sɛ ɔrekyerɛ nsonsonoe a ɛda tuutuuni a obi ne no nya ɔbrasɛe mu kyɛfa ne nea efi obi yere a wɔne no sɛe aware mu ba mu. Yebetumi aka obi a ɔne tuutuuni nya nkitahodi ho asɛm sɛ odi “abodoosin”—ohia buruburoo. Obetumi mpo anya nyarewa a wonya fi nna mu a ɛyɛ yaw na edi awu te sɛ AIDS. Nanso, nea ɔpɛ sɛ ɔkɔ obi aware mu hokafo ho no benya asɛm kɛse wɔ Mmara no mu ntɛm ara. Ɔbea ɔwaresɛefo de nea ɔne no nya nna mu kyɛfa a ɛmfata, “nkwa a ne bo yɛ den” to asiane mu. Nhoma bi a wɔde yɛ nhwehwɛmu ka sɛ: “Ɛsen obi nkwa . . . a wɔnam so twa so. Wokum ɔdebɔneyɛfo no.” (Leviticus 20:10; Deuteronomium 22:22) Sɛnea ɛte biara no, ɛmfa ho sɛnea ɔbea a ɔte saa ho yɛ fɛ no, ɛnsɛ sɛ obi nya ne ho anigye.

‘Mfa Ogya Nhyɛ Wo Kokom’

Bere a Salomo resi asiane a ɛwɔ awaresɛe mu so dua bio no, obisa sɛ: “So onipa de ogya bɛhyɛ ne kokom, na ne ntade renhyew? So obi bɛfa nsramma so, na ne nan renhyew?” Bere a ɔrekyerɛkyerɛ mfatoho no mu no, ɔka sɛ: “Saa na nea ɔkɔ ne yɔnko yere nkyɛn te, obiara a ɔka no renni bem.” (Mmebusɛm 6:27-29) Wɔbɛtwe ɔdebɔneyɛfo a ɔte saa aso ɔkwan biara so.

Wɔkae yɛn sɛ: “Owifo, sɛ owia ade sɛ ɔredi amee, efisɛ ɔkɔm de no a, wommu ani ngu so.” Ɛno mpo, “sɛ wohu no a, ɔbɔ ho mpɛn ason, ɔde n’afide nyinaa bɛma.” (Mmebusɛm 6:30, 31) Wɔ tete Israel no, na wɔhwehwɛ sɛ owifo tua nneɛma a owia ho ka, sɛ na ebegye n’ahode nyinaa mpo a. * Ɛnde, asotwe bɛn ara na na ɛbɛfata ama ɔwaresɛefo a onni anoyi biara wɔ nea wayɛ no ho no!

Salomo ka sɛ: “Nea ɔfa ɔyere nni ti.” Ɔbarima a onni ti nni atɛmpa, efisɛ “ɔsɛe ne kra.” (Mmebusɛm 6:32) Nnipa ani so no, obetumi ayɛ sɛ nea ɔyɛ onipa pa, nanso ne komam de, onni suban pa koraa.

Asotwe a wɔde ma ɔwaresɛefo dɔɔso. “Mmaa ne animguase na obenya, na n’ahohora no, wɔrempopa. Na ninkunu ne ɔbarima abufuhyew, na aweredi da no, ɔremfa mfiri; ɔremmu mpata biara, na woma akyɛde dɔɔso po a, ɔrempene.”Mmebusɛm 6:33-35.

Owifo betumi asi nea owia no ananmu, nanso ɔwaresɛefo ntumi ntua ne nneyɛe no ho ka. Mpatade bɛn na obetumi de ama okunu a ne bo afuw no? Ɛda adi sɛ kyɛwpa biara nni hɔ a ebetumi ama wɔahu ɔdebɔneyɛfo no mmɔbɔ. Ɔkwan biara nni hɔ a ɔwaresɛefo no betumi afa so atua ne bɔne so ka. Ahohorabɔ ne nsopa a wɔde ba n’ankasa din so no mpopa. Afei nso, ɔkwan biara nni hɔ a obetumi afa so agye ne ho anaa wafa ne ho adi wɔ asotwe a ɛfata sɛ wɔde ma no no ho.

Hwɛ sɛnea nyansa wom sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi awaresɛe ne afei abrabɔ ne nneyɛe afoforo a egu yɛn din pa ho fĩ na ebetumi de ahohorabɔ aba Onyankopɔn so no ho! Enti, ɛmmra sɛ yɛbɛhwɛ yiye na yɛanni agyinam a nyansa nnim. Momma yɛnyɛ nnipa a yɛyɛ nsi na yedi nokware. Na bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛtan nea Yehowa tan no, ɛmmra sɛ yebenya din pa wɔ ɔno ne yɛn yɔnko nnipa anim.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 28 Sɛnea Mose Mmara no kyerɛ no, na wɔhwehwɛ sɛ owifo si ananmu mmɔho abien, anan, anaa anum. (Exodus 22:1-4) Ɛda adi sɛ asɛm “mpɛn ason” no kyerɛ asotwe no nyinaa a otua so ka, a na ebetumi akyerɛ sɛ ɛboro ade a owiae no so pii.

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Hwɛ yiye wɔ bosea a obi bɔ a wode wo nsa bɛhyɛ ase no ho

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Yɛ nsi te sɛ ɔtɛtea

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Hwɛ wo ho yiye wɔ nseku bɔne ho