Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ayamye Pii De Anigye ba

Ayamye Pii De Anigye ba

Ayamye Pii De Anigye ba

SƐ́ Kristoni hwɛfo a ɔwɔ ɔdɔ no, na ɔsomafo Paulo ma ne mfɛfo gyidifo ho nsɛm hia no yiye. (2 Korintofo 11:28) Ne saa nti wɔ afeha a edi kan no mu afe 50 Yɛn Bere Mu mfinimfini, bere a ɔyɛɛ sika a wobegyigye ama Kristofo a wɔwɔ Yudea a ahia wɔn no ho nhyehyɛe no, ɔde hokwan no kyerɛɛ wɔn ayamye ho asuade titiriw bi. Paulo sii so dua sɛ Yehowa ani gye anim a wɔtew ma ade ho kɛse: “Sɛnea obiara asusuw ne komam no, ɔmma, ɛnyɛ amemmenemfe anaa ɔhyɛ mu; efisɛ nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.”—2 Korintofo 9:7.

Wɔyɛ Ahiafo, Nanso Wɔn Nsam Gow

Ná afeha a edi kan no mu Kristofo mu dodow no ara nyɛ nnipa a wɔagye din. Paulo kae sɛ ‘wɔn a wɔyɛ atumfoɔ pii’ nni wɔn mu. Ná wɔyɛ “wiase ade a ɛyɛ mmerɛw,” “wiase nneɛma a ɛmfra ne nea wommu.” (1 Korintofo 1:26-28) Sɛ nhwɛso no, na Kristofo a wɔwɔ Makedonia no wɔ ‘ahohia kɛse ne ohia bebrebe’ mu. Nanso ne nyinaa akyi no, gyidifo a na wɔwɔ Makedonia no srɛe sɛ wɔmma wonyi ntoboa mmoa “ɔsom a wɔsom ahotefo” no, na Paulo dii wɔn ho adanse sɛ nea wɔde mae no ‘boroo wɔn ahoɔden so mpo’!—2 Korintofo 8:1-4.

Nanso ɛnyɛ sika dodow a wɔde mae no na wogyinaa so kaa wɔn ayamye ho asɛm. Mmom no, na ahokeka ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛma ade, ne komam tebea nso ho hia. Paulo kyerɛɛ Korintofo Kristofo no sɛ na adwene ne koma ka ntoboa a wobeyi no ho. Ɔkae sɛ: “Minim ɛho koma a mowɔ a mede mehoahoa me ho mekyerɛ Makedoniafo, . . . na mo mmɔdenbɔ no akɔkanyan bebree nso.” Na ‘wɔasusuw ho wɔn komam’ sɛ wobeyi wɔn yam ama ade.—2 Korintofo 9:2, 7.

Wɔn Honhom Kaa Wɔn’

Ɛbɛyɛ sɛ na ayamye mu a wofi maa ade tete no, nea ɛkɔɔ so wɔ sare so bɛyɛ mfeha 15 ansa na ɔsomafo Paulo reba no ho asɛm wɔ n’adwenem. Ná Israel mmusuakuw 12 no anya ahofadi afi nkoasom mu wɔ Misraim. Saa bere yi na wɔadu Bepɔw Sinai ase, na Yehowa hyɛɛ wɔn sɛ wonsi ntamadan a wɔbɛsom wom mfa ɔsom ho nneɛma nsiesie mu. Ná eyi begye nneɛma pii, na wɔtoo nsa frɛɛ ɔman no sɛ wonyi ntoboa.

Saa Israelfo no yɛɛ wɔn ade dɛn? “Na wɔbae, obiara a ne koma kanyan no, ne obiara a ne honhom kaa no, na wɔde [Yehowa, NW] somã afɔrebɔde bae sɛ wɔmfa nyɛ ahyiae ntamadan no ne ɛho nneɛma nyinaa ne ntade kronkron no.” (Exodus 35:21) So ɔman no yii wɔn yam de ayɛyɛde mae? Wɔyɛɛ saa ma ɛboroo so! Wɔde amanneɛbɔ a edi so yi brɛɛ Mose: “Ɔman no ama nea wɔde ba no adɔɔso sen nea ɛbɛso adwuma a [Yehowa, NW] hyɛe sɛ wɔnyɛ no.”—Exodus 36:5.

Saa bere no, na Israelfo sikasɛm te dɛn? Bere tiaa bi a abɛsen no, na wɔyɛ nkoa a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ, a ‘wɔhyɛ wɔn ma wɔyɛ nnwuma a ɛyɛ den,’ ma enti “amanehunu” no maa ‘asetra fonoo wɔn.’ (Exodus 1:11, 14; 3:7; 5:10-18) Enti, ɛda adi sɛ na wonni yiye. Ɛyɛ nokware sɛ Israelfo no de nguan ne anantwi na efii asase a wɔkɔyɛɛ nkoa wɔ so no so. (Exodus 12:32) Nanso na ɛbɛyɛ sɛ ɛnnɔɔso biara, efisɛ wofii Misraim no, ankyɛ na wonwiinwii sɛ wonni nam ne aduan a wobedi.—Exodus 16:3.

Ɛnde, ɛhe na Israelfo no nyaa agude a wɔde mae ma wɔde sii ntamadan no? Efi wɔn kan wuranom, Misrifo no nkyɛn. Bible se: ‘Israelfo no bisabisaa Misrifo hɔ dwetɛ nnwinne ne sika nnwinne ne ntama. Misrifo no de nea wobisae no maa wɔn.’ Ayamye a Misrifo no daa no adi yi mfi Farao na mmom ɛyɛ Yehowa nhyira. Onyankopɔn kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “[Yehowa, NW] maa ɔman no anim baa nyam, Misrifo no anim, na wɔde nea wobisae maa wɔn. Na wɔfow Misrifo.”—Exodus 12:35, 36.

Ɛnde, susuw sɛnea Israelfo tee nka no ho hwɛ. Awo ntoatoaso pii nam nkoasom ne ohia mu ahu amane pii. Afei de, wɔanya ahofadi na wɔwɔ ahode pii. Wɔbɛte nka dɛn wɔ saa ahode a na wɔde bi bɛma no ho? Na wobetumi ate nka sɛ ɛyɛ ade a wonyae na wɔwɔ hokwan sɛ wɔfa. Nanso, bere a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wonyi sika mmoa ɔsom kronn no, wɔyɛɛ saa—ɛnyɛ ɔhyɛ anaa amemenemfe mu! Wɔn werɛ amfi sɛ Yehowa na ɔma wonyaa saa nneɛma no. Enti wɔde wɔn sika ne dwetɛ ne nguan pii mae. Na wɔwɔ ‘koma a ɛpɛ.’ Wɔn ‘koma kaa wɔn.’ ‘Wɔn honhom kaa wɔn.’ Ɛyɛ ‘ayɛyɛde a wofii wɔn pɛ mu de maa Yehowa’ ampa.—Exodus 25:1-9; 35:4-9, 20-29; 36:3-7.

Ɔpɛ Mu a Wofi Ma Ade

Ɛnyɛ ntoboa bi kɛse na ɛkyerɛ sɛnea ɔdemafo no ayamye te ankasa. Bere bi Yesu Kristo hwɛɛ nkurɔfo a na wɔde sika regu asɔrefie tow adaka mu. Ankorankoro a wɔyɛ adefo de sika pii guu mu, nanso Yesu ani gyei bere a ohuu okunafo hiani bi sɛ ɔde dwetɛ sika a ɛnsom bo biara guu adaka no mu no. Ɔkae sɛ: “Okunafo hiani yi de bebree abegu mu sen wɔn nyinaa. . . . Ofi ne hia mu de n’asetrade a ɔwɔ nyinaa na abegu mu.”—Luka 21:1-4; Marko 12:41-44.

Asɛm a Paulo ka kyerɛɛ Korintofo no ne aba a ɛwɔ Yesu asɛm no mu hyia. Bere a ɛbae sɛ wobeyi ntoboa ama mfɛfo gyidifo no, Paulo kae sɛ: “Na sɛ koma a ɛpɛ wɔ hɔ a, ɛsɔ ani, sɛnea onii no wɔ ade, na ɛnyɛ sɛnea onni.” (2 Korintofo 8:12) Yiw, ntoboa a woyi nyɛ akansi anaa ade a wɔde toto afoforo de ho. Nea obi wɔ na ɔde ma, na Yehowa ani gye komam a wofi yɛ ade ho.

Ɛwom sɛ obiara ntumi mma Yehowa a nneɛma nyinaa yɛ ne de no nnya ne ho de, nanso ntoboa a woyi yɛ hokwan a asomfo nya de da ɔdɔ a wɔwɔ ma no adi. (1 Beresosɛm 29:14-17) Ntoboa a woyi a ɛnyɛ sɛ wɔreyɛ ama afoforo ahu anaasɛ pɛsɛmenkominya adwene bi nti na wɔyɛ saa, na mmom nea oyi no kura adwempa na ɔde rema ɔsom kronn anya nkɔso no de anigye ne Onyankopɔn nhyira ba. (Mateo 6:1-4) Yesu kae sɛ: “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.” (Asomafo no Nnwuma 20:35) Yebetumi anya saa anigye no bi denam yɛn ahoɔden a yɛde bɛyɛ ade wɔ Yehowa som mu na yɛayi biribi asie de aboa nokware som ne wɔn a wɔfata so.—1 Korintofo 16:1, 2.

Ɔpɛ Mu a Wofi Ma Ade Nnɛ

Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo ani gye sɛ wohu sɛ wiase nyinaa “ahenni ho asɛmpa yi” ka renya nkɔanim. (Mateo 24:14) Afeha a ɛto so 20 no mfe du a etwa to mu no, nnipa bɛboro 3,000,000 bɔɔ asu de yɛɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa Nyankopɔn ho sɛnkyerɛnne, na wɔhyehyɛɛ asafo foforo bɛyɛ 30,000. Yiw, wɔhyehyɛɛ Yehowa Adansefo asafo horow a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu nkyem abiɛsa mu biako wɔ mfe du a etwaam no mu! Nkɔanim yi mu dodow no ara fi Kristofo mmarima ne mmea anokwafo a wɔde wɔn bere ne wɔn ahoɔden yɛɛ adwumaden kɔɔ wɔn afipamfo nkyɛn kɔkaa Yehowa atirimpɔw ho asɛm kyerɛɛ wɔn no. Nkɔanim no bi nso fi asɛmpatrɛwfo, a wofii wɔn kurom tutuu akwan kɔɔ akyirikyiri nsase so kɔboae ma wɔyɛɛ Ahenni asɛnka adwuma no. Nkɔanim no ama wɔahyehyɛ amansin foforo, a ama abehia sɛ wɔpaw amansin so ahwɛfo foforo. Afei nso, ɛho abehia sɛ wotintim Bible pii ma wɔde yɛ asɛnka ne kokoam adesua. Ɛho abehia sɛ wotintim nhoma pii. Na wɔretrɛw baa dwumadibea adan mu anaa wɔresi akɛse asi dedaw a esusua no ananmu. Ntoboa a Yehowa nkurɔfo fi wɔn pɛ mu yi na ama yɛatumi adi ahiade a abɛka ho yi ho dwuma.

Ahenni Asa Pii Ho Abehia

Ahiade soronko a abɛda adi denam Yehowa Adansefo dodow a anya nkɔanim so ne Ahenni Asa. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ afe 2000 mfiase no daa no adi sɛ yehia Ahenni Asa bɛboro 11,000 wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔanim, na wonni sika pii no mu. Fa Angola sɛ nhwɛso. Ɛmfa ho amanko a ɛrekɔ so no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, saa ɔman no renya Ahenni adawurubɔfo nkɔanim ɔha mu nkyem 10 afe biara. Nanso asafo 675 a ɛwɔ Afrika man kɛse yi mu dodow no ara hyiam wɔ petee mu. Ahenni Asa 22 pɛ na ɛwɔ ɔman no mu, na emu 12 pɛ na wɔde biribi akuru so.

Tebea a ɛte saa ara wɔ Democratic Republic of Congo. Ɛwom sɛ asafo ahorow 300 na ɛwɔ ahenkurow Kinshasa mu de, nanso Ahenni Asa a ɛwɔ hɔ yɛ du pɛ. Ɔman mũ no nyinaa hia Ahenni Asa 1,500 anim anim yi ara. Esiane nkɔanim a ɛba ntɛmntɛm wɔ Europa Apuei fam nti, amanneɛbɔ ba sɛ Russia ne Ukraine nyinaa hia Ahenni Asa ɔhaha pii. Brazil ma yehu nkɔso a ɛreba ntɛmntɛm wɔ Latin America, faako a Adansefo bɛboro mpem ahanum wɔ, na wohia Ahenni Asa pii no.

Nea ɛbɛyɛ na wɔadi aman a ɛtete sɛɛ ahiade ho dwuma no, Yehowa Adansefo reyɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔasisi Ahenni Asa ntɛmntɛm. Wiase nyinaa nuayɛkuw no na wotua adwuma yi ho ka, sɛnea ɛbɛyɛ a asafo ahorow a wodi hia koraa no betumi anya beae a ɛfata a wobetumi ahyiam asom.

Sɛnea na ɛte wɔ tete Israel no, yebetumi ayɛ pii efisɛ Kristofo komapafo de ‘wɔn ahonyade hyɛɛ Yehowa anuonyam.’ (Mmebusɛm 3:9, 10) Yehowa Adansefo Sodikuw no pɛ sɛ wɔde hokwan yi de aseda kɛse ma obiara a ne koma aka no ma wanya ntoboa a woyi yi mu kyɛfa bi no. Na yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa honhom bɛkɔ so aka ne nkurɔfo koma ma wɔaboa ma yɛanya nea yɛde bɛyɛ Ahenni adwuma a ɛrenya nkɔanim bere nyinaa no.

Bere a yenya nkɔanim wɔ wiase nyinaa no, ɛmmra sɛ yɛbɛkɔ so ahwehwɛ hokwan a yɛde bɛkyerɛ anigye ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛde yɛn ahoɔden, yɛn adagyew, ne yɛn ahode bɛma de aboa. Na ɛmmra sɛ yebenya anigye ankasa a efi ɔma honhom a ɛte saa mu ba no.

[Adaka wɔ kratafa 29]

“MOMFA NNI DWUMA NYANSAM!”

“Madi mfe du. Mede sika yi remena na moatumi de atɔ krataa anaa biribi foforo biara a mode bɛyɛ nhoma.”—Cindy.

“Ɛyɛ me anigye sɛ mede sika yi remena na mode ayɛ nhoma pii ama yɛn. Minyaa sika fii adwuma a meboaa me papa ma ɔyɛe mu. Enti momfa nni dwuma nyansam!”—Pam, mfe ason.

“Ahum a etui no maa me werɛ howee. Migye di sɛ biribiara anyɛ mo. Sika [$2, U.S.] a mewɔ wɔ me susu adaka mu nyinaa ni.”—Allison, mfe anan.

“Wɔfrɛ me Rudy, na madi mfe 11. Me nuabarima Ralph adi mfe asia. Na me nuabea Judith adi mfe abien ne fã. Yɛde asram asia ato susu a yɛde bɛboa yɛn nuanom [a wɔwɔ ɔko nsase so]. Yetumi de dɔla 20 na esiei, na ɛno na yɛde remena mprempren yi.”

“Midi anuanom [a ahum a etui no kaa wɔn] no ho yaw pii. Minyaa dɔla 17 fii adwuma a me ne me papa yɛe mu. Ɛnyɛ biribi pɔtẽẽ bi nti na mede sika yi remena, enti migyaw ho asɛm ma mo.”—Maclean, mfe awotwe.

[Adaka wɔ kratafa 31]

Akwan a Ebinom Fa So Yi

NTOBOA MA WIASE NYINAA ADWUMA NO

Nnipa pii yi sika to hɔ a wɔde kɔto ntoboa nnaka a wɔakyerɛw ho “Ntoboa Ma Asafo ti no Wiase Nyinaa Adwuma No​—Mateo 24:​14,” no mu. Ɔsram biara, asafo ahorow de sika yi mena wiase nyinaa dwumadibea ti wɔ Brooklyn, New York, anaa wɔn man mu baa dwumadibea.

Wubetumi de sika ntoboa a wufi wo pɛ mu de ma nso amena Treasurer’s Office, Watch ­Tower ­Bible and Tract Society of Pennsylvania, 25 Columbia Heights, Brooklyn, New York 11201-2483 tẽẽ, anaa Asafo ti no baa dwumadibea a ɛhwɛ wo man no dwumadi so. Wubetumi de agude anaa nneɛma foforo a ɛsom bo nso ama. Ɛsɛ sɛ wode krataa tiawa bi a ɛkyerɛ sɛ eyi yɛ akyɛde ­koraa ka ntoboa yi ho.

NTOBOA A WƆDE MA KOSI BERE BI HO NHYEHYƐE

Obi betumi de sika ama Ɔwɛn Aban Asafo no, na wɔayɛ nhyehyɛe soronko bi wɔ ho sɛ sɛ ɛba sɛ ehia nea ɔde mae no a, wɔbɛsan de n’ade ama no. Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, yɛsrɛ sɛ wo ne Treasurer’s Office no nni nkitaho denam address a yɛaka ho asɛm dedaw no so.

ADƆE HO NHYEHYƐE

Nea ɛka sika a wɔde kyɛ koraa ne ntoboa a nhyehyɛe bi bata ho ho no, akwan foforo wɔ hɔ a wubetumi afa so ayi bi ama de aboa wiase nyinaa Ahenni adwuma no. Nea ɛka eyinom ho ni:

Insurance: Obi betumi ayɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde ne insurance sika anaa sika a sɛ ogyae adwuma anaa ɔkɔ pɛnhyɛn a, wɔde bɛma no no ama Ɔwɛn Aban Asafo no.

Sika a Wɔasie Wɔ Sikakorabea: Obi betumi de sika a wasie wɔ sikakorabea, sika kɛse a ɛda sikakorabea ho adanse krataa, anaa sika a sɛ ogyae adwuma a wobetua ama no ato hɔ ama Ɔwɛn Aban Asafo no ahwɛ so anaa sɛ owu a wɔatua ama Ɔwɛn Aban Asafo no, sɛnea ɛne ne man mu sikakorabea ahwehwɛde horow hyia.

Adwuma mu Kyɛfa ne Sika a Wɔde Bɔ Bosea: Obi betumi de adwuma bi mu kyɛfa a ɔwɔ ne sika a ɔde abɔ bosea a wɔbɛsan atua ama no no ama Ɔwɛn Aban Asafo no sɛ akyɛde koraa.

Adan ne Nsase: Obi betumi de adan anaa nsase a wotumi tɔn ama Ɔwɛn Aban Asafo no sɛ akyɛde koraa anaasɛ wobetumi ayɛ ho nhyehyɛe wɔ ɔkwan a ɛbɛma nea ɔde mae no akɔ so atra mu bere a ɔte nkwa mu so. Ɛsɛ sɛ obi ne Asafo ti no di nkitaho ansa na wadan adan anaa asase biara ama Asafo ti no.

Nsamansew ne Sika a Wɔde Sie Ma Wɔhwɛ So: Obi betumi de agyapade anaa sika ama Ɔwɛn Aban Asafo no denam mmara kwan so nsamansew so, anaa obetumi ayɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde sika bi a ɔde asie sɛ wɔnhwɛ so no ama Asafo ti no. Wotumi tew tow a wotua wɔ sika a wɔde asie sɛ wɔnhwɛ so a wɔde ma nyamesom ahyehyɛde bi ho no so.

Sɛnea “adɔe tirimbɔ” kyerɛ no, nea ntoboayi a ɛtete saa yi hwehwɛ ankasa ne sɛ nea ɔde ma no bɔ ne tirim wɔ nneɛma bi ho. Nea ɛbɛyɛ na wɔaboa ankorankoro a wɔpɛ sɛ wɔboa Asafo ti no denam adɔe tirimbɔ bi so no, Asafo ti no asiesie Engiresi ne Spania kasa mu nhomawa bi a wɔato din Chari­table Planning to Benefit Kingdom Service Worldwide. Wɔkyerɛw nhomawa no de dii nsɛmmisa pii a Asafo ti no nsa aka afa akyɛde, nsamansew, ne sika a wɔde sie ma wɔhwɛ so ho no ho dwuma. Ɛsan kura nsɛm foforo a mfaso wɔ so a ɛfa adan ne nsase, sikasɛm, ne towtua ho nhyehyɛe ho. Na wɔayɛ na aboa ankorankoro a wɔwɔ United States a wɔpɛ sɛ wɔma Asafo ti no akyɛde soronko nnɛ anaa wɔpɛ sɛ sɛ wowu a, wogyaw Asafo ti no ade no na wɔapaw akwan a edi mũ a mfaso wɔ so sen biara a wɔbɛfa so ayɛ saa bere a wosusuw wɔn mmusua ne wɔn ankasa nsɛm tebea ho no. Wubetumi anya saa nhomawa yi bi denam Charitable Planning Office a wubebisa afi wɔn hɔ tẽẽ no so.

Bere a nnipa pii akenkan nhomawa no na wɔne wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ Charitable Planning Office adi nkitaho no, wɔatumi aboa Asafo ti no, na bere koro ara no, wɔanya saa a wɔayɛ no ho mfaso kɛse wɔ towtua a wɔatew so no ho. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ ­Charitable Planning Office no amanneɛ wɔ nhyehyɛe yi mu biara ho, na wɔkɔma wɔn ho nkrataa biara a ɛho hia. Sɛ w’ani gye nhomawa no anaa tirimbɔ nhyehyɛe yi biara ho a, wubetumi afa nkrataa-kyerɛw anaa telefon so de address a ɛwɔ ase hɔ no anaa Asafo ti no baa dwumadibea a ɛhwɛ wo man no dwumadi so no, ne Charitable Planning Office no adi nkitaho.

CHARITABLE PLANNING OFFICE

Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania

100 Watchtower Drive, Patterson, New York 12563-9204

Telephone: (845) 306-0707