Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmoa a Wɔhwehwɛ

Mmoa a Wɔhwehwɛ

Mmoa a Wɔhwehwɛ

BRAZILNI bea bi kae sɛ: “Onyankopɔn werɛ afi me!” Bere a ne kunu wui mpofirim no, ɔtee nka sɛ n’asetra so nni mfaso biara. So woabɔ mmɔden sɛ wobɛkyekye obi a ne werɛ ahow saa anaa ebia ɔrehwehwɛ mmoa saa werɛ pɛn?

Ebinom abam bu araa ma wokum wɔn ho—na wɔn mu dodow no ara yɛ mmabun. Sɛnea atesɛm krataa Folha de S. Paulo kyerɛ no, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Brazil da no adi sɛ “mmabun a wokunkum wɔn ho anya nkɔanim ɔha mu 26.” Sɛ nhwɛso no, susuw Walter, * aberante bi a ɔte São Paulo asɛm no ho hwɛ. Ná onni awofo, ofie, baabi a ne nkutoo tra yɛ n’ade, onni nnamfo a obetumi de ne ho ato wɔn so. Nea ɛbɛyɛ na Walter amanehunu no aba awiei no, osii gyinae sɛ obegyina ɛtwene bi so ahuruw akum ne ho.

Na ɛna bi a onni ɔhokafo, Edna, wɔ mma baanu dedaw bere a ohyiaa ɔbarima foforo no. Ɔsram biako pɛ akyi no, wɔkɔtraa ɔbarima no maame a odi ahonhonsɛm na ɔyɛ ɔsadweam no fie. Edna woo ɔba foforo, na ofii ase nom nsa kɛse, na ɔhawee yiye araa ma ɔyɛe sɛ obekum ne ho. Awiei koraa no, wogyee ne mma no fii ne nsam.

Na nkurɔfo a wɔn mfe akɔ anim nso ɛ? Na Maria pɛ anigyede, na na ɔpɛ kasa. Nanso, bere a ne mfe kɔɔ anim no, ofii ase dwen adwuma a ɔyɛ sɛ ɔyarehwɛfo no ho, efisɛ na osuro sɛ obedi mfomso ahorow. Eyi maa ɔhaw yiye. Bere a ɔno ankasa nonom nnuru no, ɔhwehwɛɛ oduruyɛfo mmoa, na ɛte sɛ nea ayaresa a onyae no boaa no. Nanso, bere a odii mfirihyia 57 na n’adwuma no fii ne nsa no, n’adwenemhaw no san bae a na emu yɛ den yiye a na ontumi nyɛ ho hwee. Maria fii ase yɛɛ n’adwene sɛ obekum ne ho.

Ɔbenfo José Alberto Del Porto a ɔwɔ São Paulo Sukuupɔn mu ka sɛ: “Nnipa a wonya adwenemhaw no mu bɛyɛ ɔha mu nkyem 10 na wɔyɛ wɔn adwene sɛ wobekum wɔn ho.” Oduruyɛfo David Satcher a ɔyɛ oprehyɛn wɔ U. S. no bɔ amanneɛ sɛ: “Ɛyɛ den sɛ wubegye atom sɛ nnipa a wɔn ankasa kunkum wɔn ho dɔɔso sen wɔn a nkurɔfo kunkum wɔn, nanso ɛyɛ nokwasɛm.”

Ɛtɔ mmere bi a yɛ a obi yɛ sɛ obekum ne ho no yɛ mmoa a ɔhwehwɛ. Na akyinnye biara nni ho sɛ abusuafo ne nnamfo pɛ sɛ wɔyɛ biribi a ɛfata de boa nea n’anidaso asa no. Nanso, ɛrenyɛ papa sɛ wobɛkeka nsɛm te sɛ: “Mma wo werɛ nnhow wo ho,” “Wo tebea ye sen nnipa pii,” anaasɛ, “Yɛn nyinaa hyia tebea bɔne bere ne bere mu.” Mmom no, dɛn nti na wonna wo ho adi sɛ adamfo ankasa ne otiefo pa? Yiw, bɔ mmɔden boa nea n’abam abu no ma onhu sɛ eye sɛ ɔbɛtra nkwa mu.

Franceni nhoma kyerɛwfo Voltaire kyerɛwee sɛ: “Sɛ onipa a ankonamyɛ ma okum ne ho nnɛ no twɛnee dapɛn biako a, anka ɔbɛpɛ sɛ ɔtra ase.” Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na nnipa a wɔn abam abu behu sɛ eye sɛ wɔtra nkwa mu?

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Wɔasesa edin ahorow no bi.

[Mfonini wɔ kratafa 3]

Mmabun ne mpanyimfo pii kunkum wɔn ho

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Wobɛyɛ dɛn atumi aboa obi a n’anidaso asa?