Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Bible Abrabɔ Gyinapɛn Ye Sen Biara?

So Bible Abrabɔ Gyinapɛn Ye Sen Biara?

So Bible Abrabɔ Gyinapɛn Ye Sen Biara?

“ƆMANFO hia gyinapɛn atitiriw a ɛbɛma obiara anya ahobammɔ ne akwankyerɛ.” Saa na Germanni sɛnkyerɛwfo ne television so amanneɛbɔfo bi a ne ho akokwaw kae. Ɛda adi sɛ ntease wom. Sɛ asomdwoe bɛba adesamma abusua mu ma asi wɔn yiye a, ɛsɛ sɛ nkurɔfo nya gyinapɛn atitiriw bi a obiara begye atom a wobegyina so asisi nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ, nea eye ne nea enye ho gyinae ahorow. Asɛm no ne sɛ: Gyinapɛn ahorow bɛn na eye sen biara ma ɔman ne emufo nyinaa?

Sɛ Bible mu abrabɔ gyinapɛn na wɔbɛfa a, ɛsɛ sɛ ɛboa ankorankoro ma wonya asetra a ahobammɔ ne anigye wom. Sɛ yɛbɛtrɛw mu a, ɛbɛma ɔmanfo a wodi gyinapɛn ahorow a ɛte saa so no ho atɔ wɔn na wɔn ani agye. So saa na ɛte? Ma yɛnhwehwɛ nea Bible wɔ ka wɔ nsɛmpɔw abien yi ho: aware mu nokwaredi ne da biara da asetra mu nokwaredi.

Bata Wo Hokafo Ho

Yɛn Bɔfo no bɔɔ Adam na afei ɔbɔɔ Hawa sɛ ne hokafo. Wɔn abusuabɔ no ne aware a edi kan wɔ abakɔsɛm mu, na na ɛsɛ sɛ ɛyɛ abusuabɔ a ɛtra hɔ daa. Onyankopɔn kae sɛ: “Ɔbarima begyaw n’agya ne ne na, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔayɛ ɔhonam koro.” Bɛyɛ mfirihyia 4,000 bi akyi no, Yesu Kristo tĩĩ aware gyinapɛn yi mu maa n’akyidifo nyinaa. Bio nso, ɔkasa tiaa ɔwarefo a ofi ne hokafo akyi.—Genesis 1:27, 28; 2:24; Mateo 5:27-30; 19:5.

Sɛnea Bible kyerɛ no, nneɛma titiriw abien a ɛma aware yɛ anigye ne ɔdɔ ne obu a awarefo baanu no benya ama wɔn ho wɔn ho. Ɛsɛ sɛ okunu a ɔyɛ abusua no ti no fi ne komam dɔ ne yere denam ne yere no yiyedi a ɔbɛma ahia no so. Ɛsɛ sɛ ɔne no tra “nimdeɛ mu,” na ɛnsɛ sɛ ɔma ‘ne bo fuw no denneennen.’ Ɛsɛ sɛ ɔyere “fɛre” ne kunu. Sɛ awarefo di nnyinasosɛm ahorow yi akyi a, wobetumi akwati aware mu nsɛnnennen pii na wɔadi so. Ɛsɛ sɛ okunu no bata ne yere ho na ɔyere bata ne kunu ho.—1 Petro 3:1-7; Kolosefo 3:18, 19; Efesofo 5:22-33.

So Bible gyinapɛn a ɛhwehwɛ sɛ obiara bata ne hokafo ho no ma wonya aware a anigye wom? Wo de, susuw nea efii nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Germany mu bae yi ho hwɛ. Wobisabisaa nkurɔfo nneɛma a ɛma aware sɔ. Nea obiara dii kan kae ne sɛ obi remfi ne hokafo akyi. So wunnye ntom sɛ sɛ awarefo hu sɛ wɔn ahokafo mfi wɔn akyi a, ɛma wɔn ani gye kɛse?

Na sɛ Nsɛnnennen Sɔre Nso Ɛ?

Na sɛ okunu ne ɔyere adwene nhyia koraa wɔ nsɛm ho nso ɛ? Na sɛ wɔn dɔ no sa ɛ? So ɛrenyɛ papa sɛ wobegu aware no wɔ tebea a ɛte saa mu? Anaasɛ nyansa da so wom sɛ wobedi Bible gyinapɛn a ɛne sɛ awarefo nkɔ so ntra nokwaredi mu no so?

Bible akyerɛwfo gye toom sɛ awarefo nyinaa behyia nsɛnnennen esiane nnipa sintɔ nti. (1 Korintofo 7:28) Nanso awarefo a wodi Bible abrabɔ gyinapɛn akyi no bɔ mmɔden sɛ wɔde bɔne befiri na wɔabom asiesie wɔn ntam. Ɛwom, tebea horow bi—te sɛ awaresɛe ne ɔhwe—wɔ hɔ a Kristoni betumi agyina so atetew aware mu anaasɛ wagyae aware ma afata. (Mateo 5:32; 19:9) Nanso sɛ obi begyina asɛm biara so apere ne ho agyae aware na mpo waware foforo a, ɛkyerɛ sɛ onsusuw afoforo ho. Ɛda adi sɛ ɛmma no nnya ahotɔ ne anigye wɔ n’asetram. Ma yensusuw osuahu bi ho nhwɛ.

Peter hui sɛ n’aware nyɛ anigye sɛnea na ɛte kan no. * Ne saa nti ogyaee ne yere no, na ɔne Monika, a na wagyae ne kunu no kɔtrae. Nneɛma kɔɔ so dɛn? Asram kakraa bi akyi no, Peter gye toom sɛ, Monika asetra “anyɛ mmerɛw sɛnea misusuwii no.” Dɛn ntia? Mfomso a ɛmpa nnipa ho no bɛdaa adi wɔ ne hokafo foforo no ho te sɛ nea na ɛte wɔ dedaw no ho ara pɛ. Nea ɛsɛee asɛm no koraa no, pere a ɔperee ne ho sii gyinae no maa ɔbɔɔ ka kɛse. Bio nso, nsakrae a ɛbaa abusua asetra mu no haw Monika mma no yiye.

Sɛnea osuahu yi kyerɛ no, sɛ nsɛnnennen sɔre wɔ aware mu a, ɛnyɛ gyae a wobegyae no ne ano aduru. Nea ɛne no bɔ abira no, sɛ nsɛnnennen sɔre wɔ aware mu a, Onyankopɔn Asɛm, Bible, mu abrabɔ gyinapɛn a wɔde bedi dwuma no tumi siesie nsɛnnennen no mpɛn pii ma asomdwoe ba. Saa na ɛbae wɔ Thomas ne Doris de no mu.

Thomas ne Doris waree bɛboro mfirihyia 30 akyi na Thomas fii asanom bebrebe ase. Doris nyaa adwenemhaw, na wɔn baanu susuw awaregyae ho. Doris kɔkaa n’asɛm kyerɛɛ Yehowa Dansefo bi. Ɔdansefo no kyerɛɛ Doris nea Bible ka fa aware ho, na ɔhyɛɛ no nkuran sɛ ɔmmpere ne ho sɛ ɔbɛtetew mu, na mmom onni kan ne ne kunu nsusuw nsɛm ho na wɔmmɔ mmɔden nhwehwɛ ano aduru. Saa na Doris yɛe. Asram kakraa bi akyi no, wɔansusuw awaregyae ho bio. Ná Thomas ne Doris abom redi wɔn nsɛnnennen ho dwuma. Bible afotu a wodii akyi no hyɛɛ wɔn aware no mu den, na ɛma wonyaa bere de siesiee wɔn ntam.

Nokwaredi Wɔ Ade Nyinaa Mu

Aware mu hokafo a wo ne no bɛtra a wumfi n’akyi no hwehwɛ sɛ wunya suban pa na wokyerɛ nnyinasosɛm ahorow ho anigye. Su horow a ɛte saa ara na ehia na ama yɛakura nokwaredi mu wɔ wiase a nokwaredi nnim yi mu. Bible wɔ pii ka wɔ nokwaredi ho. Ɔsomafo Paulo kyerɛw afeha a edi kan Kristofo a na wɔwɔ Yudea no sɛ: ‘Yɛpɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra yiye ade nyinaa mu.’ (Hebrifo 13:18) Dɛn na ɛno kyerɛ?

Nokwaredifo nni atoro na onni amim nso. Ɔnhwɛ obiara anim wɔ ɔne afoforo nsɛnnii mu—ɔka ne nsɛm tẽẽ, odi ne ho ni, ɔnyɛ ɔdaadaafo. Bio nso, nokwaredifo yɛ obi a obu ne ho a onsisi ne mfɛfo. Nnipa a wodi nokware ma afoforo tumi gye wɔn di na wonya wɔn mu awerɛhyem, na ɛno ma wɔda suban pa adi na wonya nnipa ntam abusuabɔ a emu yɛ den.

So nnipa a wodi nokware wɔ anigye? Ɛbɛyɛ wo nwonwa, biribi nti wɔn ani gye. Ɛmfa ho sɛ dwowtwa ne amimdi abu so—anaa esiane ɛno nti—no, nnipa pii ani gye ankorankoro a wodi nokware ho. Sɛnea nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ mmofra bi mu daa no adi no, wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm no ɔha biara mu 70 kaa nokwaredi ho asɛm kɛse sɛ ɛne suban pa a ɛsen biara. Afei nso, ɛmfa ho mfe a yɛadi no, nokwaredi ne ade titiriw a yegyina so paw wɔn a yebu wɔn sɛ yɛn nnamfo.

Wɔkyerɛɛ Christine korɔnbɔ fi bere a odii mfirihyia 12. Mfe bi akyi no, ɔbɛyɛɛ atotobotomfo hemmaa. Ɔka sɛ: “Ɛtɔ da bi a na mede sika bɛyɛ DM 5,000 [$2,200,U.S.] ba fie.” Nanso wɔkyeree Christine mpɛn pii, na afiase a na wobetumi de no akɔto ho asiane ampa n’akwan mu da. Bere a Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛɛ Christine nea Bible ka fa nokwaredi ho no, n’ani gyee Bible mu abrabɔ gyinapɛn ahorow no ho. Osuae sɛ obedi asɛm a ɛne sɛ: “Owifo nnwia ade bio” no so.—Efesofo 4:28.

Eduu bere a wɔbɔɔ Christine asu sɛ Yehowa Adansefo no mu biako no, na ɔnyɛ owifo bio. Ná ɔrebɔ mmɔden sɛ obedi nokware wɔ ade nyinaa mu, esiane sɛ nokwaredi ne Kristofo su ahorow ho hia Adansefo no kɛse nti. Lausitzer Rundschau atesɛm krataa no bɔ amanneɛ sɛ: “Adansefo mfa abrabɔ gyinapɛn ho nsɛm te sɛ nokwaredi, odwo, ne yɔnkodɔ nni agoru koraa wɔ wɔn som mu.” Christine tee nka dɛn wɔ nsakrae a ɛbaa n’asetra mu no ho? “Mprempren a magyae korɔnbɔ no, mewɔ anigye kɛse. Mete nka sɛ meka ɔmanfo a wobu wɔn no ho.”

Ɛboa Ɔmanfo Nyinaa

Ɛnyɛ nkurɔfo a womfi wɔn ahokafo akyi na wɔka nokware no nko na wonya abotɔyam, mmom no, wɔn manfo nya wɔn so mfaso nso. Adwumawuranom ani gye adwumayɛfo a wonni amim ho. Yɛn nyinaa pɛ sɛ yenya afipamfo a yebetumi de yɛn ho ato wɔn so, na yɛpɛ sɛ yɛtɔ nneɛma fi aguadifo a wodi wɔn ho ni sotɔɔ mu. So yemmu amammuifo, polisifo, ne atemmufo a wɔmpɛ dwowtwa? Sɛ ɔman bi mu nnipa fi ahonim mu di nokware, na ɛnyɛ bere a wɔpɛ na wɔyɛ saa a, ɛboa ɔmanfo nyinaa kɛse.

Bio nso, awarefo a womfi wɔn ahokafo akyi na ɛma mmusua ase tim. Na nnipa pii ne Europa ɔmanyɛfo yi bɛyɛ adwene bere a ɔkae sɛ: “Ɛde besi nnɛ, abusua [awarefo ne wɔn mma] ne baabi titiriw a wonya ahobammɔ ne asetra a atirimpɔw wom.” Abusua a asomdwoe wom ne beae a mpanyin ne mmofra nyinaa nya abotɔyam a ɛsen biara. Enti wɔn a wodi nokware wɔ aware mu no nam saayɛ so reboa ma wɔakyekye ɔman a asomdwoe wom.

Sɛ wonnyae ahokafo, wonni awaregu asɛnnibea, ɛnna anka mmofra sohwɛ ho nsɛm biara nni hɔ a, hwɛ sɛnea anka obiara ho bɛtɔ no afa. Na sɛ atotobotomfo, wɔn a wowiawia sotɔɔ mu nneɛma, wɔn a wodi aban sika, mpanyimfo a wɔn anom abue anaa adebɔ mu nyansahu mu amimfo biara nni hɔ nso ɛ? So ɛyɛ wo sɛ dae bi ara kwa? Ɛnte saa wɔ wɔn a wɔn ani gye nea Bible ka fa daakye ho no fam. Onyankopɔn Asɛm hyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ Yehowa Mesia Ahenni no bɛfa aman a ɛwɔ asase so nyinaa adi so. Wɔ saa Ahenni no ase no, wɔbɛkyerɛkyerɛ ne nkoa nyinaa ma wɔde Bible abrabɔ gyinapɛn atra ase. Saa bere no, “treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:29.

Bible Abrabɔ Gyinapɛn Ne Nea Eye Sen Biara

Nnipa ɔpepem pii a wɔahwehwɛ Kyerɛw Kronkron mu yiye no abehu sɛ Bible mu afotu gyina ɔsoro nyansa, a ɛkorɔn sen nnipa nsusuwii koraa so. Saafo no bu Bible sɛ ɛka nokware na ehia sɛ wɔde bɔ bra wɔ yɛn nnɛyi wiase mu. Wonim sɛ sɛ wotie Onyankopɔn Asɛm mu afotu a, ɛbɛboa wɔn ankasa.

Ne saa nti nnipa a wɔte saa no tie nea yɛn Bɔfo no nam ne diyifo Yesaia so kae no: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.” (Mmebusɛm 3:5, 6) Ɛdenam saa a wɔyɛ so no, wɔma wɔn ankasa asetra tu mpɔn na afei nso wɔn so ba wɔn a wɔne wɔn te no mfaso. Na wonya ‘nkwa a ɛreba,’ bere a adesamma nyinaa bedi Bible abrabɔ gyinapɛn akyi, no mu ahotoso pintinn.—1 Timoteo 4:8.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 11 Wɔasesa din a ɛwɔ asɛm yi mu no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

Sɛ nsɛnnennen sɔre wɔ aware mu a, Bible gyinapɛn ahorow a wɔde tra ase tumi ma aware no kɔ so na ɛma asomdwoe taa ba wɔn ntam

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

Ɛmfa ho sɛ dwowtwa abu so—anaa esiane ɛno nti—no, nnipa pii ani gye wɔn a wodi nokware ho