Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Abrabɔ Gyinapɛn Rekɔ Fam

Abrabɔ Gyinapɛn Rekɔ Fam

Abrabɔ Gyinapɛn Rekɔ Fam

HELMUT SCHMIDT a kan no na ɔyɛ Germany mampanyin no kae sɛ: “Na biribi a ɛte saa nni hɔ.” Ná ɔredi sikadi bɔne a wɔbɔɔ ho dawuru wɔ atesɛm nkrataa anim a ɛfa aban mpanyimfo ho no ho yaw. Ɔkae sɛ: “Adifudepɛ ama abrabɔ gyinapɛn asɛe.”

Nnipa pii ne no bɛyɛ adwene. Wɔabu ani agu abrabɔ gyinapɛn a egyina Onyankopɔn Asɛm, Bible so, a nnipa pii fi bere tenten agye atom sɛ nea wogyina so bu nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ no so koraa. Eyi te saa wɔ aman a wobu wɔn sɛ wɔyɛ Kristofo mpo mu.

So Bible mu Abrabɔ Gyinapɛn Ho Hia?

Nokwaredi ne pintinnyɛ ka abrabɔ ho nnyinasosɛm a ɛwɔ Bible mu no ho. Nanso, nsisi, sikadi, ne amimdi abu so. The Times atesɛm krataa a ɛwɔ London no bɔ amanneɛ sɛ nnipa binom a wɔhwehwɛ mmaratofo nsɛm mu “agyina wɔn nan so agye sika a ebedu £100,000 agu wɔn kotoku mu de nnuru a wɔagye afi nsɛmmɔnedifo nsam asan ama wɔn ma wɔatɔn na wɔadi ama sum ase akuw.” Wɔ Austria no, wɔkyerɛ sɛ ahyiakwa ho sikadi bɔne abu so. Na wɔ Germany no adebɔ mu nyansahufo ho dwiriw wɔn bere a nnansa yi ara nhwehwɛmufo behuu “Germanfo adebɔ mu nyansahu mu amimdi a ɛyɛ ahodwiriw sen biara mu biako” no. Wɔbɔɔ ɔbenfo bi a “ne ho akokwaw yiye wɔ wɔn a wɔyɛ awosu mu nsakrae mu nhwehwɛmu mu wɔ Germany” no sobo sɛ watwa nkontompo anaa wadi atoro kɛse wɔ ne nhwehwɛmu no mu.

Nea ɛka abrabɔ ho gyinapɛn a ɛwɔ Bible mu ho ne nokware a ɛsɛ sɛ wodi wɔ aware, abusuabɔ a ɛsɛ sɛ ɛtra hɔ daa, mu. Nanso awarefo pii aware gu wɔ awaregyae asɛnnibea. Katolekfo atesɛm krataa Christ in der Gegenwart (Nnɛyi Kristoni) bɔ amanneɛ sɛ “wɔ Switzerland a ‘wokura tete adwene’ mpo no, aware pii regu.” Wɔ Netherlands no, aware dodow a wogye ɔha mu nkyem 33 biara gu. Ɔbea bi a ɔhyɛɛ asetra mu nsakrae a aba Germany wɔ mfe kakra a abɛsen kɔ mu nsow no kyerɛw ne haw no ho asɛm sɛ: “Ɛnnɛ, wobu aware sɛ tete ade a ne bere atwam. Nkurɔfo nware ne wɔn ahokafo ntra daa bio.”

Nanso, nnipa ɔpepepem pii bu abrabɔ gyinapɛn a wɔkyerɛkyerɛ wɔ Bible mu no sɛ nea wobetumi de wɔn ho ato so na ehia ma nnɛyi wiase abrabɔ. Awarefo bi a wɔte Switzerland ne Germany hye so no behui sɛ Bible abrabɔ gyinapɛn a wosuae sɛ wɔde bedi dwuma no maa wɔn ani gyei. Wɔn fam de, “akwankyerɛ biako pɛ na ɛwɔ hɔ ma asetra mu biribiara. Saa akwankyerɛ no ne Bible.”

Wususuw ho dɛn? So Bible no betumi de akwankyerɛ a mfaso wɔ so ama? So Bible mu abrabɔ gyinapɛn so wɔ mfaso nnɛ?