Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔde Agyapade Titiriw Bi Adom Me

Wɔde Agyapade Titiriw Bi Adom Me

Asetram Nsɛm

Wɔde Agyapade Titiriw Bi Adom Me

SƐNEA CAROL ALLEN KA KYERƐE

Ɛkaa me nkutoo, na na mikura me nhoma fɛfɛ foforo no. Ehu kaa me, na na merete nusu waawaa. Ne nyinaa mu no, na meyɛ abeawa ketewa a madi mfe ason pɛ a na mayera wɔ kurow bi a minnim so mu a nnipa mpempem pii atwa me ho ahyia!

NNANSA yi ara, asɛm no akyi bɛyɛ mfe 60 no, saa mmofraberem osuahu yi san besii me tirim, bere a me ne me kunu Paul kɔsraa Ɔwɛn Aban Adesuabea a ɛwɔ Patterson, New York, no. Ná wɔato nsa afrɛ no sɛ ɔmmra Yehowa Adansefo ahwɛfo akwantufo sukuu a ɛto so abien no bi.

Bere a yɛhwɛɛ ahɔhogyebea a awia atɔ hɔ no, mihuu mfonini kɛse bi a wɔakyerɛw ho sɛ “ƆMANTAM NHYIAM.” Na mfonini dedaw bi wɔ ɛrekɔ mfinimfini hɔ, a mmofra de anigye rehinhim me mmofraberem nhoma no bi wom! Mekenkanee mfonini no ho asɛm no ntɛm ara: “1941—Wɔ St. Louis, Missouri, bere a wobuee anɔpa dwumadi no ano maa mmofra 15,000—a wɔadi fi mfe 5 kosi 18—boaboaa wɔn ho ano wɔ asɛnka agua no anim pɛɛ no . . . Onua Rutherford bɔɔ amanneɛ sɛ wɔreyi nhoma foforo a wɔato din Children adi.”

Wɔmaa abofra biara bi. Afei mmofra no san kɔtraa wɔn awofo nkyɛn—gye me nko ara. Na mayera! Wɔn a wogye ahɔho no mu biako a ɔpɛ nnipa maa me so de me gyinaa ntoboa adaka tenten bi so ka kyerɛɛ me sɛ menhwehwɛ obi a minim no. Mede ahopere hwɛɛ nnipadɔm a na wɔresian atrapoe no mu. Mpofirim ara mihuu obi a minim no! “Wɔfa Bob! Wɔfa Bob!” Ohuu me! Bob Rainer de me kɔɔ baabi a na m’awofo de ahoyeraw retwɛn no.

Nsɛm a Esisii Wɔ Me Mmofraberem a Ɛsakraa M’asetra

Saa mfonini a mehwɛe no ma mekaakaee nneɛma pii—nsɛm a asisi a ɛsakraa m’asetra a ɛma yɛkɔɔ Patterson adwumayɛbea a ɛhɔ yɛ fɛ no. Mifii ase kaakaee nsɛm a asisi bɛboro mfe ɔha ni, nneɛma a na mate ho asɛm afi me nananom ne m’awofo hɔ titiriw no.

Wɔ December 1894 mu no, bere nyinaa somfo bi a na ɔyɛ Bible Asuafo no mu biako, sɛnea na wonim Yehowa Adansefo saa bere no, baa me nanabarima Clayton J. Woodworth, nkyɛn wɔ ne fie wɔ Scranton, Pennsylvania, U.S.A. Ná Clayton aware foforo. Ɔkyerɛw krataa kɔmaa Ɔwɛn Aban Asafo no titrani Charles Taze Russell, na wotintimii wɔ June 15, 1895, Engiresi Ɔwɛn-Aban no mu. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ:

“Yɛyɛ awarefo nkumaa a yɛde bɛyɛ mfe du ayɛ asɔre bi mufo; nanso mprempren, yɛwɔ gyidi sɛ yɛrefi ne sum mu aba da foforo no hann a ɛrehyerɛn ama Ɔsorosoroni no mma a wɔahyira wɔn ho so no mu. Bere tenten ansa na yɛrehyia no, na yɛwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ, sɛ ɛyɛ Awurade pɛ a, yebetumi asom no sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ ɔman foforo bi so.”

Akyiri yi wɔ 1903 mu no, Sebastian ne Catherine Kresge, me maame nananom, de anigye tiee Bible mu nsɛm a Ɔwɛn Aban ananmusifo baanu bɛka kyerɛɛ wɔn wɔ afuw kɛse a na wɔte mu wɔ Pocono Mmepɔw fɛfɛ a ɛwɔ Pennsylvania so mu no. Ná wɔn mmabea Cora ne Mary ne wɔn kununom Washington ne Edmund Howell nso te hɔ bi. Ɔwɛn Aban ananmusifo, Carl Hammerle ne Ray Ratcliffe, dii dapɛn biako wɔ wɔn nkyɛn kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii. Abusua yi mu nnipa baasia no nyinaa tiee asɛm no, wosuaa ade, na ankyɛ na wɔbɛyɛɛ Bible Asuafo a wɔyɛ nnam.

Wɔ saa afe no ara a ɛyɛ 1903 mu no, Cora ne Washington Howell woo ɔbabea a ne din de Catherine. Bere bi akyi no ɔwaree me papa Clayton J. Woodworth, Kumaa, na migye di sɛ ɛyɛ anigyesɛm a ntease wom. Ɛda nhumu a ɔdɔ wom ne sɛnea me nanabarima Clayton J. Woodworth, Panyin no susuw ade ho sɛ ɔwofo no adi.

Me Papa Nya Mmoa a Ɔdɔ Wom

Wɔwoo me papa, Clayton Kumaa, wɔ Scranton wɔ 1906 mu, wɔ baabi a ɛne Howell afuw no ntam kwan bɛyɛ kilomita 80. Wɔ saa mfe no mu no, Nanabarima Woodworth behuu Howell abusua kɛse no yiye, na na wɔtaa yi wɔn ahɔhoyɛ su a wonim no yiye no adi kyerɛ no. Ɔyɛɛ mmoa kɛse maa Bible Asuafo asafo a na ɛwɔ saa beae no. Bere bi akyi no, wɔmaa Nanabarima gyee aware maa Howell mmabarima baasa no, na esiane sɛ na n’ankasa ba yiyedi ho asɛm wɔ n’adwene mu nti, na ɔde no ka ne ho kɔ ayeforohyia yi mu biara ase.

Na Paapa nyɛ hyew saa bere no wɔ Bible Asuafo no som adwuma no mu. Ná ɔka kar a Nanabarima tra mu kɔyɛ ne som adwuma no, nanso wamfa ne ho anhyem kɛse wɔ hyɛ a Nanabarima hyɛɛ no nkuran nyinaa akyi. Saa bere no, ná me papa ani gye nnwonto ho kɛse sen biribiara, na na ɔreyɛ de ayɛ n’adwuma.

Ná Cora ne Washington Howell babea Catherine nso abɛyɛ obi a onim nnwonto yiye, na na ɔbɔ sanku, na ɔkyerɛ sɛnea wɔbɔ no. Nanso bere a na ɔde rebɛyɛ n’adwuma no, ɔde too nkyɛn na ofii ase de ne ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Na ɛwɔ Nanabarima adwene mu sɛ anyɛ yiye koraa no—wanya ɔyɔnko pa ama ne babarima! Wɔbɔɔ Paapa asu, na asram asia akyi no, ɔwaree Maame wɔ June 1931 mu.

Ná Nanabarima ani gye ne babarima nnwonto dom akyɛde no ho paa. N’ani gyei yiye bere a wɔka kyerɛɛ Paapa sɛ ɔntete wɔn a wɔde wɔn fii nhyiam ase nnwontofokuw titiriw ase maa amanaman ntam nhyiam a wɔyɛe wɔ Cleveland, Ohio no. Mfe a edii hɔ no, Paapa dii nnwontofokuw anim wɔ Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam afoforo bi ase.

Nanabarima Asɛm a Wodi ne N’afiasenna

Wɔ Patterson ahɔhogyebea hɔ no, me ne Paul huu mfonini yi a ɛwɔ kratafa a edi hɔ no nso. Ntɛm ara na mihuu mfonini no efisɛ na Nanabarima de bi abrɛ me bɛboro mfe 50 a atwam ni. Ɔno na ogyina nifa fam nohoa no.

Wɔ Wiase Ko I mu a na obiara ani ayɛ krakra no, wodii mfomso de saa Bible Asuafo baawɔtwe yi—a na Joseph F. Rutherford (ɔte mfinimfini) a na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani ka ho no—guu afiase dii wɔn asɛm na wɔampene amma wɔanyi wɔn. Ná sobo a wɔde abɔ wɔn no gyina nsɛm a ɛwɔ Studies in the Scriptures, nhoma ason a wɔato din The Finished Mystery mu no so. Wokyinkyim nsɛm no kyerɛɛ ase sɛ ɛmpene so sɛ United States de ne ho bɛhyɛ Wiase Ko I mu.

Ná Charles Taze Russell de mfe pii akyerɛw Studies in the Scriptures no apo asia a edi kan no, nanso wantumi ankyerɛw nea ɛto so ason no na owui. Enti wɔde ne nsɛm a na wakyerɛw no maa Nanabarima ne Bible Suani foforo bi, na wɔkyerɛw po a ɛto so ason no. Woyii eyi adi wɔ 1917 mu, ansa na ɔko no reba awiei. Wɔ asɛnni no mu no, wobuu Nanabarima ne afoforo a wɔaka no mu pii fɔ sɛ wɔn mu biara nkɔda afiase mfe 20.

Mfonini a ɛwɔ Patterson ahɔhogyebea hɔ no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔde Rutherford ne n’ayɔnkofo guu afiase asram akron akyi—a na ɔko no nso atwam—wɔ March 21, 1919 mu no, asɛnnibea a wɔde asɛm kɔdan no no ma woyii nnipa baawɔtwe no nyinaa, na wɔ March 26 no, wɔde sika $10,000 dii wɔn mu biara agyinam ma wogyaee wɔn. Wɔ May 5, 1920 no, wogyaee J. F. Rutherford ne afoforo a wɔka ne ho no koraa.”

Wobuu wɔn atɛn akyi na wɔde wɔn rebɛkɔ aban afiase wɔ Atlanta, Georgia no, nnipa baawɔtwe no dii wɔn afiase nna kakra a edi kan no wɔ Raymond Street afiase a ɛwɔ Brooklyn, New York no. Ɛhɔ na Nanabarima kyerɛw biribi faa afiase dan bi a “emu ntew koraa na ɛyɛ basaa a wɔde no too mu a na ne tenten yɛ mita 1.8 na ne trɛw yɛ mita 2.4 ho.” Ɔkae sɛ: “Atesɛm nkrataa a wɔaboa ano pii gu hɔ, na sɛ mfiase no wubu w’ani gu so a, ɛrenkyɛ na woahu sɛ saa nkrataa yi ne samina ne mpopaho ketewa bi na ɛbɛboa wo ma woadi wo ho ni.”

Nanso Nanabarima annyae aseresɛm yi, ɔfrɛɛ afiase hɔ mpo sɛ “Hôtel de Raymondie,” na ɔkae sɛ “sɛ me bere so ara pɛ a, mefi ha.” Ɔkaa abrannaa no so nantew nso ho asɛm. Da bi a ogyinae sɛ ɔrenunu ne tirim no, totobɔtomni bi twee ne wɔɔkye a ɛhyɛ ne kotoku mu, nanso sɛnea ɔkyerɛwee no, “Wɔɔkye no nsa tewee ma wantumi anyi.” Bere a mekɔsraa Brooklyn Betel wɔ 1958 mu no na Grant Suiter, a na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no kyerɛwfo ne sika sohwɛfo saa bere no frɛɛ me kɔɔ n’adwumayɛdan mu de saa wɔɔkye no maa me. M’ani da so ara gye ho yiye.

Nkɛntɛnso a Enyae Wɔ Paapa So

Bere a wobuu Nanabarima ntɛnkyea de no too afiase wɔ 1918 mu no, ná me papa adi mfe 12 pɛ. Nanabea totoo wɔn fie apon mu na ɔde no kaa ne ho kɔtraa ne maame ne ne nuabeanom baasa nkyɛn. Ná Nanabea papa din a ɛda no so ne Arthur, na na abusua no de hoahoa wɔn ho sɛ wɔn abusuafo no mu biako, Chester Alan Arthur, ne United States ɔmampanyin a ɔto so 21.

Bere a wobuu Nanabarima Woodworth atɛn sɛ wayɛ bɔne atia United States no, Arthur abusua no tee nka pefee sɛ wɔagu wɔn abusua no anim ase. Na ɛyɛ bere a emu yɛ den paa ma me papa. Ɛbɛyɛ sɛ saa ade no nti na na ɔmpɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ baguam ɔsom adwuma no mu mfiase no.

Bere a woyii Nanabarima fii afiase no, ɔde n’abusua no kɔtraa ɔdan kɛse bi mu wɔ Quincy Street wɔ Scranton. Sɛ́ abofra no, mihuu eyi—ne Nanabea ayowa fɛfɛ no—yiye. Yɛtoo din ayowa kronkron efisɛ Nanabea nkutoo na na wɔma ɔhohoro mu. Nanabea wui wɔ 1943 akyi no, na Maame taa didi wɔ saa ayowa no mu de gye ahɔho ani.

Ɔde Nsi Yɛ Ahenni Adwuma No

Wɔ da foforo bi mu wɔ Patterson sukuu mu hɔ no, mihuu Onua Rutherford mfonini bi a na ɔrema ɔkasa wɔ 1919 mu wɔ Cedar Point, Ohio, ɔmantam nhyiam ase. Ɔhyɛɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa nnamyɛ mmɔ Onyankopɔn Ahenni no ho dawuru na wɔmfa nsɛmma nhoma foforo a wɔayi no adi wɔ nhyiam no ase a ɛne The Golden Age no nni dwuma. Wɔpaw Nanabarima sɛ ne samufo, na ɔkyerɛw nsɛm pii wɔ mu kosii 1940 mfe no mu bere tiaa bi ansa na ɔrewu. Wɔsesaa nsɛmma nhoma no din yɛɛ no Consolation wɔ 1937 mu na wɔbɛfrɛɛ no Nyan! wɔ 1946 mu.

Ná Nanabarima de adapɛn abien kyerɛw ne nsɛm no bi wɔ fie wɔ Scranton na afei ɔde adapɛn abien nso kyerɛw bi wɔ Ɔwɛn Aban adwumayɛbea ti a ɛwɔ bɛyɛ kilomita 240 wɔ Brooklyn no. Ná paapa taa ka sɛ ɔte n’akyerɛw afiri no nka anɔpa nnɔnnum biara. Ne nyinaa akyi no, na Nanabarima fa asɛyɛde a ɔwɔ sɛ obenya asɛmpaka adwuma no mu kyɛfa no aniberesɛm. Nokwasɛm ne sɛ ɔpam mmarima atade bi a na bɔtɔ akɛse hyehyɛ mu a wotumi de Bible ho nhoma hyehyem. Me sewaa Naomi Howell a wadi mfe 94 no da so ara wɔ biako mprempren. Afei nso ɔpam mmea bag a wɔde nhoma hyehyem.

Da bi, bere a na wɔabɔ Bible mu nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye awie no, Nanabarima asɛnka mu hokafo kae sɛ: “C. J., wudii mfomso biako.”

Nanabarima bisae sɛ: “Dɛn mfomso?” Ɔhwehwɛɛ n’atade mu. Ná biribiara nni kotoku no biara mu.

“Wo werɛ fii sɛ wobɛma wakra The Golden Age” no bi. Wɔserew papaapa sɛ samufo no werɛ afi sɛ ɔde ne nsɛmma nhoma no bɛma.

Bere a Merenyin no mu Nneɛma a Mekae

Mekae sɛ na mete Nanabarima srɛ so sɛ abofra, na me nsa ketewa no da ne nsam bere a ɔtoo “Nsateaa Anansesɛm” kyerɛɛ me no. Bere a ɔde “Tommy Kokurobeti” fii ase na ɛkɔɔ “Peter Akyerɛkyerɛkwan” so no, ɔkaa nsateaa biara ho asɛntitiriw bi. Afei ɔde ahwɛyiye kaa ne nsa no nyinaa bom na ɔkae sɛ: “Ne nyinaa bom a na etumi yɛ adwuma yiye, emu biara boa ne nyinaa.”

M’awofo waree akyi no, wɔkɔɔ Cleveland, Ohio, na wɔne Ed ne Mary Hooper bɛyɛɛ nnamfo denneennen. Ná wɔn abusua no yɛ Bible Asuafo fi afeha no mfiase. Ná m’awofo ne Wɔfa Ed ne Sewaa Mary, sɛnea na mefrɛ wɔn no, ntam ntew koraa. Ná Hooper abusua no ahwere wɔn babea koro pɛ no, enti bere a wɔwoo me wɔ 1934 mu no, mebɛyɛɛ wɔn “babea” titiriw. Esiane honhom fam tebea pa a wɔtetee me wom yi nti, mihyiraa me nkwa so maa Onyankopɔn bɔɔ asu ansa na meredi mfe awɔtwe.

Ná Bible akenkan ka nneɛma a na meyɛ wɔ me mmofraberem no ho. Ná sɛnea wɔka Onyankopɔn wiase foforo no ho asɛm wɔ Yesaia 11:6-9 no ka kyerɛw nsɛm a na m’ani gye ho yiye no ho. Bere a edi kan a mebɔɔ mmɔden sɛ mɛkenkan Bible mũ no nyinaa ne 1944, bere a woyii American Standard Version a ɛyɛ soronko adi wɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Buffalo, New York, ɔmantam nhyiam ase na me nsa kaa bi no. Hwɛ sɛnea m’ani gyei bere a mekenkan saa nkyerɛase yi a ɛde Onyankopɔn din Yehowa asan ahyɛ mmeae a ɛfata 7,000 wɔ “Apam Dedaw” no mu no!

Ná adapɛn awiei yɛ bere a na m’ani gye. Ná m’awofo ne Hooper abusua no de me kɔ adansedi wɔ nkuraase. Ná yɛfa awia aduan kɔ kodi wɔ asuten bi ho. Afei na yɛkɔ obi afuw mu kɔma Bible mu ɔkasa kyerɛ mfɛfo a yɛato nsa afrɛ wɔn nyinaa. Na asetra nkyere so. Mmusua no mufo nyinaa ani gyei. Yɛn nnamfonom pii bɛyɛɛ ahwɛfo akwantufo, a Ed Hooper, Bob Rainer, ne ne mmabarima baanu no ka ho. Richard Rainer ne ne yere Linda da so ara yɛ saa adwuma yi.

Ná ahohuru bere yɛ anigye titiriw. Me ne me maame nua mma trae wɔ Howell afuw mu. Wɔ 1949 mu no, me maame nuabea panyin ba Grace waree Malcolm Allen. Ná minnim da sɛ akyiri yi mɛware ne nuabarima. Ná me maame nuabea ba Marion yɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Uruguay. Ɔwaree Howard Hilborn wɔ 1966 mu. Saa anuanom yi nyinaa ne wɔn kununom de mfe pii asom wɔ Brooklyn adwumayɛbea ti.

Nanabarima ne M’adesua Awiei

Bere a na mekɔ ntoaso sukuu no, na me ne Nanabarima di nkrataa-kyerɛw. Ná ɔde abusua no mfonini pii hyehyɛ ne nkrataa no mu a na wɔakyerɛw abusua no ho abakɔsɛm wɔ akyi. Saa kwan yi so na menam nyaa ɔne afoforo a wobuu wɔn atɛnkyea de wɔn guu afiase no mfonini.

Eduu 1951 awiei mu hɔ no, ná kokoram asɛe Nanabarima dwɛɛdwɛɛwa. Ná n’adwene da so ara kyere ade ntɛm, nanso na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛw ne nsɛm no wɔ krataa ketewa bi a ɛhyɛ ne ho so. Ná me sukuu adesua awiei no bedu so wɔ January 1952 mu. Wɔ December mfiase pɛɛ no, mede me kasa a na mɛma wɔ yɛn adesua awiei no nsusuwso menaa Nanabarima. Osiesiee mfomso a na ɛwɔ mu no na wɔ kratafa a etwa to no, ɔkyerɛw asɛntiaa bi a ɛkaa me koma: “Nanabarima ani agye.” Owiee n’asase so asetra bere a na wadi mfe 81, wɔ December 18, 1951. * M’ani da so ara gye saa krataa nsusuwso a ani apa a saa asɛntiaa no wɔ kratafa a etwa to no ho.

Miwiee m’adesua no ara pɛ no, mede me ho hyɛɛ akwampae adwuma, sɛnea Yehowa Adansefo frɛ bere nyinaa asɛmpaka adwuma no, mu. Mekɔɔ ɔmantam nhyiam kɛse a wɔyɛe wɔ New York City, 1958, a nnipa dodow 253,922 a wofi aman 123 so bɛhyɛɛ Yankee Stadium ne Polo Grounds hɔ ma no bi. Afei da koro mihyiaa obi a ofi Afrika a ɔbaa nhyiam no bi a na ɔbɔ baagye a wɔakyerɛw so “Woodworth Mills.” Wɔde no too Nanabarima bɛyɛ mfe 30 a atwam ni!

M’ani Gye M’agyapade no Ho

Bere a midii mfe 14 no, me maame fii akwampae adwuma ase bio. Edii mfe 40 no owui wɔ 1988 mu, bere a na ɔda so ara yɛ ɔkwampaefo! Paapa yɛɛ akwampae adwuma no sɛnea obetumi. Owui asram akron ansa na Maame nso rewu. Wɔn a yɛne wɔn suaa ade no bɛyɛɛ yɛn asetram nnamfo paa. Wɔn mma binom kɔsomee wɔ adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn, na afoforo nso de wɔn ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu.

Wɔ me fam no, na 1959 yɛ afe titiriw. Saa bere no na wɔde me kyerɛɛ Paul Allen. Ná wɔapaw no sɛ ɔhwɛfo kwantufo wɔ 1946 mu bere a owiee Gilead, sukuu a Yehowa Adansefo de tete asɛmpatrɛwfo no adesuakuw a ɛto so ason no. Bere a yehyiae no, na yɛn mu biara nnim sɛ Paul dwumadi foforo bɛyɛ Cleveland, Ohio, baabi a na meyɛ akwampae adwuma no. Ná Paapa ne Maame nyinaa dɔ no. Yɛwaree July 1963, wɔ Howell afuw mu a na yɛn mmusua atwa yɛn ho ahyia, na Ed Hooper na ɔmaa aware ho ɔkasa no. Nokwarem no, na ɛyɛ akwanhwɛ a abam.

Ná Paul ntɔɔ kar da. Bere a yɛrefi Cleveland akɔ ne dwumadi foforo so no, yɛsesaw yɛn asetrade nyinaa guu me 1961 Tɛfrɛ kar no mu. Mpɛn pii no, sɛ edu Dwoda na sɛ yɛrebɛkɔ asafo foforo mu a, na yɛn nnamfo ba bɛboa yɛn ma yɛhyehyɛ yɛn nneɛma. Sɛ wohu ɔkwan a yɛn bag, adaka a yɛn nneɛma wom, adaka a yɛn kyerɛwtohɔ wom, akyerɛw afiri ne nea ɛkeka ho fa so kogu kar ketewa no mu a, na ɛte sɛ nea yɛredi agoru bi.

Me ne Paul atutu akwan kilomita pii, na yɛahyia mmere a eye ne nea enye nyinaa bi—biribiara a yɛatumi ayɛ no fi ahoɔden a Yehowa nkutoo na ɔde ma no mu. Yɛakɔ so anya anigye wɔ mfe a abɛsen kɔ no mu, a nea ɛka ho ne ɔdɔ ma Yehowa, yɛn ho yɛn ho, ne nnamfo dedaw ne afoforo. Asram abien a yedii wɔ Patterson bere a wɔretete Paul no ne nea yɛn ani gyei kɛse wɔ yɛn asetram. Yehowa asase so ahyehyɛde no a mahu no yiye no ahyɛ ahotoso a wɔde maa me no mu den sɛ me honhom fam agyapade a ɛsom bo no fã: Eyi ne Onyankopɔn ahyehyɛde ampa. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ obi bɛyɛ ne fã ketewaa bi mpo!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 44 Hwɛ Engiresi Ɔwɛn-Aban, February 15, 1952, kratafa 128.

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Me ne Ed Hooper bere tiaa bi ansa na wɔreyɛ 1941 St. Louis ɔmantam nhyiam, a minyaa “Children” nhoma no bi no

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Nanabarima wɔ 1948 mu

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Wɔ Howell afuw mu bere a m’awofo (wɔn a wɔn ti wɔ ade kurukuruwa mu) waree no

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Bible asuafo baawɔtwe a wodii mfomso de wɔn too afiase 1918 no (Nanabarima na ogyina nifa so pɛɛ no)

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Yɛn wiase asetrade nyinaa kɔɔ yɛn Tɛfrɛ kar no mu

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Me ne me kunu, Paul