Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wobɔ Mpae?

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wobɔ Mpae?

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wobɔ Mpae?

“MUBISA na munnya, efisɛ mubisa no bɔne, . . . Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.” (Yakobo 4:3, 8) Yesu suani Yakobo nsɛm yi betumi ama yɛasusuw nea enti a yɛbɔ mpae no ho.

Mpaebɔ nyɛ ɔkwan a yɛfa so ka yɛn ahiade kyerɛ Onyankopɔn kɛkɛ. Wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka a agye din mu no, ɔkae sɛ: “Mo agya . . . nim nneɛma a ehia mo ansa na mubisa no.” Nanso, Yesu san kae sɛ: “Monkɔ so mmisa, na wɔbɛma mo.” (Mateo 6:8; 7:7, NW) Enti Yehowa pɛ sɛ yɛka nneɛma a yɛte nka sɛ yehia ho asɛm kyerɛ no. Nanso, mpaebɔ kyerɛ pii sen saa.

Ɛnyɛ bere a nnamfo pa hia biribi nko na wodi nkitaho. Wɔn ani gye wɔn ho wɔn ho, na wɔn adamfofa no mu yɛ den bere a wɔda wɔn nkate horow adi no. Saa ara na atirimpɔw pii wɔ mpaebɔ ho sen ahiade ahorow kɛkɛ a yebebisa. Ɛma yenya hokwan hyɛ yɛne Yehowa ntam abusuabɔ mu den denam ahofama a efi komam a yɛda no adi kyerɛ no no so.

Yiw, Onyankopɔn de mpaebɔ hokwan ama yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi abɛn no. Sɛ eyi betumi ayɛ yiye a, gye sɛ yɛda yɛn nkate ankasa adi kyerɛ Onyankopɔn sen sɛ yɛbɛse mpaebɔ a yɛakyere agu yɛn tirim nkutoo. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yɛbɛkasa akyerɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu! Afei nso, Bible mu bɛ bi ka sɛ: “Abɔnefo afɔre yɛ [Yehowa, NW] akyide, na tẽefo mpaebɔ yɛ n’anisɔde.”—Mmebusɛm 15:8.

Odwontofo Asaf too dwom sɛ: “Me de, Onyankopɔn nkyɛn tra ye ma me.” (Dwom 73:28) Nanso, sɛ yɛbɛbɛn Onyankopɔn a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ pii sen mpae a yɛbɛbɔ. Hyɛ sɛnea asɛm a edi hɔ no da eyi adi no nsow:

‘Yesu asuafo no mu biako ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, kyerɛ yɛn mpaebɔ.’ Yesu buae sɛ: “Mobɔ mpae a, monka sɛ: Agya, wo din ho ntew, w’ahenni mmra.” (Luka 11:1, 2) So yebetumi abɔ mpae wɔ saa kwan yi so ma ayɛ nea mfaso wɔ so bere a yenni kan nhu Onyankopɔn din, ne sɛnea yɛbɛtew ho no? Na sɛ yennim dekode a Onyankopɔn Ahenni yɛ a, so yebetumi abɔ mpae ma ɛne Yesu nsɛm yi ahyia? Sɛ yɛhwehwɛ Bible mu yiye a, yɛbɛte saa nneɛma yi ase. Nimdeɛ a yebenya no bɛboa yɛn ma yɛahu Onyankopɔn na yɛate n’akwan ase. Afei nso, sɛ yehu Yehowa Nyankopɔn a, ɛbɛma yɛate nka sɛ yɛbɛn no kɛse na yɛde yɛn ho ama no pii. Eyi nso bɛboa yɛn ma yɛne no akasa mpɛn pii wɔ mpaebɔ mu.

Mpaebɔ Betumi Adi Ɔhaw Ahorow Ho Dwuma

Abusuabɔ a emu yɛ den a yɛne Yehowa benya bɛboa yɛn ma yɛadi yɛn haw ahorow ho dwuma. Hyɛ sɛnea na eyi te saa no nsow wɔ nsɛm a edidi so yi mu biara mu. Ɛkyerɛkyerɛ mu sɛ wɔn a wɔbɔɔ mpae no tumi hyɛɛ wɔne Yehowa ntam abusuabɔ mu den.

Wɔ Brazil no, ɔbea bi a ne din de Maria bɔɔ Onyankopɔn mpae hwehwɛɛ mmoa. Esiane nyaatwomyɛ a na ohu wɔ ɔmanfo mu nti, na ɔpɛ sɛ ɔsɔre tia gyinapɛn ahorow a wogye tom no. Ná Maria agyaw ne kunu ne ne mma hɔ afi fie. Ofii ase de nnubɔne dii dwuma nso. Nanso, bere a wannya anigye no, obuee ne komam maa Onyankopɔn bɔɔ mpae hwehwɛɛ mmoa.

Ankyɛ, Yehowa Adansefo baanu kɔɔ Maria nkyɛn kɔmaa no Ɔwɛn-Aban a na emu nsɛm kyerɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ yebegye Onyankopɔn akwankyerɛ atom. Ɛkaa ne koma, na ofii ase ne Adansefo no suaa Bible no da no ara. Awiei koraa no, eyi maa ɔne n’abusua no kɔbɔɔ mu. Bere a osuaa Yehowa ho ade no, ɔpɛe sɛ ɔda ɔdɔ a ɔwɔ ma no no adi. Maria kae sɛ: “Meyɛɛ nsakrae ahorow wɔ m’asetra mu. Mfiase no, na me kunu ne m’abusua sɔre tia Bible a meresua no. Nanso, bere a wohuu nsakrae ahorow a mereyɛ no, wofii ase hyɛɛ me nkuran.” Akyiri yi, Maria hyiraa ne nkwa so maa mpaebɔ Tiefo no sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi asom no.

Ɛwom sɛ na José wɔ yere a ne ho yɛ fɛ ne adwuma a ɛkɔ so yiye wɔ Bolivia de, nanso na onni anigye. Ɔbea foforo akyi a okodii maa ne yere gyaee no. Ɔde ne ho hyɛɛ nsanom bebrebe mu tee nka sɛ mfaso nni ne so. José ka sɛ: “Mifii me koma nyinaa mu bɔɔ mpae, bisaa nea ɛsɛ sɛ meyɛ na ama masɔ Onyankopɔn ani. Ankyɛ na Yehowa Adansefo baa m’adwumam bɛkae sɛ wɔne me besua Bible a merentua hwee, nanso mantie wɔn. Eyi toaa so mprɛnsa. Bere biara a mɛbɔ mpae ahwehwɛ mmoa no, na wɔaba. Awiei koraa no, meyɛɛ m’adwene sɛ bere foforo a wɔbɛba no, metie. Na makenkan Bible mũ no nyinaa awie, na na mewɔ nsɛmmisa pii, nanso bere nyinaa na wɔma me mmuae a ntease wom. Yehowa ho ade a misuae no maa minyaa asetra ho atirimpɔw foforo, na me nnamfo a wɔyɛ Adansefo no yɛɛ nhwɛso a ɛhyɛ nkuran! Me ne me mpena ne me nnamfo a na me ne wɔn we nsa no twaam. Ankyɛ na me ne me yere ne me mma san kɔtrae. Mebɔɔ asu wɔ afe 1999 mfiase.”

Wɔ Italy no, na Tamara aware resɛe, enti ɔbɔɔ mpae hwehwɛɛ nyansa. Esiane sɛ wɔhwee no pam no fii n’abusua mu bere a na wadi mfirihyia 14 nti, ɛmaa n’ani yɛɛ den. Tamara ka sɛ: “Minyaa Bible, na mifii ase kenkanee. Anwummere bi mekenkan sɛ ‘sɛ wuhu nyansa a, ɛte sɛ nea woahu akorade a ahintaw.’ Mebɔɔ mpae hwehwɛɛ saa nyansa no. (Mmebusɛm 2:1-6) Ade kyee anɔpa no, Yehowa Adansefo baa me nkyɛn. Mifii ase ne wɔn suaa Bible no, nanso egyee bere kakra ansa na meretumi de nea masua no adi dwuma. Awiei koraa no, misii gyinae sɛ medi Kristofo asetra kwan akyi, na wɔbɔɔ me asu. Mprempren, me ne me kunu boa afoforo ma wonya Onyankopɔn nyansa so mfaso.”

Na Beatriz ka wɔn a wodi yiye wɔ Caracas, Venezuela, no ho. Nanso, na wagyae aware ma ne ho yeraw no. Bere bi a na onhu nea ɔnyɛ no, ɔde nnɔnhwerew pii bɔɔ mpae. Ade kyee anɔpa no, ɔpon ano dɔn no bɔe. Bere a na ne bo afuw no, ɔhwɛɛ tokuru mu huu nnipa baanu a wokurakura bag. Ɔyɛe sɛ nea onni fie no, nanso ansa na nnipa baanu no refi hɔ no, wɔde nsaano krataa bi hyɛɛ ɔpon no ase. Ɛkae sɛ: “Sua Wo Bible.” So na wɔn nsrahwɛ no ne ne mpae a wabɔ anadwo no wɔ abusuabɔ bi? Ɔfrɛɛ wɔn sɛ wɔmmra. Ankyɛ na osuaa Bible no, na wɔbɔɔ no asu akyiri yi. Awiei koraa no, Beatriz anya anigye, na mprempren ɔkyerɛkyerɛ afoforo sɛnea wobenya anigye.

Carmen bɔɔ ohia a na ɔredi ho mpae. Na ɔwɔ mma du ne okunu kɔwensani, Rafael. Carmen ka sɛ: “Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛhoro nneɛma anya sika.” Nanso, Rafael asabow no sɛee koraa. “Ɛyɛ bere a yefii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no na me kunu fii ase yɛɛ nsakrae. Yesuaa Ahenni bɔhyɛ no ho ade—sɛ ɛrenkyɛ na Yehowa ayi wiase hia ne nhyɛso no afi hɔ. Awiei koraa no, Onyankopɔn buaa mpae a mebɔe no!” Yehowa akwan ho ade a yesuae no boaa Rafael ma ogyaee nsanom, na ɔhyɛɛ ‘nipasu foforo.’ (Efesofo 4:24) Ɔne n’abusua tumi maa wɔn asetra yɛɛ yiye. Rafael ka sɛ: “Yɛnyɛ adefo, na yenni yɛn ankasa fie, nanso yɛwɔ asetram ahiade, na yɛwɔ anigye.”

Bere a Wobetie Mpaebɔ Ahorow Nyinaa

So saa nkurɔfo yi nyaa mpaebɔ so mfaso bi? Wonyaa bi! Na wohyɛɛ no nsow sɛ mpɛn pii no wobuaa wɔn mpaebɔ no bere a obi fii Kristofo asafo no mu kɔboaa wɔn ma wɔbɛn Yehowa Nyankopɔn denam Bible a wosuae so no?—Asomafo no Nnwuma 9:11.

Enti, afei yɛwɔ nneɛma pii a yebetumi agyina so abɔ mpae. Afei ɛrenkyɛ, wobebua mpae a yɛbɔ sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra na wɔnyɛ n’apɛde wɔ asase so no. (Mateo 6:10) Sɛ Onyankopɔn yi wɔn a wɔsɔre tia no fi yɛn asase yi so a, “[Yehowa, NW] hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.” (Yesaia 11:9) Afei wɔn a wɔdɔ Yehowa nyinaa benya “Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi”—na akyinnye biara nni ho sɛ wobenya wɔn mpaebɔ ho mmuae.—Romafo 8:18-21.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Wunim nea enti a ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae?