Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Adwene Wɔ Abrabɔ Fam Ahotew Ho

Onyankopɔn Adwene Wɔ Abrabɔ Fam Ahotew Ho

Onyankopɔn Adwene Wɔ Abrabɔ Fam Ahotew Ho

“Me [Yehowa, “NW”], wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so.”—YESAIA 48:17.

1, 2. (a) Ɔkwan bɛn so na nnipa dodow no ara bu ɔbarima ne ɔbea nna? (b) Ɔbarima ne ɔbea nna ho adwene bɛn na Kristofo wɔ?

ƐNNƐ, wɔ asase so mmeae pii no, wobu abrabɔ fam nneyɛe sɛ ankorankoro asɛm. Nkurɔfo bu nna mu nkitahodi sɛ ɔkwan a wɔfa so da ɔdɔ adi a wobetumi de wɔn ho ahyɛ mu bere biara a wɔpɛ, na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ biribi a awarefo nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ mu. Wɔte nka sɛ sɛ ɛrempira obiara a, ɛnde mfomso biara nni ho sɛ obi besi sɛnea ɛsɛ sɛ ɔyɛ n’ade ho gyinae. Wɔn fam no, ɛnsɛ sɛ wobu nkurɔfo atɛn wɔ abrabɔ fam nneyɛe ho, titiriw nea ɛfa ɔbarima ne ɔbea nna ho.

2 Ɛsono wɔn a wɔahu Yehowa no adwene. Wɔde anigye di Kyerɛwnsɛm no akwankyerɛ akyi, efisɛ wɔdɔ Yehowa na wɔpɛ sɛ wɔsɔ n’ani. Wonim sɛ Yehowa dɔ wɔn na ɔma wɔn akwankyerɛ a eye ma wɔn, akwankyerɛ a ɛso wɔ mfaso ma wɔn ankasa na ɛma wɔn ani gye. (Yesaia 48:17) Esiane sɛ Onyankopɔn ne Nkwamafo nti, ntease wom sɛ wɔhwehwɛ n’akwankyerɛ wɔ sɛnea wɔde wɔn nipadua di dwuma ho, titiriw wɔ asɛm a ɛne nkwa a wɔde ma wɔ abusuabɔ paa yi mu.

Akyɛde a Efi Ɔbɔadeɛ a Ɔwɔ Dɔ Nkyɛn

3. Dɛn na wɔakyerɛkyerɛ Kristoman mufo pii afa nna mu nkitahodi ho, na ɔkwan bɛn so na yebetumi de ɛno atoto nea Bible kyerɛkyerɛ ho?

3 Nea ɛne nnɛyi wiase nsusuwii bɔ abira no, Kristoman mufo binom akyerɛkyerɛ sɛ nna mu nkitahodi yɛ aniwude, ɛyɛ bɔne, ne sɛ “bɔne a edi kan” a wɔyɛe wɔ Eden turom no yɛ daa a Hawa daadaa Adam ma wɔdae. Nsusuwii a ɛte saa ne nea Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu ka no nhyia. Bible kyerɛwtohɔ frɛ nnipa baanu a wodi kan no “onipa no ne ne yere.” (Genesis 2:25) Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnwo: “Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma.” (Genesis 1:28) Ɛbɛyɛ nea ntease nnim sɛ Onyankopɔn bɛka sɛ Adam ne Hawa nwo na afei watwe wɔn aso sɛ wɔadi saa ahyɛde no ho dwuma.—Dwom 19:8.

4. Dɛn nti na Onyankopɔn maa nnipa nna ho tumi?

4 Yehu nna mu nkitahodi ho atirimpɔw titiriw wɔ ahyɛde a wɔde maa yɛn awofo a wodi kan, na wɔsan tĩĩ mu kyerɛɛ Noa ne ne mma no mu: sɛ́ wɔbɛwo. (Genesis 9:1) Nanso, Onyankopɔn Asɛm da no adi sɛ ɛnyɛ mma a n’asomfo a wɔaware bɛwo nkutoo nti na ɛsɛ sɛ wonya nna mu nkitahodi. Nkitahodi a ɛte saa betumi adi awarefo no nkate ne honam fam ahiade ho dwuma ma ayɛ yiye na ama wɔn ani agye nso. Ɛyɛ ɔkwan a wɔfa so da ɔdɔ a emu yɛ den adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho.—Genesis 26:8, 9; Mmebusɛm 5:18, 19; 1 Korintofo 7:3-5.

Anohyeto Ahorow a Onyankopɔn De Ama

5. Anohyeto ahorow bɛn na Onyankopɔn de ama wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho?

5 Bere a ɔbarima ne ɔbea nna yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ no, ɛnyɛ adeyɛ a anohyeto nnim. Saa nnyinasosɛm yi di dwuma wɔ aware mu mpo. (Efesofo 5:28-30; 1 Petro 3:1, 7) Aware mu nkutoo na wɔma nna mu nkitahodi ho kwan. Bible si asɛm yi so dua pefee. Wɔkae wɔ Mmara a Onyankopɔn de maa Israel man no mu sɛ: “Nsɛe aware.” (Exodus 20:14) Akyiri yi, Yesu de “aguamansɛm,” “ayerefasɛm” ne “adwemmɔne” a efi komam na egu onipa ho fĩ kaa ho. (Marko 7:21, 22) Honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔde afotu maa Kristofo a wɔwɔ Korinto no sɛ: “Munguan aguamammɔ!” (1 Korintofo 6:18) Na Paulo krataa a ɔde kɔmaa Hebrifo no mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Wonni aware ni, ade nyinaa mu, na wonngu aware mpa ho fi; efisɛ nguaman ne awaresɛefo de, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.”—Hebrifo 13:4.

6. Wɔ Bible mu no, asɛmfua “aguamammɔ” fa dɛn ho?

6 Asɛmfua “aguamammɔ” kyerɛ dɛn? Efi Hela asɛmfua por·neiʹa, a ɛtɔ mmere bi a wɔde di dwuma de kyerɛ nna mu kyɛfa a nnipa baanu a wɔnyɛ awarefo nya no. (1 Korintofo 6:9) Wɔ mmeae bi te sɛ Mateo 5:32 ne Mateo 19:9 no, asɛm no kyerɛ nneɛma pii, na ɛfa awaresɛe, mogyafra, ne onipa ne aboa nna ho. Nna mu nneyɛe foforo a ɛkɔ so wɔ nnipa baanu a wɔnyɛ awarefo ntam te sɛ obi barima ho anaa obi ananmu a wɔtaforo ne ne to a wɔfa, anaasɛ n’awode ho a wɔgoro nso betumi ayɛ por·neiʹa. Onyankopɔn Asɛm kasa tia nneyɛe a ɛtete saa nyinaa—sɛ́ wɔyɛ no pɔtee anaasɛ wɔka ho nsɛm.—Leviticus 20:10, 13, 15, 16; Romafo 1:24, 26, 27, 32. *

Onyankopɔn Abrabɔ Ho Mmara so Mfaso a Yebenya

7. Sɛ yɛkɔ so kura abrabɔ fam ahotew mu a, mfaso bɛn na yenya?

7 Ebetumi ayɛ den ama nnipa a wɔnyɛ pɛ sɛ wobedi Yehowa akwankyerɛ a ɛfa nna mu nkitahodi ho no so. Yudani nyansapɛfo a wagye din, Maimonides, a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so 12 mu no kyerɛwee sɛ: “Na nneɛma a wɔabara wɔ Torah [Mose Mmara] no mu biara nni hɔ a ɛsodi yɛ den sɛ nna mu abusude ne wɔn a wɔnyɛ awarefo ntam nna.” Nanso, sɛ yedi Onyankopɔn akwankyerɛ so a, yenya mfaso kɛse. (Yesaia 48:18) Sɛ nhwɛso no, osetie a yɛbɛyɛ wɔ saa asɛm yi mu no bɛbɔ yɛn ho ban afi nyarewa a wonya fi nna mu a wontumi nsa emu bi na etumi kum nnipa no ho. * Ɛbɔ yɛn ho ban fi nyinsɛn a obi nyinsɛn bere a ɔnwaree ho. Onyankopɔn nyansa a yɛde di dwuma nso ma yenya ahonim pa. Saa a yɛyɛ no ma yenya obu ma yɛn ho, na afoforo nso bu yɛn, a wɔn a wɔka ho ne yɛn abusuafo, yɛn aware mu ahokafo, yɛn mma, ne yɛn Kristofo nuanom mmarima ne mmea. Ɛma yenya ɔbarima ne ɔbea nna ho adwene a ɛfata a ɛbɛma yɛanya anigye wɔ aware mu nso. Kristoni bea bi kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn Asɛm mu nokware no ne ahobammɔ a eye sen biara. Meretwɛn ma wɔaware me, na sɛ meware a, m’ani begye sɛ mɛka akyerɛ Kristoni barima a mɛware no no sɛ mansɛe me baabunyɛ.”

8. Akwan bɛn so na yɛn abrabɔ a ɛho tew no ma nokware som nya nkɔso?

8 Yɛnam yɛn abrabɔ a ɛho tew so nso betumi ayɛ pii de abɔ nokware som ho adwene a ɛmfata a nkurɔfo wɔ agu, na atwetwe wɔn aba Onyankopɔn a yɛsom no no nkyɛn. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Mommɔ ɔbra pa amanaman mu, na nea wotwiri mo wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfo no, wɔhwɛ mo nneyɛe pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam, ‘ɔhwɛ da no.’” (1 Petro 2:12) Sɛ wɔn a wɔnsom Yehowa no nhu yɛn abrabɔ a ɛho tew no anaa wɔn ani nnye ho mpo a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ yɛn soro Agya no hu, n’ani gye ho, na n’ani gye mmɔden a yɛbɔ sɛ yebedi n’akwankyerɛ so no ho.—Mmebusɛm 27:11; Hebrifo 4:13.

9. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn akwankyerɛ mu ahotoso, ɛmfa ho sɛ ebia yɛnte nea enti a ɔkyerɛ sɛ yɛnyɛ saa no ase koraa no? Kyerɛkyerɛ mu.

9 Sɛ yɛnte nea enti a Onyankopɔn kyerɛ yɛn kwan sɛnea ɔyɛ no nyinaa ase nwie koraa mpo a, ne mu gyidi a yebenya no kyerɛ ahotoso a yɛwɔ sɛ onim nea eye ma yɛn sen biara. Susuw Mose Mmara no mu nhwɛso bi ho hwɛ. Na wɔn asraafo nsrabɔ ho ahyɛde ahorow no biako hwehwɛ sɛ wɔkata wɔn tiafi so wɔ nsra no akyi. (Deuteronomium 23:13, 14) Ebia Israelfo no ante nea enti a wɔde akwankyerɛ a ɛte saa mae no ase; na ebinom betumi asusuw sɛ ɛho nhia. Nanso, efi saa bere no reba no, wɔnam aduruyɛ mu nimdeɛ so abehu sɛ saa mmara yi boae ma enti efĩ ankɔ wɔn nsu mu, na ɛbɔɔ wɔn ho ban fii nyarewa a nkoekoemmoa de kyinkyin pii ho. Saa ara na, honhom fam, asetram nsɛm, nkate fam, honam fam, ne adwene mu nneɛma bi nti na Onyankopɔn aka sɛ aware mpa so nkutoo na ɛsɛ sɛ wonya nna mu kyɛfa no. Afei momma yensusuw Bible mu nhwɛso kakra a ɛfa wɔn a wokuraa abrabɔ fam ahotew mu ho no ho nhwɛ.

Yosef—Wohyiraa No Wɔ N’abrabɔ Ho

10. Hena na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa Yosef no, na ɔkwan bɛn so na ɔmaa ho mmuae?

10 Ɛda adi sɛ wunim Yosef, Yakob ba no, nhwɛso a ɛwɔ Bible mu no. Bere a odii mfirihyia 17 no na ɔyɛ Potifar, Misraim Farao awɛmfo panyin akoa. Yehowa hyiraa Yosef, na ankyɛ na wɔpaw no sɛ ɔnhwɛ Potifar fie nyinaa so. Bere a Yosef duu ne mfirihyia 20 mu no, na wabɛyɛ obi a “ne ho ne n’anim yɛ fɛ.” Potifar yere ani gyee no ho, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa no. Yosef maa no huu ne gyinabea pefee, kyerɛkyerɛɛ mu sɛ sɛ ɔpene so a ɛnyɛ ne wura nko na wapa no na mmom ‘ɛbɛyɛ bɔne atia Onyankopɔn’ nso. Dɛn nti na Yosef nyaa saa adwene no?—Genesis 39:1-9.

11, 12. Ɛwom sɛ na Onyankopɔn mmara a wɔakyerɛw a ɛbara awaresɛe ne aguamammɔ biara nni hɔ de, nanso ɛbɛyɛ sɛ dɛn nti na Yosef yɛɛ n’ade sɛnea ɔyɛe no?

11 Ɛda adi sɛ, na Yosef gyinaesi no nnyina suro a na osuro sɛ nnipa behu no so. Ná Yosef abusuafo wɔ akyirikyiri, na na ne papa susuw sɛ wawu. Sɛ Yosef de ne ho hyɛɛ nna mu ɔbrasɛe mu a, anka n’abusuafo renhu da. Na ebetumi aba nso sɛ anka Potifar anaa n’asomfo mmarima no renhu, efisɛ na ɛnyɛ mmere nyinaa na wɔwɔ fie. (Genesis 39:11) Nanso, na Yosef nim sɛ wontumi mfa nneyɛe a ɛte saa nsie Onyankopɔn.

12 Ɛbɛyɛ sɛ Yosef susuw nea na onim fa Yehowa ho no ho. Akyinnye biara nni ho sɛ na onim nea na Yehowa aka wɔ Eden turom no: “Ne saa nti na ɔbarima begyaw n’agya ne ne na, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔayɛ ɔhonam koro.” (Genesis 2:24) Afei nso, ɛda adi sɛ na Yosef nim nea na Yehowa aka akyerɛ Filistifo hene a na ɔpɛ sɛ ɔdaadaa Yosef nanabea Sara no. Yehowa ka kyerɛɛ saa ɔhene no sɛ: ‘Hwɛ, ɔbea a woakɔfa no no nti worebewu, efisɛ ɔyɛ ɔbarima bi yere. . . . na me nso misoo wo mu, na woanyɛ me bɔne, ɛno nti na mamma woanka no.’ (Genesis 20:3, 6) Enti bere a na Yehowa mmaa wɔnyɛɛ ne mmara ho kyerɛwtohɔ no, na aware ho adwene a ɔwɔ no mu da hɔ. Yosef abrabɔ ho gyinapɛn ne ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ ɔbɛsɔ Yehowa ani no ma ɔkwatii ɔbrasɛe.

13. Ɛda adi sɛ, dɛn nti na na Yosef ntumi nkwati Potifar yere no?

13 Nanso, Potifar yere no kɔɔ so haw no “daa daa” sɛ ɔne no mmɛda. Dɛn nti na Yosef antwe ne ho amfi ne ho kɛkɛ? Wiɛ, sɛ́ akoa no, na ɔwɔ nnwuma a ɛsɛ sɛ ɔyɛ, na na ontumi nyɛ biribi mfa nsesa ne tebea no ahe biara. Nneɛma a wɔatutu fam ahu wɔ tete Misrifo ho da no adi sɛ sɛnea na wosisi afie no nti, na ɛsɛ sɛ obi fa ofie no mu ankasa ansa na wakɔ adekoradan mu. Enti, ebia na entumi nyɛ yiye sɛ Yosef bɛkwati Potifar yere no.—Genesis 39:10.

14. (a) Dɛn na ɛtoo Yosef bere a oguan fii Potifar yere anim no? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa hyiraa Yosef wɔ ne nokwaredi ho?

14 Da bi bae a na wɔn baanu nkutoo na wɔwɔ fie. Potifar yere no soo Yosef mu kae sɛ: “Wo ne me mmɛda!” Oguanee. Bere a pene a wampene no haw Potifar yere no, ɔbɔɔ no sobo sɛ anka ɔrebɛto no mmonnaa. Dɛn na efii mu bae? So Yehowa tuaa ne mudi mu kura no so ka amonom hɔ ara? Dabi. Wɔde Yosef kɔtoo afiase guu no mpokyerɛ. (Genesis 39:12-20; Dwom 105:18) Yehowa huu atɛnkyea no na awiei koraa no, ɔmaa Yosef so fii afiase kɔɔ ahemfie. Ɔbɛyɛɛ onipa a ɔwɔ tumi sen biara a ɔto so abien wɔ Misraim, na onyaa yere ne mma. (Genesis 41:14, 15, 39-45, 50-52) Afei nso, wɔyɛɛ Yosef mudi mu kura no ho kyerɛwtohɔ bɛyɛ mfirihyia 3,500 a atwam ni na ama Onyankopɔn asomfo asusuw ho fi saa bere no. Onyankopɔn trenee mmara horow a wodi so ho nhyira a ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Saa ara na ɛnyɛ bere nyinaa na yɛn a yɛte ase nnɛ no behu abrabɔ pa a yekura mu no so mfaso ntɛm ara, nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa hu na obehyira yɛn wɔ bere a ɛsɛ mu.—2 Beresosɛm 16:9.

‘Apam a’ Hiob ‘ne N’aniwa Yɛe’

15. ‘Apam’ bɛn na Hiob ‘ne n’aniwa yɛe’?

15 Mudi mu kurafo foforo ne Hiob. Sɔhwɛ ahorow a Ɔbonsam de baa Hiob so mu no, osusuw n’asetra ho kae sɛ, sɛ wayɛ bɔne a emu bi tia Yehowa nnyinasosɛm a ɛfa ɔbarima ne ɔbea nna ho a, ɔpene so sɛ wɔde ɛho asotwe a emu yɛ den bɛma no. Hiob kae sɛ: “Apam na me ne m’aniwa apam, na adɛn na memfa m’ani menkari ababaa?” (Hiob 31:1) Ɛdenam eyi so no, na Hiob kyerɛ sɛ wɔ gyinae a wasi sɛ obekura ne mudi mu ama Onyankopɔn ho no, na wabɔ ne tirim sɛ ɔrenhwɛ ɔbea wɔ kwan bi so a ɛbɛma ne kɔn adɔ no mpo. Nokwarem no, na obehu mmea wɔ ne da biara da asetram, na na ɛda adi sɛ sɛ wohia mmoa a, na ɔbɛboa wɔn. Nanso, sɛ́ ɔde n’adwene besi wɔn so ma wanya wɔn ho akɔnnɔ de, wanyɛ. Ansa na ne sɔhwɛ ahorow no refi ase no, na ɔyɛ ɔbarima a ɔwɔ ahode, na ‘ɔso sen Apueifo no nyinaa.’ (Hiob 1:3) Nanso, wamfa n’ahonyade no ampɛ mmea. Ɛda adi pefee sɛ, wamma n’ani anni mmabaa akyi sɛ ɔne wɔn benya nna mu nkitahodi wɔ ɔkwan a ɛmfata so da.

16. (a) Dɛn nti na Hiob yɛ nhwɛso pa ma Kristofo awarefo? (b) Ɔkwan bɛn so na suban a Malaki bere so mmarima yii no adi no yɛ soronko koraa wɔ Hiob de ho, na ɛnnɛ nso ɛ?

16 Enti, Hiob daa ɔbra pa adi wɔ mmere a eye ne nea enye nyinaa mu. Yehowa huu eyi na ohyiraa no pii. (Hiob 1:10; 42:12) Nhwɛso pa bɛn ara na Hiob yɛ ma Kristofo awarefo, mmarima ne mmea nyinaa, sɛɛ yi! Ɛnyɛ nwonwa sɛ na Yehowa dɔ no saa! Nea ɛne no bɔ abira no, nnipa pii suban reyɛ asɛ nea ɛkɔɔ so wɔ Malaki bere so no. Saa diyifo no kasa tiaa ɔkwan a okununom pii faa so gyaee wɔn ahokafo, na mpɛn pii no wɔkɔwarewaree mmabaa no. Ɔyerenom a wɔagyae wɔn no nusu kataa Yehowa afɔremuka so, na Onyankopɔn kasa tiaa wɔn a ‘wotwaa’ wɔn ahokafo “nkontompo” no.—Malaki 2:13-16.

Ababaa a Ne Ho Tew

17. Ɔkwan bɛn so na na Sulamit no te sɛ “turo a woato ano pon mu”?

17 Mudi mu kurafo a ɔto so abiɛsa ne Sulamit ababaa no. Ɛnyɛ oguanhwɛfo abarimaa no nko na n’ani gyee ababaa hoɔfɛfo no ho, na mmom Israel hene Salomo ɔdefo no nso. Nsɛm a ɛyɛ dɛ a wɔaka wɔ Salomo Nnwom mu Dwom no nyinaa mu no, Sulamit no maa ne ho kɔɔ so tewee, enti wɔn a na wɔne no te nyinaa buu no. Ɛwom sɛ wamfa n’adwene amma Salomo de, nanso honhom kaa Salomo ma ɔyɛɛ n’asɛm no ho kyerɛwtohɔ. Oguanhwɛfo a na ababaa no dɔ no no nso kyerɛɛ obu maa n’abrabɔ a na ɛho tew no. Bere bi osusuwii sɛ na Sulamit no te sɛ “turo a woato ano pon mu.” (Nnwom mu Dwom 4:12) Tete Israel no, na woduadua mfunne a ɛyɛ fɛ, nhwiren a ɛyɛ huam, ne nnua akɛse wɔ nturo a ɛyɛ fɛ mu. Na wɔtaa gye ban anaa afasu fa nturo a ɛtete saa ho, na ɔpon a na wɔto mu nkutoo mu na na wotumi fa kɔ mu. (Yesaia 5:5) Wɔ oguanhwɛfo no fam no, na Sulamit no abrabɔ kronkron ne n’ahoɔfɛ no te sɛ turo a ɛyɛ fɛ yiye. Na ne ho tew koraa. Na ɔbɛda ne dɔ adi akyerɛ ne kunu a ɔbɛware no daakye no nkutoo.

18. Dɛn na Yosef, Hiob, ne Sulamit no ho kyerɛwtohɔ no kae yɛn?

18 Sulamit no yɛ abrabɔ pa ho nhwɛso a edi mũ ma Kristofo mmea a wɔwɔ hɔ nnɛ. Yehowa huu Sulamit abeawa no bra pa no kyerɛɛ ho anisɔ, na ohyiraa no sɛnea ohyiraa Yosef ne Hiob no. Wɔyɛɛ wɔn mudi mu kura no ho kyerɛwtohɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu, na ayɛ nhwɛso ama yɛn. Bere a wɔnyɛ mmɔden a yɛbɔ sɛ yebekura yɛn mudi mu ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu nnɛ no, Yehowa wɔ “nkae nhoma” ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ n’apɛde no. Mommma yɛn werɛ mmfi da sɛ Yehowa ‘ayɛ asõ’ na n’ani gye bere a yɛde nokwaredi bɔ mmɔden sɛ yɛbɛkɔ so ama yɛn ho atew wɔ abrabɔ fam no.—Malaki 3:16.

19. (a) Ɛsɛ sɛ yebu abrabɔ fam ahotew dɛn? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

19 Ɛwom sɛ ebia wɔn a wonni gyidi no bedi yɛn ho fɛw de, nanso yedi osetie a yɛyɛ ma yɛn Bɔfo a ɔwɔ dɔ no ho ahurusi. Yɛwɔ abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn, abrabɔ pa. Ɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛde hoahoa yɛn ho, biribi a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ. Sɛ yɛkɔ so kura abrabɔ a ɛho tew mu a, yebetumi anya Onyankopɔn nhyira mu anigye na yɛakura daa nhyira a enni awiei ho anidaso a edi mũ no mu. Nanso, wɔ ne yɛ ankasa mu no, dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛn ho akɔ so atew wɔ abrabɔ fam? Yebesusuw asɛmmisa a ɛho hia yi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 6 Hwɛ March 15, 1983, Engiresi Ɔwɛn-Aban nkratafa 29-31.

^ nky. 7 Awerɛhosɛm ne sɛ, Kristofo binom nya nna mu yare fi wɔn ahokafo a wonnye nni a wonni Onyankopɔn akwankyerɛ akyi no nkyɛn.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn na Bible kyerɛkyerɛ fa nna mu nkitahodi ho?

• Wɔ Bible mu no, asɛmfua “aguamammɔ” fa dɛn ho?

• Sɛ yɛkɔ so ma yɛn ho tew wɔ abrabɔ fam a, ɔkwan bɛn so na yebenya so mfaso?

• Dɛn nti na Yosef, Hiob, ne Sulamit ababaa no yɛ nhwɛso pa ma Kristofo nnɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Yosef guanee ɔbrasɛe

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Ná Sulamit abeawa no te sɛ “turo a woato ano pon mu”

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Hiob ne ‘n’aniwa yɛɛ apam’