Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Sɛ Minya Gyidi A Ɛyɛ Pintinn A”!

“Sɛ Minya Gyidi A Ɛyɛ Pintinn A”!

Asetram Nsɛm

“Sɛ Minya Gyidi A Ɛyɛ Pintinn A”!

SƐNEA HERBERT MÜLLER KA KYERƐE

Hitler asraafo tuu Netherlands so sa asram kakraa bi akyi no, wɔbaraa Yehowa Adansefo. Ankyɛ koraa na me din puei wɔ wɔn a Nazifo rehwehwɛ wɔn paa no nhoma mu, na wɔhwehwɛɛ me te sɛ aboa a wɔrepɛ no akum no.

BERE bi na mabrɛ ahintawee ne mmirikatu araa ma enti meka kyerɛɛ me yere sɛ, sɛ asraafo no kyere me mpo a me ho bɛtɔ me. Afei dwom bi mu nsɛm besii me tirim: “Sɛ minya gyidi a ɛyɛ pintinn a, ɛmfa ho atamfo ntua.” * Saa dwom no mu nsɛm a mekaakaee no hyɛɛ me den na ɛmaa mekaee m’awofo a wɔwɔ Germany ne da a me nnamfonom too saa dwom no de gyaa me kwan no. Menka nsɛm a mekaakae no bi nkyerɛ wo?

M’awofo Nhwɛso

Bere a wɔwoo me wɔ 1913 wɔ Germany kurow Copitz mu no, na m’awofo yɛ Evangelical Asɔre mma. * Mfe ason akyi, wɔ 1920 mu no, paapa gyaee asɔre no. Wɔ April 6 no, obisae sɛ wɔmfa Kirchenaustrittsbescheinigung (Nhoma a Ɛkyerɛ sɛ Obi Ayi Ne Ho Afi Asɔre Mu) mma no. Kurow no mu kyerɛwfo panyin no hyehyɛɛ biako maa no. Nanso dapɛn biako akyi no, paapa san kɔɔ adwumayɛbea hɔ kɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔankyerɛw ne babea din wɔ nhoma no mu. Ɔpanyin no hyehyɛɛ nhoma a ɛto so abien de kyerɛe sɛ wɔayi Martha Margaretha Müller nso afi asɔre no mu. Saa bere no, na me nuabea Margaretha, adi afe biako ne fã. Ná paapa mfa ɔsom a wɔde ma Yehowa no nni agoru koraa!

Saa afe no ara mu no, Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no bɔɔ m’awofo asu. Paapa de ntetee a ɛyɛ katee na ɛmaa yɛn a yɛyɛ mmofra no, nanso ne nokwaredi ma Yehowa no maa ɛyɛɛ mmerɛw maa yɛn sɛ yebegye n’akwankyerɛ atom. Nokwaredi nso boaa m’awofo maa wɔyɛɛ nsakrae ahorow. Sɛ nhwɛso no, ɛtɔɔ bere bi a na wɔmma yɛn kwan mma yenni agoru wɔ abɔnten so Kwasida. Nanso da koro Kwasida bi wɔ 1925 mu no, yɛn awofo ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛrekɔtu mpase. Yɛfaa aduan kaa yɛn ho kɔe na yɛn ani gyei paa—hwɛ sɛnea na eyi yɛ soronko koraa wɔ ka a na wɔaka yɛn ahyɛ fie bere nyinaa no ho! Paapa kae sɛ osuaa biribi fii ɔmantam nhyiam bi a na wɔyɛe nkyɛe a ɛteɛɛ n’adwene wɔ Kwasida dwumadi ahorow ho no mu. Wɔ mmere foforo mu nso, ɔdaa su koro no ara adi de kyerɛɛ ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ ɔbɛyɛ nsakrae no.

Ɛwom sɛ na m’awofo akwahosan nni mũ de, nanso wɔannyae asɛnka adwuma no da. Sɛ nhwɛso no, ɛdefa nkratawa Ecclesiastics Indicted kyekyɛ ho no, yɛne asafo no de keteke tuu kwan da koro anwummere bi fi Dresden kɔɔ Regensburg kurow a ɛwɔ bɛyɛ kilomita 300 no mu. Ade kyee no, yɛkyekyɛɛ nkratawa wɔ kurow no mu nyinaa, na yewiee no, yɛsan ne keteke no bae. Bere a yeduu fie no, na nnɔnhwerew 24 atwam dedaw.

Bere a na Merefi Fie

Asafo no mu Jugendgruppe (Mmerante ne Mmabaa Fekuw) a me ne wɔn bɔe no nso boaa me wɔ honhom fam. Dapɛn biara, na mmofra a wɔadi boro mfe 14 no ne asafo no mu anuanom mpanyimfo no bi hyia. Na yɛde nneɛma a wɔde bɔ nnwom di agoru, to nnwom, sua Bible no, na yɛka adebɔ ne nyansahu ho nsɛm. Nanso wɔ 1932 mu, bere a na madi mfe 19 no, me ne kuw no abusuabɔ baa awiei.

Wɔ April saa afe no mu no, Paapa nsa kaa krataa fii Ɔwɛn Aban Asafo baa dwumadibea a ɛwɔ Magdeburg no. Ná Asafo ti no repɛ obi a onim kar ka a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔkwampaefo. Ná minim sɛ m’awofo pɛ sɛ meyɛ ɔkwampaefo, nanso na mete nka sɛ mintumi nyɛ. Esiane sɛ na ahia m’awofo nti, bere a midii mfe 14 no, mifii ase siesiee sakre ne afiri a wɔde pam ade, ne akyerɛw afiri, ne nneɛma afoforo a wɔde di dwuma wɔ adwumayɛdan mu. Ɔkwan bɛn so na na metumi agyaw m’abusua no hɔ? Na wohia me mmoa. Afei nso na wɔmmɔɔ me asu mpo. Paapa ne me traa ase bisabisaa me nsɛm hwɛe sɛ ebia mete nea asubɔ kyerɛ ase anaa. Bere a me mmuaema maa ohui sɛ manya nkɔso kɛse wɔ honhom fam a wobetumi abɔ me asu no, ɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ wode wo ho ma saa dwumadi yi.” Meyɛɛ saa.

Dapɛn biako akyi no wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmra Magdeburg. Bere a meka kyerɛɛ me nnamfo a wɔwɔ Mmerante ne Mmabaa Fekuw mu no, wɔpɛe sɛ wɔde nnwom a ɛyɛ dɛ gyaw me kwan. Nnwom a mepawee no yɛɛ wɔn nwonwa efisɛ na wosusuw sɛ emu nsɛm no mu yɛ duru dodo. Nanso ebinom faa wɔn sanku ne gyitaa ma yɛn nyinaa too dwom no: “Sɛ minya gyidi a ɛyɛ pintinn a, ɛmfa ho atamfo ntua; asase so tamfo biara ntumi nyi me hu.” Saa da no, na minnim bere dodow a na saa nsɛm no bɛhyɛ me den wɔ mfe a ebedi m’anim no mu.

Mfiase a Ɛyɛ Hu

Bere a anuanom a wɔwɔ Magdeburg sɔɔ me nimdeɛ wɔ kar ka ho hwɛe akyi no, wɔde kar hyɛɛ me ne akwampaefo baanan nsa, na yɛkɔɔ Schneifel, baabi a ɛbɛn Belgium. Ankyɛ na yehuu sɛ yɛn kar no ho hia paa. Na Katolek Asɔre a ɛwɔ saa mpɔtam hɔ no kyi sɛ yɛaba hɔ, na na nkuraasefo a asɔfo no piapia wɔn no taa twɛn sɛ wɔbɛpam yɛn afi hɔ. Mpɛn pii no, na yɛde kar no guan ansa na nkuraasefo no de asɔw ne dade a wɔde tutu fam abɛto ahyɛ yɛn so.

Yedii Nkaedi no wiei wɔ 1933 mu no, ɔmantam sohwɛfo Paul Grossmann ka kyerɛɛ yɛn sɛ wɔabara Asafo no dwumadi wɔ Germany. Ɛno akyi bere tiaa bi no, baa dwumadibea no maa mede kar no baa Magdeburg, bɛfaa nhoma a na ɛwɔ hɔ de kɔɔ Saxony kurow a efi hɔ kɔ Magdeburg bɛyɛ kilomita 100 no. Bere a miduu Magdeburg no, na Gestapofo (Nazi sum ase polisifo) no atoto Asafo no baa dwumadibea no mu dedaw. Migyaw kar no maa onua bi wɔ Leipzig san baa fie—nanso ankyɛ.

Asafo baa dwumadibea a ɛwɔ Switzerland no too nsa frɛɛ me sɛ memmɛyɛ akwampae adwuma wɔ Netherlands. Mebɔɔ me tirim sɛ medi dapɛn biako anaa abien ansa na makɔ. Nanso paapa tuu me fo sɛ menkɔ ntɛm ara. Mitiee n’afotu no, na dɔnhwerew kakraa bi ntam no, mifii fie. Ade kyee no, polisifo baa me papa fie sɛ wɔrebɛkyere me sɛ maguan. Nanso na wɔaka akyi dodo.

Mfitiase Wɔ Netherlands

Wɔ August 15, 1933 mu no, miduu akwampaefo fie a ɛwɔ Heemstede, kurow a ɛne Amsterdam ntam yɛ kilomita 25 no mu. Ade kyee no mifii adi sɛ merekɔ asɛnka a na minnim Dutch kasa mu asɛmfua biako mpo. Bere a na adansedi krataa a wɔakyerɛw asɛm a wɔka kyerɛ wɔ so kura me no, mifii ase. Hwɛ anigye araa a minyae bere a Katolekni bea bi gyee Reconciliation nhoma no! Saa da no ara nso mede nkratawa 27 momae. Da a edi kan no baa n’awiei no, m’ani gyei sɛ matumi anya hokwan de ka asɛmpa no wɔ ahofadi mu bio.

Saa bere no na akwampaefo nni ɔkwan biara a wɔfa so nya sika, gye ntoboa a wɔn nsa ka fi nhoma a wɔde ama ho nkutoo. Na yɛde sika no tɔ aduan ne asetram ahiade ahorow. Sɛ sika no kakra ka wɔ ɔsram no awiei a, na wɔkyɛ mu ma akwampaefo no de tua wɔn ho aka. Ná yenni ahode pii, nanso Yehowa hwɛɛ yɛn yiye araa ma wɔ 1934 mu no, mitumi kɔɔ ɔmantam nhyiam wɔ Switzerland.

Ɔyɔnko Nokwafo

Wɔ nhyiam no ase no, mihuu Erika Finke a na wadi mfe 18. Ná minim no bere a na mewɔ fie no. Ná ɔyɛ me nuabea Margaretha adamfo, na bere nyinaa na m’ani gye nokware no afa a Erika gyina pintinn no ho. Wɔbɔɔ no asu wɔ 1932 akyi no, ankyɛ na obi bɔɔ Gestapofo no amanneɛ sɛ Erika apo sɛ ɔbɛka sɛ “Mo Hitler!” Gestapofo no kɔkyeree no na wobisaa no nea enti a wanka. Erika kenkanee Asomafo no Nnwuma 17:3 kyerɛɛ polisi panyin no na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ Onyankopɔn apaw onipa biako pɛ, Yesu Kristo sɛ Agyenkwa. Ɔpanyin no bisaa no sɛ: “So ebinom wɔ hɔ a wogye saa asɛm no di ka wo ho?” Erika ammɔ obiara din. Bere a polisini no hunahunaa no sɛ ɔremma no kwan mma ɔnkɔ no, Erika ka kyerɛɛ no sɛ ɔbɛpɛ sɛ owu mmom sen sɛ ɔbɛbɔ afoforo din. Ɔhwɛɛ n’anim teɛɛm den guu ne so sɛ: “Fi ha kɔ. Kɔ fie. Mo Hitler!”

Ɔmantam nhyiam no akyi no, mesan kɔɔ Netherlands na Erika traa Switzerland. Yɛn nyinaa hui sɛ afei yɛn nnamfofa no akɔ akyiri. Bere a na meda so ara wɔ Switzerland no, Erika tee sɛ Gestapofo rehwehwɛ no akyere no. Osii gyinae sɛ ɔbɛtra hɔ ayɛ akwampae adwuma no wɔ Switzerland. Asram kakraa bi akyi no, Asafo no maa no kɔɔ Spain. Ɔyɛɛ akwampae adwuma wɔ Madrid, afei Bilbao, ne akyiri yi San Sebastián, baabi a asɔfo no de ɔtaa baa ɔne n’akwampae hokafo so maa ekowiee afiasenna mu no. Wɔhyɛɛ wɔn sɛ womfi Spain wɔ 1935 mu. Erika baa Netherlands, na yɛwaree saa afe no ara mu.

Na Ɔko no Ho Hu Reda Adi

Yɛn ayeforohyia akyi no, yɛyɛɛ akwampae adwuma no wɔ Heemstede, na akyiri yi yɛkɔɔ Rotterdam kurow mu. Ɛhɔ na yɛwoo yɛn babarima Wolfgang, wɔ 1937. Afe akyi no yɛkɔɔ Groningen kurow a ɛwɔ Netherlands atifi fam no mu, na yɛne German akwampaefo Ferdinand ne Helga Holtorf ne wɔn babea traa fie biako mu wɔ hɔ. Wɔ July 1938 mu no, Asafo no ka kyerɛɛ yɛn sɛ Dutch aban no de kɔkɔbɔ ama sɛ wɔmmma Adansefo a wɔyɛ Germanfo no nnka asɛm no wɔ hɔ bio. Saa bere no ara mu na wɔpaw me sɛ dantaban somfo (ɔmansin sohwɛfo), na yɛn abusua no tu kɔɔ Lichtdrager (Hann Kurafo), Asafo no ahyɛmma bi a na akwampaefo a wɔka asɛmpa wɔ Netherlands atifi fam te mu no mu. Mpɛn pii no, na migyaw m’abusua no hɔ kɔ asafo ahorow mu kɔhyɛ anuanom nkuran sɛnea wɔbɛkɔ so aka asɛm no. Anuanom no nso yɛɛ saa pɛpɛɛpɛ. Ebinom mpo trɛw wɔn dwumadi ahorow mu. Wim Kettelarij yɛ eyi ho nhwɛso fɛfɛ.

Bere a mihyiaa Wim no, na ɔyɛ aberante a wahu nokware no nanso na ɔyɛ adwuma sɛ ɔpaani a onni ne ho adagyew koraa wɔ afum. Mituu no fo sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ wonya bere de som Yehowa a, ɛsɛ sɛ wopɛ adwuma foforo.” Ɔyɛɛ saa. Akyiri yi bere a yehyiaa bio no, mehyɛɛ no nkuran sɛ ɔnyɛ ɔkwampaefo. Ɔkae sɛ: “Nanso ɛsɛ sɛ meyɛ adwuma didi.” Memaa no awerɛhyem sɛ: “Wubedidi. Yehowa bɛhwɛ wo.” Wim fii ase yɛɛ akwampae adwuma. Akyiri yi, wɔ Wiase Ko II mu mpo no, na ɔsom sɛ ɔhwɛfo kwantufo. Ɛnnɛ, Wim wɔ ne mfe 80 mu nanso ɔda so ara yɛ Ɔdansefo a ɔyɛ nnam. Nokwarem no, Yehowa hwɛɛ no.

Wɔabara no na Wɔhwehwɛ No

Bɛyɛ afe akyi bere a yɛwoo yɛn ba a ɔto so abien Reina, wɔ May 1940 mu no, Dutch asraafo maa wɔn nsa so maa Nazifo no faa Netherlands. Wɔ July mu no, Gestapofo no faa Asafo no adwumayɛbea ne tintimbea no. Afe a edi hɔ no, wɔkyeree Adansefo mpɛn pii, na wonyaa me kyeree me. Esiane sɛ meyɛ Ɔdansefo ne Germanni a metumi adi ako nti, na ɛnyɛ den sɛ mehu nea Gestapofo no de me bɛyɛ. Mebɔɔ mmɔden sɛ meyi adwene a ɛne sɛ mehu m’abusua bio no afi me tirim.

Afei wɔ May 1941 mu no, Gestapofo no yii me fii afiase na wɔhyɛɛ me sɛ menkɔ na memfa me ho nkɔhyɛ sraadi mu. Mannye anni. Saa da no ara no, mitu yerae, na ɔsram no ara mu no, mesan kɔyɛɛ ɔmansin adwuma no. Gestapofo no de me din kaa wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn paa akyere wɔn no ho.

Sɛnea M’abusua no Gyinaa Ano

Na me yere ne mmofra no atu kɔ akuraase wɔ Vorden, ɔman no apuei fam. Nanso nea ɛbɛyɛ na meremfa wɔn nto asiane mu kɛse no, metee me fie nsrahwɛ so koraa. (Mateo 10:16) Nea ɛbɛyɛ na wonhu me nkyere me nti, anuanom amfa me din ankasa amfrɛ me, gye din a mede too me ho Duitse Jan (German John). Wɔamma me babarima Wolfgang a na wadi mfe anan no mpo amfrɛ me “Paapa” na mmom “Ome Jan” (Wɔfa John). Sɛ ɔfrɛ me saa a na ne ho ntɔ no koraa.

Bere a na mereguan no, Erika kɔɔ so hwɛɛ mmofra no na wannyae asɛnka. Bere a Reina dii mfe abien no, na Erika de no si sakre to, faako a wɔde nneɛma si no de no kɔ asɛnka wɔ nkuraase. Ɛwom sɛ na aduan ho yɛ den de, nanso Erika ho ankyere no pii wɔ aduan a ɔde bɛma abusua no ho da. (Mateo 6:33) Ná Katolekni bi a ɔyɛ kua a na masiesie n’afiri a wɔde pam ade ama no pɛn no ma no ntɔmmɔ. Afei nso na mede nkra ma no kɔma Erika. Bere bi Erika tuaa nneɛma a ne bo si gulden biako ka wɔ adutɔnbea bi. Bere a na sotɔɔ wura no nim sɛ Erika de ne ho siesie, na ontumi nnya krataa a wɔde tɔ aduan no, ɔde nneɛma no maa no san maa no gulden abien kaa ho. Mmɔborohunu a ɔdaa no adi saa kwan no so no boaa no maa otumi trae.—Hebrifo 13:5.

Anuanom Akokodurufo a Me ne Wɔn Bom Yɛ Adwuma

Ne nyinaa mu no, mekɔɔ so sraa asafo ahorow no—ɛwom sɛ asafo mu anuanom a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa no nkutoo na na me ne wɔn di nkitaho de. Esiane sɛ na Gestapofo no gu so ara rehwehwɛ me nti, na mintumi ntra faako nni mmoro nnɔnhwerew pii. Wɔamma anuanom mmarima ne mmea no mu pii anhyia me. Adansefo a na wɔwɔ wɔn Bible adesua kuw ketewa no mu nkutoo na na wonim wɔn. Ne saa nti nea anuanom mmea baanu a na wɔte mmeae ahorow wɔ kurow koro mu hui wɔ Wiase Ko II akyi ara ne sɛ wɔn nyinaa abɛyɛ Adansefo wɔ ɔko bere no mu.

Na baabi a wobenya de Asafo nhoma ahintaw nso ka m’adwuma ho. Ná yɛde nkrataa ne mfiri a sɛ Ɔwɛn-Aban no bi ho behia a yɛde betwa bi nso sie. Ɛtɔ da a na ɛsɛ sɛ yeyi Asafo nhoma a wɔatintim a yɛde asie no fi baabi kɔ baabi foforo. Mekae sɛ bere bi na mede nhoma nnaka 30 rekɔ baabi a na ɛsɛ sɛ mebɔ mmɔden sɛ memma obiara nhu—ayamhyehye adwuma!

Bio nso, yɛyɛɛ kar ho nhyehyɛe maa wɔde aduan fii mfuw a ɛwɔ Netherlands apuei fam nkurow no bi so kɔɔ atɔe fam, ɛwom sɛ na wɔabara de. Ná yɛhyehyɛ nnuan gu teaseɛnam a apɔnkɔ twe so de yɛn ani kyerɛ atɔe. Sɛ yedu asubɔnten bi ho a, na yɛmfa ɛtwene no biara so efisɛ na asraafo wɛn hɔ. Mmom no, na yeyi nneɛma no gu ahyɛmma nketewa mu de nnuan no twa asu no, na afei yɛde agu teaseɛnam foforo mu. Sɛ yedu kurow a yɛrekɔ so no mu a, na yɛtwɛn kosi anadwo, yiyi sɔks hyehyɛ apɔnkɔ no nan yɛ brɛoo de kɔ baabi a woyi asafo aduan gu wɔ sum ase no. Efi hɔ a, wɔkyekyɛ aduan no ma anuanom a wohia no.

Sɛ Germanfo asraafo no huu baabi a na yɛde aduan gu no a, anka yɛn mu bi betumi ahwere ne nkwa wɔ ho. Nanso anuanom dodow no ara tuu wɔn ho mae de boae. Sɛ nhwɛso no, Bloemink abusua a wɔwɔ Amersfoort no de wɔn asa mae sɛ beae a yɛbɛkora nnuan, ɛwom mpo sɛ na wɔn fie no bɛn Germanfo asraafo atrae bi de! Adansefo akokodurufo a wɔte sɛɛ de wɔn nkwa too asiane mu maa wɔn nuanom.

Yehowa boaa me ne me yere ma yedii nokware wɔ mfe a wɔbaraa yɛn no nyinaa mu. Wɔ May 1945 mu no, Germanfo asraafo no dii nkogu, na guan a na miguan no baa awiei. Asafo no maa mekɔɔ so somee sɛ ɔhwɛfo kwantufo kosii sɛ wonyaa anuanom. Wɔ 1947 mu no, Bertus van der Bijl besii m’ananmu. * Saa bere no, na yɛawo yɛn ba a ɔto so abiɛsa, na yɛtraa ɔman no apuei fam.

Awerɛhow ne Anigye

Ɔko no twaam no, metee sɛ mifii fie wɔ Netherlands bɛyɛ afe no, wɔde Paapa too afiase. Esiane akwahosan pa a na onni nti, woyii no mprenu, nanso wɔ emu biara akyi no wɔsan de no too afiase. Wɔ February 1938 mu no, wɔde no kɔɔ Buchenwald nneduaban mu ne afei Dachau. Me papa wui wɔ hɔ wɔ May 14, 1942 mu. Ogyinaa pintinn dii nokware kosii ase.

Wɔde Maame nso kɔɔ Dachau nneduaban mu. Ɔtraa hɔ kosii sɛ wogyaa no wɔ 1945 mu. Esiane sɛ m’awofo nyinaa nhwɛso pa a wɔyɛe ka ho na aboa me ama manya honhom fam nhyira yi nti, m’ani gyei sɛ Maame ne yɛn bɛtrae wɔ 1954 mu. Me nuabea Margaretha—a na ɔyɛ ɔkwampaefo wɔ Komunisfo East Germany fi 1945 no—kaa ho bae. Ɛwom sɛ na maame yare na na ontumi nka Dutch kasa koraa de, nanso ɔkɔɔ so de ne ho hyɛɛ asɛnka adwuma no mu kosii sɛ ɔde nokwaredi wiee n’asase so som adwuma wɔ October 1957 mu.

Ná 1955 ɔmantam nhyiam a wɔyɛɛ no Nuremberg, Germany no yɛ titiriw. Bere a yeduu hɔ akyi no, anuanom a wofi Dresden ka kyerɛɛ Erika sɛ ne maame nso aba ɔmantam nhyiam no ase bi. Esiane sɛ na Dresden wɔ East Germanfo nniso ase saa bere no nti, na Erika nhuu ne maame mfe 21. Wɔyɛɛ nhyiam bi ho nhyehyɛe maa maame ne ne babea yɛɛ wɔn ho atuu. Hwɛ anigye ara a na ɛyɛ sɛ wɔsan ka boom!

Bere kɔɔ so no, yɛn abusua no mu trɛwee koduu mmofra baawɔtwe. Awerɛhowsɛm ne sɛ yɛhweree yɛn babarima biako wɔ kar akwanhyia mu. Nanso hu a yehu sɛ yɛn mma a aka no nyinaa resom Yehowa no ma yenya anigye kɛse. Yɛn ani gye sɛ yɛn babarima Wolfgang ne ne yere wɔ ɔmansin adwuma no mu na wɔn babarima nso som sɛ ɔmansin sohwɛfo.

Ɛyɛ me anigye yiye sɛ mihu sɛ Yehowa adwuma no renya nkɔso wɔ Netherlands. Bere a mifii akwampae adwuma ase wɔ ha wɔ 1933 mu no, na Adansefo bɛyɛ ɔha pɛ na wɔwɔ ha. Ɛnnɛ, wɔboro 30,000. Ɛwom sɛ mprempren yɛn ahoɔden so retew de, nanso me ne Erika da so ara asi yɛn bo sɛ yɛbɛtra ase ma ɛne saa tete dwom no mu nsɛm no ahyia sɛ: “Sɛ minya gyidi a ɛyɛ pintinn a.”

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Dwom 194.—Ayeyi Nnwom a Wɔto Ma Yehowa (1928).

^ nky. 7 Copitz kurow a mprempren wɔfrɛ no Pirna no bɛn Elbe Asubɔnten a efi hɔ rekɔ Dresden kurow mu no yɛ kilomita 18 no.

^ nky. 38 Hwɛ Onua Van der Bijl asetram nsɛm “Biribiara Nsen Nokware No” wɔ January 1, 1998, Ɔwɛn-Aban no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Wɔ “Jugendgruppe” bere a yɛakɔ asɛnka apɔn na yɛrehome

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Me ne mfɛfo akwampaefo yɛɛ Schneifel asasesin nyinaa mu adwuma. Ná madi mfe 20

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Me ne Erika ne Wolfgang wɔ 1940 mu

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Benkum kɔ nifa: Me nana Jonathan ne ne yere, Mirjam; Erika, me, me babarima Wolfgang ne ne yere, Julia

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Onua bi a na ɔne paapa da afiase na ɔyɛɛ ne mfonini yi wɔ 1941 mu