Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Akenkan—Mfaso Wɔ So Na Ɛyɛ Anigye

Bible Akenkan—Mfaso Wɔ So Na Ɛyɛ Anigye

Bible Akenkan—Mfaso Wɔ So Na Ɛyɛ Anigye

‘Ɛsɛ sɛ wokenkan no awia ne anadwo.’—YOSUA 1:8.

1. Dɛn ne mfaso a yenya wɔ akenkan, ne titiriw no, Bible akenkan, so no bi?

NHOMA a ɛsom bo a wobɛkenkan no yɛ adwuma a mfaso wɔ so. Franceni amammuisɛm ho nimdefo Montesquieu (Charles-Louis de Secondat) kyerɛwee sɛ: “Me fam de, asetra a ɛyɛ mfonoe ano aduru a ɛsen biara bere nyinaa ne adesua. Ahohia biara mmaa me so a dɔnhwerew biako akenkan anyi amfi me so.” Bible akenkan sen saa koraa. Odwontofo a honhom kaa no no, kae sɛ: “[Yehowa, NW] mmara yɛ pɛ, edwudwo ɔkra. [Yehowa, NW] adanse atim, ɛma ayemfo hu nyansa. [Yehowa, NW] ahyɛde teɛ, ɛma koma tɔ yam, [Yehowa, NW] mmarahyɛ ho tew, na ɛtew ani.”—Dwom 19:7, 8.

2. Dɛn nti na Yehowa abɔ Bible ho ban mfirihyia pii, na dɛn na ɔhwehwɛ sɛ ne nkurɔfo de yɛ?

2 Sɛ́ Bible no Kyerɛwfo no, Yehowa Nyankopɔn abɔ ho ban afi ɔsɔretia a emu yɛ den a mfehaha pii ni, n’atamfo, nyamesomfo ne wiase no de aba so no ho. Esiane sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ ‘wogye nnipa ahorow nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu’ nti, wama adesamma nyinaa nsa aka N’asɛm no bi. (1 Timoteo 2:4) Wobu akontaa sɛ sɛ wɔde kasa horow 100 di dwuma a, asase sotefo mu bɛyɛ ɔha biara mu 80 nsa betumi aka bi. Bible mũ no nyinaa wɔ kasa 370 mu, na yebetumi akenkan Kyerɛwnsɛm no afã bi wɔ kasa foforo 1,860 mu. Yehowa pɛ sɛ ne nkurɔfo kenkan N’asɛm no. Ohyira n’asomfo a wotie N’asɛm no, yiw, wɔn a wɔkenkan daa no.—Dwom 1:1, 2.

Ɛsɛ sɛ Ahwɛfo Kenkan Bible No

3, 4. Dɛn na na Yehowa hwehwɛ sɛ Israel ahemfo yɛ, na dɛn nti na saa ahwehwɛde yi fa Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso ho?

3 Bere a na Yehowa reka bere a Israel man no benya ɔhene ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Sɛ ɔte n’ahenni agua so a, ɔnhwɛ mmara yi nhoma a ɛda asɔfo ne Lewifo anim no so nkyerɛw bi mfa; na ɛntra ne nkyɛn, na ɔnkenkan mu, ne nkwa nna nyinaa, na wasua [Yehowa, NW] ne Nyankopɔn suro, ne mmara yi mu nsɛm nyinaa ne ahyɛde yi hwɛ ne ɛsodi, na ne koma amma ne ho so ansen ne nuanom, na wamman amfi mmara nsɛm no ho ankɔ nifa, anaa benkum.”—Deuteronomium 17:18-20.

4 Hyɛ nneɛma a enti Yehowa hwehwɛe sɛ Israel ahemfo a na wɔbɛba akyiri yi nyinaa kenkan Onyankopɔn mmara nhoma no daa no nsow: (1) “na wasua [Yehowa, NW] ne Nyankopɔn suro, ne mmara yi mu nsɛm nyinaa ne ahyɛde yi hwɛ ne ɛsodi”; (2) “na ne koma amma ne ho so ansen ne nuanom”; (3) “na wamman amfi mmara nsɛm no ho ankɔ nifa, anaa benkum.” So ɛnsɛ sɛ Kristofo ahwɛfo a wɔwɔ hɔ nnɛ suro Yehowa, di ne mmara nsɛm so, hwɛ sɛ wɔremma wɔn ho so nsen wɔn nuanom, na wɔkwati sɛ wɔbɛman afi Yehowa mmara nsɛm ho? Akyinnye biara nni ho sɛ Bible a wɔbɛkenkan no daa yɛ ahiade kɛse ma wɔn sɛnea na ɛte wɔ Israel ahemfo fam no.

5. Ɛdefa Bible akenkan ho no, dɛn na Sodikuw no kyerɛw kɔmaa Baa Boayikuw mufo nnansa yi, na dɛn nti na ɛbɛyɛ papa sɛ Kristofo mpanyimfo nyinaa di afotu a ɛte saa akyi?

5 Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nni adagyew koraa, na ɛma ɛyɛ den sɛ wɔbɛkenkan Bible daa. Sɛ nhwɛso no, Yehowa Adansefo Sodikuw no mufo ne Baa Boayikuw ahorow mufo a wɔwɔ wiase nyinaa no yɛ mmarima a wɔn nyinaa nni adagyew koraa. Nanso, krataa bi a Sodikuw no kyerɛw kɔmaa Baa Boayikuw ahorow nyinaa no sii hia a ehia sɛ wɔkenkan Bible daa na wonya adesua ho su pa so dua. Krataa no daa no adi sɛ eyi bɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne nokware no akɔ so ayɛ den, na “ɛbɛboa yɛn ma yɛakura yɛn gyidi, yɛn anigye, ne yɛn mudi mu pintinn akodu awiei anuonyam mu.” Mpanyimfo a wɔwɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow nyinaa mu te nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa. Kyerɛwnsɛm no a wɔbɛkenkan no daa bɛboa wɔn ma ‘wɔayɛ wɔn ade nyansam.’ (Yosua 1:8, NW) Wɔn fam titiriw no, Bible akenkan “so wɔ mfaso wɔ ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn mu.”—2 Timoteo 3:16, Revised Standard Version.

Mmofra ne Mpanyin Nyinaa Ahiade

6. Dɛn nti na Yosua kenkan Yehowa mmara no nyinaa kyerɛɛ Israel mmusuakuw ne ahɔho a wɔabɛsoɛ wɔn mu a na wɔahyiam no?

6 Tete no, na ankorankoro nni Kyerɛwnsɛm no bi a wɔn ankasa bɛkenkan, enti na wɔbɔ gua ma wɔkenkan Bible no kyerɛ wɔn. Bere a Yehowa maa Yosua dii Ai so nkonim no, ɔmaa Israel mmusuakuw nyinaa hyiae wɔ Bepɔw Ebal ne Bepɔw Gerisim anim. Afei, kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ɔkenkan mmara mu nsɛm no nyinaa, nhyira no ne nnome no, sɛnea wɔakyerɛw nhoma no mu nyinaa. Nea Mose hyɛe no nyinaa mu asɛm biara nni hɔ a Yosua ankenkan Israel guabɔ nyinaa ne mmea ne mmofra ne ɔhɔho a ɔnam wɔn mu no anim.” (Yosua 8:34, 35) Sɛnkyerɛnne kwan so no, na ɛsɛ sɛ mmofra ne mpanyin, okuroni ne ɔhɔho a wabɛsoɛ wɔn mu no kurukyerɛw nneyɛe a ɛde Yehowa nhyira ba ne nea ɛde n’abufuw ba gu wɔn koma ne wɔn adwene mu. Akyinnye biara nni ho sɛ Bible akenkan a yɛbɛyɛ no daa no bɛboa yɛn wɔ eyi mu.

7, 8. (a) Henanom na wɔte sɛ ‘ahɔho’ nnɛ, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔkenkan Bible no daa? (b) Akwan bɛn so na “mmofra” a wɔwɔ Yehowa nkurɔfo mu no betumi adi Yesu nhwɛso no akyi?

7 Ɛnnɛ, Yehowa asomfo ɔpepem pii te sɛ ‘ahɔho’ no wɔ honhom fam. Bere bi na wɔbɔ wɔn bra sɛnea wiase su te, nanso wɔasakra wɔn asetra. (Efesofo 4:22-24; Kolosefo 3:7, 8) Ɛsɛ sɛ wɔkae Yehowa gyinapɛn ahorow a ɛfa papa ne bɔne ho no bere nyinaa. (Amos 5:14, 15) Onyankopɔn Asɛm a wɔbɛkenkan daa no boa wɔn ma wɔyɛ eyi.—Hebrifo 4:12; Yakobo 1:25.

8 “Mmofra” pii nso wɔ Yehowa nkurɔfo mu a wɔn awofo akyerɛkyerɛ wɔn Yehowa gyinapɛn ahorow, nanso ehia sɛ wɔn ankasa nso gye tom sɛ n’apɛdeyɛ teɛ. (Romafo 12:1, 2) Ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi ayɛ saa? Wɔ Israel no, wɔka kyerɛɛ asɔfo ne mpanyimfo no sɛ: “Kenkan mmara yi, Israel nyinaa anim gu wɔn asom. Ma ɔman no mmarima ne mmea, mmofra ne wo hɔho a ɔwɔ wo nkurow mu mmɔ gua na wontie, na wonsua, nsuro [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn, na wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so: na wɔn mma a wonnim no ntie, na wonsua, nsuro [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn.” (Deuteronomium 31:11-13) Esiane sɛ na Yesu hyɛ Mmara no ase nti, bere a odii mfirihyia 12 no, onyaa N’agya mmara ase a na ɔbɛte no ho anigye kɛse. (Luka 2:41-49) Akyiri yi, na ɔtaa tie akenkan na na ɔkenkan Kyerɛwnsɛm no wɔ hyiadan mu. (Luka 4:16; Asomafo no Nnwuma 15:21) Ɛyɛ papa sɛ mmofra a wɔwɔ hɔ nnɛ no di Yesu nhwɛso akyi kenkan Onyankopɔn Asɛm no daa, na wɔkɔ asafo nhyiam ahorow, baabi a wɔkenkan Bible no sua no, daa.

Bible Akenkan—Adeyɛ a Ehia Paa

9. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nyiyim wɔ nhoma a yɛkenkan no mu? (b) Dɛn na nsɛmma nhoma yi samufo a odi kan ka faa nhoma horow a yɛde sua Bible no ho?

9 Ɔhene Salomo nyansafo no kyerɛwee sɛ: “Tie kɔkɔbɔ yi. Nhoma bebree yɛ nni awiei, na akyi a wodi pii no hyɛ ɔhonam brɛ.” (Ɔsɛnkafo 12:12, NW) Obi betumi de aka ho sɛ ɛnyɛ ɔhonam brɛ nko na nhoma pii a wotintim no nnɛ no akenkan hyɛ, na nokwarem no, ɛyɛ asiane ma adwene no nso. Enti ɛho hia sɛ yɛyɛ nyiyim. Ɛsɛ sɛ yɛkenkan Bible no ankasa de ka yɛn nhoma ahorow a yɛde sua Bible no ho. Saa nsɛmma nhoma yi samufo a odi kan kyerɛw n’akenkanfo sɛ: “Mommma yɛn werɛ mmfi da sɛ Bible no ne yɛn Gyinapɛn, na ɛmfa ho sɛ nhoma a ɛboa yɛn wɔ ne sua mu no fi Onyankopɔn hɔ no, ɛyɛ ‘nhoma a ɛboa,’ na ɛnyɛ Bible no nsiananmu.” * Enti, bere a ɛnyɛ sɛ yɛrebu yɛn ani agu Bible ho nhoma horow so no, ehia sɛ yɛkenkan Bible no ankasa.

10. Ɔkwan bɛn so na “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no asi hia a Bible akenkan ho hia no so dua?

10 Esiane sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ani wɔ saa ahiade yi so nti, wɔde Bible akenkan ho nhyehyɛe aka asafo biara Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi no ho mfirihyia pii ni. (Mateo 24:45) Bible akenkan ho nhyehyɛe a yɛde redi dwuma mprempren no yɛ Bible mũ no nyinaa a yɛde bɛyɛ mfirihyia ason bewie. Saa nhyehyɛe yi so wɔ mfaso ma obiara ɛnkanka wɔn a wɔyɛ foforo a wɔnkenkan Bible mũ no nyinaa da no. Wɔhwehwɛ sɛ wɔn a wɔkɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu a wɔyɛ ma asɛmpatrɛwfo ne Asomfo Ntetee Sukuu, ne afei Betel abusua mufo a wɔyɛ foforo no kenkan Bible mũ no nyinaa wɔ afe biako mu. Nhyehyɛe biara a mubedi akyi, sɛ́ ankorankoro anaa abusua no, gye sɛ moma Bible akenkan no yɛ mo ahiasɛm paa ansa na moatumi adi so.

Dɛn na W’akenkan Su Da no Adi?

11. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yesua Yehowa asɛm da biara, na dɛn ntia?

11 Sɛ wuntumi nni wo Bible akenkan ho nhyehyɛe so a, ɛbɛyɛ papa sɛ wubisa wo ho sɛ: ‘Nkɛntɛnso bɛn na ebia m’akenkan anaa TV hwɛ nya wɔ Yehowa Asɛm a mɛkenkan no so?’ Kae nea Mose kyerɛwee—na Yesu tii mu no—sɛ “ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so.” (Mateo 4:4; Deuteronomium 8:3) Sɛnea ehia sɛ yedi abodoo anaa biribi a ɛte saa da biara da wɔ yɛn asetram ma ɛwowaw yɛn nipadua no, saa ara na ɛsɛ sɛ yenya Yehowa adwene da biara na ama yɛakura yɛn honhom fam yiyedi mu. Yɛnam Kyerɛwnsɛm no akenkan so betumi anya Onyankopɔn adwene da biara.

12, 13. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Petro yɛɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn Asɛm ho anigye no ho mfatoho? (b) Ɔkwan bɛn so na sɛnea Paulo de nufusu dii dwuma no yɛ soronko koraa wɔ sɛnea Petro de dii dwuma no ho?

12 Sɛ yebu Bible sɛ ‘ɛnyɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Onyankopɔn asɛm’ a, yɛn ani begye ho sɛnea akokoaa kɔn dɔ ne maame nufusu no. (1 Tesalonikafo 2:13) Ɔsomafo Petro yɛɛ saa ntotoho no, bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Mompɛ asɛm no nufusu kronkron, sɛ nkokoaa a wɔawo wɔn mprempren, na moanyin wɔ mu akɔ nkwagye mu, bere a moaka ahwɛ sɛ Awurade yam ye.” (1 Petro 2:2, 3) Sɛ yɛn ankasa osuahu ama yɛaka ahwɛ ampa sɛ “Awurade yam ye” a, yɛn ani begye Bible akenkan ho.

13 Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ ɔkwan a Petro de nufusu dii dwuma wɔ saa asɛm yi mu no yɛ soronko koraa wɔ sɛnea Paulo de dii dwuma no ho. Nufusu tumi ma abofra a wɔawo no foforo nya aduannuru a ohia nyinaa. Petro mfatoho no da no adi sɛ nea yehia na ama ‘yɛanyin akɔ nkwagye mu’ nyinaa wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Nanso, Paulo de hia a nufusu ho hia no dii dwuma de kyerɛkyerɛɛ sɛnea ebinom a wɔkyerɛ sɛ wɔanyin wɔ honhom fam no nnidi yiye no mu. Wɔ krataa a Paulo kyerɛw kɔmaa Hebrifo Kristofo no mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛbere a anka ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfo no, ehia mo bio sɛ wɔkyerɛkyerɛ mo Onyankopɔn nsɛm mu mfitiasesɛm, na moayɛ wɔn a ehia wɔn nufu, na ɛnyɛ aduan a ɛyɛ den. Na obiara a onum nufu no nhuu trenee asɛm no mu ɛ, na ɔyɛ akokoaa. Na aduan a ɛyɛ den no fata wɔn a wɔanyin [honhom fam] a anem nti wɔn nkatede akokwaw papa ne bɔne mu yiyi ho.” (Hebrifo 5:12-14) Bible akenkan a yɛde yɛn adwene bedi akyi yiye betumi aboa pii ma yɛn nkatede anyin na ama yɛn ani agye honhom fam nneɛma ho.

Sɛnea Wɔkenkan Bible No

14, 15. (a) Hokwan ahorow bɛn na Bible no Kyerɛwfo de ama yɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya ɔsoro nyansa so mfaso? (Ma nhwɛso ahorow.)

14 Ɛnyɛ akenkan na wɔde fi Bible akenkan a mfaso wɔ so kɛse ase, na mmom, mpaebɔ. Mpaebɔ yɛ hokwan a ɛda nsow. Ɛte sɛ nea woafi ase resua nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ asɛm bi a emu dɔ ase na worefrɛ nhoma kyerɛwfo no sɛ ɔmmoa wo mma wonte nea worebɛkenkan no ase no. Hwɛ hokwan kɛse a ɛno betumi ayɛ! Bible Kyerɛwfo, Yehowa, ma wunya hokwan a ɛte saa. Afeha a edi kan no mu sodikuw no muni bi kyerɛw ne nuanom sɛ: “Sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ommisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa ade kwa na ahohora nnim no, na wɔde bɛma no. Na gyidi mu na ommisa, na onnnye biribiara ho kyim.” (Yakobo 1:5, 6) Ɛnnɛyi Sodikuw no tu yɛn fo bere nyinaa sɛ yɛmfa mpaebɔ nkenkan Bible no.

15 Nyansa yɛ nimdeɛ a wɔde di dwuma. Enti ansa na wubebue wo Bible mu no, srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo mma wunhu nsɛm bi wɔ akenkan no mu a ebehia sɛ wode di dwuma wɔ w’asetra mu. Fa nneɛma foforo a wusua no toto nimdeɛ a wowɔ dedaw no ho. Fa ka “nsɛm pa a eye” a woanya no ho. (2 Timoteo 1:13) Susuw nsɛm a esisii wɔ Yehowa asomfo a wɔtraa ase tete ho no ho, na bisa sɛ ɔkwan bɛn so na anka wobɛyɛ w’ade wɔ tebea a ɛtete saa mu.—Genesis 39:7-9; Daniel 3:3-6, 16-18; Asomafo no Nnwuma 4:18-20.

16. Nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so bɛn na wɔde ama a ebetumi ama yɛn Bible akenkan ayɛ nea mfaso wɔ so kɛse?

16 Nkenkan nkratafa dodow bi kɛkɛ. Tɔ wo bo ase. Fa w’adwene di nea worekenkan no akyi. Sɛ asɛm bi kyere w’adwene na sɛ wɔatwe adwene kɔ kyerɛw nsɛm foforo bi so wɔ wo Bible no mu a, hwɛ. Sɛ asɛm no mu nna hɔ ara a, hyɛ no nsow na yɛ ho nhwehwɛmu akyiri yi. Bere a worekenkan no, hyɛ kyerɛw nsɛm bi a wopɛ sɛ wokae anaasɛ wode di dwuma paa no nsow. Wubetumi akyerɛkyerɛw nneɛma bi ne kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene kɔ so no bi ahyehyɛ anoano. Ɛdefa kyerɛw nsɛm a wote nka sɛ ebia wubehia wɔ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu da bi ho no, hyɛ nsɛntitiriw a ɛwom no nsow na hwɛ nsɛmfua a wɔahyehyɛ a ɛwɔ wo Bible akyi no. *

Ma Bible Akenkan Nyɛ Anigye

17. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye Bible akenkan ho?

17 Odwontofo no kaa onipa a ɔwɔ anigye a “[Yehowa, NW] mmara sɔ n’ani, na odwen ne mmara so awia ne anadwo” ho asɛm. (Dwom 1:2) Ɛnsɛ sɛ yɛn da biara da Bible akenkan yɛ yɛn sɛ adwuma bi na mmom ɛsɛ sɛ ɛyɛ anigye ankasa. Ɔkwan biako a yebetumi afa so ama ayɛ anigye ne sɛ yebehu mfaso a ɛwɔ nneɛma a yesua no so bere nyinaa. Ɔhene Salomo nyansafo no kyerɛwee sɛ: “Nhyira ne onipa a ohu nyansa, . . . N’akwan yɛ akwan a ɛyɛ fɛ, na n’asa nyinaa yɛ asomdwoe. Ɛyɛ nkwa dua ma wɔn a woso no mu, na nhyira ne nea okura mu.” (Mmebusɛm 3:13, 17, 18) Mfaso ankasa wɔ mmɔden a ɛsɛ sɛ yɛbɔ na ama yɛanya nyansa no so, efisɛ n’akwan yɛ akwan a ɛyɛ fɛ, asomdwoe wom, ɛyɛ anigye, na awiei koraa no, ɛma nkwa.

18. Dɛn na ehia sɛ yɛyɛ ka Bible akenkan ho, na dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

18 Yiw, mfaso ne anigye wɔ Bible akenkan so ankasa. Nanso, so ɛno ara dɔɔso? Kristoman asɔre mufo akenkan Bible no mfehaha pii, na “wosua daa, nanso wontumi nhu nokware no da.” (2 Timoteo 3:7) Sɛ Bible akenkan bɛsow aba a, ɛsɛ sɛ yɛde adwene a ɛne sɛ yɛde nimdeɛ a yebenya no bedi dwuma wɔ yɛn ankasa asetram, na yɛde adi dwuma wɔ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu na ɛkenkan. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Eyi gye mmɔdenbɔ ne ɔkwampa a wɔfa so sua ade, a ebetumi ayɛ nea ɛyɛ anigye na mfaso wɔ so nso, sɛnea yebehu wɔ asɛm a edi hɔ no mu no.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 9 Hwɛ Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no kratafa 241.

^ nky. 16 Hwɛ “Nyansahyɛ Ahorow a Ɛbɛma Wo Bible Akenkan Atu Mpɔn” wɔ May 1, 1995, Ɔwɛn-Aban no mu, nkratafa 16-17.

Ntimu Nsɛmmisa

• Afotu a wɔde maa Israel ahemfo bɛn na ɛfa ahwɛfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ho, na dɛn ntia?

• Henanom na wɔte sɛ ‘ahɔho’ ne “mmofra” nnɛ, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔkenkan Bible no daa?

• Akwan a mfaso wɔ so bɛn na “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nam so aboa yɛn ma yetumi kenkan Bible no daa?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya yɛn Bible akenkan so mfaso ne anigye ankasa?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Ɛsɛ sɛ mpanyimfo titiriw kenkan Bible no daa

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Na Yesu taa kenkan Kyerɛwnsɛm no wɔ hyiadan mu