Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Daa Anigye—Ɛwɔ Soro Anaa Asase so?

Daa Anigye—Ɛwɔ Soro Anaa Asase so?

Daa Anigye—Ɛwɔ Soro Anaa Asase so?

SO W’ANIGYE gyina faako a wote so titiriw? Nnipa pii begye atom ntɛm ara sɛ anigye gyina nneɛma te sɛ akwahosan pa, asetra mu atirimpɔw, ne abusuabɔ pa a obi ne afoforo wɔ so kɛse. Bible mu abebusɛm bi ka no saa kwan yi so sɛ: “Mfammiri a ɔdɔ wɔ mu ye sen nantwi a wadɔ na ɔtan wɔ mu.”—Mmebusɛm 15:17.

Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ nitan, basabasayɛ, ne nneɛma bɔne afoforo akɔ so wɔ yɛn asase yi so fi bere tenteenten. Na ɔsoro, anaa ahonhom atrae a nnipa pii wɔ anidaso sɛ sɛ wowu a wɔbɛkɔ hɔ no nso ɛ? So ayɛ baabi a asomdwoe ne kommyɛ atra bere nyinaa a biribiara nhaw obiara wɔ hɔ sɛnea nnipa pii susuw no?

Bible kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ne ahonhom abɔde ɔpepem pii a wɔfrɛ wɔn abɔfo na ɛte soro. (Mateo 18:10; Adiyisɛm 5:11) Wɔka eyinom ho asɛm sɛ ‘Onyankopɔn honhom mu mma.’ (Hiob 38:4, 7) Te sɛ nnipa no, abɔfo no nso wɔ hokwan sɛ wɔpaw nea wɔpɛ; wɔnyɛ mfiri bi. Enti, wɔn nso betumi apaw sɛ wɔbɛyɛ papa anaa bɔne. So abɔfo bɛpaw sɛ wɔbɛyɛ bɔne? Ebia ɛbɛyɛ ebinom ahodwiriw sɛ wobehu sɛ mfirihyia mpempem bi a atwam no, abɔfo dodow bi yɛɛ saa, nokwarem no, wɔyɛɛ bɔne tiaa Onyankopɔn—tew ne so atua!—Yuda 6.

Atuatewfo a Wɔwɔ Ɔsoro

Esiane ɔbɔfo bi a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Satan (Ɔsɔretiafo) ne Ɔbonsam (Ntwirifo) nti, bɔne baa ahonhom atrae hɔ. Ɔbɔfo a na kan no ɔyɛ osetie yi boapa paw sɛ ɔbɛyɛ bɔne. Ɛno akyi no, Satan nyaa ahonhom abɔde afoforo no so nkɛntɛnso bɔne araa ma ansa na Nsuyiri no reba wɔ Noa bere so no, wɔn mu pii bɛkaa no ho tew atua tiaa Onyankopɔn.—Genesis 6:2, NW ase hɔ asɛm; 2 Petro 2:4.

Wɔampam abɔfo a wɔyɛɛ bɔne yi amfi soro ntɛm ara. Mmom no, wɔmaa wɔn kwan wɔ hɔ—a ɛda adi sɛ na wɔwɔ anohyeto ahorow bi—mfirihyia mpempem pii. * Nanso, bere a hokwan a Onyankopɔn de maa saa abɔnefo yi baa awiei no, “wotuu” wɔn fii soro, na awiei koraa no, wɔbɛsɛe wɔn. Afei ɛnne bi a efi soro kae sɛ: “Eyi nti mo ɔsoro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam.” (Adiyisɛm 12:7-12) Ɛda adi sɛ abɔfo anokwafo no dii ahurusi kɛse sɛ anyɛ yiye koraa no, wɔayi nkurɔfo a wɔhaw adwene yi afi soro.

Bere a yɛasusuw nsɛm a ɛnyɛ nnipa nyinaa na wonim ho yi, ɛda adi sɛ nokware asomdwoe ntumi mma bere biara a abɔde a wonim nyansa bu wɔn ani gu Onyankopɔn mmara ne ne nnyinasosɛm ahorow so no. (Yesaia 57:20, 21; Yeremia 14:19, 20) Nanso, sɛ obiara di Onyankopɔn mmara so a, asomdwoe ne ahotɔ na ɛba. (Dwom 119:165; Yesaia 48:17, 18) Enti sɛ nnipa nyinaa dɔɔ Onyankopɔn yɛɛ osetie maa no, na wɔdodɔɔ wɔn ho wɔn ho a, so anka asase renyɛ ofie a emu yɛ dɛ na anigye wom? Bible no bua sɛ, anka ɛbɛyɛ saa!

Nanso wɔn a wofi pɛsɛmenkominya mu sen wɔn kɔn wɔ wɔn nneyɛe bɔne ho no nso ɛ? So wɔbɛkɔ so asɛe wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde ankasa no asomdwoe bere nyinaa? Dabi, Onyankopɔn ne abɔfo bɔne no dii wɔ soro, na saa ara na ɔne abɔnefo a wɔwɔ asase so ha no bedi.

Asase a Wɔatew So

Onyankopɔn kae sɛ: “Ɔsoro yɛ m’agua, na asase yɛ me nan ntiaso.” (Yesaia 66:1) Esiane sɛ Onyankopɔn ne kronkronyɛ nyinaa wura nti, ɔremma wɔnyɛ bɔne ngu ne “nan ntiaso” ho fĩ daa. (Yesaia 6:1-3; Adiyisɛm 4:8) Sɛnea oyii ahonhommɔne fii soro no, saa ara na obeyi nnipa abɔnefo afi asase so sɛnea Bible mu nsɛm a edidi so yi kyerɛ no:

“Wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ, na wɔn a wɔtwɛn [Yehowa, NW] no, wɔn na wobenya asase no adi.”—Dwom 37:9.

“Na tẽefo na ɛbɛtra asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra mu; na wobegu abɔnefo ase afi asase so na wɔatu nkontompofo afi so.”—Mmebusɛm 2:21, 22.

“Ɛteɛ wɔ Onyankopɔn anim sɛ ɔde ahohia tua wɔn a wohiahia mo ho no ka, na wama mo a wohiahia mo ho no ne yɛn ahome, ɛda a wobeyi Awurade Yesu adi afi soro, ne ne tumi abɔfo, ogyaframa mu, na wadi wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no were. Wɔn na wobenya akatua, daa ɔsɛe, afi Awurade anim ne n’ahoɔden anuonyam ho.”—2 Tesalonikafo 1:6-9.

“Wiase [adesamma abɔnefo] ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:17.

So Asomdwoe Bɛkɔ So Atra Asase So?

Ɛwom sɛ Bible no ma ɛda adi pefee sɛ Onyankopɔn renkɔ so nnya abɔnefo ho koma daa de, nanso yɛbɛyɛ dɛn anya awerɛhyem sɛ sɛ woyi bɔne fi hɔ a, ɛremma bio? Anyɛ yiye koraa no, Noa Nsuyiri no akyi no, ankyɛ na ɛsan bae kosii sɛ Onyankopɔn sɛee nnipa tirimbɔ bɔne no denam wɔn kasa a ɔyɛɛ no basabasa no so.—Genesis 11:1-8.

Ade titiriw a ɛma yenya ahotoso sɛ bɔne rensan mma bio ne sɛ, ɛnyɛ nnipa na wobedi asase so tumi sɛnea ɛyɛe wɔ Nsuyiri no akyi pɛɛ no. Mmom no, Onyankopɔn Ahenni na ebedi so tumi. Ahenni a ebefi soro adi tumi yi nkutoo na ebedi asase so. (Daniel 2:44; 7:13, 14) Ɛbɛyɛ ade ntɛm so atia obiara a ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsan de bɔne aba no. (Yesaia 65:20) Nokwarem no, awiei koraa no, ɛbɛsɛe nea ɔde bɔne bae—Satan Ɔbonsam—ne adaemone, abɔfo bɔne a wodii n’akyi no.—Romafo 16:20.

Bio nso, ɛho renhia sɛ adesamma dwennwen aduan, ntade, ɔdan, ne adwuma a wɔbɛyɛ ho—ade a ɛho ayɛ na ma enti ɛma ebinom di nsɛmmɔne nnɛ no. Yiw, asase no nyinaa bɛdan paradise a biribiara bebu so ama obiara.—Yesaia 65:21-23; Luka 23:43.

Nea ehia sen biara no, Ahenni no bɛkyerɛkyerɛ emufo no asomdwoe kwan na bere koro no ara ɛde wɔn akɔ adesamma pɛyɛ koraa mu. (Yohane 17:3; Romafo 8:21) Ɛno akyi no, adesamma renhaw wɔn ho nko ntia mmerɛwyɛ ne sintɔ bio, na ɛbɛma wɔatumi afi anigye mu ayɛ osetie ama Onyankopɔn sɛnea na ɛte wɔ onipa a na ɔyɛ pɛ, Yesu fam no. (Yesaia 11:3) Nokwarem no, Yesu dii Onyankopɔn nokware wɔ sɔhwɛ a ano yɛ den ne ayayade mpo mu—nneɛma a wɔrenhu koraa wɔ Paradise.—Hebrifo 7:26.

Nea Enti a Ebinom Kɔ Soro

Nanso Bible akenkanfo pii nim Yesu nsɛm yi: “Trabere pii wɔ m’agya ofi. . . . Merekɔ makosiesie baabi mama mo.” (Yohane 14:2, 3) So eyi ne daa nkwa wɔ asase so paradise ho anidaso no mmɔ abira?

Nkyerɛkyerɛ yi mmɔ abira. Nokwarem no, biako foa biako so. Sɛ yebefi ase a, Bible no ka sɛ Kristofo anokwafo dodow bi—a wɔyɛ 144,000—na wobenyan wɔn sɛ ahonhom abɔde akɔtra soro. Dɛn nti na wɔma wɔn akatua nwonwaso yi? Efisɛ wɔbɔ mu yɛ kuw a Yohane hui wɔ anisoadehu mu a “wonyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirihyia apem” no. (Adiyisɛm 14:1, 3; 20:4-6) Sɛ wɔde 144,000 no toto nnipa ɔpepepem pii a wɔwɔ asase so no ho a, wɔyɛ “kuw ketewa” ampa. (Luka 12:32) Afei nso, esiane sɛ wɔanya adesamma haw atitiriw mu suahu te sɛ Yesu nti, wobetumi ‘ahu yɛn mmerɛwyɛ ama yɛn’ bere a wɔhwɛ ma wɔtete nnipa na wosiesie asase no.—Hebrifo 4:15.

AsaseBaabi a Adesamma Bɛtra Daa

Ɛdenam Yesu Kristo agyede afɔrebɔ a Onyankopɔn de mae so no, ofii ase boaboaa 144,000 no ano bɛyɛ mfirihyia 2,000 a atwam ni, na nneɛma a ɛrekɔ so kyerɛ sɛ mprempren wɔaboaboa kuw yi mufo ano awie. (Asomafo no Nnwuma 2:1-4; Galatifo 4:4-7) Nanso, wɔammɔ Yesu afɔre no amma 144,000 no nkutoo bɔne, “na mmom wiase nyinaa de ho bi.” (1 Yohane 2:2) Ne saa nti, wɔn a wogye Yesu di nyinaa wɔ daa nkwa ho anidaso. (Yohane 3:16) Wobenyan wɔn a wɔadeda wɔ ada mu a wɔwɔ Onyankopɔn adwenem nyinaa afi awufo mu abɛtra asase a wɔatew so so, na ɛnyɛ soro. (Ɔsɛnkafo 9:5; Yohane 11:11-13, 25; Asomafo no Nnwuma 24:15) Dɛn na wobenya wɔ hɔ?

Adiyisɛm 21:1-4 de mmuae ma sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, . . . Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” Susuw ho hwɛ—wogye nnipa fi owu mu, na ɛyaw ne osu a ɛde ba no fi hɔ koraa! Awiei koraa no, Yehowa mfitiase atirimpɔw ma asase ne nnipa benya ne mmamu anuonyam so.—Genesis 1:27, 28.

Nea Yɛbɛpaw—Nkwa Anaa Owu

Wɔamfa ɔsorokɔ ansi Adam ne Hawa anim da. Nea wɔde sii wɔn anim ara ne sɛ wobetie Onyankopɔn na wɔatra ase daa wɔ paradise asase so anaasɛ wɔbɛyɛ asoɔden na wɔawu. Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔpaw asoɔden ma enti wɔsan kɔɔ “dɔte” mu. (Genesis 2:16, 17; 3:2-5, 19) Na ɛnyɛ Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ ɔbɛma adesamma abusua no awu na wɔnam adamoa mu abɛhyɛ ɔsoro ma. Onyankopɔn bɔɔ abɔfo ɔpepem pii sɛ wɔntra soro; saa ahonhom abɔde yi nyɛ nnipa a wɔawuwu a wɔanyan wɔn kɔ ɔsoro asetra mu.—Dwom 104:1, 4; Daniel 7:10.

Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛn nsa aka nhyira a ɛne sɛ yɛbɛtra ase daa wɔ Paradise wɔ asase so no? Anammɔn a edi kan ne sɛ yebesua Onyankopɔn Asɛm, Kyerɛw Kronkron Bible no. Yesu kae wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.”—Yohane 17:3.

Saa nimdeɛ no a yɛde bedi dwuma no yɛ anammɔn foforo a ɛde kɔ anigye a enni awiei mu wɔ Paradise. (Yakobo 1:22-24) Wɔn a wɔde Onyankopɔn Asɛm bɔ wɔn bra no wɔ anidaso a ɛne sɛ wɔde wɔn ankasa aniwa behu nkɔmhyɛ ahorow a ɛyɛ anigye te sɛ nea wɔakyerɛw wɔ Yesaia 11:9 no: ‘Adesamma renyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, na Yehowa hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.’

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea enti a Onyankopɔn maa bɔne ho kwan wɔ soro ne asase so no a, hwɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no nkratafa 70-9.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

“Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:29