Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adesua—Mfaso Wɔ So Na Ɛyɛ Anigye

Adesua—Mfaso Wɔ So Na Ɛyɛ Anigye

Adesua—Mfaso Wɔ So Na Ɛyɛ Anigye

‘Sɛ wohwehwɛ akyi kwan a, wubehu Onyankopɔn ho nimdeɛ.’—MMEBUSƐM 2:4, 5.

1. Ɔkwan bɛn so na ahomegye bere a yɛde kenkan ade no betumi ama yɛn ani agye kɛse?

NNIPA pii kenkan ade de gyigye wɔn ani kɛkɛ. Sɛ ade a wɔkenkan no fata a, ɛnde akenkan betumi ayɛ ade a ɛfata a wotumi de gye ahome. Bible akenkan ho nhyehyɛe a Kristofo binom di akyi daa akyi no, wonya anigye ankasa wɔ Nnwom, Mmebusɛm, Nsɛmpa no ho kyerɛwtohɔ, anaa Bible no afã foforo a wɔkenkan bere biara no mu. Nsɛm no dɛ ne adwene a ɛwom no nko ara ma wɔn ani gye kɛse. Afoforo nso de wɔn ahomegye bere kenkan Yearbook of Jehovah’s Witnesses, Nyan! nsɛmma nhoma no, asetra ho nsɛm a wotintim wɔ nsɛmma nhoma yi mu, anaa abakɔsɛm, asase ho nsɛm, ne adebɔ mu nneɛma.

2, 3. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi de honhom fam nneɛma a emu dɔ atoto aduan a ɛyɛ den ho? (b) Dɛn na adesua hwehwɛ?

2 Bere a akenkan a yɛde gyigye yɛn ani betumi ayɛ nea yɛde gye yɛn ahome no, adesua gye adwene. Engiresini nyansapɛfo Francis Bacon kyerɛwee sɛ: “Nhoma bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛka hwɛ, afoforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛmene, na emu kakra wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛwesaw na nipadua no yam.” Bible ka nea etwa to no ho ankasa. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɛno ho [Kristo, sɛnea wɔde Ɔhene ne Ɔsɔfo Melkisedek yɛɛ ne ho mfonini no] na yɛwɔ asɛm a ɛdɔɔso a asekyerɛ yɛ den nso ka, efisɛ mo aso asen. . . . Aduan a ɛyɛ den no fata wɔn a wɔanyin [honhom fam] a anem nti wɔn nkatede akokwaw papa ne bɔne mu yiyi ho.” (Hebrifo 5:11, 14) Ɛsɛ sɛ yɛwesaw aduan a ɛyɛ den ansa na yɛamene ma nipadua no ayam. Ɛsɛ sɛ yesusuw honhom fam nneɛma a emu dɔ ho ansa na ahyɛn yɛn mu na atra yɛn koma mu.

3 Nsɛm asekyerɛ nhoma kyerɛ “adesua” ase sɛ “ade a wɔde adwene di ho dwuma na ama wɔatumi anya nimdeɛ anaa ntease, denam biribi te sɛ akenkan, nhwehwɛmu, ne nea ɛtete saa so.” Ɛkyerɛ sɛ egye biribi a ɛsen akenkan a yɛbɛyɛ no ntɛmntɛm, na ebia yɛatwitwa nsɛmfua bi ase bere a yegu so rekenkan no. Adesua yɛ adwuma, adwene a yɛde si biribi so, ne nkatede a yɛde di dwuma. Nanso, bere a adesua gye mmɔdenbɔ no, eyi nkyerɛ sɛ entumi nyɛ anigye.

Sɛnea Wobɛma Adesua Ayɛ Anigye

4. Sɛnea odwontofo no kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na abotɔyam ne mfaso wɔ Onyankopɔn Asɛm sua so?

4 Onyankopɔn Asɛm akenkan ne ne sua betumi ayɛ ade a ɛma abotɔyam ne denhyɛ. Odwontofo no kae sɛ: “[Yehowa, NW] mmara yɛ pɛ, edwudwo ɔkra. [Yehowa, NW] adanse atim, ɛma ayemfo hu nyansa. [Yehowa, NW] ahyɛde teɛ, ɛma koma tɔ yam.” (Dwom 19:7, 8) Yehowa mmara ne ne nkaesɛm hyɛ yɛn kra den, ɛma yedi yiye honhom fam, ɛma yɛn ani gye, na ɛma yɛn anim tew ma yehu Yehowa atirimpɔw ahorow a ɛyɛ anigye no yiye. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye!

5. Akwan bɛn so na adesua betumi ama yɛn ani agye kɛse?

5 Sɛ yehu sɛ yɛn adwuma sow aba pa a, yɛn ani taa gye ne yɛ ho. Enti, nea ɛbɛyɛ na yɛn adesua ayɛ anigye no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ntɛm de nimdeɛ foforo a yɛanya no di dwuma. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Nea ɔkotow hwɛɛ adehyedi mmara a ɛyɛ pɛ no mu, na ɔtraa mu, na ɔnyɛ otiefo werɛfirifo, na mmom ɔyɛ adwuma no yɛfo no, onii no na wobehyira no n’adeyɛ no mu.” (Yakobo 1:25) Sɛ yɛde nneɛma a yɛasua di dwuma ntɛm a, ɛma yenya abotɔyam kɛse. Sɛ yɛyɛ nhwehwɛmu a atirimpɔw no ne sɛ yɛde beyi asɛm bi a wɔabisa yɛn ano wɔ asɛnka anaa ɔkyerɛkyerɛ adwuma mu a, ɛno nso bɛma yɛn ani agye kɛse.

Onyankopɔn Asɛm Ho Anigye a Yebenya

6. Ɔkwan bɛn so na Dwom 119 no kyerɛwfo kyerɛɛ sɛnea n’ani gye Yehowa asɛm ho?

6 Dwom 119 no hyehyɛfo, a ebia ɛbɛyɛ Hesekia bere a na ɔyɛ ɔhene ba aberantewa no, kyerɛɛ sɛnea n’ani gye Yehowa asɛm ho. Wɔ anwensɛm kwan so no, ɔkae sɛ: “W’ahyɛde ho na me ho sɛpɛw me, me werɛ remfi wo nsɛm. W’adansesɛm yɛ m’adɔde ara, . . . Na me ho bɛsɛpɛw me wo mmara nsɛm ho, na ɛno na madɔ no. Ma wo mmɔborohunu mmra me so, na minnya nkwa, na wo mmara ne m’anika. Mefe wo nkwagye, [Yehowa, NW], na wo mmara ne m’adɔde.”—Dwom 119:16, 24, 47, 77, 174.

7, 8. (a) Sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ no, dɛn na obi ho a ‘ɛbɛsɛpɛw’ no Onyankopɔn Asɛm ho no kyerɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ Yehowa Asɛm ho anigye? (d) Ɔkwan bɛn so na Esra siesiee ne koma ansa na ɔrekenkan Yehowa Mmara no?

7 Bere a nsɛm asekyerɛ nhoma bi rekyerɛkyerɛ asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘ahosɛpɛw’ mu wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu no, ɛka sɛ: “Sɛnea wɔde di dwuma wɔ nkyekyem 16 no ne [adeyɛ nsɛm] a egyina hɔ ma ahurusi . . . nsusuwho . . . di nsɛ. Sɛnea wɔde di dwuma nnidiso ni: ahurusi, nsusuwho, anigye . . . Eyinom a wɔde bom di dwuma no kyerɛ sɛ ɔkwan a obi fa so nya Yahweh asɛm ho anigye ne susuw a obesusuw ho ɔkwampa so. . . . Nkate ho asɛm wɔ nea ɛkyerɛ no mu.” *

8 Yiw, ɛsɛ sɛ Yehowa Asɛm ho anigye a yebenya no fi yɛn koma, nkate fibea, no mu. Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye nkyekyem bi a yɛakenkan mprempren no ho, na yɛtɔ yɛn bo ase susuw ho. Ɛsɛ sɛ yedwennwen honhom fam nneɛma a emu dɔ ho, de yɛn adwene si so, na yesusuw ho. Eyi hwehwɛ sɛ yesusuw ho wɔ kommyɛ mu na yɛbɔ mpae. Te sɛ Esra no, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn koma ma Onyankopɔn Asɛm akenkan ne ne sua. Wɔakyerɛw ne ho asɛm sɛ: “Esra asiesie ne koma sɛ ɔbɛhwehwɛ [Yehowa, NW] mmara na wadi so, na wakyerɛkyerɛ ahyɛde ne atemmude wɔ Israel.” (Esra 7:10) Hyɛ nneɛma abiɛsa a enti Esra siesiee ne koma no nsow: sɛ ɔde besua ade, sɛ ɔde nea osua no bedi dwuma, na ɔde akyerɛkyerɛ. Ɛsɛ sɛ yedi ne nhwɛso no akyi.

Fa Adesua sɛ Ɔsom Adwuma

9, 10. (a) Akwan bɛn so na odwontofo no dwenee Yehowa Asɛm ho? (b) Dɛn na Hebri adeyɛ asɛm a wɔkyerɛɛ ase ‘wubedwen ho’ no kyerɛ? (d) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛfa Bible sua sɛ “ɔsom adwuma”?

9 Odwontofo no ka sɛ ɔdwenee Yehowa mmara, mmara nsɛm, ne ne nkaesɛm ho. Ɔto dwom sɛ: “Meredwen wo nsiesiei ho, na merehwɛ w’akwan. . . Mɛma me nsa so wo mmara nsɛm a madɔ no ho, na madwen w’ahyɛde ho. Medɔ wo mmara dɛn ara! Ɛne m’adwene daa adesae. Mewɔ nimdeɛ mesen m’akyerɛkyerɛfo nyinaa, na w’adansesɛm ne m’adwene.” (Dwom 119:15, 48, 97, 99) Dɛn na Yehowa Asɛm ho a ‘wubedwen’ no kyerɛ?

10 Hebri adeyɛ asɛm a wɔkyerɛɛ ase ‘wubedwen ho’ no nso kyerɛ sɛ “wubesusuw ho, wubedwennwen ho,” “sɛ́ obi besusuw asɛm bi ho.” “Wɔde kyerɛ Onyankopɔn nnwuma . . . ne Onyankopɔn asɛm ho a obi susuw wɔ kommyɛ mu.” (Theological Wordbook of the Old Testament) Asɛm, ‘dwen ho’ no fa “odwontofo no nsusuwho,” Onyankopɔn mmara ho “anigye a ɛma osua ade” sɛ nea “ɔreyɛ ɔsom adwuma”no ho. Sɛ yebu Onyankopɔn Asɛm sua sɛ yɛn som fã a, ɛma yɛfa no aniberesɛm. Enti ɛsɛ sɛ yefi ahonim mu sua ade na yɛbɔ ho mpae. Adesua yɛ yɛn som no fã, na yesua ade na ama yɛn som atu mpɔn.

Onyankopɔn Asɛm Mu a Yɛbɛbɔre Ahwehwɛ

11. Ɔkwan bɛn so na Yehowa yi honhom fam nsusuwii a emu dɔ adi kyerɛ ne nkurɔfo?

11 Odwontofo no fi osuro pa mu teɛɛm sɛ: “[Yehowa, NW], wo nnwuma sosoe dɛn ara, w’adwene mu dɔ pii.” (Dwom 92:5) Na ɔsomafo Paulo kaa “Onyankopɔn ade a emu dɔ,” Yehowa nsusuwii a emu dɔ a ‘ɔde ne honhom’ a ɛyɛ adwuma wɔ akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no so yi no adi kyerɛ ne nkurɔfo no ho asɛm. (1 Korintofo 2:10; Mateo 24:45) Akoa kuw no fi nsiyɛ mu ma obiara honhom fam aduan—“nufusu” ma wɔn a wɔyɛ foforo, ne “aduan a ɛyɛ den” ma “wɔn a wɔanyin.”—Hebrifo 5:11-14.

12. Ma “Onyankopɔn ade a emu dɔ” a akoa kuw no akyerɛkyerɛ mu no ho nhwɛso.

12 Sɛ yɛbɛte “Onyankopɔn ade a emu dɔ” a ɛte saa no ase a, ehia sɛ yɛde mpaebɔ sua ade na yesusuw N’asɛm ho. Sɛ nhwɛso no, wɔatintim nsɛm a ɛyɛ anigye a ɛkyerɛ sɛnea Yehowa betumi abu atɛntrenee na wayi mmɔborohunu adi prɛko pɛ no. Mmɔborohunu a ɔda no adi no nkyerɛ sɛ ɔtoto n’atɛntrenee ase; mmom no, ɔsoro mmɔborohunu yɛ Onyankopɔn atɛntrenee ne ne dɔ a ɔda no adi. Sɛ Yehowa rebu ɔdebɔneyɛfo bi atɛn a, odi kan hwɛ hu sɛ ebia ɛbɛyɛ yiye sɛ obegyina ne Ba no ogye afɔre no so ada mmɔborohunu adi akyerɛ no anaa. Sɛ ɔdebɔneyɛfo no annu ne ho anaasɛ ɔtew atua a, Onyankopɔn ma atɛntrenee yɛ n’adwuma a ɔnna mmɔborohunu a ɛho nhia adi. Emu biara mu no, ɔde ne nnyinasosɛm ahorow a ɛkorɔn no di dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so. * (Romafo 3:21-26) ‘O Onyankopɔn nyansa bun a emu dɔ!’—Romafo 11:33.

13. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ honhom fam nokware a ɛsom bo a “ɛdɔɔso” a wayi no adi dedaw no ho anisɔ?

13 Te sɛ odwontofo no, ɛyɛ yɛn anigye sɛ Yehowa ka ne tirim nsɛm pii kyerɛ yɛn. Dawid kyerɛwee sɛ: “Me de, Onyankopɔn, w’adwene bo yɛ me den dɛn ara! Ɛdɔɔso dɛn ara! Sɛ merekan a, ɛdɔɔso sen nhwea.” (Dwom 139:17, 18) Ɛwom sɛ nimdeɛ a yɛwɔ nnɛ no yɛ Yehowa nsusuwii a enni ano a ɔbɛda no adi wɔ mmeresanten mu no fã ketewaa bi pɛ de, nanso yɛn ani sɔ honhom fam nokware a ɛsom bo a “ɛdɔɔso” a wayi no adi dedaw no, na yɛbɛbɔre ahwehwɛ Onyankopɔn Asɛm mu nneɛma a ɛdɔɔso no mu.—Dwom 119:160, NW ase hɔ asɛm.

Mmɔdenbɔ ne Nnwinnade a Etu Mpɔn Ho Hia

14. Ɔkwan bɛn so na Mmebusɛm 2:1-6 kyerɛ sɛ ehia sɛ yɛde mmɔdenbɔ sua Onyankopɔn Asɛm?

14 Bible adesua a emu dɔ gye mmɔdenbɔ. Sɛ wokenkan Mmebusɛm 2:1-6 a, wubehu saa nokwasɛm yi pefee. Hyɛ adeyɛ nsɛm a Ɔhene Salomo nyansafo no de dii dwuma de kyerɛɛ sɛnea egye mmɔdenbɔ na ama yɛanya ɔsoro nimdeɛ, nyansa, ne nhumu no nsow. Ɔkyerɛwee sɛ: ‘Me ba, sɛ wutie me nsɛm, na wode me mmara nsɛm sie wo nkyɛn, sɛ wobɛyɛ asõ atie nyansa, na woakom wo koma ama ntease, yiw, sɛ wusu frɛ nhumu, na woma wo nne so frɛ ntease, sɛ wohwehwɛ n’akyi kwan sɛ dwetɛ, na wobɔre hwehwɛ no sɛ akorade a ahintaw a, ɛno na wubehu [Yehowa, NW] suro, na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ. Na [Yehowa, NW] na ɔma nyansa, n’anom na nimdeɛ ne ntease fi ba.’ Yiw, adesua a mfaso wɔ so gye nhwehwɛmu, ɛte sɛ nea yɛrebɔre ahwehwɛ akorade a ahintaw.

15. Bible mu nkyerɛkyerɛmu bɛn na esi hia a akwampa a yɛbɛfa so asua ade ho hia no so dua?

15 Adesua a ɛhyɛ den honhom fam no hwehwɛ sɛ yenya akwampa a yɛfa so sua ade nso. Salomo kyerɛwee sɛ: “Sɛ obi dade ano kum na wansew ano a, ɛnde gye sɛ ɔma ahoɔden dɔɔso.” (Ɔsɛnkafo 10:10) Sɛ odwumayɛni bi de dade a ano nyɛ nnam twitwa ade anaasɛ wamfa anni dwuma yiye a, ɔbɛsɛe n’ahoɔden na n’adwuma no renyɛ papa. Saa ara na mfaso a yebenya afi bere a yɛde sua ade no mu betumi ayɛ nea egu ahorow kɛse, a egyina akwan a yɛfaa so suae no so. Yebetumi ahu nyansahyɛ ahorow a ɛkyɛn so a mfaso wɔ so a ɛbɛma ɔkwan a yɛfa so sua ade atu mpɔn no wɔ Theocratic Ministry School Guidebook no Adesua a ɛto so 7 mu. *

16. Nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so bɛn na wɔde ama a ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi asua ade akɔ akyiri?

16 Sɛ odwumfo rebefi n’adwuma ase a, ɔboaboa nnwinnade a obehia nyinaa ano. Saa ara na sɛ yefi adesua ase a, ɛsɛ sɛ yɛboaboa nneɛma a yebehia de asua ade no nyinaa ano fi yɛn ankasa nhomakorabea. Bere a yɛkae sɛ adesua yɛ adwuma na egye adwene no, ɛyɛ papa nso sɛ yɛtra ase yiye. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn adwenem da hɔ a, akongua so a yɛbɛtra wɔ pon ho no betumi ayɛ nea etu mpɔn sen sɛ yɛbɛda mpa so anaasɛ yebedwudwo yɛn ho ada akongua a emu yɛ tofoo mu. Sɛ wusua ade kakra a, wubetumi asɔre ateɛteɛ wo mu anaasɛ wubetumi akɔ abɔnten akogye mframa kakra.

17, 18. Ma sɛnea wode nnwinnade ahorow a edi mũ a wowɔ no bedi dwuma ho nhwɛso.

17 Yɛwɔ nnwinnade pii a ɛso bi nni nso wɔ hɔ. Eyinom mu nea ɛsen biara ne New World Translation Bible no a mprempren ne mũ nyinaa anaa ne fã bi wɔ kasa horow 37 mu no. Nneɛma a ɛwɔ New World Translation biara mu ne kyerɛw nsɛm foforo a wɔtwe adwene si so ne “Bible Mu Nhoma Ahorow a Wɔahyehyɛ” a ɔkyerɛwfo no din, baabi a ɔkyerɛw no, ne bere tenten a edii ka ho. Bible mu nsɛm a wɔahyehyɛ, nkekaho, ne asase ho mfonini nso wom. Wɔ kasa horow bi mu no, wɔatintim Bible yi kɛse, nea wɔfrɛ no Reference Bible no. Nneɛma a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no nyinaa ne nneɛma foforo pii wom, na nea ɛka ho ne ase nsɛm pii, a ɛno nso wɔahyehyɛ a ɛtwe adwene si nsɛm foforo so. So wode nea ɛwɔ wo kasa mu no di dwuma kosi ase sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛboa wo ma woahwehwɛ Onyankopɔn Asɛm mu akɔ akyiri?

18 Adwinnade foforo a ɛsom bo a wɔde sua ade ne Bible ho nhoma apo abien a ɛne Insight on the Scriptures no. Sɛ wowɔ nhoma yi bi wɔ kasa bi a wubetumi ate ase mu a, sɛ woresua ade a, ɛsɛ sɛ wode di dwuma bere nyinaa. Ɛbɛma woanya Bible mu nsɛm dodow no ara ho osuahu pii. Adwinnade foforo a ɛboa saa ara ne “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” nhoma no. Sɛ worefi ase akenkan Bible mu nhoma foforo bi a, ɛyɛ papa sɛ wobɛhwehwɛ ne sɛso adesua a ɛwɔ “All Scripture” nhoma no mu na ama woanya ɛho asase ho nsɛm ne abakɔsɛm, ɛne Bible mu nhoma no mu nsɛm a wɔabɔ no mua ne sɛnea ɛso wɔ mfaso ma yɛn no. Nea wɔde aka nhoma pii a yɛde sua ade ho nnansa yi ne kɔmputa so dwumadi, Watchtower Library, a mprempren ɛwɔ kasa horow akron mu no.

19. (a) Dɛn nti na Yehowa ama yɛn nnwinnade a ɛfata a yɛde besua Bible no? (b) Dɛn na ehia na ama yɛatumi akenkan Bible na yɛasua ade sɛnea ɛfata?

19 Yehowa nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so na ama yɛn nsa aka saa nnwinnade yi nyinaa na ama n’asomfo a wɔwɔ asase so ‘ahwehwɛ n’akyi kwan na wɔahu Onyankopɔn ho nimdeɛ. (Mmebusɛm 2:4, 5) Adesua ho su pa ma yetumi nya Yehowa ho nimdeɛ yiye, na ɛma yɛne no nya abusuabɔ a emu yɛ den. (Dwom 63:1-8) Yiw, adesua yɛ adwuma, nanso ɛyɛ adwuma a ɛyɛ anigye na mfaso wɔ so. Egye bere, na ebia woresusuw ho sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn anya bere pii ayɛ me Bible akenkan ne kokoam adesua?’ Yebesusuw eyi ho wɔ adesua nsɛm yi mu nea etwa to no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 7 New International Dictionary of Old Testament Theology & Exegesis, Po 4, nkratafa 205-7.

^ nky. 12 Hwɛ August 1, 1998, Ɔwɛn-Aban, kratafa 13, nkyekyem 7. Wubetumi asusuw saa Ɔwɛn-Aban no mu adesua nsɛm abien no ne Insight on the Scriptures nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no mu nsɛm a ɛne “Justice” (atɛntrenee), “Mercy” (mmɔborohunu), ne “Righteousness” (trenee), no ho de asua Bible.

^ nky. 15 Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii. Sɛ akwankyerɛ nhoma yi bi nni wo kasa mu a, wubetumi ahu akwampa a wɔfa so sua ade wɔ Ɔwɛn-Aban ahorow a edidi so yi mu: August 15, 1993, nkratafa 13-17; October 1, 1986, nkratafa 28-29.

Ntimu Nsɛmmisa

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi ama yɛn kokoam adesua ayɛ nea abotɔyam wom na mfaso wɔ so?

• Te sɛ odwontofo no, ɔkwan bɛn so na yɛn ho betumi ‘asɛpɛw’ yɛn Yehowa Asɛm ho na ‘yɛadwen ho’?

• Ɔkwan bɛn so na Mmebusɛm 2:1-6 da no adi sɛ egye mmɔdenbɔ na ama yɛatumi asua Onyankopɔn Asɛm?

• Nnwinnade a ɛfata a wɔde sua ade bɛn na Yehowa de ama yɛn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Nsɛm ho a yesusuw wɔ kommyɛ mu ne mpae a yɛbɔ boa yɛn ma yɛn ani gye Onyankopɔn Asɛm ho

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 17]

So wode nnwinnade a wɔde sua ade a yɛwɔ no redi dwuma koraa de ahwehwɛ Onyankopɔn Asɛm mu akɔ akyiri?