Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn na Wugyina So Bu Yiyedi?

Dɛn na Wugyina So Bu Yiyedi?

Dɛn na Wugyina So Bu Yiyedi?

NSƐM asekyerɛ nhoma biako kyerɛ yiyedi ase sɛ, “ahonyade, ɔdom, anaa anuonyam a obi benya.” So ɛno yɛ nkyerɛkyerɛmu a edi mũ? So ahonyade, ɔdom, anaa anuonyam nkutoo ne nneɛma a wɔde susuw yiyedi? Ansa na wubebua no, susuw eyi ho hwɛ: Yesu Kristo annya honam fam ahonyade biara wɔ n’asetra mu. Wɔannya nnipa pii anim dom; na saa ara nso na ne bere sofo a na wɔkyerɛ dibea no ammu no nnipa mũ biara. Nanso Yesu yɛ ɔbarima a esii no yiye. Dɛn ntia?

Bere a na Yesu wɔ asase so no, na ɔyɛ “ɔdefo Onyankopɔn fam.” (Luka 12:21) Bere a ɔsɔre fii awufo mu akyi no, Onyankopɔn maa no akatua denam “anuonyam ne nidi” a ɔde bɔɔ no abotiri so. Yehowa maa ne ba “no so kɛse, na wadom ama no din a edi din nyinaa so.” (Hebrifo 2:9; Filipifo 2:9) Yesu asetra maa Yehowa koma tɔɔ ne yam. (Mmebusɛm 27:11) Esii no yiye wɔ n’asase so asetra mu efisɛ odii n’atirimpɔw ho dwuma. Yesu yɛɛ Onyankopɔn apɛde na ɛde anuonyamhyɛ maa Ne din no. Ɛno nti Onyankopɔn nso dii Yesu ni denam ahode, ɔdom, ne anuonyam bi a nhomanimfo, amammuifo, anaa agumadi mu dɔmmarima biara rentumi nnya bi da a ɔde maa no so. Nokwarem no, Yesu ne ɔbarima a esii no yiye sen onipa biara a watra asase yi so pɛn.

Kristofo awofo nim sɛ, sɛ wɔn mma nkumaa di Kristo anammɔn akyi, na wɔbɛyɛ adefo wɔ Onyankopɔn anim sɛnea na Yesu te no a, wobenya nhyira kɛse mprempren na wɔanya akatua a ɛso bi nni wɔ nneɛma nhyehyɛe a ɛreba no mu. Ɔkwan pa biara nni hɔ a mmofra betumi afa so adi Kristo anammɔn akyi sen sɛ—sɛ ɛbɛyɛ yiye a—wɔbɛyɛ adwuma a Yesu yɛe no bi—denam wɔn ho a wɔde bɛhyɛ bere nyinaa som adwuma mu no so.

Nanso wɔ mmeae bi no, ɛnyɛ tebea a ɛwɔ hɔ ne sɛ mmofra de bere nyinaa som adwuma no bɛto wɔn ho so. Sɛ aberante wie sukuu a, wɔhwɛ kwan sɛ ebia obenya adwuma a ɔde bere nyinaa bɛyɛ, aware, na wɔabɔ bra. Ɛtɔ mmere bi a mmofra a wɔanya saa ntetee yi di mfomso twe san sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ bere nyinaa som adwuma no mu. (Mmebusɛm 3:27) Dɛn ntia? Esiane nhyɛso nti, wogyae wɔn ho mu ma amammerɛ a ɛwɔ so no. Saa na ɛtoo Robert. *

Bere a Amammerɛ ne Ahonim Di Asi

Wɔtetee Robert sɛ Yehowa Dansefo. Wɔ ne mpanyin mfe mu no, na n’abrabɔ ne nnamfo a ɔpaw mfata. Ne ho asɛm fii ase haw ne maame. Enti ɔka kyerɛɛ ɔkwampaefo, Yehowa Adansefo bere nyinaa somfo bi sɛ ɔnhyɛ no nkuran. Robert kyerɛkyerɛ nea esii no mu.

“Nokwarem no, m’ani sɔɔ anigye a onua kwampaefo no kyerɛe wɔ me ho no. Ne nhwɛso pa no maa mede yɛɛ me botae sɛ, sɛ miwie sukuu pɛ a mɛyɛ ɔkwampaefo. Eyi san haw Maame bio—nanso na ɛyɛ biribi foforo bi ntia. Wunim, wɔ yɛn amammerɛ mu no, sɛ ɔbea wie sukuu pɛ na sɛ ɔyɛ akwampae adwuma a, asɛm biara nni ho, nanso wɔhwɛ kwan sɛ abarimaa benya sika ansa na wasusuw akwampae adwuma ho.

“Minyaa adwuma, na mifii m’ankasa adwuma ase. Ankyɛ na mede me ho hyɛɛ adwuma no mu fee a na mekɔ nhyiam ne asɛnka ara kwa. M’ahonim haw me—na minim sɛ metumi asom Yehowa asen saa. Nanso na ɛyɛ ɔko ankasa ma me sɛ mɛtwe me ho afi nea afoforo hwehwɛ afi me hɔ no ho, nanso ɛyɛ me anigye sɛ meyɛe. Mprempren maware, na me ne me yere akɔ so ayɛ akwampaefo mfe abien ni. Nnansa yi ara wɔpaw me sɛ asafo mu somfo wɔ asafo no mu. Mprempren metumi aka no nokwarem sɛ mete abotɔyam nka sɛ mifi koma nyinaa mu de m’ahoɔden resom Yehowa sɛnea metumi.”

Saa nsɛmma nhoma yi akɔ so ahyɛ mmofra nkuran sɛ—sɛ ebetumi a bere a wɔda so ara wɔ sukuu mu no—wonsua nsaanodwuma anaa adwuma bi a mfaso wɔ so. Botae no ne dɛn? Sɛ́ wobenya wɔn ho? Dabi. Ade titiriw a enti wɔyɛ saa ne sɛ wobetumi ahwɛ wɔn ho yiye sɛ mpanyimfo na wɔasom Yehowa sɛnea wobetumi biara, titiriw wɔ bere nyinaa som adwuma no mu. Ɛtaa ba sɛ mmerante ne mmabaa de wɔn ho hyɛ honam fam adwuma mu araa ma ɔsom adwuma no bɛyɛ te sɛ nea ɛho nhia titiriw biara. Ebinom nnwen ho mpo sɛ wɔbɛyɛ bere nyinaa som adwuma no bi. Dɛn nti na ɛte saa?

Robert nsɛm no ma yehu asɛm no ho biribi. Bere a Robert suaa n’adwuma wiei no, ofii adwuma ase. N’ani baa ne ho so no, na ɔde ne ho ahyɛ adwuma a na egye ne bere nanso ɛmfa no nkosi baabiara no mu. Ná ne botae ne sɛ obedi yiye. Nanso so obi wɔ Kristofo asafo no mu anaa akyi a wɔatumi adu saa botae no ho pɛn? Ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ mmɔden sɛ wobegye sika fam asɛyɛde a ɛda wɔn so no atom, na wɔabɔ mmɔden ahwɛ wɔn sikasɛm yiye; nanso ɛsɛ sɛ wohu nso sɛ wɔ saa mmere a emu yɛ den yi mu no, nnipa kakraa bi na wotumi du baabi a wɔka sɛ wɔanya wɔn ho. Ɛno nti na Yesu bɔhyɛ a wɔakyerɛw wɔ Mateo 6:33 no yɛ awerɛkyekye ma Kristofo no.

Robert ani gye sɛ osii gyinae sɛ obedi nea ne koma pɛ akyi sen sɛ anka ɔbɛma amammerɛ ahyɛ ne so. Ɛnnɛ, ɔrenya bere nyinaa som adwuma no mu anigye. Yiw, bere nyinaa som adwuma no yɛ adwuma a nidi wom. Robert ani gye. Sɛnea ɔka no no, wanya anigye wɔ n’asetra mu efisɛ ‘ɔde n’ahoɔden nyinaa’ resom Yehowa.

Fa Wo Dom Akyɛde Di Dwuma Yiye

Nkurɔfo a wɔwɔ ɔdom akyɛde pii wɔ Yehowa Adansefo mu. Ebinom wɔ nhomasua ho nimdeɛ soronko; ebinom nso ho akokwaw wɔ ahoɔden nnwuma mu. Saa akyɛde yi nyinaa fi Yehowa, a “ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ɔhome ne ade nyinaa” no hɔ. (Asomafo no Nnwuma 17:25) Sɛ yenni nkwa a, saa akyɛde ahorow yi nyinaa bɛyɛ ɔkwa.

Enti ɛfata sɛ yɛde yɛn nkwa a yɛahyira so no di dwuma wɔ Yehowa som mu. Saa na aberante bi a na ɔwɔ ɔdom akyɛde bi sii gyinae sɛ ɔbɛyɛ. Ɔtraa ase wɔ afeha a edi kan Y.B. mu. Ná ofi abusua a agye din mu, na ɔtraa kurow bi a na agye din yiye Tarso, a ɛwɔ Kilikia mu bere a na ɔyɛ aberante no. Ɛwom sɛ na ɔyɛ Yudani de, nanso ɔnam n’agya so yɛɛ Romani. Ɛno maa onyaa hokwan pii. Bere a onyinii no, osuaa Mmara wɔ saa bere no mu “ɔbenfo” a na onim mmara sen biara—Gamaliel nan ase. Sɛnea na ɛte no, ná ɛrenkyɛ na wɔanya ‘ahode, anuonyam, ne din.’—Asomafo no Nnwuma 21:39; 22:3, 27, 28.

Hena ne saa aberante yi? Ná ne din de Saulo. Nanso Saulo bɛyɛɛ Kristoni na bere bi akyi no ɔbɛyɛɛ ɔsomafo Paulo. Ɔde ne kan botae no too hɔ na ɔde n’asetra nyinaa yɛɛ Yehowa adwuma sɛ Kristoni. Paulo annye din sɛ mmaranimfo a ɔda nsow, na mmom sɛ ɔsɛmpakafo a ɔyɛ nnam. Bere a Paulo de mfe bɛyɛ 30 ayɛ ɔsɛmpatrɛwfo akyi no, ɔkyerɛw krataa kɔmaa ne nnamfo a na wɔwɔ Filipi. Otii nneɛma ahorow bi a na wayɛ bere bi a atwam ansa na ɔrebɛyɛ Kristoni no mu, na ɔkae sɛ: “[Yesu Kristo] nti na mehweree nneɛma no nyinaa na mibu no sɛ sumina so ade, na Kristo ayɛ me mfaso.” (Filipifo 3:8) Dabi, Paulo annu ne ho wɔ sɛnea ɔde ne nkwa dii dwuma no ho!

Na ntetee a Paulo nya fii Gamaliel hɔ no nso ɛ? So ɛso baa no mfaso? Yiw! Mpɛn pii no, ɔboae wɔ “asɛmpa no ho anoyi ne nsɛmmoafoa mu.” Nanso na Paulo adwuma titiriw ne sɛ ɔbɛka asɛmpa no—biribi a anka na ne kan nhomasua ntumi nkyerɛkyerɛ no da.—Filipifo 1:7; Asomafo no Nnwuma 26:24, 25.

Saa ara na nnɛ, ebinom atumi de wɔn dom akyɛde ahorow a wɔn nhomasua mpo ka ho aboa atrɛw Ahenni nneɛma mu. Sɛ nhwɛso no, Amy kura sukuupɔn digrii wɔ aguadi ne mmara ho. Bere bi onyaa adwuma a sika wom wɔ mmaranimfo adwuma bi mu, nanso ɛnnɛ ɔsom sɛ obi a wɔatu ne ho ama a wontua no ka wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea bi mu. Mprempren sɛnea Amy ka n’asetra ho asɛm ni: “Migye di sɛ masi gyinae pa wɔ asetra mu. . . . Minni ɔpɛ biara sɛ me ne me sukuupɔn atipɛnfo no mu biara bɛsesa dibea. M’ani gye ɔkwan a mafa so no ho. Mewɔ biribiara a mihia ne nea mehwehwɛ—asetra a ɛyɛ anigye ne adwuma a ɛma abotɔyam.”

Amy paw nea ɛde asomdwoe, akomatɔyam, ne Yehowa nhyira brɛɛ no sɛ n’adwuma. Akyinnye biara nni ho sɛ Kristofo awofo pɛ sɛ wɔn mma nya eyi!

Kristofo Som Adwuma no Mu Yiyedi

Nokwarem no, ehia sɛ yenya yiyedi ho adwempa wɔ Kristofo som adwuma no mu ankasa. Ɛnyɛ den sɛ yɛbɛte nka sɛ yɛredi yiye bere a yɛanya anigye wɔ asɛnka mu, ama nhoma a wɔde sua Bible anaa yɛne afiewuranom anya Bible mu nkɔmmɔbɔ a ɛkanyan adwene no. Nanso sɛ yɛntaa nnya atiefo a, ebia ɛbɛsɔ yɛn ahwɛ ma yɛaka sɛ yɛresɛe yɛn bere. Nanso kae sɛ, nkyerɛkyerɛmu biako a wɔde mae wɔ yiyedi ho ne sɛ ‘wubenya ɔdom.’ Hena anim dom na yɛpɛ sɛ yenya? Ɛyɛ Yehowa. Yɛn nsa betumi aka eyi ɛmfa ho sɛ ebia nkurɔfo tie yɛn anaasɛ wontie no. Yesu kyerɛɛ n’asuafo no asuade titiriw bi wɔ eyi fam.

Wobɛkae sɛ Yesu somaa Ahenni ho asɛnkafo 70 “kɔɔ kurow biara ne baabiara a ɔno ankasa rebɛkɔ hɔ.” (Luka 10:1) Ná ɛsɛ sɛ wɔka asɛmpa no wɔ nkurow ne nkuraase a na Yesu nka wɔn ho. Ná eyi yɛ ade foforo koraa ma wɔn. Ne saa nti Yesu maa wɔn akwankyerɛ pii ansa na ɔresoma wɔn akɔ. Sɛ wɔto “asomdwoe ba” a, na ɛsɛ sɛ wodi Ahenni no ho adanse fefeefe kyerɛ no. Nanso sɛ wɔannye wɔn a, na ɛsɛ sɛ wɔkɔ wɔn kwan a wɔmma biribiara nhaw wɔn. Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔn a wontie wɔn no repo Yehowa ankasa.—Luka 10:4-7, 16.

Bere a nnipa 70 no wiee wɔn asɛnka dwumadi no, wɔde ‘anigye san bae bɛka kyerɛɛ Yesu sɛ: Awurade, wo din nti ahonhommɔne po abrɛ wɔn ho ase ama yɛn.’ (Luka 10:17) Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ no nwonwa sɛ wɔatumi atu honhom abɔde a wɔwɔ tumi! Nanso Yesu bɔɔ n’asuafo a wɔyɛ nnam yi kɔkɔ sɛ: ‘Mommma mo ani nnnye sɛ ahonhom abrɛ wɔn ho ase ama mo; na mmom mo ani nnye sɛ wɔakyerɛw mo din wɔ ɔsoro.’ (Luka 10:20) Ná ɛnyɛ bere nyinaa na nnipa 70 no betumi atu ahonhommɔne, anaa biribi pa bi befi wɔn som adwuma no mu aba. Nanso sɛ wodi nokware bere nyinaa a, na wobenya Yehowa anim dom.

So Wokyerɛ Bere Nyinaa Asomfo Ho Anisɔ?

Aberante bi ka kyerɛɛ Kristoni ɔpanyin bi sɛ: “Sɛ miwie ntoaso sukuu a, mɛbɔ mmɔden ahwehwɛ adwuma. Sɛ mannya adwuma a, ɛnde mesusuw ho de me ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no fã bi mu.” Ɛnyɛ eyi ne nnipa pii a wɔyɛ akwampae adwuma no nsusuwii. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔayɛ akwampae adwuma no nti, ebinom agyae wɔn adwuma a sika wom ato hɔ. Afoforo apo nhomasua hokwan ahorow a etu mpɔn. Te sɛ ɔsomafo Paulo no, wɔde nneɛma abɔ afɔre, nanso te sɛ Paulo, Robert, ne Amy no, wonnuu wɔn ho wɔ nea wɔapaw no ho. Wɔn ani sɔ hokwan a wɔanya sɛ wɔde wɔn dom akyɛde reyi Yehowa, a ɔfata nea ɛsen biara a wobetumi de ama no no ayɛ.

Esiane nsɛm tebea ahorow bi nti, Yehowa Adansefo anokwafo pii ntumi nyɛ akwampae adwuma no bi. Ebia wɔwɔ Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde ahorow a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma. Ne nyinaa mu no, sɛ wɔde wɔn ‘koma, wɔn kra, ne wɔn adwene nyinaa’ resom Onyankopɔn a, Yehowa ani sɔ wɔn. (Mateo 22:37) Ɛwom sɛ wɔn ankasa ntumi nyɛ akwampae adwuma no bi de, nanso wohu sɛ wɔn a wɔyɛ akwampae adwuma no apaw adwuma pa.

Ɔsomafo Paulo kyerɛw sɛ: “Monnyɛ mo ho sɛ wiase yi.” (Romafo 12:2) Nea ɛne Paulo afotu yi hyia no, ɛnsɛ sɛ yɛma amammerɛ anaa nneɛma nhyehyɛe yi gyinapɛn kɛntɛn yɛn adwene so. Sɛ́ ebia wubetumi ayɛ ɔkwampaefo anaa wuntumi nyɛ no, ma Yehowa som adwuma nyɛ ade titiriw wɔ w’asetra mu. Ebesi wo yiye bere dodow a wunya Yehowa anim dom no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Wɔasesa din ahorow no.

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Mma adwuma a ebegye wo bere nanso ɛmfa wo nkosi baabiara nnnye w’adwene