Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Ɛsɛ sɛ Wohwehwɛ Ɔsom Afoforo Mu?

So Ɛsɛ sɛ Wohwehwɛ Ɔsom Afoforo Mu?

So Ɛsɛ sɛ Wohwehwɛ Ɔsom Afoforo Mu?

MIGUEL a mprempren ɔyɛ Yehowa Dansefo wɔ Amerika Anaafo fam no ka sɛ: “Makɔ Kristofo nhyiam bɛyɛ afe ni, na m’ani gyei sɛ meka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm kyerɛ afoforo. Afei mifii ase tiee nyamesom dwumadi ahorow a wɔyɛ wɔ radio so na mehwɛɛ nyamesɛnkafo wɔ television so. Ná misusuw sɛ saa dwumadi no bɛboa me ama manya nnipa a wɔwɔ ɔsom afoforo mu ho ntease pa. Mihui sɛ ná wɔn nkyerɛkyerɛ ne Bible no nhyia, nanso na merepɛ biribi ahu.”

Wɔ ɔman koro no ara mu no, ná Jorge de nsiyɛ kyerɛkyerɛ afoforo nokware som. Nanso eduu bere bi no, ɔno nso fii ase tiee nyamesom dwumadi ahorow wɔ radio ne television so. Na ɔtaa ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ wohu nea afoforo resusuw ho.” Bere a wobisaa no asiane a ebetumi afi atoro nkyerɛkyerɛ a ɛte saa a obetie mu aba ho asɛm no, obuae sɛ: “Biribiara ntumi nsɛe obi a onim Bible mu nokware no gyidi.” Osuahu a ɛtete saa ma asɛmmisa a ɛho hia sɔre sɛ, So nyansa wom sɛ wubetie nea afoforo gye di?

Nokware Kristosom a Wubehu

Bere a asomafo no wui akyi no, atoro Kristosom a ɛkɔɔ so nkakrankakra no sɛee nokware som. Bere a na Yesu ahu eyi asie no, ɔkyerɛɛ ɔkwan biako a wɔbɛfa so ahu nsonsonoe a ɛda atoro Kristosom yi ne nokware Kristosom ntam. Nea edi kan no, ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ mo ho yiye atoro adiyifo ho, na wɔnam nguanten nhoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu de, wɔyɛ mpataku adifudepɛfo.” Na ɔde kaa ho sɛ: “Wɔn aba na mode behu wɔn.” (Mateo 7:15-23) Yesu nokware akyidifo yɛ nea ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no, na wɔde wɔn aba pa a wɔsow hu wɔn ntɛm ara. Sɛnea Yesu ankasa yɛe no, wɔkɔsra nkurɔfo kyerɛkyerɛ Onyankopɔn Ahenni ho asɛm mu kyerɛ wɔn fi Kyerɛwnsɛm no mu. Yesu nhwɛso akyi a wodi nti, wɔtwe wɔn ho fi wiase amammuisɛm ne asetram ntawntawdi ho. Wogye Bible tom sɛ Onyankopɔn Asɛm na wobu no sɛ ɛyɛ nokware. Wɔma wohu Onyankopɔn din. Na esiane sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛda ɔdɔ a Onyankopɔn kyerɛ adi nti, wɔmfa wɔn ho nhyɛ akodi mu. Mmom no, wobu wɔn ho wɔn ho sɛ anuanom.—Luka 4:43; 10:1-9; Yohane 13:34, 35; 17:16, 17, 26.

Sɛnea Kyerɛwnsɛm no kyerɛ no, yebetumi “ahu nsonoe a ɛda ɔtreneeni ne ɔbɔnefo ntam, ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam.” (Malaki 3:18) Nokware asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no yɛ biako wɔ nsusuwii ne nneyɛe mu, sɛnea na afeha a edi kan Kristofo no te ara pɛ. (Efesofo 4:4-6) Sɛ wunya hu nokware Kristofo kuw a ɛte saa a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ woyɛ mfeefeemu anaa ɔsɛmpɛfo wɔ afoforo gyidi ho?

Hwɛ Yiye Wɔ Atoro Akyerɛkyerɛfo Ho

Bible no gye tom sɛ bere a obi asua Bible mu nokware akyi mpo no, asiane wɔ hɔ sɛ ne ho betumi agu fĩ wɔ honhom mu denam atoro nkyerɛkyerɛ so. Ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ yiye na obi amfa nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛnam nnipa atetesɛm ne wiase mfitiasesɛm so na ɛnnam Kristo so ammɛfa mo nnommum.” (Kolosefo 2:8) Hwɛ sɛnea saa kyerɛwsɛm yi ka nsɛm no penpen! Atoro akyerɛkyerɛfo ho betumi ayɛ hu kɛse te sɛ mmoa a wɔpɛ sɛ wɔkyere wo we no.

Yiw, Paulo hyɛɛ nea afoforo gye di nsow. Bere bi ofii ne kasa ase sɛ: “Atene mmarima, mahu sɛ nneɛma nyinaa mu mopɛ abosonsom papa. Efisɛ meretwam na mehwɛɛ nneɛma a mosom no, mihuu afɔremuka bi nso a wɔakyerɛw so sɛ: Onyame a wonnim no dea.” (Asomafo no Nnwuma 17:22, 23) Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na Paulo tiee Helafo nyansapɛfo no nsusuwii.

Ɛsono sɛ wubehu atoro som gyidi ahorow ne nea efi na ɛsono sɛ wubetie. * Yehowa de “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no asi hɔ sɛ ɔmfa nkyerɛkyerɛ a egyina N’asɛm so mma. (Mateo 4:4; 24:45) Paulo ankasa kyerɛwee sɛ: “Muntumi nnom [Yehowa, NW] kuruwa ano ne ahonhommɔne kuruwa ano; muntumi nnidi [Yehowa, NW] pon so ne ahonhommɔne pon so. Anaasɛ yɛnhyɛ [Yehowa, NW] mma ɔntwe ninkunu?”—1 Korintofo 10:20-22.

Ebia na atoro akyerɛkyerɛfo binom mpo yɛ nokware Kristofo bere bi a atwam, nanso wɔapa nokware no akodi atoro akyi. (Yuda 4, 11) Ɛnsɛ sɛ eyi yɛ yɛn nwonwa. Bere a Yesu kaa “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a wogyina hɔ ma Kristofo kuw a wɔasra wɔn ho asɛm akyi no, ɔkaa “akoa bɔne” kuw a wonwiinwii sɛ: “Me wura rekyɛ ba, na ofi ase boro ne nwurakwaa” no nso ho asɛm. (Mateo 24:48, 49) Mpɛn pii no, saafo yi ne wɔn akyidifo no nni nkyerɛkyerɛ a emu da hɔ biara; nea wɔpɛ ne sɛ wɔbɛsɛe afoforo gyidi. Ɛdefa wɔn ho no, ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Sɛ obi ba mo nkyɛn na onkura kyerɛ yi a, munnnye no nnkɔ mo fi, nso munnkyia no!”—2 Yohane 10; 2 Korintofo 11:3, 4, 13-15.

Nnipa komapafo a wɔrehwehwɛ nokware no bɔ mmɔden sɛ wobesusuw nea wɔte fi ɔsom ahorow mu no ho yiye. Bere bi akyi no, Onyankopɔn behyira nnipa komapafo a wɔhwehwɛ nokware no. Bible ka ɔsoro nyansa ho asɛm sɛ: “Sɛ wohwehwɛ n’akyi kwan sɛ dwetɛ, na wobɔre hwehwɛ no sɛ akorade a ahintaw a . . . wubehu Onyankopɔn ho nimdeɛ.” (Mmebusɛm 2:4, 5) Bere a wɔnam Bible no ne Kristofo asafo no so ahu Onyankopɔn ho nimdeɛ yi na wɔahu sɛnea Yehowa hyira wɔn a wɔma saa nimdeɛ no kyerɛ wɔn kwan no, nokware Kristofo nkɔ so ntie atoro nyamesom nkyerɛkyerɛ bio.—2 Timoteo 3:14.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 10 Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ, nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no de nsɛntitiriw a ɛfa ɔsom ahorow a ɛwɔ wiase nkyerɛkyerɛ ne sɛnea wofii ase ho nsɛm ma.