Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woda Ahofama Adi?

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woda Ahofama Adi?

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woda Ahofama Adi?

Bill yɛ ɔbarima a ɔwɔ yere ne mma a ɔwɔ ne mfirihyia 50 mu a ɔkyerɛ ade wɔ sukuu bi a wosua adansi wom mu. Afe mu no nyinaa no, ɔno ankasa bɔ ka de adapɛn pii boa ma wɔyɛ Ahenni Asa ho nhyehyɛe na wosisi bi ma Yehowa Adansefo asafo ahorow. Emma yɛ onuawa ɔhokwafo a wadi mfirihyia 22 a wasua nhoma na ne ho akokwaw yiye. Sɛ́ anka obedi n’ankasa botae ne n’anigye nkutoo akyi no, ɔde bɛboro nnɔnhwerew 70 som ɔsram biara de boa nkurɔfo ma wɔte Bible ase. Onyin ama Maurice ne Betty agyae adwuma. Sɛ́ anka afei wobegye wɔn ahome no, wɔatu akɔtra ɔman foforo mu reboa nkurɔfo ma wɔasua Onyankopɔn atirimpɔw ma asase ho ade.

SAAFO yi mu biara mmu ne ho sɛ ɔyɛ onipa titiriw bi anaasɛ ɔda nsow koraa. Wɔte sɛ nnipa foforo a aka no ara a wɔreyɛ nneɛma a wosusuw sɛ ɛteɛ. Dɛn nti na wɔde wɔn bere, wɔn ahoɔden, wɔn dom akyɛde, ne nneɛma foforo reboa afoforo? Nea ɛkanyan wɔn ne ɔdɔ kɛse a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa. Saa ɔdɔ yi ama wɔn mu biara anya ahofama honhom.

Dɛn ne ahofama honhom? Wiɛ, sɛ́ obi de ne ho bɛma no nhwehwɛ sɛ ɔkame ne ho anaasɛ otua ne ho nneɛma. Enhia sɛ ɛma yɛkame yɛn ho nneɛma katee a ɛremma yennya anigye anaa abotɔyam. Sɛnea The Shorter Oxford English Dictionary ka no no, nea ahofama kyerɛ ara ne sɛ “obi gyae n’ankasa ahiade, nneɛma a n’ani gye ho, ne n’ankasa apɛde, esiane adwuma bi anaa afoforo yiyedi nti.”

Yesu Kristo—Nhwɛso Titiriw

Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro, Yesu Kristo, yɛ obi a ɔwɔ ahofama honhom ho nhwɛso titiriw. Ɛbɛyɛ sɛ na asetra a na ɔwɔ mu ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani no hyɛ nkuran na abotɔyam kɛse wom. Ná ɔne N’agya ne honhom abɔde no wɔ abusuabɔ a emu yɛ den. Afei nso, Onyankopɔn Ba no de ne dom akyɛde yɛɛ nnwuma a ɛyɛ den na ɛyɛ anigye sɛ “odwumayɛni a waben.” (Mmebusɛm 8:30, 31, NW) Akyinnye biara nni ho sɛ onyaa asetra a na ɛkorɔn kyɛn nea ɔdefo a ɔsen biara wɔ asase so mpo anya pɛn. Sɛ́ Yehowa Nyankopɔn abadiakyiri no, na okura dibea a ɛkorɔn na hokwan ahorow pii wom wɔ soro.

Nanso, Onyankopɔn Ba no ‘yii ne mu guu hɔ faa akoa tebea too ne ho so dan nnipa sɛso.’ (Filipifo 2:7) Ofii ne pɛ mu gyaw hokwan ahorow a ɔwɔ nyinaa guu hɔ bɛyɛɛ onipa de ne nkwa mae sɛ agyede sɛnea ɛbɛyɛ a obeyi ɔhaw biara a Satan de bae no afi hɔ. (Genesis 3:1-7; Marko 10:45) Ná ɛno kyerɛ sɛ ɔbɛba abɛtra adesamma abɔnefo mu wɔ wiase a ɛda Satan Ɔbonsam tumi mu no mu. (1 Yohane 5:19) Na ɛkyerɛ nso sɛ obegyina ahoyeraw ne ahokyere ano. Nanso, ɛmfa ho nea na Yesu Kristo behyia biara no, na wasi ne bo sɛ ɔbɛyɛ N’agya apɛde. (Mateo 26:39; Yohane 5:30; 6:38) Eyi sɔɔ Yesu dɔ ne ne nokwaredi hwɛe kosii ase. Na wasiesie ne ho sɛ obegyina mu akodu he? Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie de kosii wu mu, asɛndua ho wu mu po.”—Filipifo 2:8.

‘Momma Adwene Yi Ntra Mo Mu’

Wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yenni Yesu nhwɛso akyi. Paulo hyɛɛ nkuran sɛ: “Momma adwene a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ara ntra mo mu bi.” (Filipifo 2:5) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi? Ɔkwan biako ne sɛ ‘obiara renhwɛ ne nko ade, na mmom ɔbɛhwɛ ne mfɛfo de bi.’ (Filipifo 2:4) Nokware dɔ ‘nhwehwɛ n’ankasa yiyedi.’—1 Korintofo 13:5.

Mpɛn pii na nnipa a wodwen afoforo ho ada ahofama a pɛsɛmenkominya nnim adi bere a wɔreyɛ nnwuma ma afoforo no. Nanso, ɛnnɛ, nnipa pii da ahopɛ su adi. Wiase no wɔ pɛsɛmenkominya su. Ɛsɛ sɛ yɛko tia wiase honhom no efisɛ sɛ etumi nya yɛn su ne yɛn nneyɛe so nkɛntɛnso a, ɛda adi sɛ yɛbɛma yɛn apɛde ho ahia yɛn dodo. Afei ahopɛ su benya biribiara a yɛyɛ—sɛnea yɛde yɛn bere, yɛn ahoɔden, yɛn ahode di dwuma—so nkɛntɛnso. Enti ɛsɛ sɛ yɛko tia saa nkɛntɛnso yi denneennen.

Ɛtɔ mmere bi a, afotu a ɛfata mpo betumi abrɛ yɛn ahofama honhom ase. Bere a ɔsomafo Petro huu baabi a na Yesu ahofama no de no rekɔ no, ɔkae sɛ: “Ɛmpare wo, Awurade!” (Mateo 16:22) Ɛda adi sɛ na ɛyɛ den ma no sɛ obegye ɔpɛ a na Yesu wɔ sɛ esiane N’agya tumidi ne adesamma nkwagye nti obegyina mu akodu owu mu no atom. Enti ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Yesu asesa n’adwene wɔ ɔkwan a ɛte saa ho.

‘Pa Wo Ho Akyi’

Yesu yɛɛ n’ade dɛn? Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Ɔdan ne ho hwɛɛ n’asuafo no kaa Petro anim sɛ: Fi me so, Satan, efisɛ wunnwen Onyankopɔn de, na mmom nnipa de.” Afei Yesu frɛɛ nkurɔfokuw no ne n’asuafo no bae ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛndua, na onni m’akyi.”—Marko 8:33, 34.

Bere a Petro de afotu yi maa Yesu akyi mfirihyia 30 no, afei de na wate nea ahofama kyerɛ ase. Wanhyɛ mfɛfo gyidifo nkuran sɛ wɔngow wɔn ho na wɔnhome. Mmom no, Petro tuu wɔn fo sɛ wɔnkyekye wɔn adwene asen mma dwumadi na wɔntwe wɔn ho mfi wɔn kan wiase akɔnnɔ ho. Na ɛsɛ sɛ wɔde Onyankopɔn apɛde di kan wɔ wɔn asetra mu a sɔhwɛ ahorow mfa ho.—1 Petro 1:6, 13, 14; 4:1, 2.

Adeyɛ a mfaso wɔ so a yɛn mu biara betumi ayɛ ne sɛ yɛde nea yɛwɔ nyinaa bɛma Yehowa, na yɛadi Yesu Kristo akyi nokwaredi mu na yɛama Onyankopɔn akyerɛ yɛn kwan wɔ yɛn abrabɔ mu. Paulo yɛɛ nhwɛso pa wɔ eyi mu. Hu a ohui sɛ na nneɛma gye ntɛmpɛ ne anisɔ a na ɔwɔ ma Yehowa no kanyan no ma ogyaw wiase botae anaa anidaso a na anka ebetumi atwetwe n’adwene afi Onyankopɔn apɛdeyɛ so nyinaa guu hɔ. Ɔkae sɛ: “Me de, mede fɛw pii mɛhwere m’ade ne me ho,” de asom afoforo. (2 Korintofo 12:15) Paulo de ne dom akyɛde trɛw Onyankopɔn adwuma mu, ɛnyɛ n’ankasa de.—Asomafo no Nnwuma 20:24; Filipifo 3:8.

Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahwehwɛ yɛn ho mu ahwɛ sɛ ebia yɛn su te sɛ ɔsomafo Paulo de no a? Yebetumi abisabisa yɛn ho nsɛm bi te sɛ eyinom: Ɔkwan bɛn so na mede me bere, m’ahoɔden, me dom akyɛde, ne m’ahode di dwuma? So mede saa nneɛma yi ne akyɛde foforo a ɛsom bo di m’ankasa m’ahiade ho dwuma, anaasɛ mede boa afoforo? So masusuw ho sɛ menya nkwagye adwuma a ɛyɛ asɛmpaka adwuma no mu kyɛfa pii, sɛ ebia bere nyinaa Ahenni dawurubɔfo? So metumi de me ho ahyɛ nnwuma te sɛ Ahenni Asa ahorow si ne ne nsiesie mu kɛse? So mede hokwan no reboa wɔn a ahia wɔn? So mereyɛ nea metumi nyinaa ama Yehowa?—Mmebusɛm 3:9.

‘Anigye Pii Wɔ Ɔma Mu’

Nanso, so nyansa wom ankasa sɛ yɛbɛda ahofama adi? Ɛte saa ankasa! Na Paulo fi n’ankasa suahu mu nim sɛ akatua pii wɔ su a ɛte saa so. Ɛma onyaa anigye ne abotɔyam kɛse. Ɔkyerɛkyerɛɛ eyi mu kyerɛɛ Efeso mpanyimfo no bere a ɔne wɔn hyiae wɔ Mileto no. Paulo kae sɛ: “Ne nyinaa mu, mekyerɛɛ mo sɛ ɛsɛ sɛ moyɛ adwuma saa [ahofama mu] de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛw, na monkae Awurade Yesu nsɛm a ɔkae sɛ: Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.” (Asomafo no Nnwuma 20:35) Nnipa ɔpepem pii ahu sɛ saa su yi a yɛbɛda no adi no bɛma yɛanya anigye kɛse mprempren. Ɛbɛma yɛanya anigye daakye nso bere a Yehowa ma wɔn a wɔde n’ahiade ne afoforo de di wɔn ankasa de kan no akatua no.—1 Timoteo 4:8-10.

Bere a wobisaa Bill sɛ dɛn nti na ɔyere ne ho boa afoforo ma wosisi Ahenni Asa ahorow no, ɔkae sɛ: “Sɛ meboa asafo ahorow a mpɛn pii ɛyɛ nketewa no saa kwan yi so a, ɛma minya abotɔyam kɛse. M’ani gye sɛ mede nimdeɛ ne osuahu a mewɔ bedi dwuma de aboa afoforo.” Dɛn nti na Emma apaw sɛ ɔde n’ahoɔden ne ne dom akyɛde bɛboa afoforo ma wɔahu Kyerɛwnsɛm no mu nokware no? “Mintumi nyɛ biribi foforo biara. Bere a meda so yɛ ababaa na metumi ayɛ saa adwuma no, mepɛ sɛ meyɛ nea metumi biara de sɔ Yehowa ani na meboa afoforo. Ɛnyɛ den mma me sɛ mede honam fam nneɛma bɛbɔ afɔre. Esiane nea Yehowa ayɛ ama me nti, nea ɛsɛ sɛ meyɛ ara na mereyɛ no.”

Maurice ne Betty nnuu wɔn ho sɛ wɔamfa asetra a ɛyɛ ahogono bere a na wɔde mfe pii ayɛ adwumaden atete mma na wɔahwɛ wɔn abusua akyi no. Afei a onyin ama wɔagyae adwuma no, wɔpɛ sɛ wɔkɔ so de wɔn nkwa yɛ biribi a mfaso wɔ so. Wɔka sɛ: “Yɛmpɛ sɛ yɛtra ase gye yɛn ahome mprempren. Afoforo a yɛboa wɔn ma wosua Yehowa ho ade wɔ ɔman foforo so no ma yenya hokwan yɛ biribi a mfaso wɔ so.”

So woasi wo bo sɛ wobɛda ahofama adi? Eyi renyɛ mmerɛw. Akodi bi kɔ so bere nyinaa wɔ yɛn akɔnnɔ a ɛtɔ sin no ne yɛn koma mu a yefi pɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn ani no mu. (Romafo 7:21-23) Nanso, sɛ yɛma Yehowa kyerɛ yɛn kwan wɔ asetra mu a, ɛyɛ ɔko a yebetumi adi mu nkonim. (Galatifo 5:16, 17) Akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɛkae ahofama a yɛdaa no adi wɔ ne som adwuma mu no, na obehyira yɛn pii. Nokwarem no, Yehowa Nyankopɔn ‘bebue ɔsoro mfɛnsere ama yɛn na obehwie nhyira ama yɛn ma aboro so.’—Malaki 3:10; Hebrifo 6:10.

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Na Yesu wɔ ahofama honhom. So wowɔ bi?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 24]

Paulo de n’adwene nyinaa sii Ahenni asɛnka adwuma no so