Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asase—So Ɛyɛ Baabi A Wɔsɔ Nnipa Hwɛ Kɛkɛ?

Asase—So Ɛyɛ Baabi A Wɔsɔ Nnipa Hwɛ Kɛkɛ?

Asase—So Ɛyɛ Baabi A Wɔsɔ Nnipa Hwɛ Kɛkɛ?

AHOTƆ paa ni! Odii nkonim wɔ sɔhwɛ no mu. Osuani a ɔde adapɛn abien ayɛ sɔhwɛ a ɛyɛ den no ate asɛm a ɛyɛ anigye afei. Afei de obetumi akɔyɛ adwuma a wapɛ akyi kwan bere nyinaa no.

Nnipa pii bu asase so asetra wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so. Wobu no sɛ sɔhwɛ a edi kan a ɛsɛ sɛ obiara fa mu. Wɔn a “wodi nkonim” no toa so kɔ tebea bi a ɛyɛ papa mu wɔ Owu Akyi Asetra bi mu. Nokwarem no, sɛ anka mprempren asetra—a nnipa pii fa mu kɛkɛ no—ne nea ɛkyɛn so a nnipa betumi ahwɛ kwan a, anka ɛbɛyɛ awerɛhosɛm. Ɛwom sɛ Bible mu nipa Hiob dii yiye nyaa akwahosan pa wɔ ne nkwa nna mu fã kɛse no ara mu de, nanso ɔkae sɛ: “Onipa a ɔbea awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw mee no.”—Hiob 14:1.

Bere a New Catholic Encyclopedia no reka adwene a nnipa kura ho asɛm no, ɛka sɛ: “Ɔsoro anuonyam na Onyankopɔn de asie ama onipa. . . . Yetumi hu sɛ onipa anigye gyina ɔsoro anigye a ɔwɔ so.” Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi wɔ Church of Christ asɔre no mu wɔ United States no kyerɛe sɛ wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu ɔha biara mu 87 na na wogye di sɛ sɛ wowu a, wɔbɛkɔ soro.

Wɔn a wɔnyɛ Kristofo pii nso wɔ anidaso sɛ wobefi asase so akɔ baabi a ɛyɛ papa wɔ wɔn wu akyi. Sɛ nhwɛso no, Nkramofo wɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ ɔsoro paradise. Asase Kronn kuw a wɔtew wɔn ho fii Buddhasom mu wɔ China ne Japan no mufo gye di sɛ sɛ wɔkɔ so se “Amitabha,” edin a wɔde frɛ Buddha a ɔte Hann a Enni Ano mu no a, wɔbɛsan awo wɔn wɔ Asase Kronn, anaa Atɔe Fam Paradise mu, faako a wɔbɛtra ase wɔ anigye kɛse mu.

Nea ɛyɛ nwonwa no, Bible, nhoma kronkron a wɔakyerɛ ase akyekyɛ sen biara wɔ wiase no nka asase ho asɛm sɛ baabi a wɔfa kɔ baabi, biribi a wɔnam so kɔ beae foforo. Sɛ nhwɛso no, ɛka sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” (Dwom 37:29) Yesu asɛm a agye din yi nso wɔ Bible mu: “Nhyira ne wɔn a wodwo, na wɔn na wobenya asase no adi.”—Mateo 5:5.

Adwene a nnipa pii kura a ɛne sɛ asase so asetra nkyɛ no kyerɛ sɛ wɔnam owu so na enya owu akyi asetra a anigye wom. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde na owu yɛ nhyira. Nanso, so saa na nnipa pii bu owu, anaasɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya nkwa tenten wɔ asetra yi mu? Osuahu kyerɛ sɛ sɛ nkurɔfo nya akwahosan ne ahobammɔ a ɛsɛ a, wɔmpɛ sɛ wowu.

Nanso, esiane sɛ bɔne ne amanehunu ahyɛ asase so asetra ma nti, nnipa pii bu ɔsoro sɛ baabi a wobetumi anya nokware asomdwoe ne anigye. So ɔsoro yɛ baabi a asomdwoe a enni kabea wɔ, a bɔne ne basabasayɛ biara nni hɔ? Na so ɔsoro ahemman mu nkutoo na Owu Akyi Asetra bɛkɔ so? Ebia mmuae a Bible no de ma no bɛma wo ho adwiriw wo. Yɛsrɛ sɛ kenkan nea edi so no.