Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wubetumi Ama Wo Ho Akɔ So Atew Wɔ Abrabɔ Fam

Wubetumi Ama Wo Ho Akɔ So Atew Wɔ Abrabɔ Fam

Wubetumi Ama Wo Ho Akɔ So Atew Wɔ Abrabɔ Fam

“Eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so, na n’ahyɛde no nyɛ den.”—1 YOHANE 5:3.

1. Abrabɔ mu nsonsonoe bɛn na ɛda adi wɔ nkurɔfo mu nnɛ?

TETE no, wɔde honhom kaa odiyifo Malaki ma ɔkaa bere a nsonsonoe kɛse bɛda Onyankopɔn nkurɔfo abrabɔ ne nkurɔfo a wɔnsom Onyankopɔn abrabɔ ntam ho asɛm siei. Odiyifo no kyerɛwee sɛ: “Mobɛsan ahu nsonoe a ɛda ɔtreneeni ne ɔbɔnefo ntam, ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam.” (Malaki 3:18) Saa nkɔmhyɛ no renya mmamu nnɛ. Onyankopɔn mmara nsɛm so di, a nea ɛfa abrabɔ fam ahotew ho ka ho, ne asetra kwan a nyansa wom na ɛfata. Nanso, ɛnyɛ asetra kwan a ɛyɛ mmerɛw bere nyinaa. Ntease wom sɛ Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo pere denneennen ansa na wɔanya nkwagye.—Luka 13:23, 24.

2. Nhyɛso bɛn na ɛma ɛyɛ ebinom den sɛ wɔbɛkɔ so ama wɔn ho atew wɔ abrabɔ fam?

2 Dɛn nti na ɛyɛ den sɛ yɛbɛkɔ so ama yɛn ho atew wɔ abrabɔ fam? Ade biako ne sɛ nhyɛso ahorow wɔ hɔ. Anigyede ho adwumayɛfo yɛ nna mu ɔbrasɛe ho nneɛma de kyerɛ sɛ afɛfɛde, anigyede, ne mpanyin adeyɛ, na wobu wɔn ani gu nneɛma bɔne a efi mu ba no so koraa. (Efesofo 4:17-19) Nna mu nkitahodi ho ɔyɛkyerɛ dodow a woyi kyerɛ no kɔ so wɔ nnipa baanu a wɔnyɛ awarefo ntam. Mpɛn pii no, ɔkwan a wɔnam so yi nna mu nkitahodi wɔ sini ahorow mu ne television so kyerɛ no da no adi sɛ nnipa baanu no nni aware ho adwene biara. Ɛtaa ba sɛ ɔdɔ ne obu a wɔwɔ ma wɔn ho wɔn ho nnim. Nnipa pii ahwɛ nneɛma a ɛtete saa afi wɔn mmofraase. Afei nso, atipɛnfo nhyɛso a emu yɛ den hyɛ nkurɔfo ma wɔde wɔn ho hyɛ nnɛyi abrabɔ a wɔma biribiara ho kwan no mu, na ɛtɔ mmere bi a wodi wɔn a wɔnyɛ saa no ho fɛw anaasɛ wɔsopa wɔn mpo.—1 Petro 4:4.

3. Dɛn ne nneɛma a ɛma nnipa pii a wɔwɔ wiase de wɔn ho hyɛ ɔbrasɛe mu no bi?

3 Onipa no ankasa akɔnnɔ nhyɛso nso ma ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛma ne ho akɔ so atew wɔ abrabɔ fam. Yehowa de nna ho akɔnnɔ bɔɔ nnipa, na saa akɔnnɔ no mu betumi ayɛ den. Akɔnnɔ no gyina nneɛma a yesusuw ho so kɛse, na nsusuwii a ɛne Yehowa adwene nhyia na ɛde ɔbrasɛe ba. (Yakobo 1:14, 15) Sɛ nhwɛso no, sɛnea nhwehwɛmu bi a wotintim ho asɛm wɔ British Medical Journal mu kyerɛ no, ɛyɛ hu a nnipa pii pɛ sɛ wohu sɛnea nna te nti na ɛmaa wɔde wɔn ho hyɛɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu bere a edi kan koraa. Na afoforo nso susuw sɛ nnipa a wɔne wɔn bɔ tipɛn no dodow no ara de wɔn ho hyɛ mu, enti na wɔn nso pɛ sɛ wɔhwere wɔn baabunyɛ. Afoforo nso kae sɛ wɔn nkate na ɛma wɔde wɔn ho hyɛɛ mu anaasɛ na “wɔanom nsa kakra saa bere no.” Sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ yenya adwene foforo koraa. Nsusuwii bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakura abrabɔ fam ahotew mu?

Nya Ahotoso a Emu Yɛ Den

4. Sɛ yɛbɛkɔ so ama yɛn ho atew wɔ abrabɔ fam a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

4 Sɛ yɛbɛkɔ so ama yɛn ho atew wɔ abrabɔ fam a, ɛsɛ sɛ yehu sɛ mfaso wɔ asetra kwan a ɛte saa akyi a yebedi so. Eyi ne nea ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Roma no hyia: ‘Monsɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no nhwɛ.’ (Romafo 12:2) Hu a yebehu sɛ mfaso wɔ abrabɔ fam ahotew so no sen hu a yebehu kɛkɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm kasa tia ɔbrasɛe. Nea ɛka ho ne te a yɛbɛte nea enti a wɔkasa tia ɔbrasɛe no ase, ɛne mfaso a sɛ yɛkwati a yebenya. Yesusuw saa nneɛma yi bi ho wɔ asɛm a edi eyi anim no mu.

5. Ne titiriw no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo kɔ so ma wɔn ho tew wɔ abrabɔ fam?

5 Nanso, wɔ Kristofo fam no, ade titiriw a enti yɛkwati nna mu ɔbrasɛe no ne abusuabɔ a yɛne Onyankopɔn wɔ no. Yɛahu sɛ onim nea eye ma yɛn sen biara. Ɔdɔ a yɛwɔ ma no no bɛboa yɛn ma yɛakyi bɔne. (Dwom 97:10) Onyankopɔn ne “akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa” Mafo. (Yakobo 1:17) Ɔdɔ yɛn. Sɛ yɛyɛ osetie ma no a, yɛda no adi sɛ yɛdɔ no na yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn nyinaa. (1 Yohane 5:3) Yɛmpɛ sɛ yebedi Yehowa huammɔ na ama wadi yaw denam ne trenee mmara so a yebebu so. (Dwom 78:41) Yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ yɛn ade wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma wɔaka ne trenee kwan kronkron a wɔfa so som no no ho asɛmmɔne. (Tito 2:5; 2 Petro 2:2) Sɛ yɛma yɛn ho kɔ so tew wɔ abrabɔ fam a, yɛma Opumpuni no ani gye.—Mmebusɛm 27:11.

6. Ɔkwan bɛn so na yɛn abrabɔ gyinapɛn ho asɛm a yɛbɛka akyerɛ afoforo no boa?

6 Sɛ yesi gyinae sɛ yɛbɛma yɛn ho akɔ so atew wɔ abrabɔ fam a, ade foforo a yɛde bɛbɔ yɛn ho ban ne sɛ yɛbɛma afoforo ahu nea yegye di. Ma nkurɔfo nhu sɛ woyɛ Yehowa Nyankopɔn somfo, na woasi wo bo sɛ wobɛkɔ so akura abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn mu. Ɛyɛ wo nkwa, wo nipadua, wo gyinaesi. Dɛn ne wo botae? Abusuabɔ a ɛsom bo a wo ne wo soro Agya wɔ no. Enti da no adi pefee sɛ wo mudi mu kura wɔ abrabɔ fam no nyɛ ade a wobɛtoto no ase. Ma w’ani nnye sɛ wobɛyɛ Onyankopɔn nanmusifo denam ne nnyinasosɛm ahorow a wubekura mu so. (Dwom 64:10) Mma ɛnnyɛ wo fɛre da sɛ wobɛka nea wogye di wɔ abrabɔ fam akyerɛ afoforo. Ɛho asɛm a wobɛka no betumi ahyɛ wo den, abɔ wo ho ban, na ahyɛ afoforo nkuran ma wɔadi wo nhwɛso akyi.—1 Timoteo 4:12.

7. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akɔ so akura gyinae a yɛasi sɛ yebekura abrabɔ mu ahotew mu no mu?

7 Nea edi hɔ no, bere a yɛasi gyinae sɛ yebekura abrabɔ ho gyinapɛn a ɛkorɔn mu na yɛama afoforo ahu yɛn gyinabea no, ɛsɛ sɛ yɛfa akwan bi so bata yɛn gyinaesi no ho. Ɔkwan biako a yɛbɛfa so ayɛ eyi ne sɛ yɛbɛyɛ ahwɛyiye wɔ yɛn nnamfofa mu. Bible ka sɛ: “Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo.” Wo ne wɔn a wɔne wo yɛ adwene wɔ abrabɔ gyinapɛn a wukura ho no mmɔ; wɔbɛhyɛ wo den. Saa kyerɛwsɛm yi nso ka sɛ: “Nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.” (Mmebusɛm 13:20) Yɛ nea wubetumi biara fa kwati nnipa a wobetumi asɛe wo gyinaesi no.—1 Korintofo 15:33.

8. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde nneɛma a ɛho tew hyɛ yɛn adwenem? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati?

8 Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛde nneɛma a ɛyɛ nokware, nea anim yɛ duru, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, na ɛwɔ din pa, ɔbra pa, ne nea ɛfata ayeyi hyɛ yɛn adwenem. (Filipifo 4:8) Yɛnam nyiyim a yɛbɛyɛ wɔ nea yɛhwɛ ne nea yɛkenkan ne nnwom a yetie mu so na ɛyɛ eyi. Sɛ yɛka sɛ nhoma a ɛka ɔbrasɛe ho nsɛm nnya yɛn so nkɛntɛnso bɔne a na ɛte sɛ nea yɛreka sɛ nhoma a ɛka abrabɔ pa ho nsɛm nnya yɛn so nkɛntɛnso pa biara. Kae sɛ, ɛnyɛ den koraa sɛ nnipa a yɛnyɛ pɛ de yɛn ho bɛhyɛ ɔbrasɛe mu. Enti nhoma, nsɛmma nhoma, sini ahorow, ne nnwom a ɛkanyan nna ho nkate bɛkɔ akowie akɔnnɔ bɔne mu, na awiei koraa no, ebetumi akowie bɔne mu. Sɛ yebekura abrabɔ fam ahotew mu a, ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn nyansa hyɛ yɛn adwenem.—Yakobo 3:17.

Nneyɛe a Ekowie Ɔbrasɛe Mu

9-11. Sɛnea Salomo kaa ho asɛm no, nneyɛe bɛn na nkakrankakra ɛde aberante bi kɔɔ ɔbrasɛe mu?

9 Mpɛn pii no, nneyɛe pɔtee bi wɔ hɔ a ekowie ɔbrasɛe mu. Emu biara a woyɛ no ma ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛsan w’akyi. Hyɛ sɛnea wɔaka eyi ho asɛm wɔ Mmebusɛm 7:6-23 no nsow. Salomo hyɛ “aberantewa bi a onni ti,” anaasɛ onni adwempa nsow. Aberantewa no ‘sen fa aguaman fi kwan so, ɛbere a ade resa, anadwofa.’ Ne mfomso a edi kan ne no. Bere a ade resa no, ne ‘koma’ amfa no amfa ɔkwan biara so sɛ baabi a onim sɛ obetumi ahyia aguaman bi wɔ hɔ no.

10 Nea edi hɔ no, yɛkenkan sɛ: “Hwɛ, ɔbea bi hyiaa no, ofura aguamantam, ne koma asen.” Afei ohu no! Obetumi asan n’akyi akɔ fie, nanso eyi a ɔbɛyɛ no yɛ no den kɛse saa bere yi titiriw esiane sɛ ɔyɛ mmerɛw wɔ abrabɔ fam nti. Ɔbea no so no mu few n’ano. Bere a wama wafew n’ano awie no, afei otie ɔbea no nnaadaasɛm sɛ: “Asomdwoe afɔrebɔ da me so, ɛnnɛ na mama m’aboade.” Ɛnam, asikresiam, ngo, ne nsa na na wɔde bɔ asomdwoe afɔre. (Leviticus 19:5, 6; 22:21; Numeri 15:8-10) Ebia na ɔnam ɛho asɛm a ɔkae no so rekyerɛ sɛ ne honhom fam yiyedi yɛ papa, na bere koro no ara no, ebia na ɔrema wahu sɛ aduan ne anonne pii wɔ ne fie. Ɔka sɛ: “Bra ma ɔdɔ mmee yɛn nkosi anɔpa, ma yɛmfa akɔnnɔde nsɛpɛw yɛn ho.”

11 Ɛnyɛ den sɛ wubetumi akyerɛ nea ebefi mu aba no. “Ɔde n’ano fremfrem nyaa no de no kɔe.” Odi n’akyi kɔ fie “sɛ nantwi a wɔrekokum no,” “te sɛnea anomaa de ahoɔhare kɔ afiri mu.” Salomo de asɛm no ba awiei anibere so sɛ: “Onnim sɛ ne nkwa na ɛda mu.” Ne kra, anaa ne nkwa, wom efisɛ “nguaman ne awaresɛefo de, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.” (Hebrifo 13:4) Asuade a emu yɛ den ma mmarima ne mmea nyinaa bɛn ara ni! Ɛsɛ sɛ yɛkwati mpo sɛ yebetu anammɔn a edi kan afa ɔkwan a ɛbɛma yɛahwere Onyankopɔn anim dom no so.

12. (a) Asɛm “onni ti” no kyerɛ dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ den wɔ abrabɔ fam?

12 Hyɛ no nsow sɛ na aberante a wɔkaa ne ho asɛm no ‘nni ti.’ Saa asɛm yi kyerɛ yɛn sɛ ne nsusuwii, n’akɔnnɔ, ne dɔ, ne nkate, ne ne botae ahorow a ɔwɔ wɔ asetram no ne nneɛma a Onyankopɔn ani gye ho no nhyia. Mmerɛw a na ɔyɛ wɔ abrabɔ fam no de no kɔɔ asiane mu. Wɔ saa “nna a edi akyiri” a emu yɛ den yi mu no, egye mmɔdenbɔ na ama obi atumi ayɛ den wɔ abrabɔ fam. (2 Timoteo 3:1) Onyankopɔn yɛ nsiesiei de boa yɛn. Ɔnam Kristofo nhyiam horow so hyɛ yɛn nkuran ma yɛfa ɔkwantrenee so, na ɛma yɛne afoforo a yɛne wɔn wɔ botae koro hyiam. (Hebrifo 10:24, 25) Asafo mu mpanyimfo wɔ hɔ a wɔhwɛ yɛn so kyerɛkyerɛ yɛn akwantrenee. (Efesofo 4:11, 12) Yɛwɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible no a ɛbɛkyerɛ yɛn kwan na abɔ yɛn ho ban. (2 Timoteo 3:16) Bere nyinaa, yɛwɔ hokwan a yɛde bɛbɔ mpae ahwehwɛ Onyankopɔn honhom no mmoa.—Mateo 26:41.

Asuade a Yebenya Afi Dawid Bɔne Ahorow Mu

13, 14. Ɔkwan bɛn so na Ɔhene Dawid de ne ho kɔhyɛɛ bɔne a anibere wom mu?

13 Awerɛhosɛm ne sɛ, Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ din mpo de wɔn ho ahyɛ nna mu ɔbrasɛe mu. Onipa biako a ɔte saa ne Ɔhene Dawid a na ɔde mfirihyia pii asom Yehowa nokwaredi mu no. Akyinnye biara nni ho sɛ na ɔdɔ Onyankopɔn yiye. Nanso, ɔde ne ho hyɛɛ bɔne mu. Te sɛ aberante a Salomo kaa ne ho asɛm no, nneyɛe bi na ɛde Dawid kɔɔ bɔne mu na afei ɛsɛee n’asɛm koraa.

14 Saa bere no na Dawid ani afi a ɛbɛyɛ sɛ na wadi mfirihyia 50 ne akyi. Ofi ne dan atifi huu Bat-Seba hoɔfɛfo no sɛ ɔreguare. Obisaa n’ase huu onipa kõ a ɔyɛ. Ohui sɛ ne kunu Uria retu sa wɔ Raba, Amonfo kurow mu. Dawid ma wɔde ɔbea no baa n’ahemfie na ɔne no dae. Akyiri yi, nneɛma yɛɛ basaa—ɔbea no hui sɛ ɔne Dawid anyinsɛn. Dawid frɛɛ Uria fii akono a na ɔhwɛ kwan sɛ ɔne ne yere bɛkɔ akɔda. Saa kwan no so no, anka ɛbɛyɛ sɛ Uria na ɔne Bat-Seba anyinsɛn abofra no. Nanso, Uria ankɔ ne fie. Esiane sɛ na Dawid ho yeraw no na ɔpɛ sɛ ɔkata ne bɔne so nti, ɔsan maa Uria kɔɔ Raba na ɔde krataa kɔmaa ɔsahene no sɛ ɔmfa Uria nnyina baabi a ɛbɛma wɔakum no. Enti Uria hweree ne nkwa, na Dawid waree okunafo no ansa na ɔmanfo rehu sɛ ɔbea no anyinsɛn.—2 Samuel 11:1-27.

15. (a) Ɔkwan bɛn so na Dawid bɔne no ho daa hɔ? (b) Ɔkwan bɛn so na Dawid yɛɛ n’ade wɔ animka a Natan de mae anifere so no ho?

15 Na ɛte sɛ nea pɔw a Dawid bɔe sɛ ɔbɛkata ne bɔne so no ayɛ yiye. Asram bi twaam. Wɔwoo abofra no—abarimaa. Sɛ na asɛm yi wɔ Dawid adwenem bere a ɔhyehyɛɛ Dwom 32 no a, ɛnde ɛda adi pefee sɛ na n’ahonim haw no. (Dwom 32:3-5) Nanso, bɔne no antumi anhintaw Onyankopɔn. Bible ka sɛ: “Asɛm a Dawid dii no ansɔ [Yehowa, NW] ani.” (2 Samuel 11:27) Yehowa somaa odiyifo Natan ma ɔde anifere ne Dawid kɔkaa nea na wayɛ no ho asɛm. Dawid gye toom ntɛm ara, na ɔsrɛɛ Yehowa hɔ fafiri. Nokware ahonu a onyae no siesiee ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no. (2 Samuel 12:1-13) Dawid ampo animka. Mmom no, ɔdaa su a wɔaka ho asɛm wɔ Dwom 141:5 no adi sɛ: “Ma ɔtreneeni mmɔ me na ɔnka m’anim adɔe so, ɛyɛ tiri so ngo a me ti rempo.”

16. Mfomso ho kɔkɔbɔ ne afotu bɛn na Salomo de mae?

16 Ɛbɛyɛ sɛ Salomo a na ɔyɛ Dawid ne Bat-Seba babarima a ɔto so abien no susuw asɛmmɔne a ɛtoo n’agya wɔ n’asetram yi ho. Akyiri yi ɔkyerɛwee sɛ: “Nea ɔkata ne mmarato so no, ɔrenkyẽ ade, na nea ɔka na ogyae no, wobehu no mmɔbɔ.” (Mmebusɛm 28:13) Sɛ yɛyɛ bɔne a anibere wom a, ɛsɛ sɛ yetie afotusɛm yi a efi honhom mu a ɛyɛ kɔkɔbɔ ne afotu no. Ɛsɛ sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ Yehowa na yɛkɔ asafo mu mpanyimfo nkyɛn kogye mmoa. Mpanyimfo no asɛyɛde a ɛho hia ne sɛ wɔbɛboa ateɛ wɔn a wɔayɛ bɔne no so.—Yakobo 5:14, 15.

Nea Bɔne De Ba a Yebegyina Ano

17. Ɛwom sɛ Yehowa de bɔne firi de, nanso dɛn na ɔmmɔ yɛn ho ban mfi ho?

17 Yehowa de firii Dawid. Dɛn ntia? Efisɛ na Dawid yɛ nokwaredifo, efisɛ na ohu afoforo mmɔbɔ, na na n’ahonu no yɛ nokware. Nanso, wɔammɔ Dawid ho ban amfi ɔhaw ahorow a efii mu baa no so akyiri yi no ho. (2 Samuel 12:9-14) Ɛte saa ara nnɛ. Ɛwom sɛ Yehowa mfa bɔne mma nnipa a wonu wɔn ho so de, nanso ɔmmɔ wɔn ho ban mfi ɔhaw ahorow a wɔn nneyɛe bɔne de ba wɔn so no ho. (Galatifo 6:7) Nneɛma a nna mu ɔbrasɛe betumi de aba no bi ne awaregyae, nyinsɛn a wɔmpɛ, ɔyare a wonya fi nna mu, ne ahotoso ne obu a wɔhwere.

18. (a) Ɔkwan bɛn so na Paulo ka kyerɛɛ Korintofo asafo no sɛ wonni asɛm bi a ɛfa nna mu nneyɛe bɔne ho no ho dwuma? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa da ɔdɔ ne mmɔborohunu adi kyerɛ nnebɔneyɛfo?

18 Sɛ yɛn ankasa ayɛ bɔne bi a anibere wom a, ɛnyɛ den sɛ yɛn abam bebu bere a yɛrehu nea afi mfomso a yɛadi mu aba no. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛma biribi siw ahonu a yebenya na yɛasan ne Onyankopɔn abenya abusuabɔ no kwan. Wɔ afeha a edi kan no mu no, Paulo kyerɛw Korintofo no sɛ wonyi ɔbarima bi a na ɔrebɔ aguaman a ɛyɛ mogyafra no mfi asafo no mu. (1 Korintofo 5:1, 13) Bere a ɔbarima no nuu ne ho komam no, Paulo ka kyerɛɛ asafo no sɛ: “Momfa mfiri na monkyekye ne werɛ, [na] munyi ɔdɔ adi nkyerɛ no.” (2 Korintofo 2:5-8) Wɔ afotu a efi honhom mu yi mu no, yehu Yehowa dɔ ne mmɔborohunu a oyi no adi kyerɛ nnebɔneyɛfo a wɔsakra wɔn adwene no. Sɛ ɔdebɔneyɛfo biako sakra n’adwene a, abɔfo a wɔwɔ soro ani gye.—Luka 15:10.

19. Sɛ obi bɔne ma odi yaw wɔ ɔkwan a ɛfata so a, mfaso bɛn na ebetumi afi mu aba?

19 Ɛwom sɛ ɔkwammɔne bi a yɛfa so ma yɛn werɛ how de, nanso ahonu a yenya no tumi boa yɛn ma ‘yɛhwɛ yiye na yɛannan yɛn ani ankɔ ahuhude so bio.’ (Hiob 36:21) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ nneɛma a efi bɔne mu ba no tumi ma yesuro sɛ yɛbɛsan ayɛ bɔne bi bio. Afei nso, Dawid de ɛyaw a ne nneyɛe bɔne no ma odii no tuu afoforo fo. Ɔkae sɛ: “Mɛkyerɛ mmaratofo w’akwan, na nnebɔneyɛfo adan aba wo nkyɛn.”—Dwom 51:13.

Anigye Wɔ Yehowa Som Mu

20. Mfaso ahorow bɛn na yenya fi osetie a yɛyɛ wɔ Onyankopɔn trenee ahwehwɛde ahorow ho no so?

20 Yesu kae sɛ: “[Anigye, NW] ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wodi so!” (Luka 11:28) Osetie a yɛbɛyɛ wɔ Onyankopɔn trenee ahwehwɛde ahorow ho no bɛma yɛanya anigye nnɛ de akosi daa daa. Sɛ yɛakɔ so atra ase ahotew mu a, momma yɛnkɔ so nnantew saa kwan no so denam nsiesiei ahorow nyinaa a Yehowa ayɛ a ɔde boa yɛn no a yɛde bedi dwuma no so. Sɛ yɛde yɛn ho ahyɛ ɔbrasɛe mu a, momma yennya abotɔyam na yenhu sɛ Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde befiri wɔn a wɔanu wɔn ho nokwarem no, na momma yensi yɛn bo sɛ yɛrensan nkɔyɛ bɔne no bio.—Yesaia 55:7.

21. Ɔsomafo Petro afotu a yɛde bedi dwuma bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakɔ so ama yɛn ho atew wɔ abrabɔ fam?

21 Ɛrenkyɛ saa wiase bɔne yi ne ne nneyɛe bɔne no nyinaa betwam akɔ. Sɛ yɛkɔ so kura abrabɔ fam ahotew mu a, yebenya mfaso nnɛ de akosi daa. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Adɔfo, sɛ moretwɛn eyinom nti, mommɔ mmɔden na wɔahu mo sɛ nnipa a wonni nkekae ne dɛm asomdwoe mu, . . . sɛ munim dedaw nti, monhwɛ mo ho so yiye, na wɔamfa amumɔyɛfo nnaadaasɛm no amfa mo ankɔ bi, na moamfi mo ankasa tim a moatim no mu anhwe ase.”—2 Petro 3:14, 17.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn nti na ebetumi ayɛ den sɛ wobɛkɔ so ama wo ho atew wɔ abrabɔ fam?

• Dɛn ne akwan bi a yebetumi afa so aboa yɛn ho wɔ gyinae a yɛasi sɛ yebekura abrabɔ fam gyinabea a ɛkorɔn mu?

• Asuade ahorow bɛn na yebetumi anya wɔ aberantewa a Salomo kaa ne ho asɛm no bɔne mu?

• Dɛn na Dawid nhwɛso no kyerɛkyerɛ yɛn wɔ ahonu ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Ɛyɛ ahobammɔ sɛ wobɛma afoforo ahu afa a wugyina wɔ abrabɔ fam nneyɛe mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16, 17]

Esiane sɛ Dawid nuu ne ho nokwarem nti, Yehowa de firii no