Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Henanom Ne Onyankopɔn Asomfo Nnɛ?

Henanom Ne Onyankopɔn Asomfo Nnɛ?

Henanom Ne Onyankopɔn Asomfo Nnɛ?

“Yɛn fata a yɛfata no fi Nyankopɔn mu. Ɔno na wama yɛafata ayɛ Apam foforo asomfo.”—2 KORINTOFO 3:5, 6.

1, 2. Adwuma bɛn na afeha a edi kan Kristofo no nyinaa nyaa mu kyɛfa, nanso ɛyɛɛ dɛn na nneɛma sesae?

WƆ AFEHA a edi kan Yɛn Bere mu no, Kristofo nyinaa nyaa adwuma bi a ɛho hia mu kyɛfa—ahyɛde a ɛne sɛ wɔbɛka asɛmpa no. Na wɔn nyinaa yɛ wɔn a wɔasra wɔn, na na wɔyɛ apam foforo no asomfo. Ná ebinom wɔ asɛyɛde afoforo ka ho, te sɛ asafo no nkyerɛkyerɛ. (1 Korintofo 12:27-29; Efesofo 4:11) Ná awofo wɔ asɛyɛde a emu yɛ duru wɔ abusua mu. (Kolosefo 3:18-21) Nanso wɔn nyinaa de wɔn ho hyɛɛ adwuma titiriw a ehia a ɛne asɛnka no mu. Wɔ mfitiase Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu no, saa asɛyɛde yi ne di·a·ko·niʹa—ɔsom, anaa ɔsom adwuma.—Kolosefo 4:17.

2 Bere kɔɔ so no, nneɛma sesae. Kuw bi bae a wɔfrɛ no asɔfokuw, na wogyee asɛnka adwuma no bɔɔ so. (Asomafo no Nnwuma 20:30) Ná asɔfo no yɛ kakraa bi pɛ wɔ wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo no mu. Wɔbɛfrɛɛ nnipa dodow a aka no nyinaa asɔremma. Bere a na wɔakyerɛkyerɛ asɔremma no sɛ wɔwɔ asɛyɛde ahorow a ebi ne sɛ wobeyi ntoboa ma wɔde ahwɛ asɔfo no, ɛdefa asɛnka ho de, na wɔn mu dodow no ara abɛyɛ atiefo ara kwa.

3, 4. (a) Ɔkwan bɛn so na ankorankoro a wɔwɔ Kristoman mu bɛyɛ asomfo? (b) Hena na wobu no sɛ ɔsomfo wɔ Kristoman mu, na dɛn nti na nneɛma nte saa wɔ Yehowa Adansefo mu?

3 Asɔfo no kyerɛ sɛ wɔyɛ asomfo (efi minister, sɛnea Latinfo kyerɛ di·aʹko·nos, “ɔsomfo” ase mu). * Ná gye sɛ wɔawie kɔlege anaa asɔfodi sukuu ansa na wɔahyɛ wɔn asɔfo. The International Standard Bible Encyclopedia ka sɛ: “‘Sɛ́ wɔhyɛ obi sɔfo’ ne ‘si a wosi obi sɔfo’ no taa kyerɛ dibea titiriw bi a wɔde ma asomfo anaa asɔfo denam amanne bi a wogye tom a wɔyɛ so, na wosi tumi a wɔde ma na wɔde abɔ Asɛm no dawuru anaa wɔde adomenade ama anaa wɔayɛ n’abien nyinaa no so dua.” Hena na ɔhyɛ nkurɔfo no asɔfo? The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Wɔ asɔre ahorow a wɔda so ara kura tete asɔfo mpanyimfo kuw nhyehyɛe mu no, ɔsɔfo panyin no na bere nyinaa ɔhyɛ obi sɔfo. Wɔ Presby asɔre ahorow mu no, asɔfo mpanyimfo no na wɔhyɛ asɔfo.”

4 Ne saa nti, wɔ Kristoman asɔre ahorow mu no, wɔasɔ hokwan a obi wɔ sɛ ɔsomfo no ano denneennen. Nanso, eyi nte saa wɔ Yehowa Adansefo mu. Dɛn nti na ɛnte saa? Efisɛ ɛnyɛ saa na na ɛte wɔ afeha a edi kan Kristofo asafo no mu.

Henanom Ne Onyankopɔn Asomfo Ankasa?

5. Sɛnea Bible kyerɛ no, henanom na wɔsom sɛ asomfo?

5 Sɛnea Bible kyerɛ no, Yehowa asomfo—ɔsoro ne asase sofo—nyinaa yɛ asomfo. Abɔfo bae bɛsom Yesu. (Mateo 4:11; 26:53; Luka 22:43) Afei nso abɔfo ‘som wɔn a wɔbɛyɛ nkwagye no difo no.’ (Hebrifo 1:14; Mateo 18:10) Ná Yesu yɛ ɔsomfo. Ɔkae sɛ: “Onipa ba no amma sɛ wɔnsom no, na ɔbɛsomee.” (Mateo 20:28; Romafo 15:8) Ɛnde, esiane sɛ na ɛsɛ sɛ Yesu akyidifo ‘di n’anammɔn akyi pɛɛ’ nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ na wɔn nso yɛ asomfo.—1 Petro 2:21.

6. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ n’asuafo yɛ asomfo?

6 Aka bere tiaa bi ma Yesu aforo akɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mateo 28:19, 20) Ná ɛsɛ sɛ Yesu asuafo no yɛ afoforo asuafo—asomfo. Asuafo afoforo a wobenya no besua sɛ wobedi nea Yesu ahyɛ nyinaa so, a ahyɛde a ese wɔnkɔyɛ asuafo no nso ka ho. Ɛsɛ sɛ Yesu Kristo nokware suani biara, sɛ́ ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbea, ɔpanyin anaa abofra no, yɛ ɔsomfo.—Yoel 2:28, 29.

7, 8. (a) Kyerɛw nsɛm bɛn na ɛkyerɛ sɛ nokware Kristofo nyinaa yɛ asomfo? (b) Nsɛmmisa bɛn na ɛsɔre wɔ hyɛ a wɔhyɛ obi ɔsomfo no ho?

7 Nea ɛne eyi hyia no, wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu no, Yesu asuafo a na wɔahyiam nyinaa, mmarima ne mmea boom kaa “Onyankopɔn ade kɛse” ho asɛm kyerɛe. (Asomafo no Nnwuma 2:1-11) Afei nso ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Koma na wɔde gye di kɔ trenee mu, na ano na wɔde pae mu ka kɔ nkwagye mu.” (Romafo 10:10) Paulo anka saa nsɛm no ankyerɛ asɔfokuw pɔtee bi, na mmom “Onyankopɔn adɔfo a [na] wɔwɔ Roma nyinaa.” (Romafo 1:1, 7) Saa ara nso na na ɛsɛ sɛ “ahotefo a wɔwɔ Efeso a wɔyɛ Kristo Yesu mu gyidifo” nyinaa de ‘asomdwoe asɛmpa no ho ahodaso hyehyɛ wɔn anan.’ (Efesofo 1:1; 6:15) Na na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔtee krataa a wɔkyerɛw kɔmaa Hebrifo no mu nsɛm nyinaa ‘so anidaso asɛm a wogyina so ka no mu pintinn.’—Hebrifo 10:23.

8 Ɛnde bere bɛn na obi bɛyɛ ɔsomfo? Ɔkwan foforo so no, bere bɛn na wɔhyɛ no somfo? Na hena na ɔhyɛ no somfo?

Ɔsomfo a Wɔhyɛ Obi—Bere Bɛn?

9. Bere bɛn na wɔhyɛɛ Yesu somfo, na hena na ɔhyɛɛ no?

9 Ɛdefa bere ne onii a ɔhyɛ obi somfo ho no, susuw Yesu Kristo nhwɛso no ho hwɛ. Wannya adansedi anaa abodin krataa biara amfi asɔfodi sukuu mu a ebedi ne ho adanse sɛ ɔyɛ ɔsomfo, na ɛnyɛ onipa biara na ɔhyɛɛ no somfo. Ɛnde, dɛn nti na yebetumi aka sɛ ná ɔyɛ ɔsomfo? Efisɛ Yesaia nsɛm a efi honhom mu no baa mu wɔ ne so: “[Yehowa, NW] honhom wɔ me so, na enti wasra me sɛ memmɛka asɛmpa.” (Luka 4:17-19; Yesaia 61:1) Akyinnye biara nni ho sɛ na saa nsɛm no kyerɛ sɛ wɔapaw Yesu sɛ ɔmmɛka asɛmpa nkyerɛ. Hena na ɔpaw no? Esiane sɛ Yehowa honhom na ɛpaw Yesu maa adwuma no nti, ɛda adi pefee sɛ Yehowa Nyankopɔn na ɔhyɛɛ no somfo. Bere bɛn na eyi sii? Yehowa honhom baa Yesu so ankasa bere a wɔbɔɔ no asu no. (Luka 3:21, 22) Enti, ɛyɛ bere a wɔbɔɔ no asu no na wɔhyɛɛ no somfo.

10. Hena na ɔma Kristoni somfo bɛyɛ nea ‘ɔfata koraa’?

10 Na Yesu afeha a edi kan no mu akyidifo no nso ɛ? Wɔn dibea sɛ asomfo no nso fi Yehowa nkyɛn. Paulo kae sɛ: “Yɛn fata a yɛfata no fi Nyankopɔn mu. Ɔno na wama yɛafata ayɛ Apam foforo asomfo.” (2 Korintofo 3:5, 6) Ɔkwan bɛn so na Yehowa ma n’asomfo fata sɛ asomfo? Susuw Timoteo a Paulo frɛɛ no “Nyankopɔn somfo wɔ Kristo asɛmpa mu” nhwɛso no ho hwɛ.—1 Tesalonikafo 3:2.

11, 12. Ɔkwan bɛn so na Timoteo nyaa nkɔso bɛyɛɛ ɔsomfo?

11 Nsɛm a edi so yi a wɔka kyerɛɛ Timoteo yi boa yɛn ma yɛte sɛnea ɔbɛyɛɛ ɔsomfo no ase: “Na wo de, tra nea woasua na woahu mu nokware no mu. Wunim onii ko a wusuae ne nkyɛn no, na wufi wo mmofraase nim nkyerɛwee kronkron no a ebetumi ama woahu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidi so akɔ nkwagye mu.” (2 Timoteo 3:14, 15) Timoteo gyidi no nnyinaso a na ɛbɛkanyan no ma waka asɛm no wɔ baguam no ne Kyerɛwnsɛm no mu nimdeɛ. So na nea ehia ma wayɛ eyi ara ne sɛ ɔbɛkenkan ade kokoam? Dabi. Na ehia sɛ wɔboa Timoteo ma onya nea na ɔkenkan no mu nokware nimdeɛ ne honhom fam ntease. (Kolosefo 1:9) Enti, ‘wɔkyerɛkyerɛɛ Timoteo ma ogye dii.’ Esiane sɛ na onim Kyerɛwnsɛm no ‘fi ne mmofraase’ nti, akyinnye biara nni ho sɛ ne na ne ne nenabea na wodii kan kyerɛkyerɛɛ no, bere a na ɛda adi sɛ n’agya nyɛ gyidini no.—1 Timoteo 1:5.

12 Nanso, nneɛma pii na ɛboaa Timoteo ma ɔbɛyɛɛ ɔsomfo. Ade biako ne sɛ, fekubɔ a ɔne Kristofo a na wɔwɔ asafo horow a ɛbemmɛn mu nyae no hyɛɛ ne gyidi den. Yɛyɛ dɛn hu? Efisɛ bere a edi kan a Paulo hyiaa Timoteo no na ‘anuanom a wɔwɔ Listra ne Ikonion no bɔ aberante no din pa.’ (Asomafo no Nnwuma 16:2) Afei nso, wɔ saa mmere no mu no, anuanom binom kyerɛw nkrataa kɔmaa asafo ahorow bi de hyɛɛ wɔn den. Na ahwɛfo srasra wɔn de hyɛ wɔn den. Nsiesiei a ɛtete saa boaa Kristofo te sɛ Timoteo ma wonyaa honhom mu nkɔso.—Asomafo no Nnwuma 15:22-32; 1 Petro 1:1.

13. Bere bɛn na wɔhyɛɛ Timoteo ɔsomfo, na dɛn nti na wobɛka sɛ ne honhom fam nkɔso no anso hɔ ara?

13 Esiane Yesu ahyɛde a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Mateo 28:19, 20, no nti, yebetumi agye adi sɛ eduu bere bi no, Timoteo gyidi kaa no maa osuasuaa Yesu ma wɔbɔɔ no asu. (Mateo 3:15-17; Hebrifo 10:5-9) Ná eyi yɛ koma nyinaa mu a Timoteo fi ahyira ne ho so ama Onyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne. Bere a wɔbɔɔ Timoteo asu no, ɔbɛyɛɛ ɔsomfo. Efi saa bere no, ne nkwa, n’ahoɔden, ne biribiara a na ɔwɔ bɛyɛɛ Onyankopɔn dea. Ná eyi yɛ ne ‘som kronn’ no fa. Nanso, Timoteo amma nea otumi yɛe no anso hɔ ara. Ɔkɔɔ so nyinii honhom mu, bɛyɛɛ Kristoni somfo a ne ho akokwaw. Eyi baa saa esiane fekubɔ a emu yɛ den a Timoteo ne Kristofo a wɔn ho akokwaw te sɛ Paulo nyae, n’ankasa kokoam adesua, ne nsi a na ɔde yɛ asɛnka adwuma no nti.—1 Timoteo 4:14; 2 Timoteo 2:2; Hebrifo 6:1.

14. Ɛnnɛ, ɔkwan bɛn so na obi a ‘ɔpɛ daa nkwa’ nya nkɔso ansa na wabɛyɛ ɔsomfo?

14 Ɛnnɛ, saa ara na wɔhyɛ afoforo asomfo ma wɔyɛ Kristofo som adwuma no. Wɔboa obiara a ‘ɔpɛ daa nkwa’ no ma osua Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ho ade denam Bible adesua so. (Asomafo no Nnwuma 13:48) Onipa a ɔte saa no sua sɛ ɔde Bible nnyinasosɛm ahorow bɛyɛ adwuma, na wabɔ Onyankopɔn mpae a ɛtɔ asom. (Dwom 1:1-3; Mmebusɛm 2:1-9; 1 Tesalonikafo 5:17, 18) Ɔne gyidifo afoforo bɔ fekuw, na ɔde hokwan a onya denam nsiesiei ne nhyehyɛe a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” de ma so no di dwuma nyansam. (Mateo 24:45-47; Mmebusɛm 13:20; Hebrifo 10:23-25) Enti, ɔnam ntetee ho nhyehyɛe a wɔayɛ so nya nkɔanim.

15. Sɛ wɔbɔ obi asu a, dɛn na esi? (Hwɛ ase hɔ asɛm nso.)

15 Awiei koraa no, bere a Bible suani no anya Yehowa Nyankopɔn ho dɔ ne ogye afɔre no mu gyidi a ɛyɛ den no, onya ɔpɛ sɛ obehyira ne ho so koraa ama ne soro Agya no. (Yohane 14:1) Ɔyɛ saa ahosohyira no wɔ ne kokoam mpaebɔ mu, na afei ɔbɔ asu de yɛ kokoam adeyɛ a ɛte saa ho sɛnkyerɛnne. N’asubɔ no ne bere a wɔhyɛ no somfo no, efisɛ saa bere no na wogye no tom sɛ ɔsomfo, di·aʹko·nos, a wahyira ne ho so koraa ama Onyankopɔn. Ɛsɛ sɛ ɔtwe ne ho fi wiase no ho. (Yohane 17:16; Yakobo 4:4) Ɔde ne ho nyinaa ama sɛ “afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani” koraa. (Romafo 12:1) * Ɔyɛ Onyankopɔn somfo, a ɔresuasua Kristo.

Dɛn Ne Kristofo Som Adwuma No?

16. Asɛyɛde ahorow a na ɛda Timoteo so sɛ ɔsomfo no bi ne dɛn?

16 Dɛn na na ɛka Timoteo som adwuma no ho? Na ɔwɔ dwumadi titiriw sɛ Paulo yɔnko kwantufo. Na bere a ɔbɛyɛɛ asafo mu panyin no, Timoteo yɛɛ adwumaden kyerɛkyerɛɛ mfɛfo Kristofo hyɛɛ wɔn den. Nanso na ne som adwuma no mu ade titiriw ankasa, sɛnea na ɛte wɔ Yesu ne Paulo de ho no, ne asɛmpa no a ɔbɛka na wanya asuafo. (Mateo 4:23; 1 Korintofo 3:5) Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ: ‘Wo de, ma w’ani nna hɔ ade nyinaa mu, mia w’ani hu amane, yɛ ɔsɛmpakafo adwuma, wie wo som no koraa.’—2 Timoteo 4:5.

17, 18. (a) Ɔsom adwuma bɛn na Kristofo yɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na asɛnka adwuma no ho hia Kristoni somfo?

17 Saa ara na Kristofo som adwuma no te nnɛ. Wɔyɛ baguam som adwuma, asɛmpaka adwuma, kyerɛ afoforo nkwagye kwan denam Yesu afɔrebɔ no so, na wɔkyerɛkyerɛ ahobrɛasefo ma wɔbɔ Yehowa din. (Asomafo no Nnwuma 2:21; 4:10-12; Romafo 10:13) Wofi Bible mu da no adi sɛ Ahenni no nkutoo ne adesamma a wɔrehu amane no anidaso koro pɛ, na wɔkyerɛ sɛ mprempren mpo sɛ yɛde Onyankopɔn mmara bɔ yɛn bra a, nneɛma kɔ yiye. (Dwom 15:1-5; Marko 13:10) Nanso Kristoni somfo nka asɛmpa a egyina honam fam nneɛma so. Mmom no, ɔkyerɛkyerɛ sɛ “Onyamesom pa ho wɔ mfaso ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.”—1 Timoteo 4:8.

18 Ɛwom, asomfo pii wɔ nnwuma pii a wɔyɛ, a ebetumi aba sɛ ɛsono Kristoni biara de. Wɔn mu pii wɔ abusua mu asɛyɛde ahorow. (Efesofo 5:21-6:4) Asafo mu mpanyimfo ne asomfo wɔ dwumadi ahorow wɔ asafo no mu. (1 Timoteo 3:1, 12, 13; Tito 1:5; Hebrifo 13:7) Kristofo pii boa ma wosisi Ahenni Asa horow. Ebinom nso anya hokwan a ɛyɛ anigye a ɛne sɛ wɔatu wɔn ho ama reyɛ adwuma wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no Betel afie no bi mu. Nanso Kristofo asomfo nyinaa yɛ asɛmpaka adwuma no bi. Obiara nyi ne ho mfi mu. Ɛyɛ saa adwuma yi a obi yɛ bi no na ɛma ɔda ne ho adi baguam sɛ Kristoni somfo pa.

Kristoni Somfo Suban

19, 20. Suban bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo asomfo nya?

19 Kristoman mu asomfo mu dodow no ara pɛ sɛ wɔde obu soronko bi ma wɔn, na wɔfa abodin te sɛ “nea nidi sɛ no” ne “agya” to wɔn ho so. Nanso, Kristoni somfo nim sɛ Yehowa nkutoo na nidi sɛ no. (1 Timoteo 2:9, 10) Kristoni somfo biara nnye obu kɛse a ɛte saa nto ne ho so na saa ara nso na ɔnhwehwɛ sɛ obenya abodin soronko bi. (Mateo 23:8-12) Onim sɛ nea di·a·ko·niʹa kyerɛ titiriw ne “ɔsom.” Ɛtɔ mmere bi a wɔde adeyɛ asɛm a ɛne no kɔ no di dwuma wɔ Bible mu de kyerɛ som a wɔsom obi, te sɛ obi a ɔto obi pon. (Luka 4:39; 17:8; Yohane 2:5) Ɛwom sɛ sɛnea wɔde di dwuma wɔ Kristofo som adwuma mu no korɔn de, nanso di·aʹko·nos da so ara kyerɛ ɔsomfo.

20 Enti Kristoni somfo biara nni biribiara a obegyina so ama ne ho so. Kristofo asomfo pa—a wɔn a asɛyɛde atitiriw hyehyɛ wɔn nsa wɔ asafo no mu mpo ka ho—yɛ nkoa a wɔbrɛ wɔn ho ase. Yesu kae sɛ: “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo mu kɛse no, ɔnyɛ mo somfo, na obiara a ɔpɛ sɛ odi mo kan no, ɔnyɛ mo akoa.” (Mateo 20:26, 27) Bere a Yesu rekyerɛ n’asuafo no su pa a ɛsɛ sɛ wɔda no adi no, ɔhohoroo wɔn anan ho, yɛɛ adwuma a akoa a ɔba fam koraa yɛ. (Yohane 13:1-15) Ahobrɛase mu a wofi som bɛn ara ni! Enti Kristofo asomfo fi ahobrɛase mu som Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo. (2 Korintofo 6:4; 11:23) Wɔda ahobrɛase adwene adi bere a wɔsom wɔn ho wɔn ho no. Na bere a wɔreka asɛmpa no, wofi ayamye mu som wɔn afipamfo a wɔnyɛ gyidifo no.—Romafo 1:14, 15; Efesofo 3:1-7.

Nya Boasetɔ Wɔ Ɔsom Adwuma no Mu

21. Ɔkwan bɛn so na Paulo nyaa akatua wɔ boasetɔ a ɔde yɛɛ ɔsom adwuma no so?

21 Paulo fam no, ɔsomfo a na ɔyɛ no gyee no boasetɔ. Ɔka kyerɛɛ Kolosefo no sɛ, nea ɛbɛyɛ na waka asɛmpa no akyerɛ wɔn no, ohuu amane pii. (Kolosefo 1:24, 25) Nanso, esiane sɛ ɔtɔɔ ne bo ase nti, nnipa pii gyee asɛmpa no dii na wɔbɛyɛɛ asomfo. Wɔwoo wɔn sɛ Onyankopɔn mma ne Yesu Kristo nuanom, a na wɔwɔ anidaso a ɛne sɛ wɔbɛyɛ ahonhom abɔde aka ne ho wɔ soro. Boasetɔ so akatua a ɛyɛ anigye bɛn ara ni!

22, 23. (a) Dɛn nti na ehia sɛ Kristofo asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nya boasetɔ? (b) Aba a ɛyɛ anigye bɛn na Kristofo boasetɔ sow?

22 Boasetɔ ho hia nnɛ ma wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn asomfo ankasa no. Wɔn mu pii ne ɔyare anaa mpanyinyɛ mu yaw di aperepere da biara da. Awofo yɛ adwumaden—wɔn mu dodow no ara nni ahokafo—de tete wɔn mma. Mmofra a wɔwɔ sukuu mu fi akokoduru mu ko tia nkɛntɛnso bɔne a atwa wɔn ho ahyia no. Kristofo pii hyia sikasɛm mu ahokyere paa. Na wɔn mu pii hyia ɔtaa anaa ahokyere esiane “mmere a emu yɛ den” a yɛte mu nnɛ no nti! (2 Timoteo 3:1) Yiw, Yehowa asomfo a wɔreyɛ adu ɔpepem asia nnɛ no betumi ne ɔsomafo Paulo aka sɛ: “Ade nyinaa mu yeyi yɛn ho kyerɛ sɛ Onyankopɔn asomfo: boasetɔ pii mu.” (2 Korintofo 6:4) Kristofo asomfo mpa abaw. Nokwarem no, wɔn boasetɔ no fata nkamfo.

23 Bio nso, sɛnea ɛbae wɔ Paulo fam no, boasetɔ sow aba a ɛyɛ anigye. Sɛ yegyina mu a, yɛbɔ yɛne Yehowa ntam abusuabɔ ho ban, na yɛma ne koma tɔ ne yam. (Mmebusɛm 27:11) Yɛhyɛ yɛn ankasa gyidi den na yenya asuafo ma wɔbɛka Kristofo nuayɛ kuw no ho. (1 Timoteo 4:16) Yehowa ahwɛ n’asomfo so na wahyira wɔn som adwuma no so wɔ nna a edi akyiri yi mu. Esiane eyi nti, wɔaboaboa 144,000 no nkaefo ano, na nnipa ɔpepem pii wɔ anidaso a emu yɛ den sɛ wobenya daa nkwa wɔ paradise asase so. (Luka 23:43; Adiyisɛm 14:1) Ampa ara, Kristofo som adwuma no yɛ Yehowa mmɔborohunu a wɔada no adi. (2 Korintofo 4:1) Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bebu no ade titiriw na yɛama yɛn ani agye sɛ aba a ɛsow no bɛtra hɔ daa.—1 Yohane 2:17.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Hela asɛmfua di·aʹko·nos mu na Engiresi asɛmfua deacon, ɔsɔfo kumaa, fi. Wɔ asɔre ahorow a wotumi de mmea yɛ asɔfo nkumaa mu no, wobetumi afrɛ wɔn asɔfowa nkumaa.

^ nky. 15 Bere a Romafo 12:1 fa Kristofo a wɔasra wɔn ho titiriw no, nnyinasosɛm no fa “nguan foforo” no nso ho. (Yohane 10:16) Eyinom ‘de wɔn ho bɔ Yehowa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsom na wɔadɔ Yehowa din, na ama wɔabɛyɛ n’asomfo.’—Yesaia 56:6.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Adwuma bɛn na na afeha a edi kan Kristofo nyinaa yɛ?

• Bere bɛn na wɔhyɛ Kristoni somfo, na hena na ɔhyɛ no?

• Suban bɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni somfo nya?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristoni somfo de boasetɔ gyina amanehunu ano?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16, 17]

Wɔde Onyankopɔn Asɛm kyerɛkyerɛɛ Timoteo fi ne mmofraase. Bere a wɔbɔɔ no asu no, ɔbɛyɛɛ obi a wahyɛ no somfo

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Asubɔ kyerɛ obi ho so a wahyira ama Onyankopɔn na ɛno na ɛkyerɛ sɛ wɔahyɛ no somfo

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Kristofo asomfo wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛsom