Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere A Yebenya Ama Akenkan Ne Adesua

Bere A Yebenya Ama Akenkan Ne Adesua

Bere A Yebenya Ama Akenkan Ne Adesua

“[Munnya] bere a ɛfata mma mo ho efisɛ nna yi yɛ nna bɔne.”—EFESOFO 5:16, NW.

1. Dɛn nti na nyansa wom sɛ yɛkyekyɛ yɛn bere mu, na dɛn na sɛnea yɛde yɛn bere di dwuma no betumi ama ada adi wɔ yɛn ho?

WƆAKA sɛ “sɛ wohyɛ bere a wonsɛe bere.” Obi a ɔde bere pɔtee si hɔ ma nneɛma a ɛsɛ sɛ ɔyɛ no taa nya ne bere so mfaso pii. Ɔhene Salomo nyansafo no kyerɛwee sɛ: “Ade biara wɔ dɔn a wɔahyɛ ama no, na ɛbere wɔ hɔ ma nneɛma nyinaa ɔsoro ase.” (Ɔsɛnkafo 3:1, Moffatt) Ɛbere a yɛn nyinaa wɔ yɛ pɛ; na sɛnea yɛde bedi dwuma no gyina yɛn ankasa so. Sɛnea yɛyɛ yɛn ahiade ho nhyehyɛe na yɛkyekyɛ yɛn bere mu no na ɛda nneɛma a ɛwɔ yɛn komam adi kɛse.—Mateo 6:21.

2. (a) Dɛn na Yesu ka faa yɛn honhom fam ahiade ho wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu? (b) Nhwehwɛmu bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ yɛn asetra mu?

2 Yegye bere de didi da efisɛ eyinom yɛ honam fam ahiade. Na yɛn honhom fam ahiade nso ɛ? Yenim sɛ ɛsɛ sɛ yedi ɛno nso ho dwuma. Wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka mu no, ɔkae sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔn honhom fam nneɛma ho hia wɔn.” (Mateo 5:3, NW) Ɛno nti na “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no kae yɛn bere nyinaa sɛ ɛho hia sɛ yenya bere ma Bible akenkan ne ne sua no. (Mateo 24:45) Ebia wunim sɛnea eyi ho hia no, nanso ebia wote nka sɛ ɛbere a wubenya de asua ade akenkan Bible no ara na wunni. Sɛ ɛte saa a, momma yɛnhwehwɛ akwan a yebetumi afa so anya bere pii wɔ yɛn asetram de akenkan Onyankopɔn Asɛm, ayɛ kokoam adesua, na yɛde asusuw nneɛma ho.

Ɛbere a Yebenya De Akenkan Bible Asua Ade

3, 4. (a) Yɛn bere ho afotu bɛn na ɔsomafo Paulo de mae, na eyi kyerɛ dɛn? (b) Dɛn na na Paulo kyerɛ bere a otuu yɛn fo sɛ ‘yennya bere mma yɛn ho no’?

3 Esiane bere a yɛte mu no nti, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa tie ɔsomafo Paulo nsɛm yi: “Monhwɛ mo nantew yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ anyansafo. Monhwɛ mo adagyew so yiye, efisɛ nna yi yɛ nna bɔne. Eyi nti monnyɛ nnipa a wonni adwene, na mmom monyɛ nnipa a wohu ade a [Yehowa, NW] pɛ yiye.” (Efesofo 5:15-17) Nokwarem no, sɛ́ Kristofo a yɛahyira yɛn ho so no, saa afotu yi fa yɛn asetram biribiara ho, a bere a yebenya abɔ mpae, asua ade, akɔ asafo nhyiam ahorow, na yɛanya kyɛfa koraa wɔ “ahenni ho asɛmpa” no dawurubɔ mu sɛnea yebetumi no ka ho.—Mateo 24:14; 28:19, 20.

4 Ɛte sɛ nea ɛyɛ den ma Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no mu pii sɛ wobenya baabi de Bible akenkan ne adesua a emu dɔ ahyɛ wɔ wɔn asetra mu. Ɛda adi sɛ yɛrentumi mfa dɔnhwerew foforo nka nnɔnhwerew dodow a yɛwɔ da biara no ho, enti na Paulo afotu no bɛkyerɛ biribi foforo koraa. Wɔ Hela mu no, asɛm ‘nya bere’ no kyerɛ bere a anka wode bɛyɛ biribi foforo a wobɛfɛm. Wɔ Expository Dictionary a W. E. Vine yɛe mu no, ɔkyerɛkyerɛ “dwuma a yɛde hokwan biara a yebenya bedi, anya emu biara so mfaso a ɛfata esiane sɛ sɛ yɛhwere a yɛn nsa ntumi nsan nka bio nti” no mu. Dɛn mu ne ɛhe na yebetumi anya bere de akenkan Bible no na yɛasua?

Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ Nneɛma a Ɛho Hia Ho Nhyehyɛe

5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yɛsɔ nneɛma a eye koraa no hwɛ,’ na ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa?

5 Yɛn honam fam asɛyɛde akyi no, yɛwɔ honhom fam nneɛma pii a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Sɛ́ Yehowa asomfo a yɛahyira yɛn ho so no, yɛwɔ ‘pii yɛ wɔ Awurade adwuma no mu.’ (1 Korintofo 15:58) Esiane eyi nti, Paulo ka kyerɛɛ Kristofo a wɔwɔ Filipi no sɛ ‘wɔnsɔ nneɛma a eye koraa no nhwɛ.’ (Filipifo 1:10) Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma a ɛho hia no ho nhyehyɛe. Ɛsɛ sɛ yɛde honhom fam nneɛma di honam fam nneɛma kan bere nyinaa. (Mateo 6:31-33) Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkari pɛ na ama yɛatumi adi yɛn honhom fam asɛyɛde ahorow nso ho dwuma. Ɔkwan bɛn so na yɛrekyekyɛ yɛn bere mu ama nneɛma a yɛyɛ wɔ yɛn asetram sɛ Kristofo no? Ahwɛfo akwantufo bɔ amanneɛ sɛ “nneɛma a eye koraa” a ɛsɛ sɛ Kristofo di ho dwuma mu no, wɔtaa bu ani gu kokoam adesua ne Bible akenkan so.

6. Ɔkwan bɛn so na bere a yebenya ama yɛn ho betumi afa honam fam adwuma anaa ofie nnwuma ho?

6 Sɛnea yɛahu no, nea ɛbɛma yɛanya bere a ɛfata no bi ne “dwuma kɛse a yɛde hokwan biara a yenya bedi” na ‘yɛanya emu biara so mfaso a ɛfata no.’ Enti sɛ Bible akenkan ne adesua ho su a yɛwɔ no nyɛ fɛ a, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛn ankasa bɛhwehwɛ yɛn ho mu ahwɛ sɛnea yɛde yɛn bere di dwuma. Sɛ yɛn honam fam adwuma yɛ den dodo, na egye yɛn bere ne yɛn ahoɔden pii a, ɛsɛ sɛ yɛde kɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu. (Dwom 55:22) Ebia yebetumi ayɛ nsakrae a ɛbɛma yɛanya bere pii de adi nneɛma a ɛho hia a ɛfa Yehowa som ho, a adesua ne Bible akenkan ka ho, ho dwuma. Wɔaka ma afata sɛ ɔbea adwuma nsa da. Enti ɛsɛ sɛ Kristofo anuanom mmea nso yɛ nneɛma a ɛho hia wɔn ho nhyehyɛe na wɔde mmere pɔtee bi si hɔ ma Bible akenkan ne adesua a wɔyɛ no anibere so.

7, 8. (a) Nnwuma bɛn na mpɛn pii no yebetumi anya bere afi mu de akenkan ade asua ade? (b) Ahomegye atirimpɔw ne dɛn, na ɔkwan bɛn so na eyi a yɛbɛkae no bɛboa yɛn ma yɛayɛ yɛn ahiade ahorow ho nhyehyɛe?

7 Ne nyinaa mu no, yɛn mu dodow no ara betumi anya bere afi nnwuma a ɛho nhia pii mu de asua ade. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Bere dodow ahe na mede kenkan wiase nsɛmma nhoma anaa atesɛm nkrataa, de hwɛ television, tie nnwom, anaa mede di video so agoru? So mede bere pii tra kɔmputa anim sen nea mede kenkan Bible no? Paulo ka sɛ: “Monnyɛ nnipa a wonni adwene, na mmom monyɛ nnipa a wohu ade a [Yehowa, NW] pɛ yiye.” (Efesofo 5:17) Ɛte sɛ nea television a wɔmfa nni dwuma nyansam ne ade titiriw a enti Adansefo pii mfa bere pii nyɛ kokoam adesua ne Bible akenkan no.—Dwom 101:3; 119:37, 47, 48.

8 Ebia ebinom bɛka sɛ wontumi nsua ade bere nyinaa, efisɛ ehia sɛ wogye wɔn ahome. Ɛwom sɛ eyi yɛ nokware de, nanso ɛbɛyɛ papa sɛ yesusuw bere dodow a yɛde gye yɛn ahome no ho na yɛde toto bere ankasa a yɛde sua ade anaa nea yɛde kenkan Bible no ho. Nea yebehu no betumi ama yɛn ho adwiriw yɛn. Bere a ahomegye ho hia no, ɛsɛ sɛ yɛde hyɛ beae a ɛfata. Atirimpɔw a ɛwɔ akyi ne sɛ ɛbɛma yɛanya ahoɔden foforo de asan ayɛ honhom fam nnwuma. Television so dwumadi ne agodie pii ma obi brɛ, bere a Onyankopɔn Asɛm akenkan ne ne sua ma onya abotɔyam ne ahomeka no.—Dwom 19:7, 8.

Sɛnea Ebinom Nya Bere Ma Adesua

9. Sɛ wudi afotu a wɔde mae wɔ Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—1999 de no mu no akyi a, mfaso ahorow bɛn na wubenya?

9 Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa nhomawa, afe 1999 de no, nnianim nsɛm no ka sɛ: “Ɛbɛyɛ papa asen biara sɛ wubesusuw daa asɛm no ne ɛho nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ nhomawa yi mu ho anɔpa. Wobɛte nka sɛ nea Yehowa, Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini, no na ɔde ne nkyerɛkyerɛ renyan wo. Wɔka Yesu Kristo ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ kwan so sɛ onya Yehowa nkyerɛkyerɛ mu mfaso anɔpa biara: ‘Yehowa nyan me daa anɔpa, onyan m’aso ma me, sɛ memfa mintie sɛ asuafo.’ Saa nkyerɛkyerɛ no maa Yesu nyaa ‘asuafo tɛkrɛma’ sɛnea ɛbɛyɛ a, ‘obehu sɛnea ɔde asɛm bɛwaw nea wabrɛ.’ (Yes. 30:20; 50:4; Mat. 11:28-30) Ɛnyɛ w’ankasa wo haw nko na nyan a wonyan wo anɔpa biara ma wutie Onyankopɔn Asɛm mu afotu a ɛfata no bɛboa wo ma woagyina ano, na mmom, ɛbɛma woanya ‘asuafo tɛkrɛma’ nso.” *

10. Ɔkwan bɛn so na ebinom nya bere ma Bible akenkan ne adesua, na mfaso bɛn na wonya?

10 Kristofo pii di saa afotu yi akyi kenkan daa asɛm ne ɛho nkyerɛkyerɛmu no, na wɔkenkan Bible no anaasɛ wosua ade anɔpatutuutu. Wɔ France no, ɔkwampaefo nokwafo bi sɔre ntɛm anɔpa biara de simma 30 kenkan Bible no. Dɛn na ama watumi ayɛ eyi mfirihyia pii no? Ɔka sɛ: “Ɛhyɛ me nkuran kɛse, na midi m’akenkan nhyehyɛe no so a memma biribi foforo biara nsiw me kwan!” Ɛmfa ho bere foforo biara a yɛbɛpaw wɔ da no mu no, ade a ehia ne sɛ yebedi nhyehyɛe no so. René Mica, a wayɛ akwampae adwuma mfirihyia 40 wɔ Europa ne Afrika Atifi fam no ka sɛ: “Efi afe 1950 no, mede ayɛ me botae sɛ mɛkenkan Bible mũ no nyinaa afe biara, ade a mayɛ mpɛn 49 ni. Mete nka sɛ eyi ho hia na ama me ne me Bɔfo no akɔ so anya abusuabɔ a emu yɛ den. Onyankopɔn Asɛm ho a misusuw no boa me ma mete Yehowa atɛntrenee ne ne su foforo ase yiye, na ɛma me denhyɛ ankasa.” *

‘Aduan a Wɔde Ma Wɔ Bere a Ɛsɛ Mu’

11, 12. (a) Honhom fam “aduan” bɛn na “ofiepanyin nokwafo” no de ama? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔama yɛn “aduan” bere a ɛsɛ mu?

11 Sɛnea aduan a yedi daa no ma yenya honam fam ahoɔden no, saa ara na adesua ne Bible akenkan a yɛbɛyɛ no daa ma yenya honhom fam ahoɔden. Yɛkenkan Yesu nsɛm yi wɔ Luka Asɛmpa no mu sɛ: “Hena ne ofiepanyin nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no bedi ne fifo so sɛ ɔmma wɔn wɔn aduan a ɛyɛ wɔn de ne bere a ɛsɛ mu?” (Luka 12:42) Bɛboro mfirihyia 120 ni, wɔnam Ɔwɛn-Aban ne nhoma ahorow a ɛka Bible mu nsɛm ne nhoma foforo so de ‘aduan ama wɔ bere a ɛsɛ mu.’

12 Hyɛ asɛm “bere a ɛsɛ mu” no nsow. Bere a ɛsɛ mu no, Yehowa, yɛn “Kyerɛkyerɛfo Kunini” no nam ne Ba no ne akoa kuw no so akyerɛ ne nkurɔfo kwan wɔ nkyerɛkyerɛ ne abrabɔ mu. Ɛte sɛ nea yɛn nyinaa ate sɛ ɛnne bi reka kyerɛ yɛn sɛ: “Eyi ne kwan, sɛ mofa nifa oo, mofa benkum oo, monnantew so.” (Yesaia 30:20, 21) Afei nso, sɛ ankorankoro bi kenkan Bible ne Bible ho nhoma no nyinaa yiye a, wɔtaa te nka sɛ nsɛm a ɛwɔ mu no yɛ nea wɔka kyerɛ wɔn ankasa tẽẽ. Yiw, yɛn nsa bɛka Onyankopɔn afotu ne akwankyerɛ wɔ bere a ɛsɛ mu, na ama yɛatumi ako atia sɔhwɛ anaa yɛasi gyinae a nyansa wom.

Nya Adidi Ho Su Pa

13. Honhom fam adidi ho su a enye no bi ne dɛn?

13 Sɛ yebenya “aduan” a ɛte saa a wɔde ma wɔ bere a ɛsɛ mu no so mfaso kɛse a, ɛsɛ sɛ yenya adidi ho su pa. Ehia sɛ yenya daa Bible akenkan ne kokoam adesua ho nhyehyɛe na yedi akyi. So wowɔ honhom fam adidi ho su a eye ne daa nhyehyɛe a wode yɛ kokoam adesua a emu dɔ? Anaasɛ wokenkan asɛm a wɔasiesie no yiye ama yɛn no biarabiara, a sɛnea yɛbɛka no no, wudidi ahoɔhare so, anaasɛ wutwa aduan no bi gya koraa? Honhom fam adidi ho su a enye ama ebinom ayɛ mmerɛw wɔ gyidi mu—ebinom mpo ahwe ase.—1 Timoteo 1:19; 4:15, 16.

14. Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yɛde ahwɛyiye kenkan asɛm a ɛte sɛ nea yenim no yiye no?

14 Ebia ebinom bɛte nka sɛ wonim mfitiase nkyerɛkyerɛ no dedaw, na ɛnyɛ asɛm biara na ɛda biribi a ɛyɛ foforo koraa adi. Enti, adesua a yɛbɛyɛ no daa ne asafo nhyiam a yɛbɛkɔ bere nyinaa ho nhia. Nanso, Bible da no adi sɛ ehia sɛ yɛkae yɛn ho nneɛma a yɛasua dedaw no. (Dwom 119:95, 99; 2 Petro 3:1; Yuda 5) Sɛnea obi a onim aduannoa yiye de atosode koro no ara yɛ nnuan horow ma ɛyɛ dɛ no, saa ara na akoa kuw no ma yɛn honhom fam aduan a ahoɔden wom wɔ akwan horow so. Wɔ nneɛma a wɔaka ho asɛm mpɛn pii mpo mu no, nneɛma pa bi wom a ɛnsɛ sɛ yɛhwere. Nokwasɛm no ne sɛ bere dodow ne mmɔdenbɔ a yɛde sua ade no na ɛkyerɛ mfaso a yebenya afi ade a yɛkenkan no mu.

Honhom Fam Mfaso a Yenya Fi Akenkan ne Adesua Mu

15. Ɔkwan bɛn so na Bible akenkan ne ne sua boa yɛn ma yɛyɛ Onyankopɔn Asɛm no ho asomfo pa?

15 Mfaso a yenya fi Bible akenkan ne ne sua so no dɔɔso pii. Ɛboa yɛn ma yedu Kristofo asɛyɛde ahorow ho, a emu titiriw biako ne sɛ yɛn mu biara betumi abɛyɛ “odwumayɛni a enhia sɛ ɔfɛre, na okura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.” (2 Timoteo 2:15) Dodow a yɛkenkan Bible no na yesua no, dodow no ara na Onyankopɔn nsusuwii hyɛ yɛn adwene mu ma. Afei, te sɛ Paulo no, yebetumi ne ‘nkurɔfo aka kyerɛw nsɛm no ho asɛm, akyerɛkyerɛ mu adi’ Yehowa atirimpɔw a ɛyɛ nokware ne anigye no ‘ho adanse.’ (Asomafo no Nnwuma 17:2, 3) Yebetu mpɔn wɔ yɛn nkyerɛkyerɛ mu, na yɛn nkɔmmɔbɔ, kasa, ne afotu bɛyɛ nea ɛhyɛ nkuran pii wɔ honhom fam.—Mmebusɛm 1:5.

16. Akwan bɛn so na yɛn ankasa nya Onyankopɔn Asɛm akenkan ne ne sua so mfaso?

16 Afei nso, bere a yɛde hwehwɛ Onyankopɔn Asɛm mu no bɛma yɛatumi afa Yehowa akwan so yiye abɔ yɛn bra. (Dwom 25:4; 119:9, 10; Mmebusɛm 6:20-23) Ɛbɛma honhom fam su ahorow a yɛwɔ te sɛ ahobrɛase, nokwaredi, ne anigye mu ayɛ den. (Deuteronomium 17:19, 20; Adiyisɛm 1:3) Sɛ yɛde nimdeɛ a yenya fi Bible akenkan ne ne sua mu no di dwuma a, yenya Onyankopɔn honhom wɔ yɛn asetram, na ɛma yɛsow honhom aba pii wɔ biribiara a yɛyɛ mu.—Galatifo 5:22, 23.

17. Ɔkwan bɛn so na dodow a yɛkenkan Bible no ne sua a yesua no yiye fa yɛne Yehowa ntam abusuabɔ ho?

17 Nea ɛho hia sen biara no, bere a yɛfa fi nea yɛde yɛ nneɛma foforo mu de kenkan Onyankopɔn Asɛm sua no bɛma yɛanya mfaso pii wɔ yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu. Paulo bɔɔ mpae sɛ ‘Onyankopɔn pɛ mu hu nyɛ’ ne mfɛfo Kristofo ‘ma, honhom nyansa ne ntease nyinaa mu, na wɔanantew sɛnea ɛfata Yehowa na ɛsɔ n’ani koraa.’ (Kolosefo 1:9, 10) Saa ara na sɛ ‘yɛnantew sɛnea ɛfata Yehowa’ a, ɛsɛ sɛ ‘ne pɛ mu hu bɛyɛ’ yɛn ‘ma, honhom nyansa ne ntease nyinaa mu.’ Ɛda adi pefee sɛ, Yehowa nhyira ne n’anim dom a yebenya no gyina dodow a yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm ne sua a yesua no yiye so kɛse.

18. Sɛ yedi Yesu nsɛm a ɛwɔ Yohane 17:3 no akyi a, nhyira ahorow bɛn na yebetumi anya?

18 “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” (Yohane 17:3) Eyi yɛ kyerɛw nsɛm a Yehowa Adansefo de di dwuma kɛse paa de boa afoforo ma wohu sɛnea Onyankopɔn Asɛm sua ho hia no mu biako. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ ade a ɛho hia sɛ yɛn ankasa yɛbɛyɛ saa. Yɛn anidaso a ɛne sɛ yɛbɛtra ase daa no gyina Yehowa ne ne Ba, Yesu Kristo, ho nimdeɛ a yɛbɛkɔ so anya no so kɛse. Na wo de susuw nea ɛno kyerɛ no ho hwɛ. Yehowa ho nneɛma pii a yebesua no remma awiei da—na yebesua ne ho ade akosi daa!—Ɔsɛnkafo 3:11; Romafo 11:33.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 9 Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.

^ nky. 10 Hwɛ asɛm “Bere a Wɔkenkan ne Sɛnea Wonya Mfaso” a ɛwɔ May 1, 1995, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 20-1 no.

Ntimu Nsɛmmisa

• Dɛn na sɛnea yɛde yɛn bere di dwuma da no adi?

• Nneɛma bɛn saa na yebetumi de bere a yɛde yɛ no akenkan Bible na yɛasua?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn honhom fam adidi ho su yiye?

• Mfaso horow bɛn na yenya fi Kyerɛwnsɛm no akenkan ne ne sua so?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 20, 21]

Sɛ yɛkenkan Bible daa na yesua a, ɛbɛma yɛatumi ‘akura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ’

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]

Honhom fam nneɛma a yɛbɛyɛ aka yɛn asetram nnwuma foforo ho no ma yenya mfaso pii