Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wubetumi Abɛn Onyankopɔn

Sɛnea Wubetumi Abɛn Onyankopɔn

Sɛnea Wubetumi Abɛn Onyankopɔn

Yakobo 4:8 ka sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.” Bere a Yehowa Nyankopɔn reda sɛnea ɔpɛ sɛ ɔne nnipa nya abusuabɔ a emu yɛ den adi no, ɔde ne Ba no maa yɛn.

BERE a ɔsomafo Yohane reka ɔdɔ a wodi kan da no adi saa ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛdɔ [Onyankopɔn], efisɛ ɔno na ɔdɔɔ yɛn kan.” (1 Yohane 4:19) Nanso sɛ yɛn ankasa bɛbɛn Onyankopɔn a, ɛsɛ sɛ yedi kan yɛ nneɛma bi. Ɛte sɛ akwan anan a yɛfa so bɛn yɛn yɔnko nnipa, sɛnea yɛkaa ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu no. Ma yɛnhwehwɛ saa nneɛma no mu.

Hu Onyankopɔn Su Pa Ahorow No

Onyankopɔn wɔ su pa pii, na nea ɛda nsow paa no bi ne ɔdɔ, nyansa, atɛntrenee, ne tumi. Ne nyansa ne ne tumi da adi kɛse wɔ wiase a yɛte mu yi, ne amansan yi mu nneɛma a ɛwɔ akyirikyiri, fi nsoromma akuw so kosi atom nketenkete so no mu. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam, na ewim kyerɛ ne nsa ano adwuma.”—Dwom 19:1; Romafo 1:20.

Abɔde nso da Onyankopɔn dɔ adi. Sɛ nhwɛso no, sɛnea wɔyɛɛ yɛn no da no adi sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ yɛn ani gye. Ɔmaa yɛn tumi a ɛma yehu kɔla ahorow, ka biribi hwɛ na yɛte hua, kyerɛ nnwom ho anigye, serew, kyerɛ nneɛma a ɛyɛ fɛ ho anigye, na wama yɛn ɔdom akyɛde ne su ahorow pii nso a sɛ yenni bi a anka yebetumi atra ase. Yiw, Onyankopɔn yɛ timmɔbɔ, ayamye, ne ɔdɔ—su horow a akyinnye biara nni ho sɛ ɛka ho bi na ɔyɛ “anigye Nyankopɔn” no.—1 Timoteo 1:11; Asomafo no Nnwuma 20:35.

Yehowa ani gye nokwasɛm a ɛne sɛ ɔdɔ na ɛma ɔde ne tumi di dwuma na ɛma n’abɔde a wɔwɔ nyansa no gyina n’akyi titiriw no ho. (1 Yohane 4:8) Nokwarem no, Yehowa ne Amansan Hene, nanso ɔne nnipa, titiriw n’asomfo anokwafo, di sɛnea agya a ɔwɔ dɔ ne ne mma di no. (Mateo 5:45) Ɔmfa ade pa bi nkame wɔn. (Romafo 8:38, 39) Sɛnea yɛaka no, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no nkwa mpo ma maa yɛn. Yiw, Onyankopɔn dɔ nti na yɛte ase na yɛwɔ daa nkwa ho anidaso.—Yohane 3:16.

Yesu ma yehuu Onyankopɔn nipasu mu kɔɔ akyiri efisɛ osuasuaa N’agya pɛpɛɛpɛ. (Yohane 14:9-11) Na ne yam ye, ɔwɔ tema, na na osusuw afoforo ho ankasa. Bere bi, wɔde ɔbarima bi a ɔyɛ ɔsotifo ne mum brɛɛ Yesu. Wubetumi ahu sɛnea ɛbɛyɛ sɛ na ɔbarima no ho yeraw no wɔ nnipadɔm mu no. Nea ɛyɛ anigye no, Yesu de ɔbarima yi kɔɔ kokoam baabi kɔsaa no yare wɔ hɔ. (Marko 7:32-35) So w’ani sɔ nnipa a wonya tema ma wo na wodi wo ni no? Sɛ ɛte saa a, ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛka wo abɛn Yehowa ne Yesu bere a wusua wɔn ho ade pii no.

Susuw Onyankopɔn Su Ahorow Ho

Obi betumi anya su horow a ɛyɛ anigye, nanso ɛsɛ sɛ yesusuw saa nipa no ho ansa na yɛatumi abɛn no. Saa na ɛte wɔ Yehowa fam. Ne su horow ho a yebesusuw ne ade a ɛto so abien a ɛbɛma yɛabɛn no. Ɔhene Dawid, ɔbarima a na ɔdɔ Yehowa na ɔyɛ nea “[Yehowa] koma pɛ no” kae sɛ: “Mekae tete nna, midwen wo nneyɛe nyinaa ho, misusuw wo nsa ano nnwuma ho.”—Asomafo no Nnwuma 13:22; Dwom 143:5.

Sɛ wohwɛ adebɔ mu nneɛma a ɛyɛ nwonwa anaa wokenkan Onyankopɔn Asɛm, Bible no a, so wudwennwen nea wuhu anaa wokenkan no ho te sɛ Dawid? Susuw abofra bi a ne nsa aka n’agya a ɔdɔ no kɛse krataa ho hwɛ. Obebu saa krataa no dɛn? Akyinnye biara nni ho sɛ ɔremfa n’ani mfa emu nsɛm no so kɛkɛ na ɔntow nkyene adaka bi mu. Mmom no, ɔbɛkenkan mu, ahwehwɛ emu nsɛm nyinaa mu yiye. Saa ara na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm som bo ma yɛn, sɛnea na ɛsom bo ma odwontofo no, nea ɔtoo dwom sɛ: “Medɔ wo mmara dɛn ara! Ɛne m’adwene daa adesae.”—Dwom 119:97.

Munkura Nkitahodi Pa Mu

Nkitahodi pa na ɛma abusuabɔ biara gyina. Ɛyɛ kasa ne asɛm tie—na ɛnyɛ adwene nko na mmom koma nso ka ho. Yɛnam mpaebɔ, a ɛyɛ ɔsom mu kwan a yɛnam so ne Onyankopɔn di nkitaho no so na yɛne Ɔbɔadeɛ no kasa. Yehowa ani gye wɔn a wɔdɔ no na wɔsom no na wogye Yesu Kristo tom sɛ Ne nanmusifo panyin no mpaebɔ ho.—Dwom 65:2; Yohane 14:6, 14.

Tete no, Onyankopɔn nam akwan horow so ne nnipa kasae, a na anisoadehu, adaeso, ne abɔfo ka ho. Nanso, ɛnnɛ, ɔnam N’asɛm a wɔakyerɛw, Kyerɛw Kronkron Bible no so na ɛyɛ saa. (2 Timoteo 3:16) Mfaso pii wɔ Asɛm a wɔakyerɛw no so. Yebetumi ahwɛ mu bere nyinaa. Yebetumi akenkan no mpɛn pii te sɛ krataa. Na anototo a ɛtaa ba nsɛm a wɔde ano ka mu no bi nnim. Enti fa Bible sɛ nkrataa a wɔaboaboa ano a efi wo soro Agya hɔ, na ma ɔmfa saa nkrataa yi so nkasa nkyerɛ wo daa.—Mateo 4:4.

Sɛ nhwɛso no, Bible da Yehowa adwene wɔ nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho adi. Ɛkyerɛkyerɛ n’atirimpɔw ma adesamma ne asase mu. Na ɛma yehu sɛnea ɔne nnipa ahorow ne amanaman di, efi asomfo anokwafo so kosi atamfo paa so. Yehowa nam nkitaho a ɔne nnipa dii a ɔma wɔkyerɛw too hɔ saa kwan yi so akyerɛkyerɛ ne nipasu mu koraa wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so. Ɔda ne dɔ, anigye, awerɛhow, huammɔdi, abufuw, mmɔborohunu, ne n’ahiasɛm—yiw, sɛnea ne nsusuwii ne ne nkate te, ne nea enti a ɔyɛ saa nneɛma yi—nyinaa adi wɔ ɔkwan a nnipa betumi ate ase ntɛm so.—Dwom 78:3-7.

Sɛ woakenkan Onyankopɔn Asɛm no fã bi awie a, ɔkwan bɛn so na wubetumi anya w’akenkan no so mfaso? Na ne titiriw no, wobɛyɛ dɛn atumi abɛn Onyankopɔn? Nea edi kan no, susuw nea woakenkan na woasua afa Onyankopɔn ho sɛ obi no ho, na ma nsɛntitiriw no nnu wo komam. Afei ka wo nsusuwii ne sɛnea wote nka ankasa wɔ asɛm a woasusuw ho no ho ne sɛnea wobɛbɔ mmɔden anya so mfaso no ho asɛm kyerɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu. Ɛno ne nkitahodi no. Nanso, sɛ wowɔ nneɛma foforo wɔ wo tirim a, wubetumi de ɛno nso aka wo mpaebɔ ho.

Wo ne Onyankopɔn Mmom Nyɛ Ade

Bible ka sɛ nnipa anokwafo bi a wɔtraa ase tete no ne nokware Nyankopɔn no nantewee, anaasɛ wɔnantew n’anim. (Genesis 6:9; 1 Ahene 8:25) Ɛno kyerɛ dɛn? Nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ wɔtraa ase da biara da te sɛ nea na Onyankopɔn ne wɔn te ankasa. Ɛwom, na wɔyɛ abɔnefo. Nanso wɔn ani gyee Onyankopɔn mmara ne ne nnyinasosɛm ho, na wɔtraa ase ma ɛne Onyankopɔn atirimpɔw hyiae. Yehowa ani gye saafo no ho, na ɔhwɛ wɔn so, sɛnea wɔada no adi wɔ Dwom 32:8 no: “Mebue w’adwenem, na makyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so, m’ani wɔ wo so, na metu wo fo.”

Wo nso wubetumi anya Yehowa sɛ w’adamfo a wo ne no di atirimsɛm—obi a ɔne wo nantew, odwen wo ho, na otu wo fo sɛ agya. Odiyifo Yesaia kaa Yehowa ho asɛm sɛ “nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so.” (Yesaia 48:17) Sɛ yenya saa mfaso yi a, yehu sɛ Yehowa wɔ ‘yɛn nifa’ sɛnea ɔyɛɛ Dawid no.—Dwom 16:8.

Onyankopɔn Din—Ade a Esi Ne Su Ahorow So Dua

Ɔsom ahorow pii ne Bible nkyerɛase ahorow mfa Onyankopɔn din ankasa nni dwuma mma afoforo nhu. (Dwom 83:18) Nanso, wɔ mfitiase Hebri nkyerɛwee mu no, saa din—Yehowa—no pue bɛyɛ mpɛn 7,000! (Nea ɛne no bɔ abira no, bere a Bible asekyerɛfo dodow no ara ayi Onyankopɔn din afi mu no, wɔagyaw atoro anyame pii a wɔbobɔɔ wɔn din wɔ mfitiase nkyerɛwee mu te sɛ, Baal, Bel, Merodak, ne Satan mpo din wom!)

Nnipa binom te nka sɛ Onyankopɔn din a woyi fi mu no yɛ ade ketewaa bi. Nanso susuw ho hwɛ: So ɛyɛ den sɛ wo ne obi a onni din benya abusuabɔ a emu yɛ den na edi mu anaa ɛyɛ mmerɛw? Abodin te sɛ Onyankopɔn ne Awurade (a wɔde ka atoro anyame nso ho asɛm) betumi atwe adwene asi Yehowa ahoɔden, tumi, anaa ne dibea so, nanso n’ankasa din na ɛda no adi wɔ ɔkwan a obiara ne no nsɛ so. (Exodus 3:15; 1 Korintofo 8:5 6) Nokware Nyankopɔn no din ankasa si ne su ne ne nneyɛe so dua. Nyamekyerɛfo Walter Lowrie ka ma ɛfatae sɛ: “Obi a onnim Onyankopɔn din no nnim no ankasa.”

Susuw Maria, Katolekni amapa a ɔte Australia asɛm no ho hwɛ. Bere a Yehowa Adansefo hyiaa Maria nea edi kan no, ɔmaa Adansefo no fii Bible mu kyerɛɛ no Onyankopɔn din. Ɔyɛɛ n’ade dɛn? “Bere a mihuu Onyankopɔn din wɔ Bible mu no, misui. Hu a mihui sɛ metumi ahu Onyankopɔn din ankasa de adi dwuma no kaa me koma paa.” Maria kɔɔ so suaa Bible no, na nea edi kan wɔ n’asetra mu no, ohuu Yehowa sɛ obi, na otumi ne no nyaa abusuabɔ a ɛtra hɔ daa.

Yiw, yebetumi “abɛn Onyankopɔn,” ɛwom sɛ yentumi mfa yɛn ani ankasa nhu no de. Yebetumi de yɛn adwene ne yɛn koma “ahu” ne nipasu a ɛfata no, na yɛnam so anya ɔdɔ ama no. Ɔdɔ a ɛte saa no ‘yɛ pɛyɛ hama a ɛma nkabom.’—Kolosefo 3:14.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 6]

Yehowa Kyerɛ Ɔdɔ a Wowɔ Ma No no Ho Anisɔ

ABUSUABƆ gyina nnipa baanu so. Sɛ yɛbɛn Onyankopɔn a, ɔno nso bɛn yɛn. Susuw sɛnea ɔtee nka wɔ Simeon ne Hana a na wɔn mfe akɔ anim, a wɔbɔɔ wɔn baanu din wɔ ɔkwan soronko so wɔ Bible mu no ho hwɛ. Asɛmpa kyerɛwfo Luka ka sɛ na Simeon ‘teɛ na ɔfɛre ade,’ na na ɔretwɛn Mesia no. Yehowa huu su horow a eye yi wɔ Simeon ho na ɔdaa ɔdɔ adi kyerɛɛ saa akwakora a ɔsom bo yi denam yi a oyii no adi kyerɛɛ no sɛ ‘ɔrenhu owu, gye sɛ wahu Kristo no ansa’ no so. Yehowa dii ne bɔhyɛ so kyerɛɛ Simeon kwan kɔɔ abofra Yesu a na N’awofo de no aba Yerusalem asɔrefie no nkyɛn. Simeon de anigye ne anisɔ kɛse faa abofra no too ne nsa so bɔɔ mpae sɛ: “Awurade, afei woregya w’akoa kwan asomdwoe mu sɛnea w’asɛm se; efisɛ m’ani ahu wo nkwagye.”​—Luka 2:​25-35.

“Dɔn no ara mu,” Yehowa san daa ne dɔ adi kyerɛɛ Hana a na wadi mfirihyia 84 no denam kyerɛ a ɔkyerɛɛ ɔno nso kwan kɔɔ Yesu nkyɛn no so. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ, bere nyinaa na okunafo a ɔsom bo yi de ‘ɔsom kronn’ ma Yehowa wɔ asɔrefie hɔ a ɔntotom. Bere a anisɔ ahyɛ no ma te sɛ Simeon no, ɔdaa Yehowa ase wɔ ayamye soronko a oyii no adi kyerɛɛ no no ho, na ɛno akyi no, ɔkaa abofra no ho asɛm “kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ogye a wobegye Yerusalem no nyinaa.”​—Luka 2:​36-38.

Yiw, Yehowa huu sɛnea na Simeon ne Hana dɔ no na wosuro no kɛse, ne sɛnea na wodwen n’atirimpɔw mmamu ho no. So Bible mu nsɛm a ɛte saa ntwe wo mmɛn Yehowa?

Te sɛ N’agya no, Yesu nso huu nnipa komam ankasa. Bere a na ɔrekyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie no, ohui sɛ “ɔbea kunafo hiani bi” de “mman abien” abegu ntoboa adaka mu. Wɔ afoforo fam no, anka wɔremmu n’akyɛde no ade titiriw biara, nanso na ɛnte saa wɔ Yesu fam. Ɔkamfoo ɔbea yi efisɛ nea ɔwɔ nyinaa na ɔde mae. (Luka 21:​1-4) Enti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa a, sɛ́ yɛn akyɛde no yɛ kɛse anaa ketewa no, Yehowa ne Yesu ani sɔ yɛn.

Bere a Onyankopɔn di wɔn a wɔdɔ no ho ahurusi no, sɛ nnipa fi n’akyi kɔfa ɔkwammɔne so a, odi yaw. Genesis 6:6 ka kyerɛ yɛn sɛ Yehowa ‘dii yaw ne komam’ esiane bɔne a adesamma yɛe ansa na Noa bere so Nsuyiri no reba nti. Dwom 78:​41 ka sɛ, akyiri yi, Israelfo asoɔdenfo no kɔɔ so “sɔɔ Onyankopɔn hwɛe, na woyii Israel kronkronni no ahii.” Yiw, Onyankopɔn nyɛ “Ɔbɔadeɛ” a onni nkate a hwee mfa ne ho. Ɔyɛ obi, obi a sintɔ mmaa n’adwene ntu mfrae anaa ɛnyɛɛ basaa te sɛ yɛn.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Yehowa abɔde ho a yebesusuw yɛ ɔkwan biako a yɛnam so betumi abɛn no